Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 2/15 kr. 17-22
  • Nipasu Foforo a Wubenya Wɔ Aware Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nipasu Foforo a Wubenya Wɔ Aware Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aware mu Ɔhaw Ahorow Ano a Wobegyina
  • Hyɛ Tumi no mu Den
  • Abrabɔ ho Nhwɛso Horow a Ɛbɔ Abira
  • Hyɛ Aware Abusuabɔ no mu Den
  • Aware Betumi Agyina Wɔ Nnɛ Wiase Yi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Momma Mo Aware Nkɔ So Nyɛ “Hama A Ɛbɔ Ho Abiɛsa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Ma W’aware Nyɛ Abusuabɔ a Ɛtra hɔ Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ma Onyankopɔn Ntra Wo Aware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 2/15 kr. 17-22

Nipasu Foforo a Wubenya Wɔ Aware Mu

“Ɛsɛ sɛ wɔyɛ mo foforo tumi a ɛyɛ mo adwene so adwuma no mu, na moahyɛ nipasu foforo.”​—EFESOFO 4:23, 24, New World Translation.

1. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wobu aware adewa?

AWARE yɛ nneɛma a anibere wom sen biara a obi yɛ wɔ asetra mu no mu biako, enti ɛnsɛ sɛ wobu no adewa da. Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ ɛhwehwɛ sɛ obi hyɛ obi foforo bɔ sɛ ɔne no bɛtra ne nkwa nna nyinaa mu. Ɛkyerɛ sɛ ɔne saa onii no bɛyɛ nneɛma abom n’asetra nyinaa. Sɛ saa bɔhyɛ no bɛyɛ papa a, atɛmpa a ɛda ahokokwaw adi ho hia. Ɛhwehwɛ nkɛntɛnso pa a ‘ɛyɛ adwene no so adwuma ma enti ɛma nipasu foforo no nyin.’​—Efesofo 4: 23, 24; fa toto Genesis 24:10-58; Mateo 19: 5, 6 ho.

2, 3. (a) Dɛn na ehia na obi apaw aware mu ɔhokafo nyansam? (b) Dɛn na ɛwɔ ɛware mu?

2 Ntease pa wɔ hɔ nti a ɛnsɛ sɛ obi pere ne ho ware, a wama honam akɔnnɔ a ano yɛ den anya ne so nkɛntɛnso ntɛmntɛm. Bere ho hia na wanya mpanyimfo nipasu ne suban. Egye bere nso na wanya osuahu ne nimdeɛ a obetumi agyina so abu atɛmpa. Ɛno ɛnsa na obetumi apaw asetra mu ɔhokafo a ɔfata no ma ayɛ yiye. Spaniafo abebusɛm bi ka pefee sɛ: “Eye sɛ wubedi sigya mmom sen sɛ wobɛware aware bɔne.”​—Mmebusɛm 21:9; Ɔsɛnkafo 5:2.

3 Ɛda adi sɛ ɔhokafo a ɔfata a wɔpaw no ho hia na aware bi ayɛ yiye. Ɛdefa ɛno ho no, ɛsɛ sɛ Kristoni de Bible akwankyerɛ ahorow di dwuma, na ɛnsɛ sɛ ɔma ahoɔfɛ ne nkate a ɛmfata ne aware ho akɔnnɔ kɛkɛ kyerɛ no kwan. Aware nyɛ nnipa baanu a wɔka bom ara kwa. Ɛyɛ nipasu abien, mmusua ne ntetee ahorow abien, amammerɛ ne kasa abien a wɔka bom. Ɛda adi sɛ nnipa baanu a wɔka bom wɔ aware mu no hwehwɛ sɛ wɔde trɛkrɛma no di dwuma wɔ ɔkwan pa so; yɛde ɔkasa tumi brɛ afoforo ase anaa yɛde hyɛ wɔn den. Yehu nyansa a ɛwɔ Paulo afotu a ɛse ‘yɛnware wɔ Awurade mu nko,’ kyerɛ sɛ yɛnware ɔyɔnko gyidini no fi eyi nyinaa nso mu.​—1 Korintofo 7:39; Genesis 24:1-4; Mmebusɛm 12:18; 16:24.

Aware mu Ɔhaw Ahorow Ano a Wobegyina

4. Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a, akasakasa ne abufuw ba aware mu no?

4 Sɛ ɛwɔ nhyɛase pa mpo a, ɛtɔ mmere bi a akasakasa, nhyɛso ne abufuw ba. Eyi yɛ ade a ɛto onipa biara, sɛ waware anaa ɔnwaree no. Sikasɛm ne akwahosan ho nsɛnnennen betumi ama ɔhaw aba abusuabɔ biara mu. Su a ɛsakra betumi de ntawntawdi aba aware a eye sen biara mu. Ade foforo ne sɛ obiara nni hɔ a otumi kora tɛkrɛma korakora, sɛnea Yakobo kae no: “Efisɛ yɛn nyinaa fom nnɛema pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nyinaa nnareka adi so. . . . Saa ara na tɛkrɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ketewa, nanso ɛhoahoa ne ho ade kɛse ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwae kɛse a ebetumi asɔ!”​—Yakobo 3:2, 5.

5, 6. (a) Sɛ ntawntawdi ba a, dɛn na ehia? (b) Dɛn na ebia ebehia sɛ woyɛ de siesie abusuabɔ a asɛe?

5 Sɛ nsɛnneennen ba aware mu a, yɛbɛyɛ dɛn atumi adi tebea no ho dwuma? Yɛbɛyɛ dɛn atumi asiw adwene a enhyia ano na annan ntɔkwaw, na ntɔkwaw no annan anyɛ abusuabɔ a asɛe? Ɛha na tumi a ɛyɛ adwene no so adwuma ba asɛm no mu. Saa honhom a ekanyan nnipa yi betumi ayɛ nea eye anaa nea enye, nea ema denhyɛ na edwen honhom fam nneɛma ho, anaa nea ɛbrɛ obi ase na honam fam nneɛma ho adwennwene na ɛwɔ so tumi. Sɛ ɛma denhyɛ a, onii no bɛyɛ biribi de asiesie ntawntawdi no, na wama n’aware akɔ so ayɛ papa. Ɛnsɛ sɛ akyinnyegye ne akasakasa gu aware bi. Wobetumi ama abufuw no agyae na wɔde Bible mu afotu adi dwuma ma wɔasan anya obu ne ntease ama wɔn ho.​—Romafo 14:19; Efesofo 4:23, 26, 27.

6 Paulo nsɛm yi fata yiye wɔ tebea horow yi mu: “Enti sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn apaw mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre. Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no. Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu.”​—Kolosefo 3:12-14.

7. Ɔhaw bɛn na ebia ɛbinom wɔ wɔ wɔn aware mu?

7 Ɛnyɛ den sɛ wɔbɛkenken saa kyerɛwsɛm no, nanso wɔ nnɛyi asetra a nhyɛso wom yi mu no, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wɔde bedi dwuma. Dɛn na ebetumi ayɛ ɔhaw titiriw? Ɛtɔ mmere bi a, Kristoni betumi de gyinapɛn ahorow abien adi dwuma a onhu. Wɔ Ahenni Asa so no ɔwɔ anuanom ntam, na ɔdan ɔyamyefo ne obi a odwen afoforo ho. Afei bere a wakɔ fie, wɔ nneɛma a wɔyɛ wɔ fie mu no, ebia ne werɛ befi ne honhom fam abusuabɔ no. Okunu ne ɔyere, “ɔbarima” ne “ɔbea” kɛkɛ na wɔwɔ hɔ. Na sɛ ɔhaw a, ebia ɔbɛka nsɛm a ɛnkyerɛ ayamye a ɔnka da wɔ Ahenni Asa so. Dɛn na aba? Ne Kristofo nipasu no atu ayera wɔ bere tiaa bi mu. Onyankopɔn akoa bi werɛ afi sɛ ɔda so ara yɛ Kristoni wɔ fie. Tumi a ɛyɛ n’adwene so adwuma no adan ayɛ nea enye na ɛnyɛ nea eye.​—Yakobo 1:22-25.

8. Sɛ tumi a ɛyɛ adwene no so adwuma nye a, dɛn na ebetumi aba?

8 Dɛn na efi mu ba? Ebia okunu no ne ‘ne yere no rentra nimdeɛ mu, nni no ni sɛ ade a ne ho nyɛ den.’ Ebia ɔyere no renkyerɛ obu mma ne kunu bio, wayera ne “honhom a edwo na ɛyɛ komm” no. Tumi a ɛyɛ adwene no so adwuma abɛyɛ honam fam de na ɛnyɛ honhom fam de. ‘Ɔhonam adwene’ asi n’ananmu. Enti, dɛn na yebetumi ayɛ na ama tumi a ɛkanyan yɛn no ayɛ nea eye? Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho den wɔ honhom fam.​—1 Petro 3:1-4, 7; Kolosefo 2:18.

Hyɛ Tumi no mu Den

9. Nneɛma bɛn, na ɛsɛ sɛ yɛpaw wɔ da biara da asetra mu?

9 Tumi a ɛkanyan yɛn no ne adwenem nsusuwii a yɛde di dwuma bere a ɛsɛ sɛ yesi gyinae ahorow na yɛpaw nneɛma no. Asetra ma yenya hokwan ahorow pii​—nea eye ne nea enye, pɛsɛmenkominya anaa nea pɛsɛmenkominya nnim, abrabɔ pa anaa abrabɔ bɔne. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasi gyinae ahorow a ɛteɛ? Ɛne tumi a ɛyɛ adwene no so adwuma no, sɛ yɛdwen Yehowa apɛdeyɛ ho a. Odwontofo no bɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa], kyerɛ me w’ahyɛde kwan, na mafa so makosi ase.”​—Dwom 119:33; Hesekiel 18:31; Romafo 12:2.

10. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyɛ tumi a ɛyɛ adwene no so adwuma no mu den wɔ ɔkwan pa so?

10 Yɛne Yehowa ntam abusuabɔ a emu yɛ den bɛboa yɛn ma yɛasɔ n’ani na yɛatwe yɛn ho afi bɔne, a nokware a wonni wɔ aware mu ka ho ho. Wɔhyɛɛ Israelfo nkuran sɛ ‘wɔnyɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa wɔn Nyankopɔn ani so.’ Nanso Onyankopɔn de afotu nso mae se: “Mo a modɔ [Yehowa], munkyi bɔne.” Esiane Mmara Nsɛm Du no mu nea ɛto so ason a ese: “Nsɛe aware” no nti, na ɛsɛ sɛ Israelfo kyi awaresɛe. Saa mmara no daa Onyankopɔn adwene a ɛnsakra wɔ aware mu nokwaredi ho adi.​—Deuteronomium 12:28; Dwom 97:10; Exodus 20:14; Leviticus 20:10.

11. Dɛn bio na yebetumi ayɛ de ahyɛ tumi a ɛyɛ yɛn adwene no so adwuma no mu den?

11 Dɛn bio na yebetumi ayɛ de ahyɛ tumi a ɛyɛ yɛn adwene no so adwuma no mu den? Yɛnam honhom fam dwumadi ne gyinapɛn ahorow so bɛyɛ saa. Ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yedi ahiade a ɛne sɛ yebesua Onyankopɔn Asɛm no daa ho dwuma, na yesua sɛ yɛbɛkyerɛ Yehowa nsusuwii ne afotu a yɛbɛbom abɔ ho nkɔmmɔ ho anigye. Ɛsɛ sɛ yɛn komam nkate yɛ te sɛ odwontofo no de no: “Mede me koma nyinaa midi w’akyi, mma mimmfi wo mmara nsɛm ho minnkyini. Mede wo nsɛm makora me komam, na manyɛ wo bɔne bi. [Yehowa], kyerɛ me w’ahyɛde kwan, na mafa so makosi ase. Ma minhu mu, na madi wo mmara so, na mede me koma nyinaa medi so.”​—Dwom 119:10, 11, 33, 34.

12. Nneɛma bɛn na ebetumi ama yɛayɛ biako wɔ Kristo adwene a yɛbɛda no adi no mu?

12 Ɛnyɛ Bible no sua so nkutoo na yɛfa kyerɛ Yehowa trenee nnyinasosɛm ahorow ho anisɔ, na mmom yɛnam Kristofo nhyiam horow a yɛde yɛn ho hyem daa ne Kristofo som adwuma a yɛbom yɛ no nso so. Saa nkɛntɛnso abien a ano yɛ den yi betumi ahyɛ tumi a ɛyɛ yɛn adwene so adwuma no mu den na ama yɛn asetra kwan a pɛsɛmenkominya nnim no ada Kristo adwene adi.​—Romafo 15:5; 1 Korintofo 2:16.

13. (a) Dɛn nti na mpaebɔ yɛ ade a ɛsom bo wɔ tumi a ɛyɛ adwene no so adwuma a yɛbɛhyɛ no den no mu? (b) Nhwɛso bɛn na Yesu yɛe wɔ eyi mu?

13 Ade foforo ne nea Paulo si so dua wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Efesofo no mu no: “Na momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu.” (Efesofo 6:18) Ɛsɛ sɛ okununom ne ɔyerenom bom bɔ mpae. Saa mpaebɔ no taa bue koma no mu, na ɛma wɔbɔ nkɔmmɔ a wɔda nsɛm adi pefee wom a esiesie abusuabɔ biara a asɛe. Wɔ sɔhwɛ mmere mu no, ɛsɛ sɛ yɛdan kɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ mpaebɔ mu, yebisa ne mmoa, ne honhom fam ahoɔden a yɛde bɛyɛ nea ɛne Kristo adwene hyia. Yesu a ɔyɛ pɛ mpo no dan kɔɔ n’Agya nkyɛn wɔ mpaebɔ mu mpɛn pii, na obisaa ahoɔden. Ná ne mpaebɔ fi komam na na emu yɛ den. Saa ara na nnɛ, wɔ sɔhwɛ mmere mu no, yebetumi anya ahoɔden de asi gyinae a ɛteɛ no denam Yehowa a yɛbɛbɔ no mpae ma waboa yɛn ma yɛako atia akɔnnɔ biara a ɛbɛma yɛayɛ nea ɔhonam no pɛ na yɛabu yɛn aware mu ntam so no.​—Dwom 119:101, 102.

Abrabɔ ho Nhwɛso Horow a Ɛbɔ Abira

14, 15. (a) Yosef yɛɛ n’ade dɛn wɔ sɔhwɛ mu? (b) Dɛn na ɛboaa Yosef ma ɔko tiaa sɔhwɛ?

14 Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina sɔhwɛ ano? Ɛdefa eyi ho no, yɛwɔ nsonsonoe a ɛda adi pefee wɔ akwan a Yosef ne Dawid faa so no mu. Bere a Potifar yere kɔɔ so bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa ɔhoɔfɛfo Yosef a ɛda adi sɛ na ɔyɛ ɔhokwafo saa bere no, awiei koraa no obuaa no kae sɛ: “Obiara nyɛ kɛse nsen me ofie ha, na [wo kunu] nkame me biribiara gye wo, sɛ ne yere ne wo ntia. Na ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?”​—Genesis 39:6-9.

15 Dɛn na ɛboaa Yosef ma ɔyɛɛ nea ɛteɛ bere a anka ɛbɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ ɔbɛyɛ bɔne no? Ná ɔwɔ tumi a ano yɛ den a ɛyɛ n’adwene so adwuma. Ná onim abusuabɔ a ɔne Yehowa wɔ no yiye. Na onim sɛ aguaman a ɔne ɔbea yi a akɔnnɔ adonnɔn no bɛbɔ no bɛyɛ bɔne a ɛnyɛ ne kunu nkutoo na etia no, na mmom ne titiriw no, etia Onyankopɔn.​—Genesis 39:12.

16. Dawid yɛɛ n’ade dɛn wɔ sɔhwɛ mu?

16 Nea ɛne eyi bɔ abira no, dɛn na ɛtoo Dawid? Na ɔyɛ ɔwarefo, a ɔwɔ yerenom pii sɛnea Mmara no ma kwan. Da bi anwummere ofi n’ahemfie huu ɔbea bi a ɔreguare. Na ɔyɛ ɔhoɔfɛfo Bat-Seba, Uria yere. Ɛda adi pefee sɛ ná ɛsɛ sɛ Dawid paw nea ɔbɛyɛ​—sɛ ɔbɛkɔ so ahwɛ bere a nna ho akɔnnɔ ba ne komam anaa ɔbɛdan ne ho na wapow sɔhwɛ no. Dɛn na ɔpawee sɛ ɔbɛyɛ? Ɔma wɔkɔfaa ɔbea no baa n’ahemfie, na ɔne no sɛee aware. Nea ennye koraa mpo no, ɔma wokum ne kunu.​—2 Samuel 11:2-4, 12-27.

17. Dɛn na yebetumi ahu wɔ Dawid honhom fam tebea ho?

17 Ná dɛn na ɛhaw Dawid? Yebetumi anya nokwasɛm bi afi n’ahonu mpaemuka a ɛwɔ Dwom 51 a ɔyɛɛ akyiri no mu. Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.” Ɛda adi sɛ bere a sɔhwɛ no too no mu no, na onni koma a emu tew ne honhom a ase atim. Ebia na wabu n’ani agu Yehowa Mmara a ɔbɛkenkan so, ma enti, wayɛ mmerɛw wɔ honhom mu. Anaa ebia ɔmaa ne dibea ne ne tumi sɛ ɔhene sɛee ne nsusuwii, ma enti onyaa akɔnnɔ bɔne. Ɛda di sɛ na tumi a na ɛyɛ n’adwene so adwuma saa bere no yɛ pɛsɛmenkominya ne bɔne de. Enti, obehui sɛ ohia “honhom foforo a ase tim.”​—Psalm 51:10; Deuteronomium 17:18-20.

18. Afotu bɛn na Yesu de mae wɔ awaresɛe ho?

18 Kristofo aware ahorow bi asɛe efisɛ ahokafo no mu biako anaa wɔn baanu nyinaa yɛɛ mmerɛw wɔ honhom mu sɛ Ɔhene Dawid ara pɛ. Ɛsɛ sɛ ne nhwɛso no bɔ yɛn kɔkɔ wɔ akɔnnɔ a yɛde bɛkɔ so ahwɛ ɔbea anaa ɔbarima foforo, efisɛ awiei koraa no, awaresɛe bɛtumi afi mu aba. Yesu daa no adi sɛ ɔte nnipa nkate horow ase wɔ eyi mu, efisɛ ɔkae sɛ: “Moate sɛ wɔkae sɛ: Nsɛe aware! Na me de, mise mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.” Wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu, na tumi a ɛyɛ adwene no so adwuma yɛ pɛsɛmenkominya ne ɔhonam de, na ɛnyɛ honhom fam de. Ɛnde, dɛn na Kristofo betumi ayɛ de akwati awaresɛe na ama wɔn aware ayɛ nea anigye ne akomatɔyam wom?​—Mateo 5:27, 28.

Hyɛ Aware Abusuabɔ no mu Den

19. Ɔkwan bɛn so na wobetumi ahyɛ aware mu den?

19 Ɔhene Salomo kyerɛwee sɛ: “Na sɛ obi toa wɔn mu biako a, baanu no ne no besi anim; na hama a ɛbɔ ho abiɛsa no rentew ntɛm so.” Ɛda adi sɛ nnipa baanu a wɔwɔ aware a biakoyɛ wom mu betumi abom agyina ɔhaw ano sen obiako. Nanso, sɛ wɔn abusuabɔ no te sɛ nhama a ɛbɔ ho abiɛsa denam Onyankopɔn a wɔama wabɛka ho no so a, aware no bɛyɛ den. Na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn betumi atra aware bi mu? Ɔtra mu denam ne nnyinasosɛm ahorow ne n’afotu wɔ aware ho a wɔde di dwuma no so.​—Ɔsɛnkafo 4:12.

20. Bible mu afotu bɛn na ebetumi aboa okunu?

20 Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ okunu de kyerɛw nsɛm a edidi so yi mu afotu di dwuma a, n’aware no benya nnyinaso pa a ɛbɛma ayɛ yiye:

“Okununom, mo ne wɔn ntra nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa dom no difo bi, na mo mpaebɔ kwan ansiw.”​—1 Petro 3:7.

“Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no. Saa ara nso na ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yɛrenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ n’ankasa ne yere no dɔ ne ho.”​—Efesofo 5:25, 28.

“Ne kunu nso, oyi no ayɛ sɛ: Mmea pii ayɛ papa, na wo de, wosen wɔn nyinaa.”​—Mmebusɛm 31:28, 29.

“NSo obi bɛfa nsramma so, na ne nan renhyew? Saa na nea ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn te, obiara a ɔka no renni bem. Nea ɔsɛe aware sɛe ne kra.”​—Mmebusɛm 6:28, 29, 32.

21. Bible mu afotu bɛn na ebetumi aboa ɔyere?

21 Sɛ ɔyere di Bible mu nnyinasosɛm ahorow a edidi so yi so a, ɛbɛboa ma n’aware atra hɔ daa:

“Saa ara na mo, ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nnim mu so anya wɔn, sɛ wɔbɛhwɛ mo abrabɔ a ɛho tew wɔ osuro mu.”​—1 Petro 3:1-4.

“Okunu mma ɔyere [nna mu]nea ɛsɛ, na ɔyere nso mma okunu saa ara. . . . Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtra hɔ kakra.”​—1 Korintofo 7:3-5.

22. (a) Nneɛma afoforo bɛn na ebetumi anya aware so nkɛntɛnso pa? (b) Yehowa bu awaregu dɛn?

22 Bible no da no adi nso sɛ ɔdɔ, ayamye, ayamhyehye, boasetɔ, ntease, nkuranhyɛ, ne nkamfo yɛ aware a ɛte sɛ abohene afã horow a ɛho hia. Aware a ebi nnim no te sɛ afifide a ennya owia ne nsu​—entumi nnyin. Enti momma yɛmma tumi a ɛyɛ yɛn ɛdwene so adwuma no nkanyan yɛn mma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran ne den wɔ yɛn aware mu. Kae sɛ Yehowa ‘tan awaregu.’ Sɛ woyi Kristofo dɔ adi kyerɛ a, ɛnsɛ sɛ awaresɛeɛ ba na aware no gu. Dɛn ntia? “Ɔdɔ to ntwa da.”​—Malaki 2:16; 1 Korintofo 13:4-8; Efesofo 5:3-5.

So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Dɛn ne aware a anigye wom mu ade titiriw?

◻ Ɔkwan bɛn so na tumi a ɛyɛ adwene no so adwuma betumi aka aware?

◻ Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ tumi a ɛyɛ adwene no so adwuma mu den?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yosef ne Dawid anyɛ ade koro wɔ bere a sɔhwɛ too wɔn no mu?

◻ Bible mu afotu bɛn na ɛbɛboa okununom ne ɔyerenom ma wɔahyɛ wɔn aware abusuabɔ no mu den?

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Sɛ yɛde nnyinasosɛm ahorow abien na ɛtra ase​—yɛwɔ ayamyɛ wɔ asafo no mu na yedi atirimɔdensɛm wɔ fie?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena