Papa ne Bɔne Apereperedi Akodi a Akɔ so Bere Tenten
WƆ KAN tete sini ahorow mu no, na “nea ɔyɛɛ nnepa no” di bɔne tumi ahorow no so nkonim bere nyinaa. Nanso ɛnyɛɛ mmerɛw pii saa da wɔ asetra ankasa mu. Mpɛn pii no, wɔ asetra ankasa mu no, ɛte sɛ nea bɔne na edi nkonim. Abɔnefosɛm ho amannɛebɔ a ɛyɛ hu na wɔtaa te wɔ anadwo atesɛm amannɛebɔ mu. Wɔ United States atifi fam no, ɔbarima bi a ofi Milwaukee kumkum nnipa 11 na ɔde wɔn nnipadua a wɔatwitwa no asinasin no sie ne frigyi mu. Wɔ anafo fam no, obi a wonnim no bɔ wura Texas adidibea bi mu na ɔtow otuo kɔ nea ɔpɛ biara simma du, kunkum nnipa 23 a n’ankasa ka ho. Ɔsɔretiafo bi a ne bo afuw de ogya to Yehowa Adansefo Ahenni Asa mu wɔ Korea ma asomfo 14 wuwu.
Ɛnyɛ nsɛmmɔne a ɛnsisi daa yi nko na ɛwɔ hɔ, na mmom nsɛmmɔne a ɛyɛ hu a ɛka wiase no nso wɔ hɔ—mmusua asetɔre. Wobu akontaa sɛ Armeniafo ɔpepem biako, Yudafo ɔpepem asia ne Cambodiafo bɛboro ɔpepem biako na wɔatɔre wɔn ase wɔ mmusua ne amammui mu nnipakum a akɔ so wɔ afeha yi nkutoo mu no mu. Nea wɔfrɛ no mmusua mu a wɔtew no aka nnipa pii a wɔwɔ ɔman a anka ɛne Yugoslavia no. Obiara nnim nnipa ɔpepem dodow a wɔn ho nni asɛm a wɔayɛ wɔn ayayade atirimɔden so wɔ wiase nyinaa.
Awerɛhosɛm ahorow a ɛtete sɛɛ yi hyɛ yɛn ma yebisa asɛm a ɛhaw adwene yi, Dɛn nti na nnipa yɛ ade wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so? Yentumi nka sɛ nnipa kakraa bi a wɔn adwenen kã wɔn no na wodi nsɛmmɔne ahorow yi. Bɔne a wɔayɛ wɔ yɛn afeha yi mu no kɛse nkutoo ma saa nkyerɛkyerɛmu yi yɛ atoro. Wɔkyerɛkyerɛ adebɔne mu sɛ nea enye wɔ abrabɔ fam. Ɛyɛ adeyɛ a obi a obetumi apaw sɛ ɔbɛyɛ papa anaa bɔne na ɔyɛ. Ɔkwan bi so no, n’abrabɔ fam atɛmpa kyea na bɔne di nkonim. Nanso dɛn nti na ɔkwan bɛn so na eyi ba saa?
Bɔne ho nkyerɛkyerɛmu ahorow a nyamesom de ma no ntaa nnɔɔso. Katolekni nyansapɛfo Thomas Aquinas kae sɛ, “sɛ Onyankopɔn amma bɔne ho kwan ma antra hɔ a, anka wobeyi nneɛma pa pii afi hɔ.” Protestant nyansapɛfo pii kura adwenhorow a ɛte saara. Sɛ́ nhwɛso no, sɛnea wɔaka wɔ Encyclopedia Britannica mu no, Gottfried Leibniz buu bɔne sɛ “biribi a ɛma papa a ɛwɔ wiase no da adi kɛkɛ, na bɔne no ma papa yɛ kɛse.” Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, na ogye di sɛ yehia bɔne no na ama yɛn ani asɔ papa. Ɔkwan a ɛte sɛɛ a wɔfa so susuw ade ho no te sɛ nea wɔka kyerɛ obi a ɔyare akisikuru sɛ ne yare no ara ne nea ehia na ama ɔfoforo ate nka sɛ ɔte nkwa mu na ne ho ye ampa.
Ɛsɛ sɛ adwemmɔne ahorow yɛ nea efi baabi na ɛba. So Onyankopɔn na ɔkwan bi so no efi no? Bible no bua sɛ: “Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma ɔnnka sɛ: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ; ɛfisɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” Sɛ emfi Onyankopɔn a, ɛnde efi hena? Nkyekyem ahorow a edi so no de mmuae no ma: “Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ; ansa na akɔnnɔ no nyinsɛn a ɛwo bɔne.” (Yakobo 1:13-15) Enti sɛ wɔampow akɔnnɔ bɔne na wɔkɔ so susuw ho a, ɛwo bɔne. Nanso ɛnyɛ ne nyinaa nen.
Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ mu sɛ akɔnnɔ bɔne sɔre efisɛ nnipa adi dɛm titiriw bi—ɛne sintɔ a wɔde fi awo mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Esiane bɔne a yenya fi awo mu nti, pɛsɛmenkominya betumi adi ayamyɛ so nim wɔ yɛn nsusuwii mu, na atirimɔden betumi adi ayamhyehye so.
Nokwarem no, nnipa pii fi awosu mu nim sɛ nneyɛe bi mfata. Wɔn ahonim—anaa sɛnea Paulo frɛ no no ‘mmara a wɔakyerɛw wɔ wɔn komam’—ma wokwati sɛ wɔbɛyɛ adebɔne bi. (Romafo 2:15) Nanso atirimɔdensɛm a atwa obi ho ahyia betumi ahyɛ nkate ahorow a ɛte sɛɛ so, na sɛ wɔkɔ so bu ani gu ahonim so a, ebetumi awu.a—Fa toto 1 Timoteo 4:2 ho.
So onipa sintɔ nkutoo na ama bɔne akɔ anim kɛse wɔ yɛn bere yi so no? Abakɔsɛm kyerɛwfo Jeffrey Burton Russel kae sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ bɔne wɔ yɛn mu biara mu de, nanso nnipa ankorankoro pii bɔne a wɔbɛka abom no rentumi nkyerɛkyerɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Auschwitz no mu . . . Ɛte sɛ nea bɔne a ɛte sɛɛ mu duru ne ne dodow nyinaa yɛ soronko no.” Ɛnyɛ obiara sɛ Yesu Kristo na ɔkyerɛɛ bɔne a emu duru yɛ soronko yi fibea. Bere tiaa bi ansa na Yesu rewu no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔn a na wɔpɛ no akum no no mfi wɔn ankasa pɛ mu nkutoo na wɔyɛ saa. Tumi bi a wonhu na ɛkyerɛɛ wɔn kwan. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo de, mo agya a mufi no mu ne Ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so.” (Yohane 8:44) Ɛda adi sɛ Ɔbonsam a Yesu frɛɛ no “wi yi ase sodifo no” titiriw na ɔhyɛ bɔne a wɔyɛ no akyi.—Yohane 16:11; 1 Yohane 5:19.
Onipa sintɔ ne Satan nkɛntɛnso de amanehunu pii aba mfe mpempem pii. Na biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ nkɛntɛnso a wɔwɔ wɔ adesamma so no mu regow. So bɔne bɛkɔ so atra hɔ daa? Anaasɛ awiei koraa no papa tumi ahorow no beyi bɔne afi hɔ?
[Ase hɔ asɛm]
a Nansa yi, nhwehwɛmufo ahu abusuabɔ bi wɔ basabasayɛ a woyi no pefee wɔ Television so ne mmofra nsɛmmɔnedi ntam. Mmeae a nsɛmmɔnedi wɔ kɛse ne mmusua a wɔn ntam atetew nso ka ho na ɛma obi nya subammɔne ahorow. Mmusua mu mpaapaemu ho nnaadaasɛm a wɔkae daa wɔ Nasi Germany no maa nnipa susuwii sɛ ayayade ahorow a wɔde yɛ Yudafo ne Slavfo no fata—na wɔkamfo mpo.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]
Cover: U.S. Army photo
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
U.S. Army photo