Ahobrɛase Ma Nyankopɔn—Dɛn Ntia Na Henanom Na Wɔyɛ Saa?
“[Yehowa], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—YEREMIA 10:23.
1. Ahofadi a egu ahorow bɛn na nnipa pii abu no sɛ ɛsom bo?
NKRATAA a nnipa ayɛ mu nea wonim no yiye sen biara no mu biako ne Ahofadi Mpaemuka, a Britania atubraman 13 a ɛwɔ Amerika Kusuu Fam no nam so dee wɔn ho fii ɔman a wofim a ɛne Britania ho wɔ afeha 18 mu no. Ná wɔpɛ ahofadi, na na wɔn ho a wɔbɛde afi amannɔne tumidi ase no ne ahofadi wɔ abusuabɔ. Amammui ne sikasɛm mu ahofadi betumi ayɛ nea ɛso wɔ mfaso kɛse. Nnansa yi ara Europa Apuei Fam aman bi anya amammui fam ahofadi. Nanso, ɛsɛ sɛ wogye tom sɛ ahofadi a ɛte sɛɛ yi de nsɛnnennen pii a anibere wom aba aman yi mu.
2, 3. (a) Ahofadi bɛn na ɛnyɛ papa? (b) Ɔkwan bɛn so na wodii kan daa nokwasɛm yi adi?
2 Ɛmfa ho sɛnea ahofadi ahorow ahorow yɛ akɔnnɔ fa no, ahofadi bi wɔ hɔ a ɛnyɛ papa. Ɛne dɛn? Ahofadi a wonya fi onipa Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn ho. Ɛno nyɛ nhyira na mmom nnome. Dɛn ntia? Efisɛ wɔammɔ onipa sɛ ɔnkwati ne Bɔfo no nyɛ ade, sɛnea odiyifo Yeremia nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ kyerɛ no yiye no. Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, wɔbɔɔ onipa sɛ ɔmmrɛ ne ho ase nhyɛ ne Bɔfo no ase. Yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ama yɛn Bɔfo no kyerɛ osetie a yɛbɛyɛ ama no.
3 Yehowa daa nokwasɛm yi adi pefee kyerɛɛ nnipa baanu a wodi kan no denam ne mmara a ɔde maa wɔn sɛnea wɔakyerɛw wɔ Genesis 2:16, 17 no: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne hu dua no de, nni efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” Ahobrɛase a Adam anyɛ amma ne Bɔfo no de bɔne, amanehunu, ne owu baa ɔne n’asefo nyinaa so.—Genesis 3:19; Romafo 5:12.
4, 5. (a) Dɛn na afi pow a adesamma pow sɛ wobɛbrɛ wɔn ho ase ama Onyankopɔn no mu aba? (b) Abrabɔ ho mmara bɛn na wontumi nkwati?
4 Pow a adesamma pow sɛ wobɛbrɛ wɔn ho ase ama Nyankopɔn no yɛ nea nyansa nnim na ɛnteɛ wɔ abrabɔ fam. Nea afi mu aba wɔ wiase ne amumɔyɛ a abu so, nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, ne nna mu ɔbrasɛe ne nyarewa a wonya fi nna mu a ɛde ba no. Bio nso, so ɛnyɛ pow a mmofra pow sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama Yehowa ne wɔn awofo, ne ɔman mmara ahorow no na ɛde mmofra nsɛmmɔnedi a adɔɔso no aba? Ahofadi honhom yi da adi wɔ sɛnea nnipa pii siesie wɔn ho bɛsaa ne kasa fĩ a wɔka no mu.
5 Nanso yerentumi nkwati Ɔbɔadeɛ no abrabɔ ho mmara a ɛnsakra no: “Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa. Nea ogu gu ne honam so no fi honam mu betwa porɔwee, na nea ogu gu honhom so no fi honhom mu betwa daa nkwa.”—Galatifo 6:7, 8.
6, 7. Dɛn na ɛde pow a wɔpow sɛ wɔbɛyɛ ahobrɛase no bae, sɛnea nhwɛso ahorow bɛn ma yehu no?
6 Dɛn na ɛde pow a wɔpow sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase yi nyinaa aba? Ne tiaatwa mu no, ɛyɛ pɛsɛmenkominya ne ahantan. Ɛno nti na ɔbea a odi kan, Hawa, maa ɔwɔ no daadaa no ma odii aduaba a wɔbara ne di no. Sɛ ná ɔwɔ odwo ne ahobrɛase a, anka yɛ a ɔbɛyɛ sɛ Onyankopɔn—asi papa ne bɔne ho gyinae ama n’ankasa ho —renyɛ no akɔnnɔ. Na sɛ na ɔnnyɛ pɛsɛmenkominya a, anka ne kɔn rennɔ ade a ne Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn abara.—Genesis 2:16, 17.
7 Adam ne Hawa asehwe akyi bere tiaa bi no, ahantan ne pɛsɛmenkominya maa Kain kum ne nua Habel. Afei nso, pɛsɛmenkominya maa abɔfo binom tew wɔn ho, gyaw wɔn kan dibea no na wɔdan wɔn ho nnipa sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya akɔnnɔ ahorow mu anigye. Ahantan ne pɛsɛmenkominya na ɛkanyan Nimrod, na ada adi wɔ wiase sodifo dodow no ara ho fi ne bere so.—Genesis 3:6, 7; 4:6-8; 1 Yohane 3:12; Yuda 6.
Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛbrɛ Yɛn Ho Ase ma Nyankopɔn
8-11. Ntease a tumi wom anan bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Nyankopɔn?
8 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma yɛn Bɔfo, Yehowa Nyanklpɔn? Nea edi kan no, efisɛ ɔno ne Amansan Sodifo no. Ɔkwan a ɛfata so no, tumi nyinaa wɔ no. Ɔne yɛn Temmufo, Mmarahyɛfo, ne Ɔhene. (Yesaia 33:22) Wɔakyerɛw ne ho asɛm yiye sɛ: “Ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.”—Hebrews 4:13.
9 Afei nso, esiane sɛ yɛn Bɔfo no yɛ ade nyinaa so tumfoɔ nti, obiara rentumi nsɔre ntia no nni nkonim; obiara rentumi mmu n’ani ngu asɛyɛde a ɔwɔ sɛ ɔbrɛ ne ho ase ma no no so. Ɛrenkyɛ, wobɛsɛe wɔn a wɔpow sɛ wɔbɛyɛ saa no sɛnea ɛbaa tete Farao so ne sɛnea ɛbɛba Satan Ɔbonsam so wɔ bere a Nyankopɔn ahyɛ ato hɔ mu no.—Dwom 136:1, 11-15; Adiyisɛm 11:17; 20:10, 14.
10 Ahobrɛase yɛ abɔde a wɔwɔ nyansa nyinaa asɛyɛde efisɛ som a wɔbɛsom wɔn Bɔfo nti na wɔwɔ hɔ. Adiyisɛm 4:11 se: “[Yehowa], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.” Ɔne Ɔnwemfo Kɛse no, na ɔyɛ nnipa annwene na wɔadi n’atirimpɔw ho dwuma.—Yesaia 29:16; 64:8.
11 Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nokwasɛm a ɛne sɛ yɛn Bɔfo no nim ade nyinaa, enti onim nea eye ma yɛn koraa. (Romafo 11:33) Ne mmara ‘bɛyɛ yɛn yiye.’ (Deuteronomium 10:12,13) Nea ɛsen biara no, “Onyankopɔn ne dɔ,” enti nea ɛkyɛn so nkutoo na ɔpɛ sɛ yenya. Hwɛ sɛnea yɛwɔ ntease pii a enti ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn!—1 Yohane 4:8.
Yesu Kristo, Ahobrɛase ma Nyankopɔn ho nhwɛso a Ɛyɛ Pɛ
12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu daa ahobrɛase ma Nyankopɔn adi? (b) Yesu nsɛm bɛn na ɛkyerɛ ahobrɛase su a ɔwɔ?
12 Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo, ma yɛn ahobrɛase ma Nyankopɔn ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ. Ɔsomafo Paulo da eyi adi wɔ Filipifo 2:6-8: “[Yesu] na ɔwɔ Onyankopɔn tebeam de, nanso wammu no mfasode sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ, na mmom oyii ne mu guu hɔ faa akoa tebea too ne ho so dan nnipa sɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’ade fae no, wohuu no sɛ onipa, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po.” Yesu wɔ asase so no, ɔkaa no mpɛn pii sɛ ɔmmɔ ne tirim nyɛ biribiara; ɔnkwati Nyankopɔn nyɛ biribiara, na mmom ɔbrɛɛ ne ho ase maa ne soro Agya no bere nyinaa.
13 Yɛkenkan wɔ Yohane 5:19, 30 sɛ: “Yesu bua see wɔn sɛ: Nokware, nokware, mise mo sɛ, ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu agya no sɛ ɔyɛ; efisɛ biribiara a ɔno yɛ no, ɛno ara na ɔba no nso yɛ. Me de, mintumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛnea mete no na mibu atɛn, na m’atemmu no yɛ trenee. Na menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.” Saara na ɔbɔɔ mpae mpɛn pii anadwo a woyii no mae no sɛ: “Ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na sɛnea wopɛ.”—Mateo 26:39, 42, 44; hwɛ Yohane 7:28; 8:28, 42 nso.
Ahobrɛase Ma Nyankopɔn ho Tete Nhwɛso Ahorow
14. Akwan bɛn so na Noa daa ahobrɛase ma Nyankopɔn adi?
14 Noa ka nnipa a wɔyɛɛ ahobrɛase ma Nyankopɔn ho nhwɛso wɔ tete no ho. Ɔdaa n’ahobrɛase adi wɔ akwan abiɛsa so. Nea edi kan, denam ɔtreneeni a ne ho nni asɛm wɔ ne bere sofo mu a ɔyɛe, na ɔne nokware Nyankopɔn no nantewee so. (Genesis 6:9) Nea etia abien, denam adaka no a ɔyɛe so. Ɔyɛɛ “sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.” (Genesis 6:22) Nea ɛto so abiesa, denam Nsuyiri a ɛreba no ho kɔkɔbɔ a ɔde mae sɛ “trenee kafo” no so.—2 Petro 2:5.
15, 16. (a) Ahobrɛase ma Nyankopɔn ho nhwɛso fɛfɛ bɛn na Abraham yɛe? (b) Ɔkwan bɛn so na Sara daa ahobrɛase adi?
15 Ná Abraham yɛ ahobrɛase ma Nyankopɔn ho nhwɛso a ɛda nsow foforo. Ɔdaa ahobrɛase adi denam osetie a ɔyɛ maa Onyankopɔn ahyɛde yi: “Fi w’asase so.” (Genesis 12:1) Ná ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ofi Ur a ahotɔ wɔ hɔ no (na ɛnyɛ kurow ketewa bi, sɛnea nea wɔatutu fam ahu da no adi no) na ɔkɔnantenantew ananafo asase so sɛ otutrafo mfe ɔha. Abraham daa ahobrɛase ma Nyankopɔn adi titiriw denam ɔpɛ a onyae sɛ ɔde ne ba Isak bɛbɔ afɔre no ho sɔhwɛ kɛse a odii so no so.—Genesis 2:1-12.
16 Abraham yere Sara nso ma yɛn ahobrɛase ma Nyankopɔn ho nhwɛso foforo fɛfɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ na ananafo asase so atutradi de ahokyere pii bɛba, nanso yɛnkenkan wɔ baabiara sɛ onwiinwii. Ɔyɛɛ ahobrɛase ma Nyankopɔn ho nhwɛso fɛfɛ wɔ mpɛn abien a Abraham de no kyerɛɛ sodifo abosonsomfo sɛ ne nuabea no mu. Ɔpenee so yɛɛ saa mpɛn abien no nyinaa mu, ɛwom sɛ ɛkaa ketewaa ma anka wɔde no aka sodifo no yerenom ho de. Nea edii n’ahobrɛase ma Nyankopɔn ho adanse ne sɛnea ɔfrɛɛ ne kunu Abraham wɔ ne komam sɛ “me wura,” de kyerɛe sɛ na ɛno ne sɛnea ɔte nka wɔ ne komam ampa no. —Genesis 12:11-20; 18:12; 20:2-18; 1 Petro 3:6.
17. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Isak daa ahobrɛase ma Nyankopɔn adi?
17 Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu ahobrɛase ma Nyankopɔn ho nhwɛso a Abraham ba Isak de mae no so. Yudafo atetesɛm kyerɛ sɛ na Isak adi bɛyɛ mfe 25 bere a Yehowa hyɛɛ n’agya Abraham sɛ ɔmfa no mmɔ afɔre no. Sɛ ná Isak pɛ a, anka obetumi ako atia n’agya a ɔsen no panyin mfe ɔha no. Nanso wanyɛ saa. Ɛwom sɛ Isak susuw sɛnea wonni aboa a wɔde no bɛbɔ afɔre no ho de, nanso ofi ahobrɛase mu penee so ma n’agya de no too afɔremuka no so na afei ɔkyekyeree ne nsa ne ne nan na ama wakwati ɔpere biara a sɛ wɔde sekan no wɔɔ no a anka ɔbɛpere a ɔmmoapa no.—Genesis 22:7-9.
18. Ɔkwan bɛn so na Mose daa ahobrɛase ma Nyankopɔn ho nhwɛso pa adi?
18 Mfe pii akyi no, Mose yɛɛ ahobrɛase ma Nyankopɔn ho nhwɛso pa maa yɛn. Eyi da adi yiye wɔ sɛnea wɔkaa ne ho asɛm sɛ “odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa” no mu. (Numeri 12:3) Sɛnea ɔyɛɛ osetie dii Yehowa ahyɛde ahorow so mfirihyia 40 wɔ sare so, ɛmfa ho sɛ na ɔhwɛ nnipa atuatewfo a wɔn dodow bɛyɛ ɔpepem abien anaa abiɛsa so no, nso di adanse sɛ na ɔwɔ ahobrɛase ma Nyankopɔn. Enti kyerɛwtohɔ no se “Mose yɛe sɛnea [Yehowa] hyɛɛ no no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.”—Exodus 40:16.
19. Hiob nsɛm bɛn a ɔkae na ɛdaa n’ahobrɛase ma Yehowa no adi?
19 Hiob yɛ onipa a ɔda nsow foforo a ɔyɛɛ ahobrɛase ma Nyankopɔn ho nhwɛso a eye kyɛn so. Yehowa maa Satan kwan ma ɔtɔree Hiob ahode nyinaa ase, okum ne mma, na afei ɔmaa ‘akuru bɔne totow Hiob fi ne nan ase kosi ne mpampam’ akyi no, Hiob yere ka kyerɛɛ no sɛ: “Woda so kura wo mudi no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!” Nanso Hiob daa n’ahobrɛase ma Nyankopɔn adi denam ka a ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ mmea nnyennyentwi no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Onyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa?” (Hiob 2: 7-10) Ne nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Hiob 13:15 no da adwene a ɛte saa ara adi: “Sɛ ɔrekum me mpo a, mehwɛ ɔno ara.” Ɛwom sɛ nokwarem no, Hiob ankasa bemdi ho hiaa no kɛse de, nanso ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so sɛ awiei koraa no, Yehowa ka kyerɛɛ wɔn a na wose wɔrebɛkyekye ne werɛ no mu biako sɛ: “Me bo afuw wo ne wo mfɛfo baanu no, efisɛ moanka me ho asɛm a ɛteɛ sɛ m’akoa Hiob.” Akyinnye biara nni ho sɛ Hiob yɛ ahobrɛase ma Nyankopɔn ho nhwɛso ma yɛn.—Hiob 42:7.
20. Akwan bɛn so na Dawid yɛɛ ahobrɛase ma Nyankopɔn ho nhwɛso?
20 Sɛ yɛbɛka Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhwɛso biako ho asɛm aka ho a, ɛne Dawid. Bere a Ɔhene Saul taa Dawid sɛ nea ɔyɛ aboa bi no, Dawid nyaa hokwan mpɛn abien a ɔde bekum Saul na ama ne haw ahorow to atwa. Nanso Dawid ahobrɛase ma Nyankopɔn ma ɔkwatii sɛ ɔbɛyɛ saa. Wɔakyerɛw ne nsɛm a ɔkae no wɔ 1 Samuel 24:6: “[Yehowa] mma ɛmpare me sɛ mɛyɛ me wura a [Yehowa] asra no no ade a ɛte sɛɛ, sɛ meteɛ me nsa maka no, efisɛ nea [Yehowa] asra no ne no.” (Hwɛ 1 Samuel 26:9-11 nso) Saara nso na ɔdaa ahobrɛase ma Nyankopɔn adi denam animka a ogye toom bere a ɔyɛɛ mfomso anaa bɔne no.—2 Samuel 12:13; 24:17; 1 Beresosɛm 15:13.
Paulo Ahobrɛase ho Nhwɛso
21-23. Mmere horow bɛn mu na ɔsomafo Paulo daa ahobrɛase ma Nyankopɔn adi?
21 Ɔsomfo Paulo yɛ ahobrɛase ma Nyankopɔn ho nhwɛso a ɛda nsow wɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu ma yɛn. Osuasuaa ne Wura Yesu Kristo wɔ eyi yɛ mu sɛnea ɔyɛe wɔ ne som adwuma no afã horow nyinaa mu no. (1 Korintofo 11:1) Ɛwom sɛ Yehowa de Paulo yɛɛ ahoɔden nnwuma kɛse sen asomafo afoforo no mu biara de, nanso wankwati afoforo anyɛ biribi da. Luka ka kyerɛ yɛn sɛ bere a ɔsɛmpɔw no sɔree sɛ ehia sɛ wotwa Amanaman mufo a wɔadan agyidifo no twetia anaa dabi no, “[Antiokia anuanom no] hyɛe sɛ asɛm no nti Paulo ne Barnaba ne wɔn mu binom nso nkɔ asomafo ne mpanyimfo no nkyɛn Yerusalem.”—Asomafo no Nnwuma 15:2.
22 Ɛdefa Paulo asɛmpatrɛw dwumadi ho no, yɛkenkan wɔ Galatifo 2:9 sɛ: “Na wohuu ɔdom a wɔde ama me no, Yakobo ne Kefa ne Yohane a wobu wɔn sɛ adum no teɛɛ ayɔnkofa nsa nifa momaa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufo mu, na wɔn de, wɔnka no twetiafo mu. Paulo hwehwɛɛ akwankyerɛ sen sɛ ɔbɛkwati afoforo ayɛ ade.
23 Saara na bere a ɛtwa to a Paulo kɔɔ Yerusalem no, otiee afotu a ɛhɔ mpanyimfo no de mae sɛ ɔnkɔ asɔrefi hɔ nkɔyɛ nea Mmara no hwehwɛ no na obiara ahu sɛ ɔnyɛ ɔwaefo wɔ Mose mmara no fam no. Esiane sɛ ɛte sɛ nea saa a ɔyɛe no maa nnipakuw tow hyɛɛ no so nti, so na ne ho ase a ɔbrɛ maa saa mpanyimfo no yɛ mfomso a odii? Dabida, sɛnea ɛda adi wɔ nea yɛkenkan wɔ Asomafo no Nnwuma 23:11 no: “Na anadwo no, Awurade begyinaa ne nkyɛn kae sɛ: Ma wo bo nyɛ duru; na sɛnea woadi me ho adanse Yerusalem ha yi, saa nso na ɛsɛ sɛ wukodi adanse Roma.”
24. Ahobrɛase ho nsɛm afoforo bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
24 Nokwarem no Kyerɛwnsɛm no ma yɛn ntease a tumi wom a enti ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase, ne wɔn a wɔdaa ahobrɛase a ɛte saa adi ho nhwɛso ahorow a ɛda nsow. Yebesusuw mmeae a yebetumi abrɛ yɛn ho ase ama Yehowa Nyankopɔn, nneɛma a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa, ne akatua ahorow a ebefi mu ba no ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
Wubebua Dɛn?
◻ Ahofadi bɛn na ɛnyɛ papa?
◻ Dɛn na ɛma nnipa pow sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase?
◻ Ntease ahorow bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Nyankopɔn?
◻ Ahobrɛase ma Nyankopɔn ho nhwɛso fɛfɛ bɛn na ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu?
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Nimrod, nsuyiri no akyi sodifo a odi kan a ɔsɔre tiaa ahobrɛase ma Nyankopɔn
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Noa, ahobrɛase mo Nyankopɔn ho nhwɛso a edi mu.—Genesis 6:14, 22