Yɛn Bɔfo Kɛse no ne Ne Nnwuma
HWƐ NE FƐ! Iguaçú anaa Niagara asu a ɛde ahoɔden woro gu fam no, Arizona anaa Hawaii abon akɛse no, Norway anaa New Zealand asutwae a ɛyɛ fɛ no—hwɛ sɛnea abɔde mu anwonwade ahorow yi ho anigye ma wɔteɛm ka ho asɛm! Nanso so ɛyɛ nneɛma a biribi a wɔfrɛ no Ɛna Abɔde ma ɛbae ara kwa? Dabi, ɛkyerɛ pii sen saa! Ɛyɛ Ɔbɔadeɛ Kɛse, ɔsoro Agya bi a ɔwɔ ɔdɔ no nnwuma, nea onyansafo Ɔhene Salomo kyerɛw ne ho asɛm sɛ: “Wayɛ ade nyinaa fɛfɛ ne bere mu, nso ɔde [bere a enni awiei] ahyɛ wɔn komam, anyɛ saa de a, anka onipa renhu adwuma a Onyankopɔn yɛ fi mfiase kosi awiei no.” (Ɔsɛnkafo 3:11) Nokwarem no, ebegye bere a enni awiei na adesamma de ahwehwɛ anuonyam nnwuma a yɛn Bɔfo no de ahyɛ amansan no mu no nyinaa mu.
Ɔbɔadeɛ Kɛse bɛn na yɛwɔ sɛɛ yi! Na hwɛ sɛnea yɛn ani gye sɛ Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ yi ‘nam Ɔba a wayɛ no ade nyinaa difo na ɔnam ne so yɛɛ nneɛma nhyehyɛe horow no so akasa akyerɛ yɛn wɔ nna a edi akyiri yi mu.’ (Hebrifo 1:2) Saa Ɔba Yesu Kristo yi, ani sɔɔ nneɛma a ɛyɛ fɛ a n’Agya bɔe no. Ná ɔka ho nsɛm mpɛn pii de yɛ n’Agya atirimpɔw ahorow ho mfatoho na ɔde kaa nkuranhyɛ nsɛm kyerɛɛ n’atiefo. (Mateo 6:28-30; Yohane 4: 35, 36) Nnipa pii nam “gyidi” so ahu sɛ ‘Onyankopɔn Asɛm na wɔde siesiee’ abɔde mu anwonwade ahorow no. (Hebrifo 11:3) Ɛsɛ sɛ yɛn da biara da asetra da saa gyidi no adi.—Yakobo 2:14, 26.
Nokwarem no, yɛn Nyankopɔn no abɔde ahorow yɛ fɛ. Ɛda ne nyansa, ne tumi, ne trenee, ne ne dɔ adi anwonwa kwan so. Sɛ nhwɛso no, ɔkyeaa yɛn asase no kakra na ɔma etwaa owia no ho hyiae na ama n’abɔde a ɔbɛba daakye, onipa, atumi anya wim nsakrae ahorow a ɛtoatoa so ba no mu anigye. Onyankopɔn kae se: “Nna nyinaa a asase wɔ hɔ yi, ogu ne otwa, awɔw ne ahohuru, asusow ne ɔpɛ, awia ne anadwo rennyae da.” (Genesis 8:22) Bio nso, Onyankopɔn de nneɛma a ɛsom bo pii hyɛɛ asase no mu.
Titiriw no, ɔmaa yɛn nsu bebree a akyiri yi, ɛbɛyɛ nkwa a ɛwɔ asase so nyinaa ho ade titiriw a ɛwowaw wɔn no. ‘Onyankopɔn adeyɛ tumi’ siesiee asase no maa adesamma asetra wɔ so wɔ ‘adebɔ nna’ asia a ɛtoatoa so pɛpɛɛpɛ, a emu biara tenten yɛ mfe mpempem pii mu. Hann a ɛma yehu ade, mframa a yɛhome, asase kesee a yɛte so, afifide, awia ne anadwo a ɛba nnidiso nnidiso, mpataa, nnomaa, mmoa no yɛn Bɔfo Kɛse no na ɔbɔɔ wɔn nyinaa nnidiso nnidiso sɛ wɔmmɛsom onipa; na ɔmfa wɔn nnye n’ani. (Genesis 1:2-25) Nokwarem no, yebetumi ne odwontofo no abom aka sɛ: “[O Yehowa], wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma.”—Dwom 104:24
Onyankopɔn Adebɔ mu Ahokokwaw Adwuma
Bere a adebɔ “da” a ɛto so asia no reba awiei no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima na afei ɔbɔɔ ne boafo, ɔbea. Asase so adebɔ awiei a ɛda ahokokwaw adi bɛn ara ni, ɛyɛ nwonwa koraa sen honam fam abɔde ahorow a wodii kan bae no nyinaa! Dwom 115:16 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔsoro yɛ Yehowa soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.” Ne saa nti, Yehowa yɛɛ yɛn nnipa akra no sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya n’abɔde ahorow a odii kan bɔɔ wɔ asase so no mu anigye na yɛde adi dwuma. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde ani a yɛwɔ no ho aseda ma—ade a ɛyɛ nnwuma pii sen mfoninitwa afiri a eye sen biara—a etumi hu wiase a emu yɛ fɛ a atwa yɛn ho ahyia no! Yɛwɔ yɛn aso—eye sen akasamu afiri biara—a ɛboa yɛn ma yetumi tie nkɔmmɔbɔ, nnwom, ne nnomaa su a ɛyɛ dɛ sɛ dwom no. Yɛwɔ ade a ɛma yetumi kasa bi hyɛ yɛn mu, a tɛkrɛma a etumi yɛ nnɛema ahorow pii no ka ho. Tɛkrɛma no mu akwaa a wɔde kã ade hwɛ, ne adehua tumi no ka bom ma yetumi nya nnuan a egu ahorow pii a yɛkã hwɛ no mu anigye. Na hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ obi nsa a ofi ɔdɔ mu de so yɛn mu no! Nokwarem no, yebetumi de aseda ama yɛn Bɔfo no, sɛnea odwontofo a ɔkaa nea edi so yi yɛe no: “Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.”—Dwom 139:14.
Yɛn Bɔfo no Adɔe
Odwontofo no kyerɛw sɛ: “Monna [Yehowa] ase, na oye . . . Nea ne nko ye anwonwade akɛse, na n’adɔe wɔ hɔ daa.” (Dwom 136:1-4) Mprempren saa adɔe no ama ɔreyɛ anwonwade ahorow a ɛsen abɔde ahorow a yɛaka ho nsɛm seesei ara no koraa. Yiw, bere a ɔrehome afi honam fam adebɔ ho no, ɔrebɔ nneɛma wɔ honhom fam. Ɔreyɛ eyi de abua mpoa bɔne bi a wotwaa no animtiaabu kwan so no. Ɔkwan bɛn so?
Wɔde ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no kɔtraa paradise fɛfɛ bi, Eden mu. Nanso, ɔbɔfo tuatewfo, Satan, yɛɛ ne ho onyame bi, na ɔmaa saa nnipa baanu no sɔre tiaa Yehowa. Onyankopɔn buu wɔn kumfo ɔkwan a ɛteɛ so, na nea afi mu aba ne sɛ woawo wɔn mma, adesamma abusua no nyinaa, wɔ bɔne ne owu tebea mu. (Dwom 51:5) Bible mu amanneɛbɔ a ɛfa Hiob ho no kyerɛ sɛ Satan twaa Onyankopɔn mpoa, kae sɛ onipa biara nni hɔ a obetumi akura ne mudi mu ama No wɔ sɔhwɛ mu. Nanso Hiob maa Satan yɛɛ ɔtorofo kɛse, sɛnea Onyankopɔn nkoa anokwafo afoforo ayɛ wɔ Bible mmere mu de abesi yɛn da yi no. (Hiob 1:7-12; 2:2-5, 9, 10; 27:5) Sɛ́ onipa a ɔyɛ pɛ no, Yesu yɛɛ mudi mu kura ho nhwɛso a ebiara ne no nsɛ.—1 Petro 2: 21-23.
Ne saa nti, na Yesu betumi aka sɛ, “Wiase no sodifo [Satan] nni me so tumi biara.” (Yohane 14:30, New World Translation) Nanso, “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu” de besi nnɛ. (1 Yohane 5:19) Esiane sɛ Satan agye fata a Yehowa tumidi fata ho kyim nti, wɔama no bɛyɛ mfe 6,000 sɛ ɔmfa nkyerɛ sɛ n’ankasa tumidi wɔ adesamma so no bedi nkonim anaa. Hwɛ sɛnea wadi nkogu koraa, sɛnea wiase nsɛm tebea a ɛkɔ so sɛe no di ho adanse no! Ɛrenkyɛ na yɛn ɔdɔ Nyankopɔn, Yehowa, ayi wiase a aporɔw yi afi hɔ, na ɔde ne tumidi a ɛfata no adi asase no so tumi. Ahotɔ a ɛyɛ anigye bɛn na ɛno de bɛbrɛ adesamma a wɔn kɔn dɔ asomdwoe ne trenee nniso sɛɛ yi!—Dwom 37:9-11; 83:17, 18.
Nanso, ɛnyɛ ne nyinaa nen! Yehowa adɔe bɛkɔ so ada adi wɔ Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 3:16 yi mu: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ [adesamma] wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” Daa nkwa wɔ asase so ho anidaso a wɔsan de ma adesamma yi hwehwɛ sɛ wɔbɔ nnɛema afoforo. Eyinom yɛ nneɛma bɛn? Ɔkwan bɛn so na ɛho ba adesamma a wosi apini no mfaso? Yɛn asɛm a edi hɔ no bɛka ho asɛm.