Anisɔ A Yɛbɛkyerɛ Ama Nkwa Akyɛde A Ɛsom Bo No
NKWA—adenya a ɛsom bo bɛn ara ni! Sɛ enni hɔ a yɛrentumi nyɛ hwee. Sɛ efi yɛn nsa a, ɔdesani biara rentumi mfa mma yɛn bio. Sɛ yɛn nkwa ba asiane mu a, yɛyɛ biribiara a ntease wom a yebetumi de kora so. Ebinom srɛ mmoa fi tumi a ɛboro onipa de so mpo bere a wɔaba asiane mu!
Eyi ma yɛkae Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛfa hyɛn bi a ekofii ahum bi a ano yɛ den mu wɔ po so ho no. Bere a ɛreyɛ abɔ no, “hyɛn no mufo no suroe, na wɔn mu biara teɛteɛɛm srɛɛ ne nyame mmoa.” Akyiri yi no, wɔn nyinaa teɛɛm frɛɛ nokware Nyankopɔn no sɛ: “O Yehowa, yɛsrɛ wo, mma yɛnnyera.” Bible kyerɛwtohɔ no ka nso sɛ: “Na wɔkɔɔ so totow hyɛn no mu aguade guguu po no mu na ayɛ hare ama wɔn.”—Yona 1:4-6, 14, New World Translation; fa toto Asomafo no Nnwuma 27:18, 19 ho.
Ná saa hyɛn mufo no ayɛ krado mpo sɛ wɔde wɔn honam fam ahonyade a ɛsom bo ma wɔn no bɛbɔ afɔre de abɔ mmɔden akora wɔn nkwa so. Yebetumi anya honam fam ahonyade ahyɛ nea yɛbɛhwere ananmu—nanso ɛnyɛ nkwa. Na esiane sɛ yefi awosu mu bu yɛn nkwa sɛ ɛsom bo nti, yɛkwati asiane. Yɛma yɛn nipadua aduan, hyɛ no atade, na yesiesie no. Sɛ yɛyare a, yɛyɛ yɛn ho aduru.
Nanso Nkwamafo no hwehwɛ pii afi yɛn hɔ sen yɛn ahobammɔ ho nkate a yɛde bedi dwuma ara kwa. Nkwa yɛ akyɛde a ɛsom bo kɛse, na efi Onii a ɔyɛ otitiriw sen biara wɔ amansan no nyinaa mu no hɔ. So ɛnsɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ ma Onii a ɔde akyɛde no mae ne akyɛde no nyinaa no ma nkwa som bo ma yɛn? Na so ɛno nhwehwɛ sɛ yenya obu ma afoforo nkwa?
Ɛnde, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ na mmara ahorow a ɛbɛbɔ afoforo nkwa ne wɔn akwahosan ho ban ka Mmara a Yehowa Nyankopɔn de maa Israel man no ho. (Exodus 21:29; Deuteronomium 22:8) Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ma wɔn ani ku wɔn ho ban a wɔbɛbɔ ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ wo ne mmofra nkumaa na ɛte a, so wode anibiannaso gyaw nneɛma te sɛ nhene, akorotea, ne nneɛma a ano yɛ nnam a ebetumi apira abofra a onnim hwee a ɔde bedi agoru anaa ɔbɛmene no gu nea wɔn nsa betumi asõ? So wode nnuru a asiane wɔ ho sie nea mmofra rentumi nkoyi anaa? Sɛ nsu hwie gu fam a, so woyɛ ntɛm popa na amfa asiane biara amma? So wohwɛ siesie adwinnade a mfomso bi aba ho ntɛm ara? So wusiesie wo kar bere ne bere mu anaa? So woyɛ ofirikafo pa? Sɛ wowɔ sɛnea nkwa som bo no ho anisɔ ampa a, ɛbɛka wo ma woayɛ ahwɛyiye a ntease wom wɔ eyinom ne nneɛma afoforo a ɛte saa mu.
Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ ebinom mmu wɔn ankasa nkwa ho akontaa mpo. Sɛ nhwɛso no, hena na nnɛ onnim sɛ sigaretnom sɛe akwahosan? Nanso, nnipa ɔpepem pii ayɛ nkoa ama ne nom, na wɔn akwahosan sɛe bere biara a wɔtwe wusiw bɔne no kɔ wɔn mu no. Afoforo de nnuru di dwuma ɔkwammɔne so, na afoforo nso de nsã yɛ saa, na ne nyinaa pira wɔn. AIDS yɛ ɔyare a ekunkum nnipa a wonni ano aduru biara. Nanso sɛ nnipa pii powee nna mu ɔbrasɛe, akwan horow bi a wɔfa so de nnuru di dwuma ɔkwammɔne so, ne mogya a wɔtwe gu wɔn mu no a, anka wobetumi akwati ɔyare no a wobenya no. Hwɛ sɛnea wɔnkyerɛ nkwa ho anisɔ biara ma ɛyɛ awerɛhow!—Romafo 1:26, 27; 2 Korintofo 7:1.
Wobetumi Ayɛ Nsakrae!
Wɔn a wɔwɔ wɔn Bɔfo Kɛse, Yehowa, ho anisɔ no wɔ ntease a emu yɛ den nti a wobu nkwa sɛ ɛsom bo. Nkwa yɛ n’akyɛde kronn. Enti wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nsakrae biara a ehia na ama wɔde adi dwuma sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Susuw Kwaku a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Ghana no osuahu yi ho hwɛ. Nã ɔyɛ ɔsabofo anibiannaso a ɔretow ne nkwa akyene.
Kwaku kae sɛ: “Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhyɛ me yere na wabu me, ade a na ɛtaa de anobaabae ne ntɔkwaw a emu yɛ den ba, titiriw bere a mabow no. Esiane asanom mmoroso nti, na bere nyinaa minni sika, na na mentaa nnya sika mfa nhwɛ m’abusua no. Ɔkwan a ntease wom so no, eyi hyɛɛ me yere abufuw yiye. Sɛ me sika sa a (na ɛtaa sa), na meyɛ nea metumi biara na ama manya sika de akɔ so anom nsã. Bere bi mpo de midii sika a na magyigye wɔ me sukuufo nkyɛn na mede akɔkyerɛw wɔn din ama sɔhwɛ bi no. Mede kɔnom nsã bebree na metotɔɔ nsã memaa me nnamfo a me ne wɔn nom nsã no nso. Ankyɛ na bere soe sɛ mebu me nneyɛe no ho akontaa. Sɛ ɛnyɛ me sukuu mu kyerɛkyerɛfo panyin no ho a ɔde gyee asɛm no mu bere a ɛfata mu a, anka m’adwuma bɔɔ me.
“Ná m’asetra ayɛ basaa. Ná anka ɛyɛ me aniwu, nanso bere tiaa bi akyi no, na afei m’ani nwu bio. Afei mifii ase nyaa adwene bi sɛ minni me ho dɔm, efisɛ metee nka sɛ asetra ansi me yiye. Nanso, na mintumi nnyae nsã nom ara. Nanso bere a da koro bi mekɔkoo ntɔkwaw wɔ asanombea bi bere a mabow ma wɔwɔɔ me sekan no, mihui ɔkwan a ɛyɛ yaw so sɛ nsã a mepɛ no bɛma mahwere me nkwa da koro.
“Saa bere no nyinaa na Yehowa Adansefo ba me fie bere ne bere mu, bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkanyan yɛn anigye wɔ Bible no ho. Me ne me yere kwatii wɔn bere biara efisɛ na yesusuw sɛ wɔhaw adwene. Nanso, da koro bi de misii gyinae sɛ metie wɔn efisɛ na wɔyɛ me mmɔbɔ. Ankyɛ na Bible adesua a yɛyɛe no ma mihuu anidaso a ɛyɛ anigye a ɛne tra a wɔbɛtra ase daa wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo mu no. Bere a Yehowa Adansefo kɔɔ so boaa me ma misuaa Bible no, anisɔ a mewɔ ma Yehowa sɛ yɛn Nkwamafo ne n’akyɛde a ɛne nkwa no kɔɔ so yɛɛ kɛse, na m’ani gyee sɛnea Bible mu afotu tumi yɛ adwuma no ho pii. Eyi kɔɔ so hyɛɛ me nkuran ma misiesiee m’asetra. Eyi yɛ anyɛ mmerɛw, efisɛ na ɛsɛ sɛ mekɔ so twe me ho fi nsã ne me kan nnamfo no ho. Yehowa, mpaebɔ Tiefo no, huu me bo a na masi wɔ me komam no na otiee me.a
“Ɛwom sɛ me yere nyɛ Yehowa Adansefo mu biako de, nanso mprempren ɔwɔ obu kɛse ma me ne me som no esiane nsakrae kɛse a ohu sɛ aba m’asetra ne yɛn aware mu no nti. Ɛho nhia sɛ yɛn afipamfo bɛpata me ne me yere ntam ntɔkwaw bio. Asomdwoe a mewɔ mprempren no som bo ma me. Nokwarem no, anisɔ a yebenya ama Yehowa Nyankopɔn sɛ yɛn Nkwamafo, na yɛanya adwene a okura wɔ sɛnea nkwa som bo ho no bi, ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛtra ase ho akwankyerɛ a ɔde ma a yebedi so no ne asetra kwan biako pɛ a ɛso wɔ mfaso.”
Onyankopɔn Daa Nkwa Bɔhyɛ No
Thousands, like Kwaku, have been helped by Jehovah’s Witnesses to “put on the new personality which was created according to God’s will in true righteousness and loyalty.” (Ephesians 4:24) They have come to appreciYehowa Adansefo aboa nnipa a wɔte sɛ Kwaku mpempem pii ma “wɔahyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn apɛde so wɔ nokware trenee ne ahotew mu no.” (Efesofo 4:24, NW) Ɛnyɛ nkwa a wɔwɔ mprempren no nkutoo na wɔkyerɛ ho anisɔ na mmom daa nkwa wɔ asase so paradise ho anidaso no nso. Bible no hyɛ bɔ sɛ wɔ Paradise a Onyankopɔn de bɛba no mu no, asase no sotefo biara rente ɔkɔm nka bio, efisɛ ‘Asafo Yehowa de sradeduan bɛtow aman nyinaa pon.’—Yesaia 25:6.
Mprempren de, ɛwom sɛ nkwa yɛ akyɛde a ɛyɛ nwonwa de, nanso ɛtra hɔ bere tiaa bi. Obiara betumi awu, na hwɛ ɔhaw ara a owu yɛ! Obi a wodɔ no a wubehu sɛ wayera afi ateasefo mu akɔ ɔdamoa a dwumadi biara nkɔ so wɔ hɔ mu no yɛ nea yɛanka no kɛse koraa no, ɛyɛ awerɛhow. Nanso wɔ Onyankopɔn Ahenni a Kristo di so no ase no, Yehowa bɔhyɛ yi bɛbam: “Owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:4.
Saa bere no, wɔbɛma akyɛde a ɛne nkwa no ayɛ tenten wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Wɔn a wobenya nkwa wɔ ahohiahia a etwa to wɔ asase yi so no mu no benya hokwan ahyɛn asetra a edi mũ mu. Na afei, Yehowa Nyankopɔn nam owusɔre, nkwa mu a wɔsan ba no so bɛma wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no asan anya n’akyɛde a ɛsom bo no. (Yohane 5:24, 28, 29) Eyi kyerɛ sɛ adɔfo ne nnipa a wɔtraa ase tete a na wosuro Onyankopɔn no bɛsan aba bio!
So eyinom nyinaa yɛ dɛ dodo sen nea ebetumi ayɛ nokware? Dabida, efisɛ “Onyankopɔn fam de, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ yiye.”—Luka 1:37; fa toto Hiob 42:2 ho.
Bio nso, Yehowa Nyankopɔn ankasa ama adesamma nea wobegyina so agye adi sɛ eyinom nyinaa bɛbam. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam nea ɔdɔ no sen biara, ne Dɔba, Yesu Kristo, a ɔde no bɔɔ afɔre de gyee yɛn fii bɔne ne owu mu no so. Romafo 8:32 ma yɛn awerɛhyem sɛ: “[Yehowa Nyankopɔn a] wankame n’ankasa ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?” Bible no kyerɛ yɛn sɛ nea ɛbɛka eyi ho ne tew a ɔbɛtew adesamma ho afi abrabɔ mu porɔwee ho, na wayi atɛnkyea, nsɛmmɔnedi, ne basabasayɛ ahorow nyinaa afi hɔ. (Yesaia 11:9) Ɛremma bio da sɛ wobebu nkwa sɛ adewa.
Mprempren mpo, wɔ tebea horow a ɛtɔ sin mu no, asetra tumi yɛ nea anigye wom yiye. Hena na n’ani nnye aduan hua a ɛfrɛfrɛ akɔnnɔ, ɛda a emu yɛ hyew mu mfare a ɛbɔ bɔkɔɔ, bepɔw fɛfɛ bi a ohu, owia a ɛkɔtɔ fɛfɛɛfɛ, asuten bi a ɛsen brɛoo, nhwiren a ne fɛ gu awɔse, nnwom a ɛyɛ dɛ, anaa nnomaa su ho? Twɛn kakraa. Susuw sɛnea nneɛma yi a wode begye w’ani afebɔɔ no bɛyɛ ho hwɛ?
Ɛnde, so ntease wom sɛ wobɛtow saa hokwan a ɛsom bo a ɛne sɛ wobɛtra ase daa no akyene esiane bere tiaa mu anigye bi a asetra kwan a nyansa nnim, a woyɛ nea wopɛ wom betumi ama woanya nti? (Fa toto Hebrifo 11:25 ho.) Bible no fi nyansam tu yɛn fo sɛ ‘ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn asetra bere a aka no tra ase ma nnipa akɔnnɔ bio, na mmom yɛntra ase mma Onyankopɔn apɛde.’ (1 Petro 4:2) Yɛde anigye hyɛ wo nkuran, yiw, yɛhyɛ wo sɛ yɛ saa denam Onyankopɔn Asɛm Bible no sua, ne nea wusua no a wode bedi dwuma no so. (Yohane 13:17) Wonam saa kwan no so ne Yehowa, Onyankopɔn a papayɛ ne mmɔborɔhunu ahyɛ no ma, nea obetumi de daa nkwa ama wo sɛ akatua no benya abusuabɔ pa!
[Ase hɔ asɛm]
a Asanom mmoroso a wobegyae yɛ den yiye, na ɛtaa hwehwɛ sɛ obi a ɔyɛ ho adwuma de mmoa ma. Hwɛ yɛn nsɛmma nhoma a ɛka eyi ho a wɔfrɛ no Awake!, May 22, 1992 de no, na woahu asɛm yi ho nsɛm pii.
[Mfonini wɔ kratafa 5]
So w’asetra kwan da no adi sɛ wowɔ nkwa ho anisɔ?
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Onyankopɔn wiase foforo no bɛma yɛanya asetra mu anigyede ahorow mu anigye daa!