Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 7/1 kr. 3-4
  • Dɛn Nti Na Abasamtu Wɔ Hɔ Pii Saa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti Na Abasamtu Wɔ Hɔ Pii Saa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwan a Ennye Sen Biara No
  • Anidaso Di Abasamtu so Nkonim!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Sɛnea Yebegyina Abasamtu Ano
    Nyan!—2000
  • Ɛrenkyɛ—Wiase a Abasamtu Nnim Bɛba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Wobetumi Agyina Asetra Mu Nsɛm Ano—Dɛn Nti Na Ebinom Paw Sɛ Wobekum Wɔn Ho?
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 7/1 kr. 3-4

Dɛn Nti Na Abasamtu Wɔ Hɔ Pii Saa?

ASETRA pa bi ho anidaso​—abam afei! Nnipa pii a wɔwɔ faako a anka ɛyɛ East Germany no gyee eyi dii bere a Berlin Ɔfasu no dwiriw gui wɔ November 1989 mu no. Nanso, wɔ afe biako ne asram kakra akyi no, wonwiinwii sɛ “kapitalistfo demokrase wiase a emu yɛ den no ano gyina yɛ den ma wɔn sen asetra a Berlin Ɔfasu no abɔ ho ban no mu tra.” Dɛn na ɛde aba? Abawpa ne abasamtu a emu kɔ so yɛ den.

Ebia ofie ne ɔman mu basabasayɛ bɛhyɛ nkurɔfo ma wɔafi fie akɔhwehwɛ ahobammɔ, nanso wɔn mu kakraa bi pɛ na wonya. Ebinom mpo tumi kɔdan wɔn a wonni baabi te a wɔda kuropɔn mu mmɔnten so no bi. Wɔ nsase binom so no, eyinom mu pii ho kodi aban dwumadi ho nhyehyɛe hwanyann mu. Esiane sɛ wɔnyɛ adwuma biara a ɛbɛma wɔanya sika de ahae dan nti, wonnya adwuma nyɛ efisɛ wonni fie address biara. Aban dwumadibea ahorow a wɔhwɛ nkurɔfo yiyedi so bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn, nanso egye bere ansa na wɔadi ɔhaw ahorow no ho dwuma. Enti wɔte huammɔdi ne abasamtu nka.

Abasamtu ma mmea pii fi ahoyeraw mu yɛ nneɛma a ɛyɛ ahodwiriw ankasa. Ɔbenfo Susan Edwards a ɔyɛ mmarakyerɛfo no kyerɛkyerɛ mu wɔ amanneɛbɔ Women and Crime in the 1990s mu sɛ: “Sikasɛm mu ahokyere ara na ama mmabaa de wɔn ho hyɛ [tuutuubɔ mu], na ɛnyɛ ahohyɛso a wonni anaasɛ mmusua a wofi mu nti.” Saara na ɛtaa ba sɛ mmerante a wofi fie kɔpɛ adwuma no nnya bi. Ebinom fi abasamtu mu kɔdan wɔn ho ‘mmarimaa a wɔtɔn wɔn ho,’ na wɔde wɔn ho ma mmarima a wɔne mmarima da na ama wɔanya aduan ne dabere, na wɔdan nnipa a nsɛmmɔnedifo akuw a wɔaporɔw de wɔn di dwuma sɛnea wɔpɛ.

Amammui mu nokwasɛm ahorow a emu yɛ den, basabasayɛ, sikasɛm mu ahokyere, eyinom nyinaa tumi de abasamtu a emu den gu ahorow ba. Nnipa a wɔyɛ nnwuma akɛse no mpo mfa wɔn ho nni bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wobekura wɔn adefo asetra kwan no mu na wɔagyina sikasɛm mu nsɛnnennen a ɛkɔ so dɔɔso no ano bere koro no ara mu no. Dɛn na afi mu aba? Sɛnea Ɔhene Salomo a ɔtraa ase tete no kae no, “nhyɛso tumi bɔ onyansafo dam”!a (Ɔsɛnkafo 7:7, New World Translation) Nokwarem no, abasamtu ma nnipa a wɔkɔ so dɔɔso fa ɔkwan a ennye sen biara no so​—wodi wɔn ho dɔm.

Ɔkwan a Ennye Sen Biara No

Sɛnea mmofra pii di wɔn ho dɔm no kyerɛ sɛ abasamtu ɔhaw no ka wɔn mpo. Britaniani atesɛm kyerɛwfo bi bisae sɛ: “Dɛn na ɛwɔ yɛn mmere yi mu a ɛde mmofra a wonnii mfe aduonu abasamtu ba pii saa?” Wɔ mmofra a wɔadi fi mfe 8 kosi 16 a wɔkaa wɔn ano aduru a wɔde wɔn kɔtoo ayaresabea ho nhwehwɛmu bi a Ɔbenfo Eric Taylor a ɔwɔ London’s Institute of Psychiatry yɛe no mu no, ɔbɔ amanneɛ sɛ: “Ade biako a na ɛda nsow ne mmofra dodow a nsɛm tebea ama wɔn abasamtu na wonni anidaso biara no.” Britain bu akontaa sɛ nnipa 100,000 na wɔboapa nom awuduru nanso wonwu afe biara wɔ nea ɛyɛ ahoyeraw mu a wofi resrɛ mmoa mu.

Britain ayamye ahyehyɛde bi yɛɛ nhyehyɛe bi a wɔnam so de ayamhyehye betie wɔn a wɔanya abasamtu no nsɛm a wɔka. Emu afotufo no se wɔnam saa kwan yi so ma nkurɔfo nya “nneɛma afoforo a wobetumi apaw sen owu.” Nanso, wogye tom sɛ wontumi nnya ɔhaw ahorow a ɛma nnipa nya abasamtu no ano aduru.

Nsɛmma nhoma The Sunday Correspondent no ka sɛ nnipa dodow a wodi wɔn ho dɔm no kyerɛ “sɛnea nnipa ntam atetew na biakoyɛ nni wɔn ntam no.” Dɛn nti na nnipa a wodi wɔn ho dɔm no dodow akɔ soro nnɛ saa? Nsɛmma nhoma no kaa “afie a wonnya ntra mu, asanom pii, Aids ho asiane no ne adwenemyare ayaresabea a wɔatotom” ho asɛm sɛ ɛyɛ nea ɛma ankorankoro binom nya abasamtu a emu yɛ den araa ma wɔte nka sɛ wɔn ho dɔm a wobedi no ne wɔn ɔhaw ahorow no ano aduru koro pɛ no bi.

So anidaso bi a ebeyi abasamtu afi hɔ wɔ hɔ? Yiw! Yesu nkuranhyɛsɛm a ɔka ne sɛ: “Monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so”! (Luka 21:28) Dɛn na na ɔkyerɛ? Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ?

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛnea Theological Wordbook of the Old Testament, a ne samufo ne Harris, Archer, ne Waltke kyerɛ no, mfitiase kasa mu asɛmfua a wɔakyerɛ ase sɛ “nhyɛso” no kyerɛ “wɔn a wɔba fam no a wɔde nnesoa to wɔn so, tiatia wɔn so, na wɔdwerɛw wɔn.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena