Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 4/1 kr. 19-23
  • Yehowa Ahyehyɛde a Me ne no Renyin wɔ South Africa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Ahyehyɛde a Me ne no Renyin wɔ South Africa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristoni Agyapade
  • Adwuma a Ɛyɛ Yiye
  • Nea Enti a Mifii Sukuu Ntɛm
  • Betel Adwuma ne Gilead Sukuu
  • Me Som Adwuma Ntoaso
  • Asuade a Ɛyɛ Yaw
  • Nhyira Afoforo
  • Nnipa mu Nyiyim mu Asetra
  • Betel Ntrɛwmu
  • Masom Yehowa Ama M’ani Agye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Masi Me Bo Sɛ ‘Metintim, Merenhinhim’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Protestantsom ne Nnipa mu Nyiyim
    Nyan!—1988
  • So Eyi Betumi Ayɛ Adwuma a Eye Ma Wo Sen Biara?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 4/1 kr. 19-23

Yehowa Ahyehyɛde a Me ne no Renyin wɔ South Africa

Sɛnea Frans Muller ka kyerɛe

BERE a me ne me nua Dawid bɛn anwummere keteke a yɛtaa tra mu fi Cape Town keteke gyinabea kɛse no, yɛn ho dwiriw yɛn sɛ yehuu nkyerɛwee “Aborɔfo Nkutoo” no. Ná Nationalist Party adi abatow no mu nkonim wɔ 1948 mu na na wɔde nnipa mu nyiyim ho mmara aba.

Nokwarem no, na nnipa mu nyiyim akɔ so wɔ South Africa bere tenten te sɛ nea na akɔ so wɔ Afrika aman dodow no ara mu wɔ atubrafo nna mu no. Nanso afei de na wɔde mmara rehyɛ mu den, na na wɔmma kwan bio sɛ yɛne South Africa nnipa a wɔn honam ani tuntum ntra keteke biako mu. Mfe aduanan anan akyi no, wɔregu nnipa mu nyiyim.

Wɔ mmara kwan so nnipa mu nyiyim bere no nyinaa, a ɛma ɛyɛɛ den sɛ yɛbɛyɛ yɛn adwuma wɔ ɔkwan a anka yɛpɛ so no, mesomee sɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa somfo. Mprempren a madi mfe 65 no, metumi abu kɔmpɔ ahwɛ nkɔso a ɛyɛ nwonwa a Yehowa ahyehyɛde anya wɔ South Africa no, na mede aseda ma wɔ hokwan a manya sɛ me ne no benyin no ho.

Kristoni Agyapade

Bere a na me papa yɛ abofra no, na wɔhwehwɛ sɛ ɔkenkan Bible no den anɔpa biara kyerɛ me nanabarima. Bere bi akyi no, me papa ani begyee Onyankopɔn Asɛm ho denneennen. Bere a wɔwoo me wɔ 1928 mu no, na me papa resom wɔ Dutch Reformed Church bagua no mu wɔ Potgietersrust. Saa afe no me wɔfa maa no nhoma The Harp of God no biako.

Nanso, me papa ka kyerɛɛ me maame sɛ ɔnhyew nhoma no, na ɔkae sɛ efi awaefo kuw bi hɔ. Nanso, ɔkoraa so, na da koro bi a ɛbae sɛ Papa maa so no, ebuee wɔ asemti “Does God Torment Anyone?” (So Onyankopɔn Yɛ Obi Ayayade?) Ɛwom sɛ ogye dii sɛ nea na Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, ka no nyɛ nokware de, nanso asɛmpɛ nti ofii ase kenkanee. Wantumi annyae nhoma no kenkan. Saa da no ahemadakye, bere a ɔkɔdaa mpa mu no, ɔkae se: “Ma, mempɛ sɛ migye tom de, nanso wɔn na nokware no kura wɔn.”

Ade kyee no, me papa de baesekre twaa kwan kilomita 50 kɔhwehwɛɛ nhoma afoforo fii Bible Suani a ɔbɛn sen biara no hɔ. Daa ɔkenkan kosi ɔdasum. Ɔbɔɔ mmɔden mpo sɛ ɔbɛma Dutch Reformed sɔfo no agye Bible mu nokware ahorow a na ɔresua no adi, a na ɔhwɛ kwan sɛ asɔre no bɛyɛ nsakrae. Ne mmɔdenbɔ no yɛɛ ɔkwa, enti ogyaee asɔre no na ofii ase de nnamyɛ kaa asɛmpa no. Bible mu nokware no bɛyɛɛ n’asetra mu ade titiriw a ɛsen biara ne yɛn fie ade a ɛho hia sen biara. Saa tebea yi mu na minyinii.

Akyiri yi, me papa bɛyɛɛ ɔkwampaefo, anaa bere nyinaa somfo. Ɔde tete Ford kar bi kɔkaa asɛm no wɔ akyirikyiri. Mfe kakra bi akyi no, yɛn abusua a na ɛreyɛ kɛse no ahiade ahorow no maa ogyaee akwampae adwuma no, nanso ɔkɔɔ so ara yɛɛ nam wɔ asɛnka adwuma no mu. Edu Kwasida bi a, yetu kwan bɛyɛ kilomita 90 kɔka asɛm wɔ Pietersburg kurow mu.

Adwuma a Ɛyɛ Yiye

Awiei koraa no papa buee aguadidan ketewaa bi. Ankyɛ na ne kɛse bu bɔɔ ho, na obuee aguadidan a ɛto so abien. Akuafo asikafo bi ne papa bom dii gua, na bere bi akyi no, wɔbom buee aguadidan kɛse bi ne nketewa asia wɔ mmeaemmeae.

Me nuanom mpanyimfo no bi de wɔn ho kɔhyɛɛ aguadi no mu, na na afei wɔwɔ anidaso sɛ wobenya wɔn ho. Nanso, yefii ase yɛɛ mmerɛw wɔ honhom fam. Wiasefo nnamfo ne afipamfo gyee yɛn toom kɛse, na wɔtoo nsa frɛɛ yɛn kɔɔ wɔn apontow ahorow ase. Bere a me papa huu asiane a ebefi mu aba no, ɔfrɛɛ abusua nhyiam na osii gyinae sɛ ɔbɛtɔn adwuma no na yɛatu akɔtra Pretoria sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ pii wɔ Yehowa som adwuma no mu. Ogyaw aguadidan biako pɛ, na ɔfaa adwumayɛfo a otua wɔn ka ma wɔhwɛɛ so.

Me nuanom mmarima Koos ne David fii ase yɛɛ akwampae adwuma, ma enti wɔkɔkaa me nuabea panyin Lina ne me nuabarima panyin paa, a awerɛhosɛm ne sɛ, akyiri yi ogyaee nokware som no ho wɔ akwampae adwuma no mu. Sɛ wɔka bom a, wɔ ɔsram biako mu wɔ 1942 mu no, yɛn abusua no mufo a na yɛyɛ du no de nnɔnhwerew 1,000 na ɛyɛɛ asɛnka adwuma no. Saa afe no mu no mede nsu mu asubɔ yɛɛ me nkwa so a mehyira maa Yehowa no ho sɛnkyerɛnne.

Nea Enti a Mifii Sukuu Ntɛm

Wɔ 1944 mu, bere a na Wiase Ko II mu ayɛ den sen biara no, Gert Nel, Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo bi bisaa me sɛ ebia mereyɛ nhyehyɛe de me ho ahyɛ akwampae adwuma no mu anaa. Mibuae sɛ: “Yiw, wɔ mfe abien ntam bere a mawie ntoaso sukuu no.”

Bere a ɔreda adwene a na Yehowa Adansefo dodow no ara wɔ saa bere no mu adi no, ɔbɔɔ me kɔkɔ sɛ: “Hwɛ yiye na Harmagedon ammɛto wo sɛ wote sukuu akongua so.” Esiane sɛ na mempɛ sɛ ɛba saa nti, migyaee sukuu na mede me ho hyɛɛ akwampae adwuma mu January 1, 1945.

Baabi a midii kan kɔyɛɛ adwuma ne Vereeniging a ɛbɛn Johannesburg, na na m’ahokafo ne Piet Wentzel ne Danie Otto. Ná metaa de nnɔnhwerew beboro 200 ka asɛm ɔsram biara. Bere bi akyi no, wɔde Piet kɔɔ Pretoria kurow mu, na na ɛsɛ sɛ Danie gyae akwampae adwuma no kɔboa n’agya a wabɔ akwakoraa no hwɛ n’afuw. Eyi maa ɛkaa me nkutoo sɛ Ɔdansefo a ɔyɛ ofie Bible adesua 23 wɔ Vereeniging.

Ankyɛ koraa, me nsa kaa krataa fii baa dwumadibea sɛ menkɔ Pretoria. Ɛwom sɛ mante nea enti a wɔmaa me dwumadi foforo yi ase de, nanso akyiri yi mihui sɛ na anka ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ wobegyaw abofra a wadi mfe 17 a onni osuahu sɛ ne nkutoo ntra baabi. Ná meda so ara hia ntetee pii na na anka m’abam betumi abu.

Mesomee wɔ Pretoria, na minyaa osuahu a mihia no akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛyɛ ɔkwampaefo titiriw. Afei me ne Piet Wentzel yɛɛ nhyehyɛe de asomfo ntetee pa maa mmofra a wɔbaa Pretoria bɛyɛɛ akwampae adwuma no. Ebeduu saa bere no na wɔapaw Piet sɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ saa beae no. Akyiri yi ɔwaree me nuabea Lina na mprempren wɔn baanu resom wɔ South Africa baa dwumadibea.

Wɔn a wobɛyɛɛ akwampae adwuma wɔ Pretoria no mu biako ne Martie Vos, abeawa hoɔfɛfo a wɔtetee no Adansefo abusua mu. Ná yɛn mu biara ani gye ne yɔnko ho, nanso na yɛn mu biara nyaa mfe aduonu, na na yesusuae dodo sɛ yɛbɛware. Nanso, bere a wɔde yɛn kɔɔ yɛn mmeae afoforo no, yɛnam nkrataakyerɛw so dii nkitaho.

Betel Adwuma ne Gilead Sukuu

Wɔ 1948 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛsom wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no Cape Town baa dwumadibea no mu. Saa bere no, na nnipa 17 a wɔyɛ adwuma wɔ dwumadibea adan abiɛsa a wɔagye tua ho ka ne nhoma tintimbea bi a na ɛbɛn hɔ no nni fie biako a wɔn nyinaa te mu. Ná yɛn mu binom tete mmusua bi nkyɛn, na na afoforo te faako.

Adwumayɛ da biara no na Betel abusua no mufo 17 no hyiam yɛ daa asɛm wɔ nhoma tintimbea dan ketewa a yɛsesa yɛn ho wom wɔ dwumadibea hɔ no mu. Ná ɛsɛ sɛ yɛn mu pii yɛ yɛn awiabere aduan ho nhyehyɛe. Afei, sɛ yɛpɔn koraa a, yekɔ yɛn atrae a ɛwowɔ Cape Town mmeaemmeae no. Ɛyɛ saa akwantu ahorow yi mu biako mu na sɛnɛa madi kan aka no, me ne me nua David ho dwiriw yɛn bere a yɛhuu agyiraehyɛde a ɛse “Aborɔfo Nkutoo” no.

Bere a miduu Cape Town baa dwumadibea nea edi kan no, mihui sɛ na meda so ara wɔ nneɛma pii sua, enti mibisaa Onua Philips, yɛn baa dwumadibea no sohwɛfo no sɛ: “Mɛyɛ dɛn na mato mo?”

Obuae sɛ: “Frans, nhaw wo ho wɔ to a wɔbɛto yɛn no ho. Wode kɔ so sua ade.” Mabɔ mmɔden sɛ mɛyɛ saa bere nyinaa, na mahu sɛ honhom fam aduan a Yehowa ahyehyɛde de ma a obi bɛkɔ so adi, ne akwankyerɛ a ɛde ma a ɔbɛkɔ so adi so no bɛma wakɔ so anyin.

Wɔ 1950 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me ma mekɔɔ Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu a wɔde tete asɛmpatrɛwfo a ɛto so 16 no bi. Saa bere no na sukuu no wɔ South Lansing, New York, bɛyɛ kilomita 400 wɔ Brooklyn atifi fam wɔ New York. Bere a na meyɛ adwuma bere tiaa bi wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn no, mihuu Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no dwumadi tititiw no nea edi kan. Koma nyinaa mu a wɔn a wodi anim no fi de wɔn ho ma no ma minyaa anisɔ kɛse maa Yehowa ahyehyɛde no.

Me Som Adwuma Ntoaso

Mesan baa South Africa no, wɔpaw me sɛ mensom sɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ Transvaal atifi fam, beae a minyinii no. Bere a na me ne Martie de mfe asia adi nkrataakyerɛw akyi no, yɛwaree wɔ December 1952 mu, na ɔbɛkaa me ho wɔ akwantu adwuma no mu. Ná anisɔ a yɛn Kristofo nuanom kyerɛ wɔ yɛn nsrahwɛ ho no yɛ anigye.

Sɛ́ nhwɛso no, bere bi a na yɛresom asafo bi wɔ baabi a wɔyɛ kuadwuma no, yɛne abusua bi a wɔpaa yɛn kyɛw sɛ woannya nufusu angu yɛn tii ne kafe mu no trae. Akyiri yi yehui sɛ na wɔatɔn wɔn nantwi biako pɛ a ɔma wonya nufusu no na ama wɔanya sika pii atɔ pɛtrol a ebetumi ama yɛako wɔn nsasesin mmeae a ɛwowɔ akyirikyiri no mu akodi akuafo no adanse. Hwɛ ɔdɔ a na yɛwɔ ma anuanom a wɔte saa no!

Ɛtɔ da bi a, na mete nka sɛ memfata mma ɔmansin adwuma no, ne titiriw bere a midi ɔhaw horow a ɛfa nnipa a wɔn mfe akɔ anim ho ho dwuma no. Bere bi metee nka sɛ mayɛ basaa kɛse ma meka kyerɛɛ Martie sɛ ɔmma ɛnyɛ no nwonwa sɛ ɛba sɛ wɔsan ma yɛkɔyɛ akwampae tititiw adwuma no esiane osuahu a minni nti a. Ɔmaa me awerɛhyɛm sɛ n’ani begye sɛ ɔbɛsom wɔ ɔsom adwuma no afã biara mu bere tenten a yetumi kɔ so yɛ bere nyinaa som adwuma no.

Hwɛ sɛnea yɛn ho dwiriw yɛn bere a yeduu asafo a edi hɔ no mu na yɛn nsa kaa krataa sɛ yɛnkɔsom wɔ ɔmantam adwuma no mu! Bɛyɛ mfe abien no, yetuu akwan wɔ South Africa ne Namibia a saa bere no na wɔfrɛ no South- West Africa beae biara. Nanso, nnipa nyiyim nhyehyɛe no nti, na yɛn adwuma no taa yɛ den. Na wɔntaa mma yɛn tumi krataa a yɛde bɛkɔ abibifo nkurow mu, na ɛtɔ mmere bi a, wɔmma yɛn kwan mma yɛnyɛ hyiam akɛse.

Sɛ nhwɛso no, wɔ 1960 mu no, yenyaa kwan sɛ yɛbɛyɛ ɔmantam nhyiam wɔ Soweto. Ná anuanom abibifo a wofi asafo ahorow a ɛwowɔ akyirikyiri no atotɔ wɔn keteke ne wɔn bɔs tekit a wɔde bɛba nhyiam no dedaw, nanso aban no tee yen nhyehyɛe no ho asɛm, na wotwaa hokwan no mu. Yɛnam anifere kwan so kohuu polisifo panyin bi a ɔwɔ adamfofa su wɔ kurow bi a ɛne Johannesburg ntam kwan bɛyɛ kilomita 20 mu. Ofii ayamye mu maa yɛn beae ne nneɛma a eye sen kan de no mpo, na yɛyɛɛ nhyiam a ɛyɛ anigye a nnipa bɛboro 12,000 baa ase!

Hwɛ sɛnea tebea no asesa wɔ nnansa yi mfe no mu! Mprempren, bere a wɔregu nnipa mu nyiyim no, yebetumi ahyia abom wɔ baabiara a abibifo, aborɔfo, mulatofo, anaa Indiafo te. Obiara, a abusua ko a ofi mu no mfa ho, betumi atra faako anya fekubɔ mu anigye. Kasa mu nsonsonoe nkutoo na ebetumi ama obi apaw baabi a ɔpɛ sɛ ɔtra.

Asuade a Ɛyɛ Yaw

Wɔ 1947 mu no, me papa dii mfomso kɛse bi. Ná n’aguadidan bi a ɛne baabi a Maame te no ntam kwan bɛyɛ kilomita 200 no mfa mfaso biara mma esiane nokware a wɔn a wɔhwɛ so no nni nti, enti ɔno nkutoo san kɔtraa hɔ sɛ ɔkɔhwɛ so. Bere tenten a ɔtew ne ho fii Maame ho no maa ɔtɔɔ sɔhwɛ mu. Enti, wotuu no fii asafo no mu.

Eyi ma mihui wɔ ɔkwan a ɛyɛ yaw so sɛ Bible mu nokware ho mmɔdenbɔ nkutoo nnɔɔso.

Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa di Bible nnyinasosɛm horow so. (1 Korintofo 7:5) Mfe pii akyi no, wogyee Papa baa Kristofo asafo no mu na ɔsom nokwaredi mu kosii sɛ owui wɔ 1970 mu. Me maame kɔɔ so dii nokware kosii sɛ owui wɔ 1991 mu.

Nhyira Afoforo

Wɔ 1958 mu no, me ne Martie kɔɔ nhyiam a ɛyɛ kɛse sen biara a Yehowa Adansefo ayɛ pɛn, wɔ Yankee Stadium ne Polo Grounds wɔ New York. Yɛn ani gyei mmoroso sɛ yɛyɛ Yehowa ahyehyɛde a ɛyɛ nwonwa no mufo. Saa nnipadɔm bɛboro 253,000 no ntam a yɛtrae Kwasida awia no yɛ osuahu a yɛn werɛ remfi da. Yɛn fam no, ɛha na ‘nnipakuw kɛse a wofi amanaman nyinaa mu’ a wohyiam asomdwoe mu no yɛɛ nokwasɛm. (Adiyisɛm 7: 9, 10) Martie kaa New York kɔɔ GiIead Sukuu, na mesan baa South Africa bɛtoaa ɔmantam adwuma no so.

Wɔ 1959 mu, bere a Martie fii Gilead Sukuu adesua a ɛto so 32 bae no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn ma yɛkɔsomee wɔ South Africa baa dwumadibea, a na saa bere no ɛwɔ Elandsfontein, Johannesburg apuei fam no. Mfe a abɛsen no mu no, mahu nkɔso a ahyehyɛde no anya wɔ akwan pii so no, ne titiriw ne nkɔso wɔ ɔdɔ ne tema mu. Mahu sɛ Yehowa nam Yesu Kristo so kyerɛ n’ahyehyɛde no kwan, na ɔde wɔn a wɔde wɔn ho ma no bedi dwuma.

Wɔ 1962 mu no, mesan kɔɔ Brooklyn, New York, de asram du kosuaa baa dwumadibea ho ntetee. Eyi boae bere a, wɔ 1967 mu no, wɔpaw me sɛ South Africa baa dwumadibea no sohwɛfo no. Wɔ 1976 mu no, wɔpaw Baa Boayikuw ahorow, enti gyinae ahorow a ɛho hia a wosi wɔ South Africa ho asɛyɛde da Kristofo mpanyimfo baanum a wɔwɔ osuahu so mprempren.

Nnipa mu Nyiyim mu Asetra

Nnipa mu nyiyim mmara kaa yɛn baa dwumadibea no dwumadi. Bere a wosii Elandsfontein Betel Fie wɔ 1952 mu no, na mara no hwehwɛ sɛ yesi dan foforo wɔ akyi ma anuanom abibifo ne mulatofo no. Mmara no nso hwehwɛe sɛ ɛnsɛ sɛ wɔne aborɔfo no bom didi wɔ baabi a wose ɛyɛ Afrikafo atrae no. Akyiri yi, wɔyɛɛ nhyehyɛe ma wobedidii wɔ Betel mukaase. Ná eyi ne adidi ho nhyehyɛe bere a yɛbaa Betel wɔ 1959 mu no. Me mu biribiara sɔre tiaa saa ntetewmu yi a wɔde gyinaa honam ani hwɛbea so yi.

Bere bi akyi no, aban twaa hokwan a na yɛn nuanom abibifo no wɔ sɛ wɔtra ɔdan a ɛwɔ Betel Fie no akyi no mu. Na ɛsɛ sɛ saa anuanom yi kɔtra abibifo nkurow a ɛwɔ bɛyɛ kilomita 20 mu. Ná ebinom tete afie a wɔagye tua ho ka mu, na na afoforo nso te ahokwafo ahɔhodan mu. Saa tebea bɔne yi kɔɔ so mfe pii.

Betel Ntrɛwmu

Saa bere no mu no, ɛho behiae sɛ wɔtrɛw Elandsfontein Betel fie no mu. Bere a yɛtrɛw mu mprɛnsa akyi no, yɛn asase no sae.Sodikuw no hyɛe sɛ yɛnhwehwɛ asase foforo wɔ beae a wɔwɔ anidaso sɛ ɛhɔ aban nnipa no bɛma yɛn kwan ma yɛasi Betel fie a yɛn nuanom abibifo no nso betumi atra mu bi.Na Betel abusua no bɔ Yehowa mpae anɔpa biara sɛ ommue eyi ho kwan wɔ ɔkwan bi so. Anigye da bɛn ara ni bere a awiei koraa no yɛn nsa kaa asase sin bi a eye wɔ Krugersdorp kurotia, wɔ Johannesburg atɔe fam no! Nanso, wɔhwehwɛɛ bio sɛ yesi ɔdan foforo ma yɛn nuanom abibifo no. Yɛpenee so, nanso wɔamma kwan sɛ yɛbɛma abibifo bɛboro 20 atra hɔ. Anigyesɛm ne sɛ wɔ 1980 mfe no mfinimfini no, nneɛma fii ase sesae. Aban no gow ne nnipa mu nyiyim mmara horow a emu yɛ den no mu, na wɔfrɛɛ anuanom abibifo, mulatofo, ne Indiafo bebree maa wɔne yɛn bɛsomee wɔ Betel.

Mprempren, yɛwɔ Betel abusua a anigye ne biakoyɛ wom, a ankorankoro, a wɔn abusua anaa honam ani hwɛbea mfa ho, betumi atra ɔdan biara a wɔpaw mu. Afei nso, wɔ mfe pii a yɛde apere akyi no, awiei koraa no, wogyee yɛn toom wɔ mmara kwan so sɛ ɔsom. Yɛate mmara kwan so kuw wɔ ɔman no mu a wɔakyerɛw ne din wɔ aban mu sɛ “Jehovah’s Witnesses of South Africa.” Mprempren yɛwɔ yɛn ankasa asomfo a wɔde aware hyɛ mmara ase, na wɔresisi Ahenni Asa ntɛmntɛm wɔ abibifo atrae.

Hwɛ sɛnea Yehowa ahyehyɛde anya nkoanim fi bere a mifii ase somee wɔ Cape Town baa dwumadibea hɔ tɔnn! Efi abusua ketewaa a na emufo yɛ 17 a na yenni Betel Fie so no, mprempren yɛayɛ Betel Abusua a emufo boro 400, a yɛwɔ Betel a komputa a ɛyɛ nwonwa, nhoma tintim mfiri, ne Betel Fie fɛfɛ wom! Yiw, manya hokwan ne Yehowa ahyehyɛde no anyin wɔ South Africa. Yeanya nkɔanim fi bɛyɛ adawurubɔfo 400, bere a mifii ɔsom yi ase bɛyɛ mfe 50 a atwam ni no, ma aka kakraa na yɛadu 55,000 nnɛ!

Meda Yehowa ase sɛ, mfe 39 a atwam no mu no, mewɔ ɔyere a ɔboa me. “Me kuruwa yɛ ma bu so.” (Dwom 23:5) Me ne Martie de aseda ma sɛ yɛyɛ Yehowa ahyehyɛde a ne honhom kyerɛ no kwan no mufo, na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so asom Yehowa wɔ ne fie, wɔ Betel, na yɛne n’ahyehyɛde a ɛkɔ n’anim no abɔ anan anantew.

[Asase mfonini wɔ kratafa 19]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

ANGOLA

ZAIRE

ZAMBIA

ZIMBABWE

BOTSWANA

NAMIBIA

SWAZILAND

LESOTHO

SOUTH AFRICA

Pretoria

Johannesburg

Cape Town

Port Elizabeth

SOUTH ATLANTIC OCEAN

INDIAN OCEAN

MOZAMBIQUE CHANNEL

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Piet Wentzel ne Frans Muller (benkum so) wɔ akwampae adwuma no mu wɔ 1945 mu

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Frans ne Martie Muller

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena