Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 4/15 kr. 10-13
  • Anidaso—Ahobammɔ a Ɛho Hia wɔ Wiase a Anigye Nnim Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anidaso—Ahobammɔ a Ɛho Hia wɔ Wiase a Anigye Nnim Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Te sɛ Dade Kyɛw
  • Nokware Anidaso Nnyinaso
  • Sɛnea Wobɛma Wo Gyidi mu Ayɛ Den
  • Anidaso Adwene a Yebenya wɔ Nnipa Ho
  • Kɔ So Ara Hyɛ W’anidaso Mu Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Ɛhe na Wubetumi Anya Anidaso Ankasa?
    Nyan!—2004
  • Ma W’ani Nna Yehowa So, Na Nya Akokoduru
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Anidaso a Wowɔ No Renni Huammɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 4/15 kr. 10-13

Anidaso​—Ahobammɔ a Ɛho Hia wɔ Wiase a Anigye Nnim Mu

Koreani abarimaa bi pɛe sɛ ɔboa ne maame na wɔma kɔlegeni bi hu hia a ehia sɛ yenya daakye ho anidaso. Bere a ɔkae mfatoho bi a ɔtee wɔ Kristofo nhyiam bi ase no, obisaa adesuani no sɛ obetumi aboa no ma wate aborɔme bi ase a. Ɔpenee so. Abarimaa no kae sɛ: “Abusua abien bi na ɛwɔ hɔ. Ná ahia wɔn nyinaa yiye. Ná ɛyɛ osutɔ bere, na na wɔn nyinaa fie adan nwini. Abusua biako werɛ howee yiye na wonwiinwii pii wɔ mmeae a enwini no ho. Nanso abusua foforo no de anigye siesiee suhyɛ no. Dɛn nti na nsonoe kɛse wɔ mmusua abien yi ntam saa?” Ababaa no repɛ biribi ahu nti ɔkae sɛ onnim. Abarimaa no kae sɛ: “Eye, abusua a ɛto so abien no ani gyei, efisɛ na ɛnkyɛe na wonyaa nkaebɔ fii kuropɔn no aban hɔ sɛ wɔbɛma wɔn ofie foforo. Enti ná wɔwɔ anidaso. Ɛno ne nsonoe no!”

ABARIMAA no aborɔme no da nokwasɛm a emu da hɔ bi adi: Sɛnea yɛn nsɛm tebea te biara no, mpɛn pii no, anidaso sakra sɛnea yɛte nka wɔ asetra ho. Te sɛ mmusua abien a wɔaka wɔn ho asɛm no, ɛsɛ sɛ yɛn mu pii gyina sɔhwɛ ahorow ano wɔ asetra mu​—nyarewa, ohia, mmusua mu nsɛnnennen, amumɔyɛ, sɔhwɛ ne animtiaabu a enni ano. Mpɛn pii no, sɛnea yentumi mma osu a ɛbobom nnyae no, saa ara nso na yentumi mma ɔhaw ahorow a ɛte sɛɛ nnyae. Enti ebia yɛn abam bebu, yɛbɛyɛ ankonam​—ne tiaatwa mu no, yɛbɛyɛ obi a onni ɔboafo. Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, ebia na wɔaka akyerɛ yɛn wɔ asɔre mu sɛ anidaso a ɛwɔ hɔ ma abɔnefo pii no yɛ awerɛhow, na ebia wɔbɛtwe wɔn aso daa.

Wɔaka sɛ nea ɛde adwenemhaw ba ne anidaso ne mmoa biara a enni baabiara. Nanso sɛnea ɛte biara no, yebetumi ayi nneɛma yi mu biako afi hɔ; ɛnsɛ sɛ yɛn mu biara pa abaw. Na anidaso ankasa ne akode a ɛsen biara a ebia yebetumi de adi ɔfã foforo a ɛne abasamtu no so nkonim. Sɛ yɛwɔ anidaso a, sɛ́ anka yɛde awerehow bɛbɔ mmɔden sɛ yebedi asetram sɔhwɛ ahorow so no, yebetumi de anigye ne abotɔyam agyina mu mmom. Yiw, anidaso yɛ ahobammɔ a ɛho hia.

So nea yɛaka yi ma w’adwenem yɛ wo naa? So anidaso wɔ tumi araa ma ɛde nsakrae a ɛte saa ba? Na so nokware anidaso bi wɔ hɔ ma yɛn mu biara?

Te sɛ Dade Kyɛw

Nnuruyɛfo afi se rehu tumi kɛse a anidaso wɔ. Obi a ofi Nasi Ayayade mu kae, adwenemhaw ho ɔbenfo, Oduruyɛfo Shlomo Breznitz kae sɛ, wɔ asetra mu nsɛnnennen pii mu no, “ɛyɛ bu a yebu biribi sɛ ɛyɛ den no na ɛde adwenemhaw ba, na ɛnyɛ nsɛnnennen no ankasa. Anidaso ma emu den no so tew.” Asɛm bi a ɛwɔ The Journal of the American Medical Association mu kaa no ahotoso mu sɛ “anidaso yɛ aduru a tumi wom.” American Health nsɛmma nhoma bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ayarefo pii, titiriw wɔn a wɔanya kokoram a sɛ biribi ma wɔn abam bu a wɔn yare mu yɛ den mpofirim​—anaa wɔn a sɛ biribi ma wonya anidaso a, wɔn ho tɔ wɔn mpofirim ho nhwɛso pii wɔ hɔ.”​—Fa toto Mmebusɛm 17:22 ho.

Bible asuafo ahu hia a anidaso ho hia bere tenten ni. Ɔsomafo Paulo tu Kristofo fo wɔ 1 Tesalonikafo 5:8 sɛ: “Momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ . . . nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw.” Ɔkwan bɛn so na “nkwagye anidaso” no te sɛ dade kyɛw?

Susuw nea dade kyɛw yɛ no ho. Ná Bible mmere mu ɔsraani hyɛ kɔbere anaa dade kyɛw kɛse a wɔde afam kuntu, aboa ho nhwi anaa aboa nhoma kyɛw bi so. Dade kyɛw yi bɔɔ ne ho ban fii agyan a ɛnenam wim, mporibaa a eredi akɔneaba ne mfoa a ɛretwitwa nneɛma ho wɔ ɔko bere mu. Eyi nti, ɛbɛyɛ sɛ asraafo a na wɔwɔ bi no mu pii antwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛhyɛ. Nanso dade kyɛw a ɔsraani bɛhyɛ no nkyerɛ sɛ wontumi nni ne so nkonim, anaasɛ sɛ biribi bɔ ne ti a ɛnka no; mmom no ɛma onyaa awerɛhyem sɛ, nneɛma a anka ebetumi apira no kɛse ma wawu no mu pii bɛka no kakraa bi pɛ.

Sɛnea dade kyɛw bɔ eti ho ban no, saa ara na anidaso nso bɔ adwene ho ban. Ebia anidaso ntumi mma yenyi ɔhaw biara ho adwennwene mfi hɔ te sɛ nea biribiara nhaw yɛn.

Nanso anidaso mma nneɛma yi nhaw yɛn kɛse na ɛmma empira yɛn wɔ adwene, nkate anaa honhom mu.

Ɛda adi sɛ ɔnokwafo Abraham hyɛɛ sɛnkyerɛnne kwan so dade kyɛw yi bi. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne ba a ɔdɔ no Isak mmɔ afɔre mma no. (Genesis 22:1, 2) Hwɛ sɛnea anka ɛbɛyɛ mmerɛw ama Abraham sɛ n’abam bebu, nkate a anka ebetumi ama wayɛ Onyankopɔn so asoɔden nso. Dɛn na ɛbɔɔ n’adwene ho ban wɔ nkate ahorow a ɛte sɛɛ ho? Ná anidaso ka ho yiye. Sɛnea Hebrifo 11:19 kyerɛ no, “osusuwii sɛ Onyankopɔn betumi anyan (Isak) no afi awufo mu po.” Saa ara na anidaso a na Hiob wɔ wɔ owusɔre mu no boa bɔɔ n’adwene ho ban wɔ ɛyawdi a anka ebetumi ama wadome Onyankopɔn no ho. (Hiob 2:9, 10; 14:13-15) Wɔ owu a ɛyɛ yaw mu no, Yesu Kristo nyaa ahoɔden ne awerɛkyekye wɔ daakye anidaso a ɛyɛ anigye a na ɔwɔ no mu. (Hebrifo 12:2) Esiane sɛ yɛwɔ awerɛhyem sɛ Onyankopɔn mfom da nti, momma yenni n’asɛm so bere nyinaa, ɛno ne nokware anidaso nnyinaso.​—Hebrifo 11:1.

Nokware Anidaso Nnyinaso

Te sɛ gyidi no, nokware anidaso gyina nokwasɛm, biribi a ɛwɔ hɔ ankasa ne nokware so. Ebia eyi bɛyɛ ebinom nwonwa. Sɛnea ɔkyerɛwfo bi kae no, “ɛte sɛ nea nnipa pii susuw sɛ anidaso yɛ nkwasea kwan a wɔnam so pow biribi a ɛyɛ nokware.” Nanso nokware anidaso nyɛ nnaadaasɛm, gyidi hunu a ɛne sɛ yɛn nsa bɛka nea yɛpɛ biara anaa wobedi yɛn haw biara ho dwuma ama yɛn. Asetra mu nneɛma a esisi ankasa da no adi sɛ eyi yɛ biribi a ɛboro so a entumi nsi.​—Ɔsɛnkafo 9:11.

Anidaso ankasa nte saa. Efi nimdeɛ mu na ɛnyɛ nea yɛpɛ mu. Susuw abusua a ɛto so abien a wɔwɔ aborɔme a yɛkaa ho asɛm mfiase no mu no ho. Sɛ wɔn aban no nni ne bɔhyɛ ahorow so a, anka anidaso bɛn na wobenya? Mmom no, ɛyɛ anidaso ne ahotoso ho adanse a wɔwɔ na ɛmaa abusua no tumi nyaa biribi a emu yɛ den a wobegyina so anya anidaso.

Saa ara na nnɛ, Yehowa Adansefo wɔ anidaso bi a ɛfam aban bi ho denneennen​—Onyankopɔn Ahenni. Ahenni yi ne nea Bible mu nsɛm nyinaa gyina so. Ayɛ anidaso fibea ama mmea ne mmarima te sɛ Abraham mfe mpempem pii ni. (Hebrifo 11:10) Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔnam n’Ahenni no so beyi wiase nhyehyɛe dedaw a aporɔw yi afi hɔ na ɔde foforo aba. (Romafo 8:20-22; 2 Petro 3:13) Ahenni ho anidaso yi yɛ nokware, na ɛnyɛ atoro. Ne fibea​—Yehowa Nyankopɔn, Amansan Hene no, yɛ obi a ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ, sɛ yɛbɛka no tiawa a. Nea ehia ara ne sɛ yɛbɛhwehwɛ n’abɔde a aniwa hu mu na yɛahu sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ tumi a ɔde bɛma ne bɔhyɛ ahorow nyinaa aba mu. (Romafo 1:20) Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛhwehwɛ sɛnea ɔne adesamma adi nsɛm afa mu, na yebehu sɛ n’asɛm ba mu daa.​—Yesaia 55:11.

Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa a wose wɔyɛ Kristofo no mu dodow ara werɛ afi nokware anidaso. Nyamekyerɛfo Paul Tillich kae wɔ ɔkasa bi a nnansa yi ara na wotintimii mu sɛ: “[Tete] Kristofo no suae sɛ wɔbɛtwɛn awiei no. Nanso wɔde nkakrankakra gyae ɔtwɛn no. . . . Ɛwom sɛ na wɔbɔ asase so asetra foforo ho mpae wɔ Awurade Mpaebɔ no biara mu​—wo pɛ nyɛ asase so sɛnea ɛyɛ wɔ ɔsoro​—de, nanso ɛho anidaso a na wɔwɔ no mu gowee.”

Awerɛhosɛm bɛn ara ni! Nnipa ɔpepem, ɔpepepem mpo a wohia anidaso kɛse no nni bi, nanso wobetumi anya bi wɔ wɔn ankasa Bible mu. Hwɛ aba bɔne a asow! Esiane sɛ wonni anidaso pa a ɛbɔ wɔn adwene ho ban nti, so ɛyɛ nwonwa sɛ “adwene a ɛmfra” a anidaso biara nnim yi ama nnipa pii nam ɔbrasɛe ne basabasayɛ a abu so so agu wiase no ho fi? (Romafo 1:28) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛantɔ afiri koro no ara mu da. Sɛ́ anka yebeyi anidaso dade kyɛw no afi hɔ no, ehia sɛ yehyem den daa mmom.

Sɛnea Wobɛma Wo Gyidi mu Ayɛ Den

Ɔkwan a eye sen biara a wobɛfa so ama wo gyidi mu ayɛ den ne sɛ wubehu ne fibea, Yehowa Nyankopɔn. Sua n’Asɛm Bible no yiye. Romafo 15:4 ka sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn kyerɛkyerɛ sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.”

Bio nso, ɛsɛ sɛ yehu sɛ daakye anidaso a yɛwɔ no nyɛ ade hunu bi ara kwa. Ɛsɛ sɛ yɛma no yɛ biribi a ɛwɔ hɔ ampa wɔ yɛn adwenem. So w’ani da so sɛ wobɛtra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so? So wobɛpɛ sɛ wuhyia w’adɔfo a wɔawuwu bere a wɔanyan wɔn wɔ asase so no? Sɛ saa a, so wofa no sɛ wowɔ hɔ saa bere no? Sɛ́ nhwɛso no, Yesaia 65:21, 22 ka sɛ yɛn mu biara besi ɔno ankasa ne fie na watra mu. So wubetumi akata w’ani na woafa wo ho sɛ woreyɛ wo fie foforo no suhyɛ ho adwuma, na worebɔ nsɛmso dua a etwa to no mu dadewa? Wo de susuw ho sɛ worehwɛ nea afi wo nhyehyɛe ne wo brɛ mu aba no. Adansi mu dede a ɛyɛ ahomeka no ano brɛ ase; sɛ owia tom kakra a, wohwɛ nhwiren a woaduadua no. Mframa ma nnua no hinhim nkakrankakra, na wo brɛ no so tew. Wote mmofra serew a ɛne nnomaa su adi afra. Esiane sɛ wowɔ ɔdan so nti, wote w’adɔfo nkɔmmɔbɔ fi fam.

Anigye bere a ɛte sɛɛ a wubesusuw ho no nyɛ anidaso hunu; na mmom ɛyɛ nkɔmhyɛ bi a nea ɛte biara ɛbɛbam ho nsusuwii. (2 Korintofo 4:18) Dodow a anidaso yi yɛ paara ma wo no, dodow no ara na anidaso a wowɔ sɛ wobɛkɔ hɔ bi no yɛ kɛse. Anidaso a ntease wom a emu yɛ den sɛɛ yi bɛbɔ wo ho ban na ‘w’ani anwu asɛmpa no ho,’ biribi a ebetumi ama woakwati sɛ wobɛka akyerɛ afoforo. (Romafo 1:16) Mmom no, wobɛpɛ sɛ ‘wohoahoa wo ho anidaso no mu’ sɛnea ɔsomafo Paulo yɛɛ no denam ahotoso a wode bɛka akyerɛ afoforo no so.​—Hebrifo 3:6.

Pii wɔ hɔ sen daakye a ɛwɔ hɔ daa a ɛma yenya anidaso no. Nneɛma a ɛma yɛn anidaso nnɛ nso wɔ hɔ. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Afeha a ɛto so anum Y.B. Romani ɔmanyɛfo bi a wɔfrɛ no Cassiodorus kae sɛ: “Nea ohu mfaso a aba dedaw no wɔ daakye mfaso ho anidaso.” Nyansasɛm ampa! Sɛ yɛankyerɛ nhyira a ɛwɔ hɔ nnɛ ho anisɔ a, awerɛkyekye bɛn na yebenya wɔ daakye bɔhyɛ ahorow no mu?

Mpaebɔ nso ma yɛn gyidi mu yɛ den mprempren yi ara. Mpae a yɛbɔ wɔ daakye ho akyi no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn mprempren ahiade ahorow ho mpae nso. Yebetumi anya anidaso na yɛabɔ mpae ma yɛne yɛn abusua mufo ne yɛn yɔnko Kristofo ntam abusuabɔ anya nkɔso, na yɛabɔ mpae wɔ honhom mu aduan a edi hɔ no ne yɛn honam fam ahiade ahorow mpo ho. (Dwom 25:4; Mateo 6:11) Sɛ yegya anidaso a ɛte sɛɛ hyɛ Yehowa nsa a, ɛbɛboa ma yɛagyina mu da biara. (Dwom 55:22) Sɛ yegyina mu a, yɛn boasetɔ no ankasa nso bɛhyɛ yɛn anidaso dade kyɛw no mu den.​—Romafo 5:3-5.

Anidaso Adwene a Yebenya wɔ Nnipa Ho

Adwene a ɛmfata te sɛ nkannare a ɛwɔ anidaso dade kyɛw ho. Ɛwewe ade, na ɛde nkakrankakra betumi asɛe anidaso dade kyɛw no. So woasua sɛ wubehu wo mu adwene a ɛmfata na woadi so? Mma adwene a ɛne sɛ dinn a wobɛyɛ atew wo ho anya ɔkasatia su kyerɛ sɛ wunim nyansa no nnaadaa wo. Nokwarem no, adwene a ɛmfata kyerɛ nyansa a obi nnim.

Ɛnyɛ den koraa nso sɛ yebenya yɛn yɔnko nnipa ho adwene a ɛmfata. Wɔ ebinom fam no, esiane osuahu a ɛyɛ yaw a wonyae bere bi a atwam nti, wonni anidaso sɛ wobenya awerɛkyekye ne mmoa afi nnipa nkyɛn bio. Nea wɔka ara ne sɛ “nea ɔwɔ aka no suro osunson.” Ebia wɔbɛtwentwɛn wɔn nan ase mpo sɛ wɔbekɔ akɔhwehwɛ mmoa afi Kristofo mpanyimfo nkyɛn wɔ wɔn nsɛnnennen ho.

Bible no boa yɛn ma yenya nkurɔfo ho adwene a ɛkari pɛ kɛse. Ampa, nyansa nnim sɛ yɛde yɛn werɛ nyinaa bɛhyɛ nnipa mu. (Dwom 146:3, 4) Nanso wɔ Kristofo asafo mu no, mpanyimfo no di dwuma sɛ ‘akyɛde a efi Yehowa hɔ ma nnipa.’ (Efesofo 4:8, 11) Wɔyɛ Kristofo a wɔyɛ ahwɛyiye a wɔn ho akokwaw na wofi koma pa mu pɛ sɛ wɔyɛ sɛ “mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea.”​—Yesaia 32:2.

Afoforo pii a wɔwɔ Kristofo asafo no mu nso fi koma mu boa ma yenya anidaso. Wo de susuw ɔpehaha a mprempren wɔredi dwuma sɛ ɛnanom, agyanom, nuabeanom, nuabarimanom ne mma ma wɔn a wɔahwere wɔn abusuafo no ho hwɛ; susuw dodow a wɔyɛ sɛ nnamfo “a ɔfam ne ho sen onua” ma wɔn a wɔahaw nso ho hwɛ.​—Mmebusɛm 18:24; Marko 10:30.

Sɛ woabɔ mpae asrɛ Yehowa hɔ mmoa a, mpa abaw. Ebia na wama wo mmuae dedaw; sɛ woka w’ahiasɛm no ara pɛ a, ebia na ɔpanyin anaa Kristoni bi a ne ho akokwaw ayɛ krado mprempren yi ara sɛ ɔbɛboa wo. Nnipa mu ahotoso a ɛfata a yebenya bɔ yɛn ho ban na yɛantwe yɛn ho amfi obiara ho antew yɛn ho, ade a ebetumi ama yɛayɛ pɛsɛmenkominya na yɛayi su a ɛmfata adi.​—Mmebusɛm 18:1.

Afei nso, sɛ yɛne yɛn yɔnko Kristoni bi nya asɛm a, ɛnsɛ sɛ yɛde adwene a ɛmfata a anidaso biara nnim ka ho asɛm. Sɛ yɛde biribiara to nkyɛn a, ‘ɔdɔ wɔ ade nyinaa mu anidaso.’ (1 Korintofo 13:4-7) Bɔ mmɔden bu anuanom Kristofo sɛnea Yehowa bu wɔn​—nya wɔn ho anidaso. Fa w’adwene si wɔn su ahorow a eye no so, kyerɛ wɔn mu gyidi, na bɔ mmɔden sɛ wubesiesie nsɛnnennen. Anidaso a ɛte sɛɛ bɔ yɛn ho ban fi ntawtawdi ne akasakasa a ɛho nni mfaso mma obiara ho.

Mma anidaso biara a enni wiase dedaw a ɛretwam yi mu no nhyɛ wo so da. Anidaso wɔ hɔ​—ma yɛn daakye a ɛtra hɔ daa, ne yɛn nnɛyi nsɛnnennen pii ho dwumadi nyinaa. So wubenya anidaso? Sɛ yɛhyɛ nkwagye anidaso sɛ ahobammɔ dade kyɛw a, Yehowa somfo biara benya mmoa​—ɛmfa ho sɛnea tebea no yɛ den fa biara. Sɛ yɛn ankasa ampa abaw a, biribiara nni ɔsoro anaa asase so a ebetumi ayi anidaso a Yehowa de ama yɛn no afi hɔ.​—Fa toto Romafo 8:38, 39 ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena