Bɔhyɛ Asase no so Mmeae Ahorow
Munni Ahurusi! Ngo Ayeyɛ Kyĩ-amoa Amaama Abu So
ODlYIFO Yoel de afotu maa ‘Sion mma sɛ wonni ahurusi na wɔn ani nnye Yehowa mu.’ Ɔde ngo dua mu ngo na ɛkyerɛkyerɛɛ wɔn anigye ne yiyedi no mu: “Na awi bɛyɛ porowbea amaama, na nsã ne ngo ayeyɛ kyĩamoa amaama abu so.”—Yoel 2:23, 24.
Sɛ wotraa Israel wɔ Bible mmere mu a, anka w’ani begye sɛ ngo dua te sɛ nea ɛwɔ atifĩ hɔ no, bɛn wo fie, anaa w’afuw mu.a Anka ɛbɛma w’asetra ayɛ mmerɛw, ayɛ anigye pii. Dɛn nti na ngo dua ho hia saa?—Fa toto Atemmufo 9:8, 9 ho.
Nea edi kan no, hwɛ wo dua no yiye. Ngo dua betumi adi mfehaha pii, ebi di mfe apem ne akyi, enti sɛ wohwɛ no yiye a wubehu sɛ dutan no akyinkyim asisi apɔw, na ɛho ahoa ayɛ nsõnso. Ebia wo dua no tenten bedu mita 6, ɛnyɛ tenten sɛ kyeneduru na ɛnyɛ fɛ sɛ abɛdua. N’ahaban a ɛyɛ frɔmm bere nyinaa na ɛhoa sɛ dwetɛ no ma onwini afe mũ no nyinaa. Ebia woremmu wo dua no sɛ esom bo esiane ne fɛ ne onwini titiriw nti ara. Dabida.
Aba no na ɛho hia, saa ngo dua aba mpempem pii a ɛho ahabammono anaa tuntum no! Ɛno na ɛbɛma ngo dua ayɛ ade titiriw wɔ lsraelfo asetra ne wɔn dwumadi ahorow mu. Dua no gu nhwiren a ɛhoa wɔ May mu de siesie kwan ma ngo dua aba no sow. (Hiob 15:33) Bere a eyinom nyin no, ɛho tumi sakra fi ahabammono a akokɔsrade wom yɛ nnodowee anaa tuntum.
Ná ngodua aba a wotwa wɔ October/November mu no yɛ adwumaden. Wode mmaa boro dua no mu sɛnea ɛbɛyɛ a aba a abere no bɛporow agu ntama a wɔatrɛw mu wɔ dua no ase so. (Deuteronomium 24:20) Na wɔhohoro aba no ho ansa na wɔayɛ ho adwuma, te sɛ nkyene nsu mu a wɔde gu na wɔde ayi ɔnwen a ɛwom no afi mu. Dɛn na edi hɔ?
Ɛno begyina anigye anaa mfaso a worepɛ afi aba pii a wutwa no mu no so. Wubetumi adi ngodua aba no amono, anaasɛ wubetumi ahyɛ no nkyene sɛnea ɛbɛyɛ a w’abusua bɛkɔ anya nea ɛyɛ dɛ adi asram pii. Ngodua aba betumi ayɛ da biara da aduan mu ade titiriw, aduan a ebia wɔde ngodua aba a ɛyɛ huam na ayɛ a wɔde di atoko ɔfam.
Nanso, ehia ngodua aba no mu dodow no ara na wobɛyɛ ho adwuma wɔ ɔkwan a ehia na ama woanya saa ade a ɛsom bo yiye no—ngodua aba mu ngo. Wubetumi anya ngo a egu ahorow, na wode adi dwuma wɔ akwan horow pii so. Nea edi kan, wubetumi awɔw aba a abere no wɔ ɔwaduru mu anaasɛ woatiatia so mpo. (Mika 6:15) Saa kwan no so na wonya ngo a eye sen biara, a mpremprem wɔfrɛ no extra virgin no, a na wɔde gu ahyiae ntamadan no mu akanea a na ɛma hann no mu. (Exodus 25:37; 27: 20, 21) Susuw sɛnea w’ani begye ho sɛ wubenya ngo pa yi a wode bɛnoa nnuan wɔ mmere atitiriw bi mu no ho!
Wobetumi de ngodua aba, nea ɛnyɛ papa mpo, agu kyĩ-amoa mu akyĩ ngo bebree afi mu, ɛwom sɛ ngo no renyɛ nea edi mũ papa. Ngo a ɛwɔ aba no biara mu yɛ aba no ɔha mu nkyem 50. Wotumi de kyĩ-amoa a egu ahorow di dwuma, nanso biako ho mfonini na ɛwɔ ha. Wɔde aba amũ amũ anaa nea wɔaboro kakra gu ade bi a wɔatwa no puruw mu. Wɔde owiyammo a afurum anaa onipa dannan fa so, na ekyĩ ngo no ma ɛsɔn na wɔboaboa ano gu nkuruwa mu.—Mateo 18:6.
Wɔde ngodua aba mu ngo betumi atoto sika nsunsu ho —na wobu sɛ ɛsom bo kɛse na wɔde yɛ nneɛma pii. Dua biako betumi ama abusua a emu nnipa bɛyɛ baanum anaasɛ baasia ngo afe mũ. Ɛbɛyɛ wɔn aduan fã titiriw, efisɛ ɛyɛ mmerɛw ma nipadua no sɛ ɛbɛtwe mu ahoɔden na ahoɔden wom. (Fa toto Yeremia 41:8; Hesekiel 16:13 ho. ) Wubetumi de anowatere afra ngo no bi mu na wode asra na wode bi agu ɔhɔho bi pampam wɔ ahɔhoyɛ kwan so. (2 Samuel 12:20; Dwom 45:7; Luka 7:46) Wubetumi de adi dwuma sɛ aduru a wɔde dwudwo apirakuru yaw ano.—Yesaia 1:6; Marko 6:13; Luka10:34.
Ɛnyɛ eyinom nkutoo ne nneɛma a wɔde ngodua aba mu ngo a ɛsom bo yɛ. Wubetumi de agu kanea mu asɔ wɔ wo fie, de ayɛ Onyankopɔn afɔre fã bi, anaasɛ aguade bi a wonya so mfaso. Yiw, wɔ Bible mmere mu no, na ngodua yɛ dua a ɛsom bo kɛse, enti na Yoel betumi de adi dwuma de agyina hɔ ama yiyedi ne anigye ma afata.—Deuteronomium 6:11; Dwom 52:8; Yeremia 11:16; Mateo 25:3-8.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ sɛ wuhu mfonini yi kɛse a, hwɛ 1993 Calendar of Jehovah’s Witnesses mu.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.