Bɔhyɛ Asase No So Mmeae Ahorow
Didi—Di Abodoo
BERE bi a na Yesu ne n’asuafo no wɔ ofie bi mu no, nkurɔfokuw a wɔbaa hɔ no nti “wɔantumi annidi po.” (Marko 3:20) Bere foforo bi nso Yesu kɔɔ Farisini bi fie “sɛ ɔrekodidi.” (Luka 14:1, New World Translation) Aduan bɛn na ɛba w’adwenem?
Ebia tete Israelfo no besusuw sɛ ɛyɛ abodoo, efisɛ nea Hebri ne Hela kasa mu nsɛm ma “didi” no kyerɛ ankasa ne “di abodoo.” Ntease wɔ eyi mu efisɛ na abodoo a wɔde awi ne atoko ayɛ no yɛ wɔn aduan titiriw.
Nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ susuw sɛ na Hebrifo agyanom mpanyimfo no yɛ nguanhwɛfo na Yesu asuafo no yɛ apofofo. Ebinom yɛɛ saa adwuma no de, nanso na ɛnyɛ wɔn nyinaa. Ná awi di dwuma titiriw wɔ pii asetra mu. Ɛda adi sɛ na ɛte saa wɔ Isak ne Yakob fam wɔ mmere bi mu, sɛnea yetumi hu fi Genesis 26:12; 27:37; ne 37:7 no. Na esiane sɛ na kuayɛ yɛ adwuma titiriw wɔ Galilea wɔ Yesu bere so nti, so ebetumi ayɛ sɛ na wɔn a wɔbɛyɛɛ asomafo no binom yɛ awi akuafo?
Ebetumi aba saa, efisɛ na awifuwyɛ abu so wɔ Bɔhyɛ Asase no so, na wɔka ho nsɛm pii wɔ Bible mu. (Deuteronomium 8:7-9; 1 Samuel 6:13) Ná wɔyɛ no dɛn?
Bere a osu a ɛtɔ October ne November mu ama dɔte no mu ayɛ mmerɛw no, awi okuafo no fɛntɛm asase no ani na afei ogu n’aba. Osu a ɛbɛtɔ akyiri yi no bɛboa n’aba no ma anyin, na afei, wɔ April ne May mu no, ahoa ayɛ nnodowee ansa na ɔhyew bere mu ɔhyew aba. Ná wonim awitwabere araa ma wutumi kenkan ho asɛm sɛ nea wɔde hu bere. (Genesis 30:14; Atemmufo 15:1) So wubetumi akyerɛ afe no mu bere ko a wotwaa mfonini a ɛwɔ benkum so hɔ no?a Na bere bɛn mu na Yesu asuafo no pempan mmɛtem a wɔnnoae no?—Mateo 12:1.
Ná awitwa yɛ adwuma kɛse ma akuafo. Atwafo de kantankrankyi a wokura wɔ nsam twa mmɛtem no na wɔkyekyere yɛ no afiafi, sɛnea wuhu wɔ ase hɔ no. Ampa, wotumi bu wɔn ani gu mmɛtem bi so anaasɛ ebi tumi totɔ fam, na ɛno nti na Rut tumi dii mpɛpɛw ma ɛyɛɛ yiye no. (Rut 2:2, 7, 23; Marko 4:28, 29) Afei wɔde awi afiafi no kɔ awiporowbea, a ɛte sɛ Arauna de no. Dɛn na na wɔyɛ wɔ hɔ? Bible no ka “porow nteaseɛnam ne anantwi no adwumayɛ nnua” ho asɛm. (2 Samuel 24:18-22; 1 Beresosɛm 21:23) Wɔtrɛw awi afiafi mu gu ɔbo tratraa anaa asase a wɔaboro so so. Nantwinini anaa aboa foforo bi twa ho hyia porow awi no. Ebia aboa no twe porow afiri bi a wɔde dua ayɛ a ɛboa ma woyiyi awi no fi sare no ho.—Yesaia 41:15.
Afei na ɛsɛ sɛ wohuhuw awi no so, na wɔyɛ saa denam sofi anaa adinam a wɔde tow kɔ wim no so, sɛnea ɛwɔ atifi hɔ no. (Mateo 3:12) Ebia okuafo no behuhuw so anwummere a mframa bɛbɔ ntɛtɛwa (mmɛtem no hono) no agu na ɛde sare no akɔ afã. Bere a wɔaboaboa awi no ano ayiyi mu mmoba nyinaa awie no, na afei wobetumi de akosie—anaa wɔde ayɛ saa aduan a ɛho hia kɛse no, abodoo.—Mateo 6:11.
Sɛ woyɛ ɔyere a w’adwuma ne sɛ wobɛyɛ abodoo a, da biara wode ɔwaduru ne ɔwɔma besiw awi no ayɛ no esiam, ebia ɛbɛyɛ sɛ awisiam a ɛnyɛ muhumuhu. Anaasɛ ebia wobɛyam ayɛ no ‘esiam pa,’ te sɛ nea Sara de yɛɛ “tetare” maa abɔfo a wɔdan wɔn ho nnipa no anaa nea Israelfo no de bɔɔ aduan afɔre maa Yehowa no. (Genesis 18:6; Exodus 29:2; Leviticus 2:1-5; Numeri 28:12) Sara de nsu fɔw awisiam no na ɔfɔtɔw de yɛɛ mmɔre.
Wubetumi ahu mmɔre a wɔabɔ no nkuruwankuruwa ne biako a wɔabɔ no tratraa a wɔatrɛw mu ato hɔ retwɛn sɛ wɔbɛnoa. Wotumi tõ abodoo nkuruwankuruwa akɛse yi wɔ abo anaa nnade a wɔkyew so ade so, sɛnea ɔbea no reyɛ no. So eyi boa wo ma wutumi yɛ nea edi hɔ a Sara yɛ maa abɔfo ahɔho no ne nea akyiri yi Lot abusua no yɛe no ho mfonini wɔ w’adwenem? Yɛkenkan sɛ: “[Abɔfo no man] ne nkyɛn baa ne fi, na ɔtow wɔn pon, na ɔtõo apiti ma wodii.”—Genesis 19:3.
[Ase hɔ asɛm]
a Fa toto 1992 Calendar of Jehovah’s Witnesses ho.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]
Garo Nalbandian