Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 8/1 kr. 3-4
  • Nkwa​—Akyɛde A Efi Onyankopɔn Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkwa​—Akyɛde A Efi Onyankopɔn Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adesua Fi Ase Wɔ Awotwaa Mu
    Nyan!—1992
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • “Wɔyɛɛ Me Ma Ɛyɛ Hu Ne Nwonwa”
    Nyan!—1981
  • Wiase a Emu Nyɛ Dɛ a Wɔwo Obi Tom!
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 8/1 kr. 3-4

Nkwa​—Akyɛde A Efi Onyankopɔn Hɔ

YƐN koma de mogya a ɛsom bo kɔ yɛn nipadua mu nyinaa nnɔnhwerew aduonu anan da biara. Yɛda, nanso yɛkɔ so home. Yedidi, na nipadua no ankasa yam aduan no. Eyinom nyinaa kɔ so da biara, a yɛn ankasa boa ne yɛ kakraa bi anaasɛ yɛnyɛ bi koraa. Saa dwumadi ahorow nwonwaso a emu nni ahuye, a wɔntaa mmu ho akontaa yi yɛ akyɛde a yɛfrɛ no nkwa no fã bi. Ɔkwan bi so no, ɛyɛ akyɛde a yebetumi aka sɛ ɛyɛ anwonwade.

Susuw sɛnea wonyinsɛn na wɔwo onipa no ho hwɛ. Ɛwom sɛ nipadua no taa pow ɔhonam a ɛnyɛ nipadua no fã bi de, nanso awotwaa no mpow mmadwowa a ɛreyɛ ɔba no. Sɛ́ anka ɛbɛpow mogyatɔw a ɛrenyin no sɛ ɔhonam a ɛnyɛ nipadua no fã no, ɛma no aduan na ɛbɔ ho ban mmom kosi sɛ ebefi adi sɛ akokoaa. Sɛ awotwaa no ntumi nyɛ nyiyim a ɛho hia yi wɔ pow a ɛpow ɔhonam a ɛnyɛ nipadua no fã no mu a, anka onipa awo rentumi nyɛ yiye.

Ɛno koraa mpo, sɛ ɛnyɛ biribi a ɛkɔ so wɔ awotwaa no mu bere a akokoaa a wɔanyinsɛn no no adi bɛyɛ asram anan pɛ no a, anka akokoaa a wɔawo no foforo no nkwa bɛyɛ tiaa. Saa bere no, ofi ase num ne kokurobeti de siesie n’akwaa a ɔde benum ne na nufu akyiri yi no. Na eyi yɛ nneɛma pii a ebetumi akyerɛ nkwa anaa owu a wodi ho dwuma bere tenten ansa na wɔawo akokoaa no mu biako pɛ.

Bere a akokoaa a wɔanyinsɛn no da so wɔ awotwaa no mu no, tokuru bi da ne koma mu. Nanso, saa tokuru yi ankasa siw bere a wɔrewo no no. Bio nso, mogya ntini kɛse bi a ɛnam ahrawa no nkyɛn wɔ bere a akokoaa no da so wɔ awotwaa mu no ankasa ka dwom bere a wɔrewo no no; afei mogya no kɔ ahrawa no mu, faako a mframa pa kɔfra mu bere a akokoaa no home mframa nea edi kan no.

Eyinom nyinaa yɛ mfiase ara kwa. Wɔ asetra mu nyinaa no, nkwaadɔm a wɔayɛ no yiye (te sɛ ɔhome, mogya, nkate ne ahokeka, ne nipadua mu nsu kyekyɛ ho nkwaadɔm) no yɛ wɔn nnwuma yiye araa ma onipa adwene ntumi nte ase nwie​—eyinom nyinaa kɔ so na ama nkwa akɔ so atra hɔ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ tete ɔkyerɛwfo bi ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.”​—Dwom 139:14.

Ɛda adi pefee sɛ na saa nsɛm dɛdɛ yi kyerɛwfo no nnye nni sɛ nkwa nam adannandi ara kwa so na ɛbae. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde anka yenni sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nkwa di dwuma ho asɛyɛde ahorow ankasa biara. Nanso, asetra mu dwumadi ahorow no kyerɛ sɛ wɔhyɛɛ da yɛe, na ɛsɛ sɛ biribi a wɔyɛe no nya ɔyɛfo. Bible no de nnyinasosɛm yi ma sɛ: “Efisɛ ofi biara, obi na osi, na nea osiesie nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” (Hebrifo 3:4) Enti, ɛho hia sɛ yehu sɛ “Yehowa ne Nyankopɔn. Ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na ɛnyɛ yɛn ankasa.” (Dwom 100:3, New World Translation) Yiw, nkwa kɔ akyiri sen biribi a ɛbae ara kwa; ɛyɛ akyɛde a efi Onyankopɔn ankasa nkyɛn.​—Dwom 36:9.

Esiane sɛ eyi te saa nti, asɛyɛde ahorow bɛn na yɛwɔ wɔ Nkwamafo no anim? Ɔkwan bɛn so na ɔhwɛ kwan sɛ yɛde yɛn nkwa bedi dwuma? Yɛbɛka eyi ne nsemmisa afoforo a ɛka ho no ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena