Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 8/1 kr. 10-15
  • Di Nkonim Wɔ Anibere Afiri A Wobɛkwati Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Di Nkonim Wɔ Anibere Afiri A Wobɛkwati Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Bɔ Yɛn Kɔkɔ wɔ Asiane Ho
  • Sika Anaa Ahonyade ho Anibere Sum Yɛn Afiri
  • Anibere wɔ Asetram Nneɛma Afoforo Ho
  • Kɔ So Si Wo Bo sɛ Wobɛkwati Anibere
  • Monkɔ So Nkwati Adifudepɛ Afiri No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Wubetumi Agye Wo Ho Afi Satan Mfiri Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Anya Sika Ho Adwene a Ɛkari Pɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Adifudepɛ—Ɔkwan Bɛn so na Ɛka Yɛn?
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 8/1 kr. 10-15

Di Nkonim Wɔ Anibere Afiri A Wobɛkwati Mu

“Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri [mu].” ​—1 TIMOTEO 6:9.

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mfiri ho hia yɛn?

EBIA nea asɛmfua “afiri” bɛma aba w’adwenem ne ɔbɔfo bi a ɔyɛ biribi de kyerɛ mmoa a wɔn ani nna wɔn ho so. Nanso, Onyankopɔn da no adi sɛ, afiri a ɛyɛ hu sen biara ma yɛn no nyɛ honam fam ade a ɛte saa, na mmom ɛyɛ nea ebetumi asum yɛn afiri wɔ honhom mu anaa abrabɔ fam. Ɔbonsam aben yiye wɔ mfiri a ɛte saa sum mu.​—2 Korintofo 2:11; 2 Timoteo 2:24-26.

2. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa boa yɛn ma yɛkwati mfiri a esiane wom? (b) Afiri pɔtee bɛn na yɛreka ho asɛm mprempren?

2 Yehowa boa yɛn ma yehu Satan mfiri a ɛdɔɔso na egu ahorow no bi. Sɛ́ nhwɛso no, Onyankopɔn bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, sɛ yɛankasa nyansam, ansusuw nsɛm ho yiye ansa na yɛaka, anaa sɛ yɛka nea ɛnsɛ sɛ yɛka a, yɛn ano betumi asum yɛn afiri. (Mmebusɛm 18:7; 20:25) Ahomaso betumi asum yɛn afiri sɛnea nnipa a wɔpɛ abufufa a yɛne wɔn bɛbɔ nso betumi asum yɛn afiri no. (Mmebusɛm 22: 24, 25; 29:25) Nanso momma yɛnnan adwene nkɔ afiri foforo so: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu.” (1 Timoteo 6:9) Yebetumi abɔ nea ɛhyɛ saa afiri no akyi anaa nea afiri no gyina so no mua sɛ “anibere.” Ɛwom sɛ mpɛn pii no wɔnam mmɔden a obi bɔ sɛ obenya ne ho so na ehu sɛ n’ani bere ade de, nanso anibere yɛ afiri ankasa a ɛwɔ afã ahorow pii.

Yehowa Bɔ Yɛn Kɔkɔ wɔ Asiane Ho

3, 4. Nnipa tete abakɔsɛm kyerɛ yɛn dɛn wɔ anibere ho?

3 Nea anibere kyerɛ titiriw ne sɛ yebenya ɔpɛ a ɛboro so de ahwehwɛ ade bi pii, sɛ́ ɛyɛ sika, ahonyade, tumi, ɔbarima ne ɔbea nna, anaa nneɛma afoforo. Ɛnyɛ yɛn na yedi kan a wɔde anibere asum yɛn afiri. Bere bi a atwam no, anibere sum Hawa ne afei Adam afiri wɔ Eden turo no mu. Ná Hawa hokafo no wɔ asetram osuahu sen no, na na Yehowa ankasa ama no akwankyerɛ. Ná Onyankopɔn ama wɔn paradise fie. Ná wobetumi anya nnuan pa ahorow pii afi asase pa so. Ná wobetumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛwo mma a wɔyɛ pɛ a wɔne wɔn bɛtra asom Onyankopɔn akosi daa. (Genesis 1:27-31; 2:15) So anka ɛno renyɛ nea ɛfata a ɛbɛma onipa biara koma atɔ ne yam?

4 Nanso, nea ɛfata a obi wɔ no nkyerɛ sɛ anibere ntumi nsum no afiri. Nea esum Hawa afiri ne anidaso a onyae sɛ ɔbɛyɛ sɛ Onyankopɔn anya ahofadi kɛse na ɔno ankasa ayɛ nea ɔpɛ. Ɛbɛyɛ sɛ na Adam pɛ sɛ ɔne ne hokafo hoɔfɛfo no ko so tra daa, a nea ɔbɛhwere biara mfa ho. Esiane sɛ anibere sum nnipa a wɔyɛ pɛ yi mpo afiri nti, wubetumi ahu nea enti a ebetumi ayɛ asiane ama yɛn.

5. Anibere afiri a yɛbɛkwati no ho hia yɛn dɛn?

5 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na anibere ansum yɛn afiri, efisɛ ɔsomafo Paulo bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo, nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo . . . rennya Onyankopon ahenni no.” (1 Korintofo 6:9, 10) Paulo ka kyerɛɛ yɛn bio se: “Na aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu.” (Efesofo 5:3) Enti ɛnsɛ sɛ anibere yɛ biribi mpo a yɛn sɛ́ nnipa a yɛtɔ sin no bɔ ho nkɔmmɔ de gyegye yɛn ani.

6, 7. (a) Bible mu nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ anibere wɔ tumi kɛse? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ nhwɛso ahorow no yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn?

6 Yehowa akyerɛw nhwɛso horow ato hɔ na ama yɛahu asiane a ɛwɔ anibere mu. Kae Akan anibere no. Onyankopɔn kae sɛ wɔnsɛe Yeriko, nanso emu sika, dwetɛ, kɔbere ne dade nneɛma de, ɔkae sɛ wɔmfa nkɔ N’adekorabea. Ebia Akan yɛɛ n’adwene mfiase no sɛ obedi mmara no so, nanso anibere sum no afiri. Bere a oduu Yeriko no, ɛyɛɛ no sɛ wasi gua bi a nneɛma a ɛyɛ fo a onhuu bi da wom mu a atade a ɛyɛ fɛ a ɛne ne ho yɛ pɛ ka ho. Bere a ɔfaa sika ne dwetɛ a ne bo bɛyɛ cedi ɔpepem pii no, ɛbɛyɛ sɛ ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, ‘Manya! Ɛyɛ fo te sɛ akorɔnne.’ Ná ɛyɛ akorɔnne nso ampa! Esiane sɛ Akan ani beree nea ɛsɛ sɛ wɔsɛe no anaasɛ wɔde kɔ adekorabea ho nti, owiaa Onyankopɔn ade, na ɛma wokum no. (Yosua 6:17-19; 7:20-26) Susuw Gehasi ne Yuda Iskariot nhwɛso no nso ho hwɛ. 2 Ahene 5:8-27; Yohane 6:64; 12:2-6.

7 Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nokwasɛm yi so sɛ ná nnipa baasa a yɛabobɔ wɔn din dedaw no nyɛ abosonsomfo a wonnim Yehowa mmara. Mmom no, na wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn. Ná wɔn nyinaa de wɔn ani ahu anwonwade ahorow a anka ɛsɛ sɛ ɛma wohu Onyankopɔn tumi yiye ne hia a ehia sɛ wɔkɔ so nya n’anim dom. Nanso, anibere afiri na ɛde wɔn asehwe bae. Sɛ yɛn nso yɛma anibere biara sum yɛn afiri a, ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no. Nneɛma bɛn ho anibere na ebetumi ayɛ esiane kɛse ama yɛn?

Sika Anaa Ahonyade ho Anibere Sum Yɛn Afiri

8. Kɔkɔbɔ bɛn na Bible de ma wɔ ahonyade ho?

8 Kristofo dodow no ara ate Bible mu kɔkɔbɔ ahorow a emu da hɔ a ɛfa sika ho dɔ, anaa ahonyade ho akɔnnɔ a yebenya no ho. Dɛn nti na yɛnhwehwɛ eyinom bi mu bio sɛnea yehu wɔ Mateo 6:24-33; Luka 12:13-21; ne 1 Timoteo 6:9, 10 no? Ebia wobɛte nka sɛ wugye afotu a ɛte sɛɛ tom, na wode di dwuma, nanso so anka Akan, Gehasi, ne Yuda nso nka sɛ wogye toom? Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii sen yɛn adwene ara kwa a yɛde begye atom no. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na sika anaa ahonyade ho anibere ansum yɛn afiri wɔ yɛn da biara da asetra mu.

9. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yehwehwɛ su a yɛwɔ wɔ nneɛma totɔ ho mu hwɛ?

9 Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ yɛtotɔ nneɛma pii​—aduan, nea yɛde befura ne nneɛma a yebehia wɔ fie da biara. (Genesis 42:1-3; 2 Ahene 12:11, 12; Mmebusɛm 31:14, 16; Luka 9:13; 17:28; 22:36) Nanso adetɔnfo hyɛ yɛn nkuran ma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛtɔ nneɛma a aba so foforo pii. Nneɛma ho dawuru a wɔbɔ wɔ atesɛm nkrataa, nsɛmma nhoma ahorow mu, ne TV so no pii yɛ anibere ho nkuranhyɛ a wɔmma ɛnna adi. Nkuranhyɛ horow a ɛte sɛɛ yi betumi akɔ so wɔ sotɔɔ ahorow a wɔasensɛn mmea ntade bi [blouse], ntade a wɔhyɛ wɔ soro [coat], nea wɔde ko awɔw, a mpaboa foforo, elɛktrɔnik nneɛma [te sɛ tape, TV, wɔɔkye] ne kamera ahorow wom nso mu. Ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ Kristofo bebisa wɔn ho sɛ, ‘So nneɛma totɔ abɛyɛ ade titiriw anaa biribi a m’ani gye ho sen biara wɔ m’asetra mu?’ ‘So mihia nneɛma fofofo a mihu no ampa, anaa adetɔnfo redua anibere aba wɔ me mu ara kwa?’​—1 Yohane 2:16.

10. Anibere ho afiri bɛn na ɛyɛ asiane ma mmarima titiriw?

10 Sɛ nnɛema totɔ tumi sum mmea pii afiri a, saa ara na sika a wɔpɛ no pii tumi sum mmarima pii nso afiri. Yesu de ɔdefo bi yɛɛ afiri yi ho nhwɛso sɛ, ná onya sika pii, nanso osii ne bo sɛ ‘obeburuw n’asan na wasi akɛse; na ɛhɔ na ɔde ne nnɔbae nyinaa ne ne nneɛma pa besie.’ Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu daa asiane a ɛwom no adi sɛ: ‘Monhwɛ na monhwɛ mo ho yiye adifudepɛ’ anaa anibere ho. (Luka 12:15-21) Sɛ́ yɛyɛ adefo anaa yɛnyɛ bi no, ɛsɛ sɛ yedi afotu no so.

11. Ɔkwan bɛn so na sika pii ho anibere betumi asum Kristoni bi afiri?

11 Mpɛn pii no, wɔnam nnaadaa so hyɛ sika pii anaa nneɛma a sika tumi tɔ ho anibere ho nkuran. Wobetumi de ɔkwan bi a wɔnam so nya sika ntɛmntɛm ato yɛn anim​—ebia obi nkwa nna mu hokwan biako pɛ a ɔnam ɔkwan a asiane wom so bɛpɛ sika pii. Anaa ebia biribi bɛka obi ma wafa ɔkwan a ɛmfata anaa aguadi mu nneyeɛ a mmara mma kwan so anya sika. Anibere ho akɔnnɔ yi betumi ahyɛ yɛn so na asum yɛn afiri. (Dwom 62:10; Mmebusɛm 11:1; 20:10) Kristofo asafo no mufo binom afi nnwuma pii ase a wɔn anidaso ne sɛ wɔn nuanom a wogye wɔn di na wɔbɛtɔ wɔn nneɛma no titiriw. Sɛ ɛnyɛ wɔn atirimpɔw ne sɛ nneɛma a wɔn nuanom hia na wɔbɛtɔn ama wɔn anaa adwuma a wohia na wɔbɛye ama wɔn denam ‘mmɔden a wɔbɛbɔ de wɔn nsa ayɛ adwuma pa so,’ na sɛ wɔn atirimpɔw ne sɛ wɔbɛfa wɔn yɔnko Kristofo so anya sika ntɛm a, ɛnde na wɔde anibere na ɛrepɛ sika. (Efesofo 4:28; Mmebusɛm 20:21; 31:17-19, 24; 2 Tesalonikafo 3:8-12) Sikanibere ama ebinom nam lototwa ne nneɛma afoforo so to kyakya. Afoforo a wonni tema ne ntease apere wɔn ho de wɔn ho akɔhyɛ mansotwe mu, a wɔn anidaso ne sɛ wobenya sika anaa mpatade kɛse.

12. Yɛyɛ dɛn hu sɛ yebetumi adi ahonyade ho anibere so?

12 Nea yɛabobɔ din dedaw yi yɛ nneɛma a yebetumi agyina so ahwehwɛ yɛn ho mu ahwɛ na ama yɛahu ampa sɛ ebia anibere wɔ yɛn fam anaa. Sɛ ɛte saa mpo a, yebetumi asakra. Kae sɛ Sakeo sakrae. (Luka 19:1-10) Sɛ obi hu sɛ sika anaa ahonyade ho anibere wɔ ne mu a, ɛsɛ sɛ osi ne bo sɛnea Sakeo yɛe no na oguan fi afiri no ho.​—Yeremia 17:9.

Anibere wɔ Asetram Nneɛma Afoforo Ho

13. Anibere ho afiri foforo bɛn na Dwom 10:18 twe yɛn adwene si so?

13 Ɛyɛ mmerɛw kɛse ma ebinom sɛ wobehu anibere ho asiane wɔ sika anaa ahonyade mu sen akwan foforo a ɛda adi wɔ mu no. Hela kasa mu nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka sɛ nsɛmfua a wɔkyerɛ ase “anibere” anaa “adifudepɛ” no kyerɛ sɛ “‘obi bɛpɛ biribi pii,’ ebetumi ayɛ tumi ne nea ɛkeka ho, ne agyapade nso.” Yiw, anibere a yɛde bedi tumi wɔ afoforo so ma ebia wɔn ho apopo wɔ yɛn tumidi ase no betumi asum yɛn afiri.​—Dwom 10:18.

14. Nneɛma bɛn mu na tumidi ho akɔnnɔ de ɔhaw ɛba?

14 Efi tete na adesamma a wɔtɔ sin ani agye ho sɛ wobedi tumi wɔ afoforo so. Onyankopɔn hu siei sɛ awerɛhosɛm a ebefi adesemma bɔne mu aba ne sɛ mmarima pii ‘bedi’ wɔn yerenom so. (Genesis 3:16) Nanso saa sintɔ yi akɔ akyiri sen aware mu. Mfe mpempem pii akyi no, Bible kyerɛwfo bi hui sɛ “onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Ebia wunim sɛnea eyi ayɛ nokware wɔ amammui ne sraadi nsɛm mu, nanso so ebetumi aba sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ama tumi ne nkɛntɛnso a yɛn ankasa wɔ no ayɛ kɛse wɔ faako a yɛwɔ tumi no?

15, 16. Nneɛma bɛn mu na tumi pii ho akɔnnɔ betumi asum Kristoni bi afiri? (Filipifo 2:3)

15 Yɛn nyinaa ne nnipa afoforo bɔ abusua​—wɔ yɛn yere ne yɛn mma anaa yɛn abusuafo mu, wɔ yɛn adwuma anaa sukuu mu, wɔ nnamfo ne asafo no mu. Ɛtɔ mmere bi a, anaasɛ mpɛn pii no, yebetumi akyerɛ yɛn adwene wɔ biribi a wɔbɛyɛ, sɛnea wɔbɛyɛ no, ne bere a wɔde bɛyɛ ho. Ɛno ankasa nyɛ mfomso anaa bɔne. Nanso so yɛn ani gye boro so sɛ yɛde tumi a ebia yɛwɔ redi dwuma? So ebetumi aba sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ kankabi na yɛkɔ so yɛ saa bere nyinaa? Adwuma mu mpanyimfo a wɔyɛ wiasefo taa da suban yi adi denam nkurɔfo a wɔpene nea wɔyɛ biara so a wɔnhwehwɛ nneɛma mu na wonsiw ɔpɛ (anibere) a wɔn mpanyimfo wɔ sɛ wobenya wiase tumi kwan a wɔne wɔn yɛ adwuma so.

16 Eyi yɛ afiri a ɛsɛ sɛ yɛkwati wɔ yɛne yɛn mfɛfo Kristofo nsɛnni mu. Yesu kae sɛ: “Munim sɛ wiase amanaman ahene di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse no di wɔn so tumi. Na ɛnte saa mo mu, na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo.” (Mateo 20:25, 26) Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo da saa ahobrɛase yi adi bere a wɔne wɔn yɔnko mpanyimfo, asafo mu asomfo ne nguankuw no di nsɛm no. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ ɛba sɛ ɔhwɛfo guamtrani bi ne ne mfɛfo mpanyimfo susuw nsɛm nketenkete nkutoo ho, na ɔno nko ara si nneɛma atitiriw ho gyinae a, so ɛrenkyerɛ sɛ ɔpɛ tumi? So ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde nnwuma no bi bɛhyɛ afoforo nsa ampa? Sɛ asafo mu somfo bi a ɔrehwɛ asɛnka nhyiam so hwehwɛ nneɛma a ntease nnim wɔ ne nhyehyɛe ahorow mu anaa mpo ɔhyehyɛ mmara a, ebetumi de ɔhaw aba.​—1 Korintofo 4:21; 9:18; 2 Korintofo 10:8; 13:10; 1 Tesalonikafo 2:6, 7.

17. Dɛn nti na ɛfata sɛ yesusuw aduan ho bere a yɛresusuw anibere afiri ho?

17 Aduan ho anibere nso yɛ ade foforo a etumi sum nnipa pii afiri. Ɛda adi sɛ adidi ne ɔnom ma anigye; Bible no pene eyi so. (Ɔsɛnkafo 5:18) Nanso nnipa pii ma anigye a wɔwɔ wɔ eyi ho no kɔ so yɛ kɛse wɔ bere bi mu, na ɛkɔ akyiri koraa sen nea ɛbɛma yɛanya anigye anaa nea ɛfata. Sɛ eyi ho nhia Onyankopɔn asomfo a, anka ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa Asɛm aka wɔ Mmebusɛm 23:20 sɛ: “Mfra sadweamfo, ne wɔn a wodi nam fuu no mu”? Nanso, yɛbɛyɛ dɛn akwati saa afiri yi?

18. Nhwehwɛmu bɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ wɔ aduan ne nsa ho?

18 Onyankopɔn nhyɛ ne nkurɔfo nkuran sɛ wonni aduan pɔtee bi a ebia ɛnyɛ dɛ. (Ɔsɛnkafo 2:24, 25) Saa ara nso na ɔnhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛbɛma aduan ne nsa ayɛ yɛn nkɔmmɔbɔ ne yɛn nhyehyɛe fã titiriw. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ meka aduan bi a midii anaa mayɛ m’adwene sɛ medi ho asɛm a, so ɛyɛ a m’ani gye boro so?’ ‘So meka aduan ne nsa ho asɛm bere nyinaa?’ Ebia ade foforo a ɛbɛma eyi ada adi ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade bere a yɛn nsa aka aduan a ɛnyɛ yɛn na yɛnoae anaa yɛtɔe no, ebia bere a obi ato nsa afrɛ yɛn kɔ ne fie anaasɛ bere a aduan abu so wɔ Kristofo nhyiam bi ase no. So ebetumi aba sɛ yɛbɛpɛ sɛ yebedidi pii saa bere no asen sɛnea yedidi daa no? Yɛkae sɛ Esau maa kwan maa aduan bɛyɛɛ biribi a ɛho hia no dodo, na eyi de daa amanehunu baa ne so.​—Hebrifo 12:16.

19. Ɔkwan bɛn so na anibere betumi ayɛ ɔhaw wɔ nna mu anigye ho?

19 Paulo ma yehu afiri foforo bi nso: “Na aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din mpo wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo.” (Efesofo 4:17-19; 5:3) Ampa, yebetumi anya nna mu anigye ho anibere. Akyinnye biara nni ho sɛ wobetumi anya saa anigye yi ma afata wɔ aware mu. Ɔdɔ a emu yɛ den a anigye yi de ba no boa ma okunu ne ɔyere tra ase a wɔwɔ ahofama ma wɔn ho mfe pii wɔ aware mu. Nanso nnipa pii begye atom sɛ wosi ɔbarima ne ɔbea nna so dua ma ɛboro so wɔ wiase no mu nnɛ, na wɔma nea ɛda anibere ankasa a Paulo kaa ho asɛm adi no yɛ sɛ nea asɛm biara nni ho. Wɔn a wɔhwɛ ɔbrasɛe ne adagyabɔ a abu so nnɛ wɔ sini, video, ne nsɛmma nhoma ahorow mu, ne mmeae a wogye wɔn ani pii no titiriw na wonya nna mu anigye ho adwene a ɛnteɛ yi ntɛm.

20. Ɛbɛyɛ dɛn na Kristofo ani ada hɔ wɔ nna ho anibere mu asiane ho?

20 Dawid ne Bat-Seba bɔne ho kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho anibere afiri no betumi ayi Onyankopɔn somfo bi. Ɛwom sɛ na Dawid wɔ hokwan sɛ onya anigye wɔ n’ankasa aware mu de, nanso ɔkɔɔ so nyaa nna ho akɔnnɔ bɔne. Bere a ohui sɛ Uria yere no ho yɛ fɛ no, wanhyɛ ne nsusuwii​—ne ne nneyɛe​—a ebetumi ama wanya ne ho akɔnnɔ bɔne no so. (2 Samuel 11:2-4; Yakobo 1:14, 15) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛpow anibere a ɛte saa yi. Wɔ aware mu mpo no, ɛfata sɛ yɛkwati anibere. Ebi ne sɛ yebekwati nna mu nneyɛe a ɛmfata. Ɔbarima a wasi ne bo sɛ ɔbɛkwati anibere wɔ eyi fam no besusuw ne yere ho yiye ma sɛ wɔn baanu si gyinae sɛ wɔbɛfa ɔkwan bi so ayɛ awo ho nhyehyɛe a, ɔbarima no ansusuw sɛ n’anigye ho hia sen ne yere mprempren anaa daakye akwahosan.​—Filipifo 2:4.

Kɔ So Si Wo Bo sɛ Wobɛkwati Anibere

21. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ anibere a yɛresusuw ho no bu yɛn abam?

21 Ɛnyɛ sɛ Yehowa nni yɛn mu ahotoso nti na ɔbɔ yɛn kɔkɔ pii no. Onim sɛ n’asomfo a wɔatu wɔn ho asi hɔ pɛ sɛ wɔsom no nokwarem, na ɔwɔ awerɛhyem sɛ wɔn mu dodow no ara bɛkɔ so ayɛ saa. Obetumi aka asɛm a ɔka faa Hiob ho bere a ɔrekasa akyerɛ Satan no ara bi wɔ ne nkoa nyinaa ho sɛ: “So woadwen m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.” (Hiob 1:8) Yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ na ɔwɔ yɛn mu ahotoso no ma yehu mfiri a asiane wom te sɛ nea ɛfa anibere ahorow ho no, efisɛ ɔpɛ sɛ yɛkɔ so di nokware ma no, a yɛn ho nni nkekae biara.

22. Sɛ yɛn adesua no ama ada adi sɛ yɛn ankasa yɛda asiane bi mu anaa yɛtɔ sin wɔ baabi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

22 Yɛn mu biara fi awo mu anya su a ebetumi ama wanya biribi ho anibere, na ebia wiase bɔne yi nkɛntɛnso ama su yi ayɛ kɛse. Bere a yegu so resua anibere ho asɛm no​—sɛ́ ɛfa sika, ahonyade, tumi, aduan anaa nna mu anigye ho no​—sɛ wuhu sɛ wotɔ sin wɔ baabi a, dɛn na wobɛyɛ? Ɛnde fa Yesu afotu yi di dwuma: “Sɛ wo nsa to wo hintidua a, twa! Eye ma wo sɛ wode basin bɛkɔ nkwa mu, sen sɛ wowɔ nsa abien na wode bɛkɔ [Gehena].” (Marko 9:43) Yɛ nsakrae a ehia wɔ wo suban ne nea w’ani gye ho mu. Kwati anibere afiri a ebetumi de wo akɔ a wu mu no. Sɛ woyɛ saa a, ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, wubetumi ‘akɔ nkwa mu.’

Dɛn na Masua?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ anibere afiri ho hia yɛn?

◻ Akwan bɛn so na sika anaa ahonyade ho anibere betumi asum yɛn afiri?

◻ Ɔkwan bɛn so na asetra mu nneɛma afoforo ho anibere betumi ayɛ asiane ankasa?

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ anibere ho mmerɛwyɛ biara a yɛwɔ ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena