Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛsom Yehowa?
YEHOWA da no abɛn! ‘Ahohiahia kɛse’ no abɛn, na sɛ woansom Onyankopɔn a, wumfi mu nnya nkwa.” Sɛ obi kaa saa kyerɛɛ wo a, anka wobɛyɛ dɛn?—Sefania 2:2, 3; Mateo 24:21.
Nokware, ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa da no tra yɛn adwene mu, na sɛ obi befi ahohiahia kɛse a abɛn no mu aka a, egyina nokwaredi a ɔde som Onyankopɔn so. Nanso so saa nokwasɛm ahorow yi titiriw nti na ɛsɛ sɛ yɛde ɔsom kronn ma Yehowa Nyankopɔn? Dɛn nti na wosom Yehowa?
Adwene a Ɛfata Ho Hia
Sɛ obi amfa adwene a ɛfata ansom Onyankopɔn, na nneɛma a ɔhwɛ kwan no amma mu wɔ bere bi mu a, ebia obegyae. Sɛ́ nhwɛso no, nkurɔfo bi hwɛɛ kwan sɛ Yesu Kristo bɛsan aba wɔ 1843 anaasɛ 1844, mfe a etwaam kɔe a wɔn anidaso ahorow no ammam no mu. Nea ɛyɛ anika wɔ eyi ho ne nea George Storrs, Bible Examiner no kyerɛwfo ne akyiri yi, Charles Taze Russel, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan no yɔnko, kyerɛwee no. Storrs kyerɛwee wɔ September 1846 Bible Examiner no mu sɛ:
“Asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛsom Onyankopɔn no korɔn sen nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛda no abɛn sen biara no koraa. . . . Sɛnea ebetumi aba no, sɛ 1846 ne 1847 twam kɔ na yɛanhu mmae a ɛto so abien no a, nea ebefi mu aba no bɛyɛ huammɔdi a wontumi nte ase koraa. Osuahu da eyi adi—mekyerɛ 1843 ne 1844 suahu no. Nnipa a wɔkyerɛɛ sɛ ‘wɔakanyan wɔn ma wɔresom Onyankopɔn,’ sɛnea ɛsɛ sɛ dawurubɔ a ɛkyerɛ sɛ bere aso sɛ Awurade ba no ma wɔyɛ no mu dodow no ara wɔ he nnɛ? Na meka bio—ƐHE!!! Bɛyɛ wɔn mu 10 biara mu 1 pɛ na wɔda so ara nantew ma ɛne Kristofo a wose wɔyɛ no hyia nnɛ. Dɛn nti na ɛnte saa? Adwene a ɛnteɛ na ɛkanyan wɔn. Wɔn pɛsɛmenkominya titiriw ne ade a ɛkanyan wɔn. Ná wɔte sɛ ɔbɔnefo a ɔda yarepa so anaa ɔwɔ po so ahum mu a ɔte nka sɛ ne wu abɛn. Sɛ obewu de a, ɔbɛyɛ Kristoni. Sɛ onim sɛ onni asiane mu de a, ɔbɛyɛ anibiannaso sɛnea ɔte daa no.”
Adwenhorow a Ɛteɛ a Wɔde Som
Pɛsɛmenkominya ne ɔsɛe ho suro betumi aka ebinom ma wɔayɛ Yehowa apɛde a emfi wɔn komam. Asetra wɔ Paradise ho anidaso betumi agye afoforo adwene araa ma wobetumi asom Onyankopɔn esiane ɛno ara nti. Nanso, sɛ wɔn a adwenhorow a ɛte saa titiriw na ɛkanyan wɔn no susuw sɛ ahohiahia kɛse no mmɛnee pii saa a, ebia ɛmma wɔmfa nsiyɛ nsom Onyankopɔn.
Nokwarem no, Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ne nhyira horow a wɔaka ho asɛm asie a yebenya mu anigye no nyɛ pɛsɛmenkominya. Ɔpɛ sɛ yɛn ani gye wɔ anidaso ahorow a ɔde ama yɛn no ho sɛ́ ne Ba Yesu Kristo akyidifo. Ɔsomafo Paulo kae se: “Momma mo ani nnye anidaso mu.” Na ɔde kaa ho sɛ: “Ahohia mu montɔ mo bo ase, munkura mpaebɔ mu ara!” (Romafo 12:12) ‘Yehowa anigye’ a mpaebɔ ka ho boa yɛn ma yegyina sɔhwɛ ahorow ano na yɛde boasetɔ twɛn bere a Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no bɛbam. (Nehemia 8:10) Nanso, yɛwɔ ntease pii a enti ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa. Eyinom bi ne dɛn?
Adwuma ne Hokwan
Sɛ́ Amansan Hene no, Yehowa fata na ɔhwehwɛ ɔsom a edi mu korakora. (Exodus 20:4, 5) Enti ɛmfa ho sɛ ebia ahohiahia kɛse no befi ase ɔkyena, afe a ɛbɛba no mu, anaa akyiri yi no, Kristoni biara wɔ asɛyɛde a ɛte saa ara wɔ Onyankopɔn anim. Esiane sɛ ofi koma, ɔkra, adwene ne ahoɔden nyinaa mu dɔ Nyankopɔn nti, ɛbɛkã no ma wasom Yehowa a pɛsɛmenkominya nnim. (Marko 12:30) Kristofo a wodi kan binom susuwii sɛ Yehowa da no abɛn, nanso nea wɔhwɛɛ kwan no ammam na wowui a wɔanhu adeyɛ no. (1 Tesalonikafo 5: 1-5; 2 Tesalonikafo 2:1-5) Nanso awiei no, Yesu akyidifo a wɔasra wɔn a wodii nokware kosii owu mu no nsa kaa owusɔre kɔɔ ɔsoro asetra mu.—Adiyisɛm 2:10.
Ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo a wɔabɔ wɔn asu de nokwaredi som no efisɛ wofi wɔn pɛ mu na wɔagye asɛyɛde no atom sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde. Wo de susuw ho hwɛ! Te sɛ abɔfo kronkron no, yebetumi ayɛ Amansan Hene no apɛde. (Dwom 103:20, 21) Hokwan a ɛte saa som bo maa Yesu araa ma ɔkae se: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.” (Yohane 4:34) Sɛ yɛwɔ honhom a ɛte saa ara a, yɛde nsi bɛpae mu aka Yehowa ayeyi na yɛaka n’atirimpɔw horow a wɔada no adi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no akyerɛ afoforo. Wɔ saa kwan no so no, yɛn nso yenya hokwan boa afoforo wɔ honhom mu. Na nokwarem no, ɔdɔ mu a yefi yɛ Onyankopɔn apɛde no yɛ hokwan nwonwaso, a bere a Yehowa da no fi ase mfa ho.
Anisɔ Kanyan Yɛn
Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a Onyankopɔn kyereɛ denam agyede a ɔnam ne Ba no afɔrebɔ so de mae ho anisɔ nso kanyan yɛn ma yɛsom Yehowa. Bere bi, na bɔne atwe yɛn afi Yehowa Nyankopɔn ho. Nanso, Yesu kae sɛ: “Na sɛnea Onyankopɔn dɔ [adesamma] wiase ni, obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Yehowa na odii kan yɛɛ ade wɔ eyi mu, sɛnea Paulo kyerɛw sɛ: “Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛ no, Kristo wu maa yɛn.” (Romafo 5:8) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn dɔ a oyii no adi kyerɛe sɛɛ no ho anisɔ ka yɛn ma yefi koma nyinaa mu som no.
Honhom ne honam fam nneɛma a Onyankopɔn de ma ho anisɔ nso de ntease foforo a enti ɛsɛ sɛ yɛsom no nokwaredi mu ma. Onyankopɔn Asɛm yɛ akwankyerɛ nhoma a yebetumi de yɛn ho ato so—yɛn kwan so kanea. Nhoma ahorow a wɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de ma no boa yɛn ma yɛtra ase ma ɛne ɔsoro apɛde ‘hyia. (Mateo 24:45-47; Dwom 119:105) Na esiane sɛ yɛhwehwɛ Ahenni no kan nti, Yehowa ma yɛn honam fam nneɛma nso. (Mateo 6:25-34) So worekyerɛ saa nneɛma yi ho anisɔ?
Ahofadi a Onyankopɔn de ama yɛn afi atoro som mu ho anisɔ de ntease foforo nti a ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa nokware mu ma. Babilon Kɛse, nyamesom mu aguaman no ‘te nsu pii so,’ kyerɛ sɛ “nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow.” (Adiyisɛm 17:1, 15) Nanso, ɔnte Yehowa asomfo so, onnya wɔn so nkɛntɛnso na onni wɔn so nyamesom mu. Sɛ́ nhwɛso no, wɔpow atoro nyamesom nkyerɛkyerɛ a ese onipa kra nwu no. Wonim sɛ wɔbɔɔ onipa sɛ “ɔkra teasefo,” sɛ awufo ‘nnim biribiara,’ ne sɛ owusɔre bi bɛba. (Genesis 2:7; Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Asomafo no Nnwuma 24:15) Enti wonsuro na wɔnsom awufo. So honhom mu ahofadi a ɛte sɛɛ ho anisɔ ma wopow ɔwae, na wobata Yehowa ɔsom kronn ho?—Yohane 8:32.
Ɛsɛ sɛ boa a Yehowa boa yɛn daa no ho anisɔ ma yɛn bo a yɛasi sɛ yɛde nokwaredi bɛsom no no yɛ kɛse. Odwontofo Dawid kae sɛ: “Nhyira ne [Yehowa] a ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn daa daa.” (Dwom 68:19) Odwontofo no kae wɔ baabi foforo nso sɛ: “Na m’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa] de, ogye me.” (Dwom 27:10) Yiw, obi a ɔde nokwaredi resom Yehowa betumi de ne sɛnkyerɛnne kwan so adesoa, te sɛ dadwen ne sɔhwɛ ahorow ato Onyankopɔn so. So wonam nokwaredi a wode resom Yehowa so rekyerɛ ne mmoa a enni huammɔ no ho anisɔ?—Dwom 145:14.
Yi Yehowa ne ne Tumidi Ayɛ
Ɛsɛ sɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebeyi Yehowa ayɛ nso ka yɛn ma yɛsom no. Wɔka ɔsoro abɔde ho asɛm sɛ wɔde nsɛm yi yi Onyankopɔn ayɛ sɛ: “[Yehowa], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.” (Adiyisɛm 4:11) Ɔhene Dawid yii Onyankopɔn ayɛ sɛ: “Wo [Yehowa] na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nimdi ne aseda wɔ wo . . . Wo, [Yehowa], na ahenni wɔ wo . . . Na ahonya ne anuonyam fi w’anim, na wo na wudi ade nyinaa so . . . yɛn Nyankopɔn, yɛn de, yɛda wo ase, na yeyi w’anuonyam din no ayɛ.” (1 Beresosɛm 29:10-13) Sɛ́ Yehowa asomfo no, so yɛnte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ano ne yɛn nneyɛe yi no ayɛ, bere a yɛretwɛn ne bɔhyɛ ahorow mmamu no?—1 Korintofo 10:31.
Ɔpɛ a emu yɛ den a yɛwɔ sɛ yɛbɛba Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm no yɛ ade foforo a ɛkanyan yɛn ma yɛsom Yehowa. Adwempa a ɛte saa no da adi yiye wɔ odwontofo no nsɛm yi mu: “[Yehowa], wo nnwuma nyinaa da wo ase, na w’ahotefo hyira wo. Wɔka w’ahenni anuonyam, na wɔbɔ wo mmaninyɛ din, sɛ wɔbɛma nnipa mma ahu ne mmaninne ne n’ahenni anuonyam a ɛharan no. W’ahenni yɛ daa ahenni, na wo tumidi fa awo ntoatoaso nyinaa mu.” (Dwom 145:10-13) Ahenni nkrasɛm a wɔka kyerɛ no yɛ Kristofo asɛyɛde ne adwuma a ɛho hia sen biara a wɔreyɛ wɔ yɛn nna yi mu. (Mateo 24:14; 28:19, 20) So wowɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wubeyi Yehowa ayɛ na woaka n’ahenni no ho asɛm akyerɛ afoforo?
Ɛsɛ sɛ Yehowa din a ɛho bɛtew ne ne tumidi a ɛho bɛsan ho hia yɛn araa ma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsom no wɔ nokwaredi mu. Yebetumi abɔ mpae sɛ Yehowa din ho ntew na ne tumidi ho nsan. (Mateo 6:9) Yebetumi ayɛ yɛn mpaebɔ no ho adwuma denam Kristofo ɔsom adwuma no a yɛde yɛn ho behyem daa ne nsɛm a ɛho hia saa ho nokwasɛm a yɛbɛma ahyeta so.—Hesekiel 36:23; 39:7.
Anigye ne Abotɔyam
Sɛ yɛsom Yehowa nokwaredi mu a, yenya abotɔyam denam ne koma a yɛma ɛtɔ ne yam, ne Ɔbonsam a yɛma ɔyɛ ɔtorofo so. Ɛwom sɛ Satan fi atorodi mu kyerɛ sɛ nkurɔfo som Onyankopɔn esiane pɛsɛmenkominya adwenhorow nti de, nanso ɔdɔ mu a yefi de nokwaredi som Yehowa no ma ɔhohorabɔfo no asɛm no yɛ atoro. (Hiob 1:8-12) Eyi ma yenya ntease pa a yɛde bɛkɔ so ayɛ nea wɔaka wɔ Mmebusɛm 27:11 no: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.”
Afei, sɛ yɛde nokwaredi som Yehowa, a nea Satan yɛ de siw yɛn kwan biara mfa ho a, ɛda adi sɛ yɛn mudi mu kura bɛhyɛ mfɛfo gyidifo den.—Filipifo 1:12-14.
Ɛsɛ sɛ anigye ne abotɔyam a yenya wɔ honhom fam otwa adwuma no mu no kanyan yɛn ma yɛsom Yehowa nokware mu. Yesu nyaa anigye fii nkurɔfo a ɔboaa wɔn, titiriw wɔ honhom fam no mu. Mateo 9:35-38 se: “Yesu kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa. Na ohuu nkurɔfo akuwakuw no, ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo. Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!” Sɛ otwa adwuma no kyɛ sen sɛnea yɛhwɛɛ kwan no a, eyi bɛma yɛn hokwan pii ma yɛanya anigye ne abotɔyam denam afoforo a yɛbɛboa wɔn wɔ honhom fam no so. Eyi nso yɛ ɔkwan a yɛfa so kyerɛ yɔnko dɔ a wɔhwehwɛ wɔ yɛn nyinaa ho no.—Mateo 22:39.
Dɛn Nti na Wosom Onyankopɔn?
Yɛasusuw ntease pa pii a ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛsom Yehowa wɔ nokwaredi mu no mu kakraa bi pɛ ho. Eye sɛ yɛde mpaebɔ susuw nea enti a yɛn ankasa resom Onyankopɔn ho, efisɛ yɛn mu biara bebu akontaa akyerɛ no. (Romafo 14:12; Hebrifo 4:13) Na wɔn a wɔbɛkɔ so akura pɛsɛmenkominya adwene ara kwa no rennya ɔsoro dom.
Sɛ Yehowa din a ɛho bɛtew titiriw na ehia yɛn, na sɛ yɛde ɔsom kronn rema Onyankopɔn, na emfi pɛsɛmenkominya adwene mu a, dɛn na yebetumi ahwɛ kwan? Yiw, Yehowa behyira yɛn ne yɛn som! (Mmebusɛm 10:22) Yebenya asetra a enni awiei nso esiane sɛ yɛde nokwaredi som Yehowa nti.
[Mfonini wɔ kratafa 9]
Nnipa mpempem pii som Yehowa wɔ Japan
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Yehowa a wɔsom no wɔ Côte d’lvoire
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]
SIX SERMONS, a George Storrs kyerɛwee (1855)