Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 5/15 kr. 4-7
  • Bible Nkɔmhyɛ Ahorow yɛ Nokware Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nkɔmhyɛ Ahorow yɛ Nokware Dɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Israel ne Asiria wɔ Wiase Tumidi Mu
  • Wɔhyɛ Babilon Sɛe ho Nkɔm
  • Daakye a Awerɛhyem Wom ho Nkɔmhyɛ Ahorow
  • Nkɔmhyɛ Nhoma
    Amansan Nhoma
  • Yehowa Asɛm Yɛ Nokware!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Wubetumi De Wo Ho Ato Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow So?
    Nyan!—1995
  • Wobetumi Aka Nea Ɛbɛba Daakye Asie!
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 5/15 kr. 4-7

Bible Nkɔmhyɛ Ahorow yɛ Nokware Dɛn?

ABAKƆSƐM nhoma ahorow abu so nnɛ. Nsɛm a asisi ho kyerɛwtohɔ ahorow yi taa yɛ anika yiye. Bere a yɛkenkan no, yebetumi atwa yɛn ho mfonini wɔ tete tebea ahorow mu. Yɛn adwene mu mfonini no betumi ayɛ kɛse bere a ɛte sɛ nea nkurɔfo, mmeae, ne nsɛm pue fi nkratafa a yɛkenkan ara kwa mu no. Bible no yɛ nhoma a ɛte saa nea abakɔsɛm kyerɛwtohɔ ahorow a ɛyɛ anigye ayɛ no ma. Yɛnam emu nsɛm so betumi ahu mmarima ne mmea te sɛ Abraham, ne yere Sara, Ɔhene Dawid, Ɔhemmaa Ester, ne Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no, Yesu Kristo. Sɛnea yɛbɛka no no, yebetumi ne wɔn anantew, atie nea wɔkae, na yɛahu nea wohui. Nanso ebinom bu Bible no sɛ ɛsen abakɔsɛm nhoma koraa. Wogye di sɛ nea wɔafrɛ no abakɔsɛm a wɔkyerɛw siei wom. Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ nsɛm a wɔaka asie, anaa nkɔmhyɛ ahorow ahyɛ Bible no mu ma. Nanso, Bible nkɔmhyɛ ahorow yɛ nokware dɛn? Sɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow nyaa mmamu wɔ mmere a atwam mu a, so ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nkɔmhyɛ ahorow a ɛte saa a ɛfa daakye nsɛm ho bɛbam? Afei momma yensusuw nhwɛso binom ho nhwɛ sɛ nsɛm a Bible ka sie no bam anaa.

Israel ne Asiria wɔ Wiase Tumidi Mu

Onyankopɔn diyifo Yesaia, a ofii ase hyɛɛ nkɔm bɛyɛ 778 A.Y.B. no ka siei sɛ: “Na wobetiatia Efraim [Israel] asabofo ahantan abotiri no so, na n’ahokyerɛ ahyehyɛde nhwiren a ɛretwam a ɛwɔ srade bon atifi no ayɛ sɛ borɔdɔmakan a tew bere nnya nnui a obiara a ohu no nsa ka ara pɛ na wamene no.” (Yesaia 28:3, 4) Sɛnea wɔka siei no, eduu afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mfinimfini no, ná Israel ahenkurow, Samaria, ayɛ te sɛ borɔdɔma bi a abere a Asiriafo asraafo dɔm rebɛtew amene. Saa ara na ɛbae bere a Asiriafo dii Samaria so wɔ 740 A.Y.B. no.​—2 Ahene 17:6, 13, 18.

Bere kɔɔ so no, Asiria nso begyee din wɔ abakɔsɛm mu. Ná n’ahenkurow ne Niniwe, a na agye dinmɔne wɔ nnommum a wɔyɛ wɔn atirimɔdenne mu araa ma wɔfrɛɛ hɔ “mogya kurow” no. (Nahum 3:1) Ná Yehowa Nyankopɔn ankasa ahyɛ Niniwe sɛe ato hɔ. Sɛ́ nhwɛso no, Onyankopɔn nam odiyifo Nahum so kae se: “Hwɛ, me ne wo anya . . . mahura wo ho, na mede wo mayɛ ahwɛde. Na obiara a obehu wo no beguan wo, na waka sɛ: Niniwe adan akurofõ!” (Nahum 3: 5-7) Sefania nso kaa Asiria sɛe ne Niniwe amamfoyɛ ho asɛm siei. (Sefania 2:13-15) Nkɔmhyɛ ahorow yi nyaa mmamu wɔ 632 A.Y.B. mu, bere a Babilon hene Nabopolassar ne Mediani Cyaxares dɔm a wɔaka abom fow Niniwe na wɔsɛe hɔ pasaa ma ɛyɛɛ nwonwa no​—wɔsɛe no korakora araa ma wɔ bɛboro mfe 2,000 mu no na wonhu faako a kurow no wɔ. Babilon Ahemman no na edii hɔ wɔ wiase tumidi mu.

Wɔhyɛ Babilon Sɛe ho Nkɔm

Bible no ka siei sɛ wobetu Babilon Ahemman no agu, na ɛkaa sɛnea n’ahenkurow, Babilon, bɛhwe ase ho asɛm too hɔ. Yesaia bɔɔ kɔkɔ siei bɛyɛ mfeha abien ansa, sɛ Eufrate Asubɔnten no bɛyow. Ná ɛsen fa Babilon, na na apon a ɛda asubɔnten no so no yɛ kurow no ahobammɔ fã titiriw. Nkɔmhyɛ no bɔɔ Kores din sɛ ɔno na obedi so na ɛkae sɛ wɔrento Babilon “apon” no mu wɔ wɔn atamfo anim. (Yesaia 44:27-45:7) Ɛbae saa ara sɛ, Onyankopɔn hwɛ maa wɔanto apon a ɛwɔ Eufrate so no mu anadwo a Kores Ɔkɛse to hyɛɛ wɔn so, bere a na afahyɛ bi rekɔ so no. Enti, wɔfaa asubonka no mu hyɛn kurow no mu a wɔammrɛ, na wodii Babilon so.

Abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus kyerɛwee sɛ: “Kores . . . de ne dɔm no fã gyinaa beae a Eufrate no fa kɔ [Babilon] no, na ɔde ɔfã foforo nso gyinaa n’agya, baabi a ɛfa pue, na ɔde ahyɛde maa akuw abien no nyinaa sɛ, sɛ wohu sɛ nsu no atwe sɛnea ɛsɛ ara pɛ a, wɔmpae ɔkwan wɔ asubonka no ho. . . . Ɔnam osuka bi a otui so dan nsu no ani kɔɔ ɔtare (a saa bere no na ɛyɛ atɛkyɛ) no mu, na ɛmaa nsu a ɛwɔ asubonka no ankasa mu no yowee araa ma na wobetumi atwa, na Persia asraafo a na atirimpɔw yi nti wɔagyaw wɔn wɔ Babilon no sii nsu a afei de ɛdeda onipa srɛ ara kwa no mu tuu asuasu kɔɔ kurow no mu. . . . Ná afahyɛ bi rekɔ so, na bere a na kurow no rehwe ase no mpo wɔkɔɔ so sawee, na wogyee wɔn ani, kosii sɛ wohuu nea ɛresi ankasa a na ɛte sɛ adaeso no.”​—Herodotus​—The Histories, a Aubrey de Selincourt na ɔkyerɛɛ ase no.

Saa anadwo no ara, Onyankopɔn diyifo Daniel bɔɔ Babilon hene no kɔkɔ wɔ asiane a na ɛreba no ho. (Daniel, ti 5) Ɛno akyi no Babilon bi a ɛnyɛ den bae, na ɛtraa hɔ mfeha bi. Sɛ́ nhwɛso no, ɛho na ɔsomafo Petro kyerɛw ne krataa a efi honhom mu a edi kan wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no. (1 Petro 5:13) Nanso, na Yesaia nkɔmhyɛ no aka sɛ: “Babel,. . . ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora butuw a Onyankopɔn butuw wɔn no. Obi rentra mu da biara da.” Ná Onyankopɔn aka nso sɛ: ‘Metwa din ne wɔn a aka, mma ne mmanana, mafi Babel.’ (Yesaia 13:19-22; 14:22) Sɛnea wɔka siei no, awiei koraa no, Babilon bɛyɛɛ amamfõ. Saa tete kurow no a ebia wɔbɛsan akyekye no betumi atwetwe akwantufo de, nanso na wɔatwa ne “mma ne mmanana” afi mu ara.

Daniel​—Yehowa diyifo a na ɔwɔ Babilon bere a ɛhwee ase no​—nyaa Mediafo ne Persiafo a wodii kurow no so no ho anisoadehu. Ohuu odwennini bi a ɔwɔ mmɛn abien ne ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn wɔ n’ani ntam. Ɔpapo no tow hyɛɛ odwennini no so na osii no hwee fam bubuu ne mmɛn abien no. Afei ɔpapo no abɛn kɛse no bui, na mmɛn anan fifii ananmu. (Daniel 8:1-8) Sɛnea Bible ka siei, ne sɛnea abakɔsɛm asi so dua no, na odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no gyina hɔ ma Media ne Persia. Ná ɔpapo no gyina hɔ ma Hela. Na ‘n’abɛn kɛse’ no nso ɛ? Aleksanda Ɔkɛse na obegyinaa hɔ maa eyi. Bere a sɛnkyerɛnne kwan so abɛn kɛse no bui no, sɛnkyerɛnne kwan so mmɛn (anaa, ahenni ahorow) anan besii n’ananmu. Sɛnea nkɔmhyɛ no kyerɛe pɛpɛɛpɛ no, Aleksanda wu akyi no, n’asahene baanan bedii tumi​—Ptolemy Lagus wɔ Misraim ne Palestina; Seleucus Nicator wɔ Mesopotamia ne Siria; Cassander wɔ Makedonia ne Hela; ne Lysimachus wɔ Thrace ne Asia Kumaa.​—Daniel 8: 20-22.

Daakye a Awerɛhyem Wom ho Nkɔmhyɛ Ahorow

Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa nsɛm te sɛ Babilon amamfoyɛ ne Media ne Persia a wobetu agu ho yɛ Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ pii a enyaa mmamu tete no ‘ho nhwɛso ara kwa. Wɔaka daakye a awerɛhyem wom a Mesia no, Nea Onyankopɔn Asra no no na ɔbɛma abam ho nsɛm nso asie wɔ Bible no mu.

Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no akyerɛwfo kae sɛ Mesia ho nsɛm a wɔka siei wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no bi fa Yesu Kristo ho. Sɛ́ nhwɛso no, Nsɛmpa akyerɛwfo daa no adi sɛ wɔwoo Yesu wɔ Betlehem, sɛnea odiyifo Mika ka siei no. (Mika 5:2; Luka 2:4-11; Yohane 7:42) Wokum nkokoaa wɔ Yesu awo akyi maa Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu. (Yeremia 31:15; Mateo 2:16-18) Sakaria nsɛm no (9:9) baa mu bere a Kristo traa afurum ba so kɔɔ Yerusalem no. (Yohane 12:12-15) Na bere a wɔsɛn Yesu akyi a asraafo kyekyɛɛ ne ntama mu no, ɛmaa odwontofo no nsɛm no baa mu: “Wɔkyɛ me ntama mu fa, na m’atade so na wɔbɔ ntonto.”​—Dwom 22:18.

Mesia ho nkɔmhyɛ afoforo dan adwene kɔ anigye bere bi ma adesemma abusua no so. Wɔ anisoadehu mu no, Daniel huu “obi a ɔte sɛ onipa ba” sɛ ɔregye “tumi ne anuonyam ne ahenni” afi Yehowa, “nea ne nna akyɛ no,” nkyɛn. (Daniel 7:13, 14) Yesaia ka faa ɔsoro Hene, Yesu Kristo Mesia nniso no ho sɛ: “Wɔafrɛ ne din sɛ: Nwonwa, Ɔfotufo, Onyankopɔn-tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoe-hene; na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa. Asafo [Yehowa] mmɔdenbɔ na ɛbɛyɛ eyi.”​—Yesaia 9:6, 7.

Ɛsɛ sɛ biribi a ɛho hia yiye si ansa na Mesia trenee nniso no adi tumi korakora. Wɔkaa eyi nso siei wɔ Bible no mu. Odwontofo no kae wɔ Mesia Hene no ho sɛ: “Otumfo, fa w’afoa bɔ w’asen . . . Fa w’anuonyam kɔ w’anim wɔ nkonimdi mu; kɔ so di ma nokware ne ahobrɛase ne trenee.” (Dwom 45:3, 4, New World Translation) Kyerɛwnsɛm no reka yɛn nna yi ho asɛm no, ɛka siei nso sɛ: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”​—Daniel 2:44.

Dwom 72 ma yehu tebea ahorow a Mesia nniso no de bɛba no sie. Sɛ́ nhwɛso no, “ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio.” (Nkyekyem 7) Nhyɛso ne basabasayɛ biara mma. (Nkyekyem 14) Ɔkɔm renne obiara, efisɛ “asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” (Nkyekyem 16) Na wo de susuw ho hwɛ! Wubetumi anya eyi ne nhyira afoforo wɔ paradise asase so, bere a wɔde wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no asi mprempren nneɛma nhyehyɛe no ananmu no.​—Luka 23:43; 2 Petro 3:11-13; Adiyisɛm 21:1-5.

Ɛnde, Ɛda adi sɛ ɛfata sɛ wohwehwɛ nsɛm a Bible ka sie mu. Enti, dɛn nti na wummisa ɛho nsɛm pii mfi Yehowa Adansefo hɔ? Bible nkɔmhyɛ ahorow a wobɛhwehwɛ mu no betumi aboa wo ma woahu bere ko a yewom. Ebetumi nso akanyan Yehowa Nyankopɔn ne ne nhyehyɛe fɛfɛ a ɔnam so de daa nhyira bɛma wɔn a wɔdɔ no na wotie no nyinaa no ho anisɔ kɛse wɔ wo komam.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

DSo wunim nea Daniel anisoadehu a ɛfa ɔpapo ne odwennini bi ho no kyerɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 7]

So wubenya Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa asetra a ɛyɛ anigye wɔ paradise asase so ho no mmamu mu kyɛfa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena