Anisɔ Ma Yehowa Mmoa a Enni Huammɔ No
SƐNEA SHARON GASKINS KA KYERƐE
PARADISE wɔ asase so! Mitwaa me ho mfonini sɛ meregoru wɔ sare fɛfɛ so, meredi afofantɔ akyi, me ne gyata mma regoru. Ná ɛyɛ anigyesɛm! Nanso na mewɔ adwenem naayɛ. M’anidaso kowiee abasamtu mu mpɛn pii dɛn ara!
Matra mmubuafo akongua mu fi bere a m’ani fii. Efi bere a wɔwoo me no, mmubui maa mmofraberem anigye mpo bɔɔ me. Mmofra afoforo huruhuruw na wɔtenaa baesekre so dii agoru, nanso me nko metraa faako, a mintumi nnantew. Enti bere a Maame de me kyin gyidi ayaresafo hɔ no, na yɛhwɛ anwonwade kwan denneennen. Mpɛn pii no na yɛsan kɔ a anwonwade biara nsi. Ná ɛyɛ huammɔdi ma me, nanso me maame dii ho yaw dɛn ara!
Bere a na me maame hwɛ nokware anidaso kwan no, ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no wɔ 1964 mfiase. Saa bere no na madi bɛyɛ mfe asia ne fã.
Ná ɛyɛ anigye sɛ yesuae sɛ bere bi na paradise fɛfɛ bi wɔ asase yi so. Nea ɛyɛ awerɛhow no, na onipa a odi kan, Adam, ahwere, nanso me kɔn dɔɔ abusuabɔ pa a na anka ɔne Nyankopɔn wɔ no. Sɛ me ne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ a, anka mɛte nka dɛn? Anaa sɛ anka metraa ase bere a n’ankasa ne Ba no baa asase so no nso ɛ? Me mfoninitwa no de me kɔɔ daakye Paradise no nso so. Ɛmfa ho sɛ na misua no, na minim sɛ yɛahu nokware no.
Maame fii ase de abusua no kɔɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so. Ná wɔn nhyiam horow no yɛ soronko koraa wɔ nea mahu wɔ nsɔre afoforo mu ho! Nkurɔfo no ne asa so hɔ kanyan me yiye.
Ná Ahenni Asa so a me maame de yɛn bɛkɔ no yɛ den. Ná me nuanom nketewa baasa ka me ho, na na yenni kar. Da a ɔwɔ sika no, na yɛfa taksi. Meda so ara kae sɛnea ɔbrɛe Kwasida biako bi. Yɛanhu taksi biara. Afei, ɔbarima bi de ne lɔre begyinae mpofirim, na ɔfaa yɛn. Yɛkaa akyi wɔ nhyiam no ase, nanso yeduu hɔ. Yɛn ani sɔɔ Yehowa mmoa dɛn ara!
Ankyɛ na yɛn honhom mu anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ kar fi ɔdɔ mu fi ase nnidiso nnidiso de yɛn kɔe. Maame nkuranhyɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma nhyiam horow pa yɛn ti so da gye sɛ yɛyare ankasa no kanyan m’adwene sɛ abofra ma mihuu hia a ehia sɛ ‘yehyiam no.’ (Hebrifo 10: 24, 25) Nea me maame suae no kaa no ma ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa na wɔbɔɔ no asu wɔ 1965 mu.
Saa bere no na manyin sɛnea ɛsɛ a m’ani betumi asɔ nhyiam horow no yiye. Wɔ Cypress Hills Asafo a ɛwɔ Brooklyn, New York mu no, na Europafo, abibifo, Hispanikfo, ne afoforo a wobom som wɔ hɔ. Ná ɛte sɛ nea ɛteɛ kɛse sɛ nkurɔfo a wosuro Onyankopɔn bɛtra wɔ nokware onuayɛ kwan so saa.—Dwom 133:1.
Me maame kyerɛɛ me ɔkwan a mɛfa so asiesie me ho ama nhyiam horow. Ná eyi nyɛ den adwene fam, nanso na ɛte saa wɔ honam fam. Mmubui ma nneɛma nketewa dan nnwuma akɛse. Ná mintumi ntwa nsensanee tee, sɛnea metumi asan mmuae ase wɔ yɛn nhoma ahorow a yɛde sua Bible mu, na ɛda so ara te saa. Nanso, bere a mekɔɔ so suae no me nsensanee no yɛɛ yiye kakra.
Ná nsɛm pii wɔ m’adwenem a metumi aka. Nanso sɛ nsɛm no refi adi afi m’anom a, na atu afra. Ná ehia sɛ migow me ho mu sɛnea me ntini mu nyere. Ná ɛsɛ sɛ mede m’adwene si asɛmfua biara so bɔ no fann sɛnea metumi biara. Sɛ mantumi amma mmuae sɛnea ɛsɛ sɛ meyɛ anaa mihu sɛ nkurɔfo ante me nsɛm no ase a, ɛma me haw. Nanso, bere a anuanom mmea ne mmarima a wɔwɔ asafo no mu huu me yiye no, wotumi tee me kasa ase yiye. Nanso asɛnnennen yi da so ara haw me bere ne bere mu.
Asram Asia a Ɔhaw Wom
Bere a midii mfe awotwe no, minyaa asram asia mu osuahu bi a anya me so nkɛntɛnso besi nnɛ. Ɛmfa ho ayaresa a minyae wɔ ɔhonam, dwumadi ne ɔkasa fam no, nnuruyɛfo no de me kɔɔ nsiesiei ayaresabea bi a ɛwɔ West Haverstraw, New York. Me ne me maame dii yaw. Mfe bi ansa na wɔde me rekɔ no, bere a nnuruyɛfo dii mfomso buu me sɛ m’adwene ho aka no, me maame ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔmfa me nkɔto adwenemyare ayaresabea. Enti na sɛ wobɛtew yɛn ntam bere tiaa bi mpo yɛ den ma no. Nanso ohui sɛ, sɛ metumi atew me ho afi ɔne me papa ho atra ase ma asi me yiye a, ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ m’ankasa tumi yɛ ade sɛnea ɛsɛ.
Ná ayaresabea hɔ ye, nanso na mete nka sɛ wɔapow me. Sɛnea misuu pii ne m’abufuw ntraso no daa sɛnea mete nka wɔ baabi a mewɔ ho no adi. Ɛtɔ da bi a, na m’awofo ntumi ntwa kwan a bɔs de nnɔnhwerew abiɛsa twa no mmɛsra me, titiriw esiane sɛ na Maame nyem ne ba a ɔto so anum no nti. Sɛ wɔresan akɔ a, na etumi haw me araa maa oduruyɛfo no kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔtew bere a wɔde ba hɔ no so. Wɔmaa me kwan ma mekɔɔ fie mprenu pɛ.
Nnuruyefo kyerɛɛ me sɛnea metumi de fagude a wɔde hyɛ nan ne apakye nnua a wɔde sumpii ama mu ayɛ duru anantew. Ná ɛte sɛ nea emu yɛ duru dodo. Nanso, emu duru no boaa me ma migyinaa pintinn, na amma m’anhwe ase. Ɛno na midii kan yɛe na ama me nkutoo atumi anantew a memfa fagude a mehyɛ nantew no.
Ná aduan mu twitwa, potwom mu toto —adwuma foforo biara a wɔde nsatea yɛ—yɛ den sɛ mɛyɛ anaa ɛtɔ da bi a entumi nyɛ yiye mpo. Nanso misuaa sɛnea m’ankasa betumi adidi na mahyɛ m’atade koduu baabi. Eyi boaa me akyiri yi wɔ Onyankopɔn a mesom no no mu.
Bere a me ntetee no baa awiei no, mesan baa fie bio. Maame ma mifii ase de nneɛma a masua no dii dwuma. Ná ɛno a meyɛe no yɛ nkate mu ko, efisɛ ɛwom sɛ na mepɛ sɛ m’ankasa mitumi yɛ nneɛma, nanso na ne yɛ no yɛ abasamtu, egye bere pii, na ɛyɛ ɔbrɛ. Hwɛ, ná egye nnɔnhwerew abien na masiesie me ho ama nhyiam horow no!
Sɛ yefi Ahenni Asa no so twa ɔkwan mu tee a, na m’ankasa me nantew. Ná ɛyɛ nkonimdi kɛse!
Da a M’ani Gyei Sen Biara wɔ M’asetra Mu
Me maame hwɛ maa abusua no nyaa honhom fam aduan a ɛfata. Ɔne me suaa ade, na na ɔpɛ sɛ mekenkan yɛn nsɛmma nhoma, Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a ɛbɛba biara. Ná ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma nhyiam horow, na yɛkɔ. Ɛwom sɛ mede nneɛma yi siee m’adwene ne me koma mu de, nanso mansusuw ho anibere so sɛ mehyira me nkwa so ama Yehowa na mede nsu mu asubɔ ayɛ ho sɛnkyerɛnne. Maame boaa me ma mihui sɛ ɛmfa ho sɛ minni apɔwmuden no, Onyankopɔn bu no sɛ me honhom fam asɛyɛde da m’ankasa so. Ná mintumi nhyɛn wiase foforo no mu a medan no korakora.
Ná medɔ Onyankopɔn, nanso me tebea no maa meyɛɛ soronko wɔ afoforo ho—ade a ɛyɛ yaw ma abofra sɛ obehu. Ná ɛyɛ den sɛ megye me mmerɛwyɛ atom. Abufuw hyɛɛ me so mpɛn pii, na na ɛsɛ sɛ midi eyi so ansa na wɔabɔ me asu. (Galatifo 5:19, 20) Na sɛ mantumi anni m’ahosohyira ma Yehowa no ho dwuma nso ɛ?
Me maame srɛɛ asafo mu ɔpanyin bi ma ɔne me kasae. Ɔde asɛm a Elia bisaa Israelfo no yɛɛ mfatoho sɛ: “Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi?” (1 Ahene 18:21) Ɛdaa adi sɛ na Yehowa ani nnye me nan ase a metwentwɛn no ho.
M’ani baa me ho so wɔ honhom mu, na mifi komam bɔɔ mpae srɛɛ Yehowa hɔ mmoa ne sɛnea metumi asi me bo ahyira me ho so ama no. Onuawa bi a ɔwɔ asafo no mu ne me suaa ade. Ná manyin sen no, na ne maame wui bere a na osua. Nanso, ohyiraa ne ho so maa Onyankopɔn bere a ɔyɛ abofra.
Bere a midii mfe 17 no, misii gyinae. Ná mepɛ sɛ mesom Yehowa sɛnea metumi biara. Ná August 9, 1974—da a wɔbɔɔ me asu no —yɛ da a m’ani gyei sen biara wɔ m’asetra mu.
Ɔsom Adwuma no mu Anigye
Ɔsom adwuma no a minyaa mu kyɛfa no de akwanside ahorow a ɛte sɛ mmepɔw bae. Asɛnnennen a na ɛsen biara ne sɛ mɛma wɔate nsɛm a meka ase. Mekasaa fann sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara. Na bere biara a ɛho hia no, na nea ɔka me ho wɔ asɛnka adwuma no mu no ti me nsɛm no mu kyerɛ ofiewura no. Ebinom nyaa adwene a ɛnteɛ, buu me sɛ Adansefo no de me repɛ mfaso. Nanso asɛnka adwuma yɛ hokwan a mewɔ, na mewɔ ɔpɛ sɛ meyɛ.
Apon ano a mekɔ wɔ ofie biako pɛ mpo mu tumi ma me brɛ kɛse. Afie pii a ɛwɔ yɛn asɛnka asasesin mu no wɔ antweri, na ɛmma mintumi nkɔ hɔ. Wɔ awɔw bere mu no, ɛkame ayɛ sɛ sukyerɛmma a ɛhyɛ mmɔnten so ma no mma mintumi nyɛ afie afie adwuma. (Asomafo no Nnwuma 20:20) Nanso, honhom fam anuanom aboa kɛse, na mprempren, Yehowa ahyira me ma manya mmubuafo akongua a afiri wom, a ɛmma asɛnka nyɛ den pii sɛ kan no.
Bere kɔɔ so no, mifii ase kyerɛw nkrataa de dii adanse. Ná entumi nyɛ yiye sɛ mede me nsa bɛkyerɛw nkrataa efisɛ na nnipa pii ntumi nkenkan me nkyerɛwee. Enti taeprata a ɛde anyinam ahoɔden yɛ adwuma na mede kyerɛwee. Esiane sɛ me nsa ntumi nyɛ adwuma yiye nti, mebɔɔ taepe bɔkɔɔ. Migye bere tenten de me nsa bɔ nkyerɛwde no biako so, na mehwɛ bɔ nkyerɛwde foforo so. Ebetumi adi bɛyɛ dɔnhwerew biako anaa nea ɛboro saa ansa na mede abɔ kratafa biako.
Ɛmfa ho sɛ mebrɛ ntɛmntɛm no, mesom sɛ akwampae boafo wɔ bere ne bere mu, de nnɔnhwerew 60 anaa nea ɛboro saa yɛ asɛnka adwuma ɔsram biara. Eyi hwehwɛ nhyehyɛe pa, mmɔdenbɔ kɛse, ne mfɛfo gyidifo mmoa. Wɔn akwampae honhom no hyɛ me nkuran. Maame nso ayɛ nhwɛso pa denam som a wasom sɛ daa ɔkwampaefo anaa ɔkwampaefo boafo, bere a ɔrehyia akwanside, ɔyare, ne asɛnnennen a ɛwɔ mmofra baason a ɔretete wɔn wɔ ofie a emu apaepae nyamesom fam mu no.
Metew Me Ho
Midii mfe 24 no, misii gyinae sɛ mɛtew me ho. Brooklyn fã a ɛne Bensonhurst a mitu kɔe no bɛyɛ nhyira. Ná Marlboro Asafo no te sɛ abusua a wɔbɛn ho bi. Ɛhyɛɛ me gyidi den dɛn ara sɛ me ne wɔn bɔe! Ɛwom sɛ kar abien anaa abiɛsa pɛ na na ɛwɔ asafo no mu de, nanso honhom fam anuanom no de me kɔɔ nhyiam no nyinaa. Nanso, mantra hɔ ankyɛ.
Bere a metee nka sɛ madi huammɔ no, mesan kɔɔ fie wɔ m’abusua nkyɛn, na mekɔɔ abasamtu kɛse mu mfe abiɛsa. Abufuw ntraso fii ase bio. Afei misusuw ho sɛ medi me ho dɔm mpɛn pii. Ná owu tu me bo daa. Nanso mede me ho too Onyankopɔn so kɛse, na mehyɛɛ bɔ sɛ mɛkyerɛ nkwa akyɛde no ho anisɔ. Minyaa awerɛkyekye ne afotu fii mpanyimfo no hɔ. Eyi ne mpaebɔ, kokoam adesua, boasetɔ a m’abusua nyae, ne ayaresafo mmoa siesiee me nsusuwii.
Ɛdenam Ɔwɛn-Aban so no, Yehowa fi ayamye mu de adwenemhaw kɛse ho nimdeɛ mae. Yiw, odwen ne nkurɔfo ho yiye, na ɔte yɛn nkate horow ase. (1 Petro 5:6, 7) Bere kɔɔ so no, adwenemhaw kɛse no brɛɛ ase. Mfe du akyi no, Yehowa da so ara boa me ma midi abasamtu ne adwenemhaw ho dwuma. Ɛtɔ da bi a, na nkate a minya sɛ me ho nhia no reyɛ ahyɛ me so. Nanso, mpaebɔ, Bible adesua, ne me honhom fam abusua no ma minya mmoa nwonwaso.
Bere a mehwehwɛɛ dan a mannya bi akyi no, mede amemenemfe sii gyinae sɛ me ne m’abusua bɛtra me nkwa nna nyinaa. Afei Yehowa buaa me mpaebɔ. Minyaa dan wɔ Bedford-Stuyvesant borɔn a ɛwɔ Brooklyn no so. Ahohuru bere awiei wɔ 1984 mu no, mitu kɔɔ hɔ, na matra hɔ abesi nnɛ.
Lafeyette Asafo a wɔwɔ ɔdɔ kɛse no mufo fi ayamye mu de me kɔɔ nhyiam horow no. Ade biako a meda so ara kae ne Nhoma mu Adesua a edi kan a mekɔɔ wɔ hɔ no. Wɔyɛe wɔ abansoro dan bi a ɛto so anan mu—na na afiri a wɔde foro abansoro biara nni hɔ! Yehowa mmoa nkutoo na ɛma mitumi foroo antweri no na misanee. Bere kɔɔ so no, wonyaa baabi a ɛhɔ kɔ nyɛ den. Na mprempren, Yehowa ahyira me ma manya hokwan sɛ wɔbɛyɛ Nhoma mu Adesua biako wɔ me fie.
Akwampae honhom a emu yɛ den wɔ asafo yi mu. Bere a mekɔɔ hɔ no, na akwampaefo bɛyɛ 30 a ebinom mpo boaa me akwan soronko so wɔ hɔ. Nsiyɛ honhom no kanyan me ma meyɛɛ akwanpaefo boafo mpɛn pii.
Wɔ April 1989 mu no, Lafayette Asafo ne Pratt Asafo sii Ahenni Asa foforo a ɛne me dan no wɔ ɔkwan biako so. Ná ɛyɛ ne berem nso, efisɛ esiane sɛ m’akwahosan akɔ fam kɛse nti, nantew asan ayɛ asɛnnennen. Nanso, esiane me mmubuafo akongua a ɛde afiri yɛ adwuma no ne honhom fam anuanom mmarima ne mmea a wɔboa me no nti, nhyiam kɔ ne ne ba yɛ anigye. M’ani sɔ mmoa a efi ɔdɔ mu no dɛn ara!
M’ani Sɔ Yehowa Mmoa
Ɛwom sɛ m’anan hinhim de, nanso me koma yɛ pintinn. Nhomasua a ɛyɛ maa asetra yɛɛ mmerɛw kakra maa me, nanso Onyankopɔn na wawowaw me. Ɛtɔ mmere bi a na minnim sɛnea ɛbɛyɛ a medidi, nanso Yehowa aboa me na wayɛ Ɔdemafo nokwafo. Dawid nsɛm yi som bo ma me yiye sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.”—Dwom 37:23-25.
Yehowa boaa me mpɛn pii ma mekɔɔ so yɛɛ nea ɛne Kyerɛwnsɛm no hyia denam mogya a ɔboaa me ma mepowee bere a wɔreyɛ me oprehyɛn no so. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Me papa awu nnansa yi ara. Obi a ɔbɛn me saa a ofii mu no haw me ankasa. Yehowa mmoa nkutoo na ama matumi agyina sɔhwɛ yi ne afoforo ano.
M’akwahosan betumi akɔ so asɛe, nanso Onyankopɔn mu ahotoso a mewɔ, abusuabɔ a me ne no wɔ na me nkwa gyina so. M’ani agye dɛn ara sɛ meka Yehowa nkurɔfo ho na mewɔ ne mmoa a enni huammɔ da no!