“Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam Horow
WƆN a wɔpɛ sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn no nyinaa de anigye kɛse hwɛ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam Horow no kwan. Nnanan dwumadi no besi Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛ afã atitiriw a ɛbɔ Kristofo ho ban wɔ mmere yi a ɔhaw ahorow a ankorankoro hyia ne wiase no mu basabasayɛ renya nkɔso no so dua. Dwumadi no bɛboa wɔn ma wɔagyina ‘biribiara a ɛne kyerɛ pa no di asi’ no ano pintinn.—1 Timoteo 1:10.
Nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yesua bɛn ara ni! Ɔkyerɛkyerɛfo a Ɔsen Obiara no ne Yehowa Nyankopɔn ankasa! Enti, Elihu kae wɔ ɔkwan a ɛteɛ so kyerɛɛ Hiob sɛ Yehowa ne “Nea ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ sen asase so mmoa, na ɔkyerɛ yɛn nyansa sen ɔsoro nnomaa.” Ɔsan kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Hena ne ɔkyerɛkyerɛfo sɛ ɔno?” (Hiob 35:11; 36:22) Wɔka Onyankopɔn ho asɛm wɔ Yesaia 30:20, (New World Translation) sɛ “Ɔkyerɛkyerɛfo a Ɔsen Obiara.”
Ɔkyerɛkyerɛfo a odi Yehowa akyi ne ne Ba Yesu Kristo. Na wɔfrɛ no sɛ “Ɔkyerɛkyerɛfo,” na wɔka ne ho asɛm saa bɛyɛ mpɛn 50 wɔ Nsɛmpa no mu. Wɔ Yesu anwonwa kwan so ayaresa pii ne anwonwade afoforo a ɔyɛe no nyinaa akyi no, na wɔmfrɛ no sɛ Ɔyaresafo na mmom Ɔkyerɛkyerɛfo.—Mateo 8:19; Luka 5:5; Yohane 13:13.
Wɔ ɔkwan a ɛfata sen biara so no, Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo ne n’asomafo no sɛ wɔnyɛ akyerɛkyerɛfo te sɛ ɔno. Yebetumi ahu eyi afi Mateo 10:5 kosi 11:1 ne Luka 10:1-11. Bere tiaa bi ansa na Yesu reforo akɔ soro no, ɔde ɔkyerɛkyerɛ adwuma a agye din a ɛwɔ Mateo 28:19, 20 no maa n’asuafo. Asomafo no Nnwuma no ne nhoma a wɔnam honhom so kyerɛwee a edi ɛno akyi wɔ Kristofo Helafo Kyerɛwnsɛm no mu no ka sɛnea Yesu akyidifo a wodi kan no de nnamyɛ, ahokokwaw ne nokwaredi yɛɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma yi ho asɛm.
Ɔkyerɛkyerɛ adwuma yi gye ntɛmpɛ nnɛ sen bere biara a atwam. Yɛwɔ nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri no mu, na eno nti, nkwa ho asɛm wom. Nea ɛbɛyɛ na nkurɔfo anyɛ Babilon Kɛse no bɔne ahorow no bi annya ne haw ahorow no bi no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn na wɔboa wɔn ma wofi Babilon mu begyina Yehowa ne n’Ahenni no afã.—Adiyisɛm 18:4.
Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa Yehowa Adansefo nyinaa wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛyɛ wɔn ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu no, Yehowa nam n’ahyehyɛde no so ama yɛn “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam Horow. Saa nnanan nhyiam horow yi befi ase wɔ Asase no Kusuu Fam wɔ 1993 ahohuru bere mfiase. Ɛmmra sɛ Yehowa akoa biara a wahyira ne ho so bɛhwɛ ahu sɛ, anyɛ yiye koraa no, ɔbɛkɔ nhyiam horow yi biako, atra hɔ atie dwumadi no fi dwom ne mpaebɔ a wɔde bue ano Yawda awia kosi sɛ wɔbɛbɔ mpae a wɔde pɔn Kwasida awia no.