Hwɛ Yiye Wɔ Abosonsom Biara Ho
“Biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ?”—2 KORINTOFO 6:16.
1. Dɛn na Israel ahyiae ntamadan ne asɔrefi ahorow no yɛɛ ho nsusuwso?
YEHOWA wɔ asɔrefi a abosom ntra mu. Wɔde Israel ahyiae ntamadan a Mose sii ne asɔrefi a wosii akyiri yi wɔ Yerusalem no yɛɛ ho nsusuwso. Ná adan yi gyina hɔ ma “nokware ntamadan,” Yehowa honhom mu asɔrefi kɛse no. (Hebrifo 8:1-5) Saa asɔrefi no ne nhyehyɛe a wɔfa so kɔ Onyankopɔn anim wɔ ɔsom mu denam Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no so.—Hebrifo 9: 2-10, 23.
2. Henanom nɛ wɔbɛyɛ adum wɔ Onyankopɔn honhom mu asɔrefi kɛse no mu, na gyinabea bɛn na nnipakuw kɛse no wɔ?
2 Kristoni biara a wɔasra no dan “adum [Onyankopɔn] asɔredan mu,” na onya trabea wɔ soro. Yehowa asomfo afoforo a wɔne “nnipakuw kɛse” no wɔ faako a wɔde Amanaman Mufo adiwo a na ɛwɔ asɔrefi a Herode sii no mu yɛɛ ho mfonini no. Esiane Yesu afɔrebɔ no mu gyidi nti, wɔwɔ trenee gyinabea a ɛma wɔkora wɔn so twa “ahohiahia kɛse no.”—Adiyisɛm 3:12; 7:9-15.
3, 4. Wɔde asase so Kristofo a wɔasra wɔn asafo no toto dɛn ho, na ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi efĩ bɛn ho?
3 Wɔde Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so asafo no nso toto asɔrefi foforo a abosonsom nni mu ho wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Paulo ka kyerɛɛ saafo a ‘wɔde honhom kronkron asɔ wɔn ano’ no sɛ: “Wɔde mo asi asomafo ne adiyifo nhyɛase a Kristo Yesu ankasa ne twea bo titiriw no so. Ɔno mu na nea wɔasi no nyinaa akeka atoa mu, na ɛrema ne ho so akɔyɛ asɔredan kronkron [Yehowa] mu; ɔno mu na wɔde mo nso resi akɔyɛ Onyankopɔn trabea, honhom mu.” (Efesofo 1:13; 2:20-22) Saa 144,000 a wɔasɔ wɔn ano yi yɛ “abo a nkwa wom” a wɔde resi “honhom mu dan, asɔfokuw kronkron.”—1 Petro 2:5; Adiyisɛm 7:4; 14:1.
4 Esiane sɛ asɔfo nkumaa yi yɛ “Onyankopɔn dan” nti, ɔmma kwan sɛ wonhura asɔrefi yi ho. (1 Korintofo 3:9, 16, 17) Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kondua koro; na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? Na ɔka bɛn na Kristo ne Belial ka? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne nea onnye nni wɔ? Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ?” Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔyɛ ‘Ade Nyinaa so Tumfoɔ Yehowa’ no dea no twe wɔn ho fi abosonsom ho. (2 Korintofo 6:14-18) Ɛsɛ sɛ nnipakuw kɛse no mufo nso kwati abosonsom biara.
5. Esiane sɛ nokware Kristofo nim sɛ Yehowa fata ɔsom a edi mu nti, dɛn na wɔyɛ?
5 Abosonsom a ɛyɛ tẽẽ ne anifere kwan so de nyinaa wɔ hɔ. Dabi, ɛnyɛ atoro anyame ne anyamewa som nkutoo na ɛyɛ abosonsom. Ɛyɛ som a wɔsom biribiara anaa obiara wɔ Yehowa akyi. Sɛ́ Amansan Hene no, ɛteɛ sɛ ɔhwehwɛ ɔsom a edi mu fi yɛn hɔ, na ɛfata sɛ yɛde ma no. (Deuteronomium 4:24) Esiane sɛ nokware Kristofo nim eyi nti, wotie Kyerɛwnsɛm mu kɔkɔbɔ ahorow a etia abosonsom no nyinaa. (1 Korintofo 10:7) Momma yensusuw abosonsom ahorow bi a ɛsɛ sɛ Yehowa nkoa kwati no ho.
Wɔyɛɛ Kristoman Abosonsom ho Mfonini
6. Akyide bɛn na Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu?
6 Bere a na odiyifo Hesekiel wɔ Babilon nnommumfa mu wɔ 612 A.Y.B. mu no, onyaa akyide a na Yudafo awaefo reyɛ wɔ Yehowa asɔrefi wɔ Yerusalem no ho anisoadehu. Hesekiel huu “ninkuntwe honi.” Ohui sɛ mpanyimfo aduɔson rehyew aduhuam wɔ asɔrefi hɔ. Ohui sɛ mmea resu atoro nyame bi. Na mmarima 25 resom owia. Ná awaefo nneyɛe yi kyerɛ dɛn?
7, 8. Ɛbɛyɛ sɛ na “ninkuntwe honi” no yɛ dɛn, na dɛn nti na ɛkanyan Yehowa ma ɔtwee ninkunu?
7 Akyide a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no yɛ Kristoman abosonsom ho mfonini. Sɛ nhwɛso no, ɔkae sɛ: “Hwɛ, afɔremuka ponkɛse no benkum fam na ninkuntwe honi no si abobow ano. Na [Yehowa Nyankopɔn] ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, so wuhu nea wɔreyɛ yi? Akyide akɛse a Israel fi reyɛ ha yi, sɛ mimfi me kronkronbea menkɔ akyirikyiri.”—Hesekiel 8:1-6.
8 Ebetumi aba sɛ na ninkuntwe honi no yɛ asera dua a egyina hɔ ma atoro onyamewa a na Kanaanfo bu no sɛ ɔyɛ wɔn nyame Baal yere no. Dekode a na ohoni no yɛ biara no, ɛkanyan Yehowa ma ɔtwee ninkunu efisɛ ɛkyɛɛ ɔsom a edi mu a na Israel de ma no no mu ma ebuu n’ahyɛde so: “Mene Yehowa wo Nyankopɔn . . . Nnya anyame afoforo biara m’anim. Nyɛ ohoni a wɔasen anaa ade biara a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase sɛso biara mfa. Nkotow wɔn na mma wɔnnaadaa wo nkɔsom wɔn, efisɛ me Yehowa wo Nyankopɔn meyɛ Onyankopɔn a mehwehwe ɔsom a edi mũ.”—Exodus 20:2-5, New World Translation.
9. Ɔkwan bɛn so na Kristoman akanyan Onyankopɔn ma ɔtwe ninkunu?
9 Na ninkuntwe honi a wɔsom no wɔ Onyankopɔn asɔrefi no yɛ akyide akɛse a na Israelfo awaefo reyɛ no mu biako. Saa ara na Kristoman nsɔre no de ahoni a egu Onyankopɔn ho fi a ɛkyɛ ɔsom a edi mu a wose wɔde ma Onii a wɔkyerɛ sɛ wɔsom no no mu no gu wɔn ho fĩ. Wɔkanyan Onyankopɔn nso ma ɔtwe ninkunu efisɛ asɔfo no pow n’Ahenni sɛ adesemma anidaso koro pɛ na wɔsom Amanaman Nkabom no—‘akyide a egyina kronkronbea’ wɔ faako a ɛnsɛ sɛ egyina.—Mateo 24:15, 16; Marko 13:14.
10. Dɛn na Hesekiel hui wɔ asɔrefi hɔ, na ɔkwan bɛn so na eyi te sɛ nea wohu wɔ Kristoman mu no?
10 Bere a Hesekiel rehyɛn asɔrefi hɔ no, ɔbɔ amanneɛ sɛ: “Hwɛ, mmoa a wɔwea ne mmoa horow a wokyi nyinaa ne Israel fi abosom ahoni nyinaa na wɔakurukyerɛw wɔn ɔfasu no ho ahyia yi. Na mmarima aduɔson a wofi Israel fi . . . gyinagyina wɔn anim, na wɔn aduhuamhyew kuku kurakura wɔn nsam, na aduhuamhyew wusiw hua sɔree.” Wo de susuw ho hwɛ! Israelfo mpanyimfo wɔ Yehowa asɔrefi rehyew aduhuam ama atoro anyame a ahoni a wɔyɛ akyide a wɔakurukyerɛw wɔn ɔfasu ho no gyina hɔ ma no. (Hesekiel 8:10-12) Ntotoho kwan so no, wɔde nnomaa ne wuram mmoa yɛ Kristoman aman ho sɛnkyerɛnne, na nnipa som wɔn. Bio nso, asɔfo no mu pii di fɔ wɔ nnipa a wɔboa ma wɔdaadaa wɔn denam atoro nkyerɛkyerɛ a ese onipa dannan fi mmoa ahorow mu a wɔkamfo kyerɛ sen sɛ anka wobegyina nneɛma a Yehowa Nyankopɔn bɔe ho nokware kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible mu no akyi so no mu.—Asomafo no Nnwuma 17:24-28.
11. Ná dɛn nti na Isrealfo mmea awaefo resu Tamus?
11 Hesekiel huu Israel mmea awaefo sɛ wɔresu Tamus wɔ Yehowa fi pon ano. (Hesekiel 8:13, 14) Babilonfo ne Siriafo buu Tamus sɛ afifide a enyin wɔ osutɔ bere mu na ewu wɔ ɔpe bere mu no nyame. Afifide no wu yɛɛ Tamus a n’asomfo su no afe biara wɔ bere a wim ayɛ hyew sen biara no wu ho mfonini. Sɛ afifide no san fifi wɔ osutɔ bere mu a, wɔkyerɛ sɛ na Tamus asan afi asase ase aba. Ná wɔde ne din nkyerɛwde a edi kan, tete tau a ɛyɛ mmeamudua bi no na egyina hɔ ma no. Eyi betumi ama yɛakae ɔsom a Kristoman de ma mmeamudua no yiye.
12. Dɛn na Hesekiel hui sɛ Isrealfo mmarima awaefo 25 reyɛ, na adeyɛ a ɛte saa ara bɛn na ɛkɔ so wo Kristoman mu?
12 Wɔ asɔrefi no adiwo hɔ no, afei Hesekiel huu Isrealfo mmarima awaefo 25 sɛ wɔresom owia—adeyɛ a ebu Yehowa ahyɛde a etia abosonsom a ɛte saa no so. (Deuteronomium 4:15-19) Saa abosonsomfo no san de akyide dubaa bi a ebia egyina hɔ ma ɔbarima awode no kaa Onyankopɔn hwene ano. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn ammua wɔn mpaebɔ, te sɛ nea Kristoman bɛhwehwɛ ne mmoa wɔ “ahohiahia kɛse” no mu nanso wɔrennya no. (Mateo 24:21) Sɛnea saa Isrealfo awaefo no som owia a ɛma hann a wɔde wɔn akyi kyerɛɛ Yehowa asɔrefi no, saa ara ne Kristoman dan n’akyi kyerɛ hann a efi Onyankopɔn hɔ no, wɔkyerɛ atoro nkyerɛkyerɛ, wosom wiase nyansa, na wobu wɔn ani gu ɔbrasɛe so.—Hesekiel 8:15-18.
13. Akwan bɛn so na Yehowa Adansefo kwati abosonsom ahorow a wohui wɔ Hesekiel anisoadehu no mu no?
13 Yehowa Adansefo kwati abosonsom ahorow a Kristoman, anaa Yerusalem nsusuwso, de wɔn ho hyem sɛnea Hesekiel dii kan hui no nyinaa. Yɛnsom ahoni a egu Onyankopɔn ho fĩ. Ɛwom sɛ yɛkyerɛ obu ma aban ‘atumfoɔ a wɔkorɔn’ no de, nanso anohyeto wɔ yɛn ho ase a yɛbrɛ ma wɔn no mu. (Romafo 13:1-7; Marko 12:17; Asomafo no Nnwuma 5:29) Yɛde ɔsom a efi komam ma Onyankopɔn ne n’Ahenni. Yɛmfa adannandi nkyerɛkyerɛ no nsi Ɔbɔadeɛ no ne n’abɔde ananmu. (Adiyisɛm 4:11) Yɛmfa nidi mma mmeamudua no, saa ara nso na yɛnsom nhomanim, nyansapɛ anaa wiase nyansa afoforo da. (1 Timoteo 6:20, 21) Yɛhwɛ yiye nso wɔ abosonsom afoforo nyinaa ho. Ebi ne nea ɛwɔ he?
Abosonsom Afoforo
14. Gyinabea bɛn na Yehowa nkoa paw wɔ “aboa” a wɔka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm 13:1 no ho?
14 Kristofo ne adesamma mmmom nnsom sɛnkyerɛnne kwan so “aboa” bi. Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Na mihuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du ne ti ason sɛ ofi po mu sɔree, na ahemmotiri du bobɔ ne mmɛn . . . Na wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛkotow no.” (Adiyisɛm 13: 1, 8) Mmoa betumi ayɛ “ahene” anaa amammui tumi horow ho sɛnkyerɛnne. (Daniel 7:17; 8:3-8, 20-25) Enti sɛnkyerɛnne kwan so aboa no ti ason no gyina hɔ ma wiase tumi horow—Misraim, Asiria, Babilon, Medo-Persia, Hela, Roma, ne Anglo-Amerika a ɛyɛ Britania ne United States, Amerika, a wɔaka abom. Kristoman asɔfo bu Onyankopɔn ne Kristo animtiaa kɛse denam adesamma anim a wodi ma wɔsom Satan, “wi ase yi sodifo” no amammui nhyehyɛe no so. (Yohane 12:31) Nanso, sɛ́ Kristofo a wonni afã biara ne Ahenni no akyigyinafo no, Yehowa nkoa pow abosonsom a ɛte saa no.—Yakobo 1:27.
15. Yehowa nkurɔfo bu wiasefo a wɔagye din no dɛn, na dɛn na Ɔdansefo biako kae wɔ eyi ho?
15 Onyankopɔn nkurɔfo nsom wiase no mufo a wɔagye din wɔ anigyede ne agorudi mu no nso. Bere a odwontofo bi bɛyɛɛ Yehowa Ɔdansefo akyi no, ɔkae se: “Nnwom a wɔde gye ani na wɔde saw betumi akanyan akɔnnɔ bɔne . . . Odwontofo no tow anigye ne ɔdɔ a ebia atiefo pii bɛte nka sɛ wonnya mfi wɔn aware mu ahokafo hɔ no ho nnwom. Wɔtaa de nea odwontofo no tow ho dwom no na ehu no. Eyi nti mmea ani gye nnwontofo yi binom a minim wɔn no ho ankasa. Sɛ obi nya wiase nsusuwii hunu yi a, ebetumi ama wasom odwontofo no. Ebetumi afi ase sɛ ade a empira bere a obi ka sɛ odwontofo no nkyerɛw ne din ngu biribi mu mma no sɛ nkaede no. Nanso ebinom bu odwontofo no sɛ obi a wɔpɛ n’asɛm yiye, na bere a wɔde nidi a ɛmfata ma no no, wɔma ɔdan onyame bi. Ebia wɔde odwontofo no mfonini bɛbɔ wɔn dan ho, na wɔafi ase ahyɛ ntaade asiesie wɔn ho sɛnea ɔyɛ no. Ɛsɛ sɛ Kristofo kae sɛ ɔsom mu nidi yɛ Onyankopɔn nkutoo dea.”
16. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ abɔfo atreneefo pow abosonsom?
16 Yiw, Onyankopɔn nkutoo na ɔsom mu nidi anaa ɔsom fata no. Bere a Yohane ‘hwee ase sɛ ɔrekotow ɔbɔfo’ a ɔkyerɛɛ no nneɛma a ɛyɛ nwonwa no, saa honhom abɔde no ampene so sɛ ɔbɛma wasom no wɔ ɔkwan biara so na mmom ɔkae sɛ: “Hwɛ yiye! Nyɛ saa! Meyɛ wo ne wo nuanom adiyifo ne wɔn a wodi nhoma yi mu nsɛm so no yɔnko akoa. Som Onyankopɔn.” (Adiyisɛm 22:8, 9, NW) Yehowa suro, anaa obu a emu dɔ a yɛwɔ ma no no ma yɛsom ɔno nkutoo. (Adiyisɛm 14:7) Enti, nokware onyamesom pa ahofama bɔ yɛn ho ban fi abosonsom ho.—1 Timoteo 4:8.
17. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ yiye wɔ abosonsom a ɛyɛ nna mu ɔbrasɛe ho?
17 Nna mu ɔbrasɛe yɛ abosonsom foforo a Yehowa nkoa pow. Wonim sɛ “aguaman biara anaa afideyɛfo anaa oniberefo a ɔyɛ ɔbosonsonni nni apɛgyade Kristo ne Nyankopɔn ahenni mu.” (Efesofo 5:5) Abosonsom wom efisɛ anigyede a ɛmfata ho akɔnnɔ dan yɛ ade a wɔsom. Nna ho akɔnnɔ a ɛmfata sɛe su pa ahorow. Bere a obi de n’ani hwɛ na ɔde n’aso tie nguamansɛm no, ɔsɛe abusuabɔ biara a ebia ɔne Onyankopɔn kronkron a ɔne Yehowa wɔ no. (Yesaia 6:3) Ɛnde, sɛ Onyankopɔn nkoa bɛhwɛ yiye wɔ abosonsom a ɛte saa ho a, ɛsɛ sɛ wɔkwati nguamansɛm ne nnwom a ɛsɛe ɔbra pa. Ehia sɛ wɔbata honhom mu gyinapɛn ahorow a emu yɛ den a egyina Kyerɛwnsɛm no so ho, na wɔkɔ so hyɛ “onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu.”—Efesofo 4: 22-24.
Kwati Adifudepɛ ne Anibere
18, 19. (a) Dɛn ne adifudepɛ ne anibere? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ yiye wɔ abosonsom a ɛne adifudepɛ ne anibere ho?
18 Kristofo hwɛ yiye nso wɔ adifudepɛ ne anibere a ɛyɛ abosonsom bi a ɛsesɛ kɛse no ho. Adifudepɛ yɛ akɔnnɔ ntraso anaa akɔnnɔ bɔne, na anibere yɛ biribiara a ɛyɛ obi foforo dea a wowɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobenya. Yesu bɔɔ anibere ho kɔkɔ, na ɔkaa ɔdefo oniberefo bi a wantumi annya n’ahode mu mfaso wɔ owu mu, a na ɔwɔ awerɛhow tebea a ɛne sɛ “ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam” mu ho asɛm. (Luka 12:15-21) Paulo tuu ne mfɛfo gyidifo fo wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ: “Munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no . . . anibere a ɛyɛ abosonsom.”—Kolosefo 3:5.
19 Wɔn a wɔdɔ sika, wɔpɛ aduan ne nsa pii, anaasɛ wɔn ani bere tumi no de akɔnnɔ ahorow a ɛte sɛɛ yɛ wɔn anyame. Sɛnea Paulo daa no adi no, odifudepɛfo yɛ ɔbosonsonni na ɔrennya Onyankopɔn Ahenni. (1 Korintofo .6:9, 10; Efesofo 5:5) Enti, wobetumi atu ankorankoro a wɔabɔ wɔn asu a wɔde wɔn ho hyɛ abosonsom mu sɛ adifudepɛfo no afi Kristofo asafo no mu. Nanso, sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm no di dwuma na yɛbɔ mpae a emu yɛ den a, yebetumi akwati adifudepɛ. Mmebusɛm 30:7-9 ka sɛ: “Nneɛma abien na mesrɛ wo hɔ, nkame me ansa na mawu. Yi ade huhuw ne atosɛm fi me ho kɔ akyirikyiri; mma me ohia anaa ahonyade, ma minnya m’aduan a ehia me no minni; na mammee mampa wo manka sɛ: Hena ne [Yehowa]? Nanso manni hia manwia ade mamfom me Nyankopɔn din.” Su a ɛte saa betumi aboa yɛn ma yɛahwɛ yiye wɔ abosonsom a ɛne adifudepɛ ne anibere ho.
Hwɛ Yiye wɔ Wo Ho a Wobɛsom Ho
20, 21 Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkurɔfo hwɛ yiye na wɔansom wɔn ho?
20 Yehowa nkurɔfo hwɛ yiye nso na wɔansom wɔn ho. Wɔ wiase yi mu no, wɔtaa som wɔn ho ne wɔn ankasa apɛde. Edin ne anuonyam a wɔpɛ sɛ wonya no ma nnipa pii yɛ ade wɔ akwammɔne so. Wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn apɛde na ɛnyɛ Onyankopɔn de. Nanso sɛ yɛsom yɛn ankasa ho denam pɛ a yɛpɛ sɛ yɛfa ɔkwammɔne so yɛ nea yɛn ankasa pɛ na yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi afoforo so bakoma a, yɛrentumi ne Onyankopɔn nnya abusuabɔ biara. (Mmebusɛm 3:32; Mateo 20:20-28; 1 Petro 5:2, 3) Sɛ́ Yesu akyidifo no, yɛapow wiase no sum ase nneɛma no.—2 Korintofo 4:1, 2.
21 Sɛ́ anka Onyankopɔn nkurɔfo bɛhwehwɛ din mmom no, wodi Paulo afotu yi so: “Enti sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam!” (1 Korintofo 10:31) Esiane sɛ yɛyɛ Yehowa nkoa nti, yɛmfa abosonsom kwan so nka sɛ yɛbɛyɛ nea yɛn ankasa pɛ, na mmom yɛde anigye yɛ ɔsoro apɛde, na yegye akwankyerɛ a efi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no hɔ tom, na yɛne Yehowa ahyehyɛde no yɛ biako kosi ase.—Mateo 24: 45-47.
Hwɛ Yiye!
22, 23. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ yiye wɔ abosonsom biara ho?
22 Sɛ́ Yehowa nkurɔfo no, yɛnkotow abosom a yɛde aniwa hu. Yɛhwɛ yiye nso wɔ anifere kwan so abosonsom ahorow ho. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kwati abosonsom biara. Enti yedi Yohane afotu yi so: “Monwɛn nyi mo ho mfi abosom ho.”—1 Yohane 5:21.
23 Sɛ woyɛ Yehowa nkoa mu biako a, fa w’ahonim a wode Bible atete no ne wo ntease tumi di dwuma bere nyinaa. (Hebrifo 5:14) Sɛ woyɛ saa a, wiase no abosonsom honhom no rengu wo ho fi, na mmom wobɛyɛ te sɛ Hebrifo anokwafo baasa no ne Kristofo anokwafo a wodi kan no. Wode ɔsom a edi mu bɛma Yehowa, na ɔbɛboa wo ma woakɔ so ahwɛ yiye wɔ abosonsom biara ho.
Dɛn na Wususuw?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo kwati abosonsom ahorow a wohui wɔ Hesekiel anisoadehu no mu?
◻ “Aboa” a wɔka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm 13:1 no yɛ dɛn, na gyinabea bɛn na Yehowa nkoa paw wɔ ho?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛansom wɔn a wɔagye din wɔ anigyede ne agorudi mu no?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ yiye na yɛansom yɛn ho?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ abosonsom biara ho?
[Mfonini wɔ kratafa 26]
So wunim sɛnea akyide a wohui wɔ Hesekiel anisoadehu no mu no yɛ Kristoman abosonsom ho mfonini?
[Mfonini Fibea]
Artwork (upper left) based on photo by Ralph Crane/Bardo Museum