Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 8/15 kr. 27-30
  • Sɛnea Kristofo Betumi Aboa Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Kristofo Betumi Aboa Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔboafo a Ɔwɔ Ahofama
  • Nhyehyɛe a Wɔyɛ So wɔ Mfaso
  • Bere a Ɛte sɛ Nea Wontumi Nkwati Owu No
  • Asɛyɛde a Yebom Di ho Dwuma
  • Kristofo Mmusua Boa Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Yɛn Ani A Yɛbɛma Aba Yɛn Ho So Wɔ Wɔn A Wɔn Mfe Akɔ Anim No Ahiade Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Yehowa Kae Ayarefo ne Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nnipa A Wɔn Mfe Akɔ Anim A Yɛbɛhwɛ Wɔn—Kristofo Asɛyɛde
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 8/15 kr. 27-30

Sɛnea Kristofo Betumi Aboa Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim

YƐMPA abaw, na mmom sɛ yɛn honam ani ha yi nipa resɛe mpo a, emu nipa no dan foforo daa daa. . . . Yɛnhwɛ nneɛma a wohu, na mmom yɛhwɛ nneɛma a wonhu no; efisɛ nneɛma a wohu no nkyɛ mu twe, ne nneɛma a wonhu no ne ɛtra hɔ daa.” Eyi na ɔsomafo Paulo kae wɔ ne krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Korintofo no mu.​—2 Korintofo 4:16-18.

Wɔ tete mmere mu no, mmarima ne mmea gyidifo de wɔn ani sii nneɛma a wonhu, a nneɛma a na wɔn Nyankopɔn, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ ne bere a ɛsɛ mu no nyinaa ka ho so. Wɔ Hebrifo nhoma no mu no, Paulo kamfo saafo, a wokuraa wɔn gyidi mu kosii wɔn wu mu no​—na wɔn mu bi traa ase kyɛe yiye. Ɔtwe adwene si wɔn so sɛ wɔyɛ nhwɛso ma yɛn, na ɔka sɛ: “Gyidi so na eyinom nyinaa wuwui a wɔn nsa anka bɔhyɛ no, na mmom wohui akyirikyiri nko gye dii yɛɛ no atuu.”​—Hebrifo 11:13.

Ɛnnɛ yɛabɛn bɔhyɛ ahorow yi mmamu ho yiye. Nanso yɛwɔ ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wontumi nhu sɛ wɔbɛtra ase ahu nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei wɔ yɛn mu. Ebia eyinom bi nso bewu wɔ gyidi so a wonhu bɔhyɛ ahorow no nyinaa mmamu wɔ wɔn mprempren nkwa nna mu. Wɔ saafo no fam no, Paulo nsɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 4:16-18 no betumi ayɛ nkuranhyɛ kɛse. Yehowa kaa n’anokwafo nyinaa, a ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim ka ho. (Hebrifo 6:10) Wɔka anokwafo a wɔn mfe akɔ anim ho nsɛm pii wɔ Bible no mu wɔ ɔkwan a nidi wom so, na wɔ Mose Mmara no mu no, wɔka nidi a ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho asɛm wɔ ɔkwan titiriw so. (Leviticus 19:32; Dwom 92:12-15; Mmebusɛm 16:31) Wɔ tete Kristofo mu no, na wɔne wɔn a wɔn mfe akɔ anim di wɔ nidi mu. (1 Timoteo 5:1-3; 1 Petro 5:5) Bible nhoma biako kyerɛkyerɛ ɔhwɛ a ɔdɔ wom ne ho a wɔde bɔ afɔre a ababaa bi daa no adi kyerɛɛ n’asebea a ne mfe akɔ anim mu fɛfɛɛfɛ. Saa ababaa no, Rut, din na ɛda nhoma no so ma ɛfata.

Ɔboafo a Ɔwɔ Ahofama

Ná asetra yɛ awerɛhow ma Naomi a ɔrenyin no. Ná ɔkɔm ama ɔne n’abusua ketewa no agyaw nnamfo ne agyapade hɔ wɔ Yuda akɔtra Yordan Asubɔnten no apuei fam wɔ Moab asase so. Naomi kunu wui wɔ ha maa ɛkaa ne nko ne wɔn mma mmarimaa baanu. Akyiri yi, eyinom nyinyin waree, nanso wɔn nso wui. Ná Naomi nni asefo biara a wɔbɛhwɛ no.

Ná wanyin dodo sɛ obetumi anya abusua foforo, na na ɛte sɛ nea odi hia. Wɔ ɔkwan a ɛnyɛ pɛsɛmenkominya so no, opɛe sɛ ɔma Rut ne Orpa, ne mma mmarima baanu no akunafo no, san kɔ wɔn maamenom kurom sɛnea wobetumi anya kununom aware. Ná ne nkutoo bɛsan akɔ ne man mu. Ɛnnɛ nso, wɔn a wɔn mfe akɔ anim binom nya adwenemhaw, titiriw sɛ wɔahwere wɔn adɔfo wɔ owu mu a. Te sɛ Naomi no, wobehia obi a ɔbehwɛ wɔn, nanso wɔmpɛ sɛ wɔyɛ adesoa.

Nanso, Rut annyaw n’asebea. Ná ɔdɔ ɔbea panyin yi, na na ɔdɔ Yehowa, Nyankopɔn a Naomi som no no. (Rut 1:16) Enti woboom tuu kwan san kɔɔ Yuda. Wɔ saa asase no so no, na Yehowa Mmara no wɔ ɔdɔ nhyehyɛe bi a ɛma ahiafo tumi di biribiara a aka mfuw mu wɔ otwa akyi mpɛpɛw, anaa wɔsesa. Rut a na onnyin pii no fi ne pɛ mu de ne ho mae sɛ ɔbɛyɛ saa adwuma no, na ɔkae sɛ: “Ma menkɔ.” Ɔyɛɛ adwumaden ma ɛso baa wɔn baanu mfaso.​—Rut 2:2, 17, 18.

Ná Rut nokwaredi ne ne dɔ a ɔwɔ ma Yehowa no yɛ nkuranhyɛ kɛse ma Naomi a ofii ase de adwempa susuw nsɛm ho wɔ ɔkwan a ɛso wɔ mfaso so no. Ná ɔman no Mmara ne amammerɛ ahorow a onim no so bɛba mfaso afei. Ɔmaa ne boafo a ɔwɔ ahofama no afotu a nyansa wom sɛnea ɛbɛyɛ a ababaa no betumi de okunu nua aware nhyehyɛe no adi dwuma ama ne nsa aka abusua no agyapade, na wanya ɔbabarima a ɔbɛtoa abusua no anato so. (Rut, ti 3) Rut yɛ nhwɛso pa ma wɔn a wɔde nneɛma bɔ afɔre na ama wɔatumi ahwɛ ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim. (Rut 2:10-12) Saa ara na wobetumi ayɛ pii de aboa ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ asafo no mu nnɛ. Ɔkwan bɛn so?

Nhyehyɛe a Wɔyɛ So wɔ Mfaso

Wɔ tete Kristofo asafo no mu no, na wɔakyerɛw akunafo a wohia honam fam mmoa din. (1 Timoteo 5:9, 10) Saa ara na nnɛ, ɛtɔ da bi a, asafo mu mpanyimfo betumi akyerɛw ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wohia mmoa titiriw din. Wɔ asafo binom mu no, wɔapaw ɔpanyin biako sɛ onni eyi ho dwuma sɛ n’asɛyɛde titiriw. Esiane sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim pii, te sɛ Naomi no, ntaa mmisa mmoa nti, ehia sɛ ɔpanyin a ɔte saa de ahokokwaw susuw tebea bi ho​—ɔde anidaho ne anifere​—hwɛ yɛ nneɛma a ehia. Sɛ́ nhwɛso no, obetumi ahwɛ sɛ ebia wɔayɛ nhyehyɛe a ɛfata ama ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ Ahenni Asa no so a. Sɛ ɛfata a, obetumi asusuw nneɛma te sɛ beae a esian a wɔbɛyɛ ama mmubuafo nkongua, beae a ɛfata a wogyaw wɔn anan, nea wɔn a wɔn aso nyɛ de hyɛ wɔn aso tie asɛm, ne beae a wɔde nkongua soronko besisi ho. Saa onua yi betumi nso ahwɛ sɛ wɔn a wontumi mma Ahenni Asa so no betumi afɛm kasɛt a wɔakyere nhyiam horow mu nsɛm agu so akotie anaa wɔatie wɔ telefon ntõam so.

Ebi nso a ebehia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma kar de wɔn kɔ asafo nhyiam horow ne nhyiam akɛse. Onuawa a ne mfe akɔ anim bi ho kyeree no esiane sɛ nea na ɔde no kɔ nhyiam daa no nni hɔ nti. Ná ɛsɛ sɛ ɔfrɛ nnipa pii wɔ telefon so ansa na awiei koraa no onyaa obi ma ɔde no kɔe. Anka nhyehyɛe a ɔpanyin a obetumi adi nsɛm a ɛte saa nyinaa ho dwuma ne no bɛyɛ betumi abrɛ ne haw no ase.

Saa ɔpanyin yi betumi nso abisa mmusua binom sɛ ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛkɔ akɔsra wɔn a wɔn mfe akɔ anim nnidiso nnidiso a. Wɔ saa kwan yi so no, mmofra besua sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔhwɛ wɔn no yɛ Kristoni asetra fã. Eye sɛ mmofra besua sɛ wobedi saa asɛyɛde yi ho dwuma. (1 Timoteo 5:4) Ɔmansin sohwɛfo bi se: “Wɔ me suahu mu no, mmofra kakraa bi na wofi wɔn pɛ mu kɔsra wɔn a wɔn mfe akɔ anim anaa ayarefo.” Ebia susuw ara na wonsusuw ho, anaa ebia wonnim nea wɔbɛyɛ anaa wɔbɛka ankasa; awofo betumi akyerɛ wɔn eyi.

Nanso, kae sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim pii ani bɛsɔ sɛ wobedi kan ahu sɛ wɔn adamfo bi reba wɔn nkyɛn. Eyi ma wonya anigye kɛse sɛ wɔrehwɛ ɔhɔho bi kwan. Sɛ ahɔho no de nnɔkɔnnɔkɔwade te sɛ kɔfe anaa keeki ba, na wosiesie hɔ ntɛm bere a wɔawie no a, eyi ma adesoa pii fi nea ne mfe akɔ anim no so. Awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim a wɔda so ara wɔ ahoɔden de da koro si hɔ dapɛn biara de aduan gu kɛntɛn mu na wɔkɔsrasra asafo no mufo a wɔn mfe akɔ anim. Wɔkyerɛ wɔn nsrahwɛ no ho anisɔ kɛse.

Sɛnea ɛbɛba wɔn a wɔn mfe akɔ anim mfaso no, asafo ahorow bi de Asafo Nhoma Adesua bi ahyɛ awia bere. Wobisaa mmusua bi ne adawurubɔfo a wɔyɛ ahokwafo binom wɔ baabi sɛ ebia wɔwɔ ɔpɛ, na wobetumi aboa kuw a ɔte saa anaa, na nea efi mu bae ne nhoma adesua kuw a wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wonnyinnyinii pii a wobetumi aboa wɔn ho wɔn ho wom.

Ɛnsɛ sɛ wogyae ma mpanyimfo no nkutoo ma wodi kan yɛ ade wɔ eyi mu. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hu ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim ahiade ahorow. Yebetumi akyia wɔn wɔ Ahenni Asa so na yɛagye bere ne wɔn akasa. Ebia wɔn ani bɛsɔ nsa a wɔto frɛ wɔn ne wɔn bom yɛ ade a wɔanhyɛ da anyɛ ho nhyehyɛe. Anaasɛ yebetumi ato nsa afrɛ wɔn ma wɔne yɛn akodidi agye yɛn ani anaa yɛakɔsrasra mmeae ahorow mpo. Ná Ɔdansefo bi taa de adawurubɔfo a wɔn mfe akɔ anim kɔ bere a ɔretu kwan akɔyɛ adwuma bi no. Ɛho hia sɛ woboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim ma wɔkɔ so te nka sɛ wɔka yɛn ho. Ɛnsɛ sɛ woma wɔtew wɔn ho, sɛnea na Naomi pɛ sɛ ɔyɛ no, ade a ɛbɛma woanyin anaa wɔagow ntɛmntɛm.

Ehia sɛ wɔhwɛ mmofra a wɔadi dɛm anaa wɔyare nso. Ɔdansefo bi a na ɔwɔ mma mmarima baasa a wɔwɔ nyarewa a enni sabea, a mprempren wɔn mu baanu awu, se: “Ebetumi ayɛ den ama asafo bi sɛ wɔbɛhwɛ obi bere a ɔyare bere tenten no. Dɛn nti na momma mmofra a wɔyɛ adawurubɔfo a wotumi de ho to wɔn so ne no nsusuw daa asɛm no ho na wɔnkenkan Bible ti biako nkyerɛ wɔn adamfo a ɔda yarepa so no da biara? Mmofra, a akwampaefo ka ho, betumi ayɛ no nnidiso nnidiso.”

Bere a Ɛte sɛ Nea Wontumi Nkwati Owu No

Yehowa asomfo de akokoduru ahyia owu bere nyinaa, ɛmfa ho sɛ efi ɔyare anaa ɔtaa. Bere a wɔn a wɔwɔ ahohia mu fi ase te nka sɛ wɔn wu abɛn no, wofi awosu mu nya nkate soronko. Wɔ wɔn wu akyi no, wɔn abusuafo nso bɛkɔ tebea a ɛbɛma wɔayɛ nsakrae, adi awerɛhow, na wɔagye nea asi no atom mu. Enti ɛtaa yɛ papa sɛ ɔyarefo no bɛka owu ho asɛm pefee, sɛnea Yakob, Dawid, ne Paulo yɛe no.​—Genesis, atiri 48 ne 49; 1 Ahene 2: 1-10; 2 Timoteo 4:6-8.

Ɔdansefo bi a ɔyɛ oduruyɛfo kyerɛw sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛka saa asɛm no ho asɛm pefee. Minhuu sɛ ɔyarefo bi anya mfaso bi afi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ne yare no nni sabea a wɔde sie no no mu da wɔ m’adwuma mu.” Nanso, ehia sɛ yɛte nea ɔyarefo no ankasa pɛ sɛ ohu, ne bere a ɔpɛ sɛ ohu eyi no ase. Ayarefo binom ka no pefee sɛ wonim sɛ wɔn wu abɛn, na ehia sɛ wɔda wɔn nkate ne wɔn nsusuwii horow wɔ eyi ho adi. Ɛte sɛ nea afoforo kɔ so ka sɛ ɛsɛ sɛ wonya anidaso, na eye sɛ wɔn nnamfo ne wɔn nyinaa benya anidaso.​—Fa toto Romafo 12:12-15 ho.

Ebia na obi a wabɛn owu abrɛ anaa wayɛ basaa araa ma ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛbɔ mpae. Ebia ɔyarefo a ɔte saa werɛ betumi akyekye denam sua a obesua afi Romafo 8:26, 27 sɛ Onyankopɔn te “ɔpene a enni kabea” ase no so. Yehowa nim sɛ bere a obi wɔ ɔhaw a ɛte saa mu no, ebetumi ayɛ den ama no sɛ obehu nsɛm a ɔbɛka wɔ mpaebɔ mu.

Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛho hia sɛ wɔne ɔyarefo no bɔ mpae. Onua bi ka sɛ: “Bere a me maame rewu na onni ahoɔden a ɔde bɛkasa bio no, ɔnam ne nsa a ɔka boom so kyerɛe sɛ ɔpɛ sɛ yɛne no bɔ mpae. Yɛn mpae no akyi no, yɛtoo Ahenni nnwom no biako, efisɛ na me maame pɛ nnwom yiye bere nyinaa. Mfiase no, yɛtoo no wɔ yɛn menewa mu, na afei yɛtoo dwom no mu nsɛm bɔkɔɔ. Ná ɛda adi sɛ n’ani gye ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, nnwom yi a yɛde ka yɛn asetra ho sɛ Yehowa Adansefo no kura nkate horow a anka ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛda no adi wɔ ɔkwan foforo biara so.”

Obi a ɔrewu a wɔne no kasa no hwehwɛ ɔdɔ, anidahɔ, ne tema. Obi a ɔkɔsra no betumi asiesie nsɛm a ɛma denhyɛ na ɛhyɛ gyidi den aka akyerɛ no, na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye sɛ ɔbɛkwati nsɛm a ɛmfata a ɛfa nkurɔfo ne wɔn nsɛnneennen ho. Afei, ɛsɛ sɛ wɔma nsrahwɛ no tenten yɛ nea nyansa wom na ɛfata. Sɛ ɛte sɛ nea ade atɔ ɔyarefo no so a, ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ ebia ɔbɛte nea wɔka no. Enti hwɛ yiye wɔ nsɛm a woka ho.

Asɛyɛde a Yebom Di ho Dwuma

Ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔhwɛ wɔn no yɛ asɛyɛde a emu yɛ duru. Wɔ wɔn a wɔbɛn ɔyarefo no kɛse fam no, egye honam ne nkate fam mmɔdenbɔ nyinaa. Wohia asafo no mufo a aka no ntease ne mmoa, na ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔn. Wɔn a wɔhwɛ abusuafo anaa mfɛfo gyidifo a wɔyare no reyɛ nea ɛteɛ, sɛ ɛkyerɛ sɛ wɔbɛhwere nhyiam horow bi anaa kyɛfa a wonya wɔ asɛnka adwuma no mu so bɛtew bere tenten bi mpo a. (Fa toto 1 Timoteo 5:8 ho.) Asafo no ntease su no bɛhyɛ wɔn den. Ɛtɔ mmere bi a, onua anaa onuawa bi betumi agye nea ɔhwɛ obi daa no asɛyɛde no ayɛ bere tiaa bi na ama watumi akɔ nhyiam bi anaa wayɛ asɛnka adwuma a ahomeka wom nnɔhwerew kakra bi.

Nokwarem no, sɛ w’ankasa na woyare a, wo nso wubetumi ayɛ biribi. Abasamtu a wuhyia ne biribiara a wuntumi nyɛ esiane wo yare nti, betumi ahyɛ wo abufuw, nanso abufuw ma obi yɛ ankonam na ɛmma afoforo ntumi mmɛn no. Mmom no, wubetumi abɔ mmɔden akyerɛ anisɔ na wo ne afoforo ayɛ biako. (1 Tesalonikafo 5:18) Bɔ mpae ma afoforo a wɔredi yaw. (Kolosefo 4:12) Dwen Bible mu nokware ahorow ho, na wo ne wɔn a wɔbɛsra wo mmɔ ho nkɔmmɔ. (Dwom 71:17, 18) Fa ahopere nya Onyankopɔn nkurɔfo nkɔso a ɛhyɛ gyidi den ho amanneɛbɔ bere biara. (Dwom 48:12-14) Da Yehowa ase wɔ nkɔso a ɛhyɛ anigye yi ho. Nneɛma a ɛtete sɛɛ a yebesusuw ho no betumi ama yɛanya anigye soronko bi wɔ yɛn nkwa nna a etwa to mu, te sɛ owia a ɛrekɔtɔ a ɛhyerɛn yiye ma ne hyew ano yɛ den sen owigyinae no.

Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yere yɛn ho sɛ yebekum anidaso a ɛbɔ yɛn adwene ho ban te sɛ dade kyɛw, titiriw wɔ sɔhwɛ mmere mu, no mu. (1 Tesalonikafo 5:8) Eye sɛ yebesusuw owusɔre anidaso no ne ne nnyinaso pintinn no ho. Yebetumi ahwɛ daakye kwan a yɛwɔ awerɛhyem ne akwanhwɛ a emu yɛ den wɔ ɛda a ɔyare ne mmerɛwyɛ a onyin de ba biara nni hɔ bio no mu. Afei, obiara benya ahoɔden. Awufo mpo bɛsan aba nkwa mu. (Yohane 5:28, 29) Yɛde yɛn gyidi ne yɛn koma aniwa hu saa “nneɛma a wonhu” yi. Ɛnsɛ sɛ w’ani pa ɛnonom so.​—Yesaia 25:8; 33:24; Adiyisɛm 21: 3, 4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena