So Kasa Foforo Akyɛde no Yɛ Nokware Kristosom Fã?
BERE a Bill ne afoforo baasia aboa wɔn ho ano wɔ ɔsɛnkafo no anim wɔ asɔredan no mu afɔremuka ho akyi no, ɔkae sɛ: “Bere a ɔde kasa foforo rebɔ mpae na meretie no, metee nka te sɛ nea biribi abɛhyɛ ne mu.” So osuahu ahorow a ɛtete sɛɛ no yɛ afeha a edi kan no mu honhom kronkron no dwumadi no ara bi? So ɛma wohu ɔsom a ɛwɔ Bible mu no? Yɛnam boasetɔ a yɛde bɛhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu no so betumi anya mmuae a ɛma akomatɔyam.
Bible kyerɛwtohɔ no da no adi sɛ bere biara a wɔde honhom no anwonwa kwan so akyɛde no ma no, anyɛ yiye koraa no, na asomafo 12 no mu biako anaasɛ ɔsomafo Paulo wɔ hɔ. Kasa foforo a wɔka no mu abiɛsa a edi kan a wɔakyerɛw ato hɔ no sii wɔ Yesu asuafo 120 a na wɔahyiam wɔ Yerusalem, wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no mu. (Asomafo no Nnwuma 2:1-4) Mfe abiɛsa ne fã akyi, bere a na Italiafo momonotofo kuw bi retie Petro asɛnka no, wonyaa honhom kronkron, na wofii ase de ‘tɛkrɛma foforo kasae, na woyii Onyankopɔn ayɛ.’ (Asomafo no Nnwuma 10:44-48) Pentekoste akyi mfe 19, bɛyɛ 52 Y.B. mu no, Paulo kasa kyerɛɛ nnipakuw bi wɔ Efeso, na ɔde ne nsa guu asuafo 12 so. Wɔn nso, ‘wofii ase de tɛkrɛma horow kasae, na wɔhyɛɛ nkɔm.’—Asomafo no Nnwuma 19:6.
Dɛn Nti na Wɔde Kasa Foforo Akyɛde no Mae?
Bere tiaa bi ansa na Yesu reforo akɔ ɔsoro no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: ‘Sɛ honhom kronkron no nya ba mo so a, mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem de akɔpem asase ano nohɔ.’ (Asomafo no Nnwuma 1:8) Hyɛ no nsow sɛ ɔnam saayɛ so kyerɛɛ sɛnea wɔbɛyɛ adansedi adwuma kɛse yi awie—wɔnam honhom kronkron no mmoa so.
Saa bere no na wonni nnɛyi nkitahodi ho nimdeɛ a ɛma yetumi de nkrasɛm kɔ asase so baabiara wɔ kasa horow pii mu no. Na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ano titiriw trɛw asɛmpa no mu, na na anwonwa kwan so akyɛde a ɛne anana kasa a wɔbɛka no bɛboa yiye. Na ɛte saa bere a afeha a edi kan no mu Kristofo kaa asɛm kyerɛɛ Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo wɔ Yerusalem wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no. Partifo, Medifo, Elamfo, Kretafo, Arabifo, wɔn a na wɔte Mesopotamia, Yudeafo, Kapadokiafo, Pontofo, ne Asia mantam mufo ne akwantufo a wofi Roma nso tee “Onyankopɔn ade kɛse” ho asɛm wɔ wɔn ankasa kasa mu, na wɔtee nea wɔkae no ase. Nnipa mpensa dan gyidifo ntɛm ara.—Asomafo no Nnwuma 2:5-11, 41.
Nokwasɛm bi a wɔtaa bu ani gu so ne sɛ, ná kasa foforo no ka yɛ honhom kronkron no dwumadi akron a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Korinto Kristofo no mu no biako ara kwa. Ɛwom sɛ Paulo buu kasa foforo a wɔka no sɛ akyɛde a ɛba fam de, nanso na ɛsom bo ma asafo a edi kan no wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no ho asɛmpa a wɔtrɛw mu no mu. Na ɛyɛ ‘akyɛde horow’ a ɛboa maa Kristofo asafo a ɛyɛ akokoaa no dɔe, na ɛhyɛɛ no den no biako.—1 Korintofo 12:7-11; 14:24-26.
Ná afeha a edi kan no mu honhom kronkron no dwumadi ahorow, a kasa foforo a wɔka ka ho no nso yɛ adanse a aniwa hu, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn mfa Israel asafo a na adi mfe 1,500 no nni dwuma bio sɛ ne nkurɔfo a wɔda nsow. Akyinnye biara nni ho sɛ, afei de, ɔpene Kristofo asafo foforo a ne Ba a ɔwoo no koro no hyehyɛe no so, na ɔpene so.—Fa toto Hebrifo 2:2-4 ho.
Na honhom no tumi ahorow yi yɛ nneɛma a wɔde hyehyɛɛ Kristofo asafo a na ennyinii no mu nneɛma atitiriw, na ɛboa ma enyinii. Paulo kyerɛe sɛ, sɛ edi wɔn atirimpɔw ho dwuma wie a, ebegyae: “Nkɔmhyɛ de, wobegu; ɔkasa horow de, ebegyae.”—1 Korintofo 13:8.
Yiw, Bible no ka pefee sɛ kasa foforo akyɛde no begyae. Nanso ebegyae bere bɛn? Asomafo no Nnwuma 8:18 da no adi sɛ wɔnam “asomafo no nsa a wɔde gu obi so” no so na wonya honhom akyɛde no. Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, sɛ ɔsomafo a otwa to no wu a, honhom akyɛde a wɔnam obi foforo so de ma—a kasa foforo a wɔka no ka ho no to betwa. Enti, sɛ wɔn a wonyaa saa akyɛde horow yi fii asomafo no nkyɛn nso wu fi asase so a, anwonwa kwan so akyɛde no nso to betwa. Ebedu saa bere no, na Kristofo asafo no ase atim yiye, na na atrɛw akɔ nsase pii so.
“Kasa Foforo a Wonnim” ne Asekyerɛ
“Ebinom abu” kasa foforo a wɔka a asan aba so no sɛ “ade a nnipa a wohinhim yɛ na ama wɔatwe adwene aba wɔn ho so, na afoforo nso bu no sɛ ɛyɛ Asomafo no mmere so kasa foforo a wɔkae no bi.” Wɔ nnɛyi asɔre nhyiam horow a wɔka “kasa foforo a wonnim” wɔ ase no ase no, kasa a wɔka no taa yɛ dede a wonnim nea ɛkyerɛ a wɔde nteɛteɛm yɛ. Enti, sɛnea obi kae no: “Metaa de me kasa foforo akyɛde no di dwuma wɔ kokoam de susuw me nsɛm ho. . . . M’ani wu kakra wɔ nnipa afoforo anim.” Ɔfoforo nso se: “Mete m’ankasa nsɛm, mente ase, nanso mekɔ so te nka sɛ wɔtwetwe me tɛkrɛma sɛ ɛnkasa.”
Amanneɛbɔ a mfaso ankasa wɔ so bɛn na kasa foforo a wonnim a ɛte sɛɛ no da no adi, na asekyerɛ nso ɛ? Wɔn a wose wɔkyerɛ kasa yi ase no de nsɛm koro no ara a wɔnte ase no mu nkyerɛkyerɛmu a nsonsonoe wom ama. Dɛn nti na nsonsonoe wom? Wɔka sɛ “Onyankopɔn de ɔkasa no asekyerɛ biako maa onipa biako, na ɔde asekyerɛ foforo maa onipa foforo” de brɛ nsonsonoe a ɛwom no ase. Obi gye toom sɛ: “Mahu mmere a asekyerɛ no nyɛ nea edi mu no bi.” D. A. Hayes kaa bere bi a ɔbarima bi powee sɛ ɔbɛkyerɛ kasa foforo a wonnim a ɔbea bi kae no ase, efisɛ na “kasa no yɛ kasafĩ a ɛsen biara” ho asɛm wɔ ne nhoma The Gift of Tongues no mu. Hwɛ sɛnea ɛne kasa foforo a wɔkae wɔ afeha a edi kan no mu a ɛhyɛɛ asafo no den ankasa no bɔ abira!—1 Korintofo 14:4-6, 12, 18.
Nnipa binom a wɔwɔ hɔ nnɛ kyerɛ sɛ wɔate asekyerɛ a ɛyɛ nwonwa, na wobetumi afi komam agye di sɛ Onyankopɔn de akyɛde yi di dwuma bere a “ɔpɛ sɛ ɔde nkrasɛm ma nnipa tẽẽ no.” Nanso nkrasɛm a efi Onyankopɔn hɔ a yehia nnɛ bɛn na Yesu Kristo ne asomafo no ammfa amma yɛn? Paulo a wɔmaa n’ankasa honhom kronkron no kae sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.”—2 Timoteo 3:16, 17.
Nokwasɛm no ne sɛ Kristofo asafo no nyɛ akokoaa bio, ma enti ɔsoro adiyi ne honhom no anwonwa kwan so akyɛde horow ho nhia bio na wɔde adi ne dwumadi ho adanse. Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Na sɛ mpo yɛn anaa ɔbɔfo bi fi soro ba bɛka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo ka nea moagye no ho [“ɛne no bɔ abira,” New English Bible] a, onnue!”—Galatifo 1:8.
Anwonwa kwan so kasa foforo a wɔka no ho nhia bio, na yenni Bible mu asɛm a yebegyina so agye adi sɛ ɛyɛ nokware Kristosom fã nnɛ. Mprempren a Bible no di mu, na ɛwɔ mmeae bebree no, yɛwɔ nea yehia wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Ɛma yenya Yehowa ne ne Ba no ho nokware nimdeɛ a ɛkɔ daa nkwa mu.—Yohane 17:3; Adiyisɛm 22:18, 19.
Afeha a edi kan no mpo mu no, Paulo kyerɛw Korinto asafo no teɛɛ nea enti a wɔde kasa foforo akyɛde no maa Kristofo a wodi kan no ho adwene no. Na ɛte sɛ nea ebinom ani gye kasa foforo akyɛde no ho, na na wɔreyɛ wɔn ade sɛ mmofra nkumaa, wɔn a wɔn ho nkokwaee wɔ honhom mu. Na wɔma “kasa horow” no ho hia wɔn dodo. (1 Korintofo 14:1-39) Paulo sii so dua sɛ ɛnyɛ afeha a edi kan no mu Kristofo nyinaa na wɔkaa anwonwa kwan so kasa foforo no. Na ɛho nhia wɔ nkwa a wobenya no mu. Saa bere a na ɛwɔ hɔ mpo no mu no, na anwonwa kwan so nkɔmhyɛ ho hia sen no. Na kasa foforo a wɔka nyɛ ade a wɔhwehwɛ afi Kristofo hɔ na wɔanya daa nkwa.—1 Korintofo 12:29, 30; 14:4, 5.
Tumi a Ɛhyɛ Kasa Foforo a Wonnim Nnɛ no Akyi
Ebinom gye di sɛ tumi a epiapia wɔn a wɔka kasa foforo nnɛ no ne honhom nsɔre akannifo a wɔkanyan wɔn nguankuw no sɛ wɔnhwehwɛ saa tumi yi bi no. Ɛtɔ mmere bi a, nkate ne nneyɛe a ɛnkari pɛ na ɛma wɔka. Cyril G. Williams ka wɔ Tongues of the Spirit no mu sɛ abɛyɛ “kuw no mufo a wɔkorɔn no ho sɛnkyerɛnne wɔ tebea horow pii mu,” na ɛma obi nya “dibea ne tumi wɔ kuw no ne wɔn ankasa ani so.” Enti, nea ɛkanyan wɔn ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ kuw bi a ɛkorɔn a wɔka kasa foforo a wonnim mufo.
Bere a na Donald P. Merrifield yɛ Loyola Sukuupɔn titrani no, ɔkae sɛ “kasa foforo no betumi ayɛ te sɛ nteɛteɛm bi, anaa sɛnea ebinom kyerɛ no, adebɔne bi.” Ɔsɔfo Todd H. Fast se: “Asɛm wɔ kasa foforo no ho. Ɔbonsam wɔ akwan pii a ɔfa so bɔ mmɔɔ den sɛ obenya yɛn so nkɛntɛnso.” Bible no ankasa bɔ kɔkɔ sɛ Satan ne n’adaemone tumi nya nnipa so nkɛntɛnso ne wɔn kasa so tumi. (Asomafo no Nnwuma 16:17, 18) Yesu yɛɛ ade tiaa adaemone bi a ɔmaa ɔbarima bi teɛɛm twa hwe fam no. (Luka 4:33-35) Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ ‘Satan ankasa po bɛdan ne ho sɛ hann bɔfo.’ (2 Korintofo 11:14) Nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔhwehwɛ kasa foforo akyɛde a Onyankopɔn mfa mma ne nkurɔfo bio no rema kwan ma Satan, a wɔabɔ yɛn kɔkɔ wɔ ne ho sɛ ɔde “atoro tumi ne sɛnkyerɛnne ne ahodwiride nyinaa” bedi dwuma no adaadaa wɔn.—2 Tesalonikafo 2:9, 10.
Kasa Foforo—Ne Nokware Kristosom
Afeha a edi kan Kristofo a wonyaa kasa foforo akyɛde no de dii dwuma de kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn anwonwade ahorow mu. Wosii sɛnea ehia sɛ wɔkyerɛ nkrasɛm a wɔnam kasa foforo so da no adi no ase pefee, na obiara atumi ate ase, na ahyɛ nnipa pii den no so dua. (1 Korintofo 14:26-33) Paulo de afotu mae sɛ: “Saa ara nso na sɛ mode mo tɛkrɛma ka asɛm a emu ntew a, ɛbɛyɛ dɛn na wobehu nea moka no? Na ɛbɛyɛ sɛ morekasa agu mframa mu kwa.—1 Korintofo 14:9
Ɛwom sɛ Onyankopɔn honhom maa Kristofo a wodi kan no kasa foforo akyɛde no de, nanso wɔanka nsɛm anaa kasa a wɔnte ase. Nea ɛne Paulo afotu no hyia no, honhom kronkron no de kasa a ɛma ‘wɔkaa asɛmpa no ntɛmntɛm wɔ wiase abɔde nyinaa mu’ mae.—Kolosefo 1:23.
Yesu Kristo de ahyɛde mae wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe no nna a edi akyiri no ho sɛ: “Etwa sɛ wɔka [Ahenni a wɔde asi hɔ] ho asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.” (Marko 13:10) Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛsɛ sɛ abɔde nyinaa te asɛmpa no. Eyi betumi ayɛ yiye efisɛ mprempren wɔakyerɛ Bible mũ no nyinaa, anaasɛ ne fã bi ase akɔ bɛyɛ kasa horow 2,000 mu. Honhom koro no ara a ɛhyɛɛ afeha a edi kan Kristofo no den ma wɔde nnam ne akokoduru kaa asɛm no gyina nnɛyi Yehowa Adansefo asafo no asɛnka adwuma kɛse a ɛyɛ nwonwa no akyi. Wɔde wɔn ano ne nnɛyi tintim afiri da Kyerɛwnsɛm no mu nokware adi de ka ‘kasa kronn.’ Wɔreka nkrasɛm yi wɔ aman ne po mu nsupɔw bɛboro 200 so. Yehowa Adansefo nkutoo na wɔda nsow sɛ nnipa a Onyankopɔn honhom kanyan wɔn ma wɔda Onyankopɔn anwonwade nyinaa adi kyerɛ.—Sefania 3:9; 2 Timoteo 1:13.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Afie Afie adansedi wɔ Japan
Ahyɛn mu adansedi wɔ Columbia
Ase hɔ: Bible adesua wɔ Bolivia
Ase hɔ pɛɛ: Nkuraase adansedi wɔ Netherlands