“Onyankopɔn, Hwehwɛ Me Mu”
“Onyankopɔn, Hwehwɛ me mu, na hu me koma, . . . gya me kɔ daa kwan so!”—DWOM 139:23, 24.
1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne n’asomfo di nsɛm?
YƐN nyinaa pɛ obi a ɔte asɛm ase, obi a osusuw yɛn tebea ahorow ho, obi a ɔboa yɛn bere a yɛafom, obi a ɔnhwehwɛ pii mfi yɛn hɔ nsen nea yebetumi ayɛ, na ɔne yɛn adi nsɛm. Yehowa Nyankopɔn ne n’asomfo di nsɛm wɔ saa kwan no so. Dwom 103:14 se: “Onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” Na Yesu Kristo, a ɔte sɛ n’Agya pɛpɛɛpɛ no to nsa frɛ yɛn sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kondua nto mo ho so [anaa, “Mo ne me nsoa me kɔndua,” New World Translation Reference Bible no ase hɔ asɛm] na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kondua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.”—Mateo 11:28-30.
2. Kyerɛ sɛnea adwene a Yehowa wɔ wɔ (a) Yesu Kristo, ne (b) Kristo akyidifo ho no bɔ nnipa de abira.
2 Mpɛn pii no sɛnea Yehowa hu n’asomfo no yɛ soronko koraa fi nnipa de ho. Ohu nsɛm wɔ ɔkwan foforo so na osusuw nneɛma a ebia afoforo nnim ho hwee ho. Bere a Yesu Kristo nantew asase so no, “wobuu no animtiaa, na nnipa paa no.” Wɔn a wɔankyerɛ ne mu gyidi sɛ Mesia no ‘ammu no hwee.’ (Yesaia 53:3; Luka 23:18-21) Nanso wɔ Onyankopɔn ani so no, na ɔyɛ “[Onyankopɔn] dɔba,” a Agya no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo na wosɔ m’ani” no. (Luka 3:22; 1 Petro 2:4) Wɔn a wɔka Yesu Kristo akyidifo ho ne wɔn a esiane sɛ wodi honam fam hia na wohyia ahohia pii nti wobu wɔn animtiaa. Nanso, wɔ Yehowa ne ne Ba no ani so no, saafo no betumi ayɛ adefo. (Romafo 8:35-39; Adiyisɛm 2:9) Dɛn na ɛde nsonsonoe yi ba?
3. (a) Dɛn nti na mpɛn pii no sɛnea Yehowa bu nkurɔfo yɛ soronko koraa fi nnipa de ho? (b) Dɛn nti na ɛho hia kɛse sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu nipa mu?
3 Yeremia 11:20 bua sɛ: ‘Yehowa sɔ asaabo ne koma hwɛ.’ Ohu yɛn mu nipa, hu yɛn nipasu afã a afoforo ntumi nhu no mpo. Wɔ ne nhwehwɛmu no mu no, ɔde n’ani si su ne tebea horow a ehia na ama yɛne no anya abusuabɔ pa, nea ɛde mfaso a ɛtra hɔ daa brɛ yɛn no so kɛse. Eyi a yenim no ma yɛn awerɛhyem; ɛyɛ aniberesɛm nso. Esiane sɛ Yehowa de n’ani si yɛn mu nipa so kɛse nti, ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu nipa mu, na ama yɛayɛ nkurɔfo a ɔhwehwɛ wɔn wɔ ne wiase foforo no mu. N’Asɛm no boa yɛn ma yɛyɛ saa nhwehwɛmu no.—Hebrifo 4:12,13.
Sɛnea Onyankopɔn Nsusuwii Horow Som Bom Fa!
4. (a) Dɛn na ɛkanyan odwontofo no ma ɔkae sɛ Onyankopɔn adwene som bo ma no? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛsom bo ma yɛn?
4 Bere a odwontofo Dawid susuw sɛnea Onyankopɔn nim n’asomfo, ne tumi a enni ano a Onyankopɔn wɔ sɛ ɔde mmoa biara a ebia wobehia bɛma wɔn ho biribiara ho awie no, ɔkyerɛwee sɛ: “Me de, Onyankopɔn, w’adwene bo yɛ me den dɛn ara!” (Dwom 139:17a) Saa adwene no a wada no adi wɔ n’Asɛm a wɔakyerɛw no mu no korɔn sen biribiara a ɛfi nnipa hɔ, ɛmfa ho sɛnea ebia wɔn nsusuwii no bɛyɛ te sɛ nea eye no. (Yesaia 55:8, 9) Onyankopɔn nsusuwii boa yɛn ma yɛde yɛn adwene si asetram nneɛma a eho hia ankasa no so, na ɛma yɛyɛ nsi wɔ ne som mu. (Filipifo 1:9-11) Ɛkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so asusuw nsɛm ho sɛnea Onyankopɔn susuw ho. Ɛma yehu sɛnea yɛte ankasa na yegye komam nipa ko a yɛyɛ ankasa no tom wɔ yɛn mu. So wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛyɛ saa?
5. (a) Dɛn na Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn sɛ yɛnkora so ‘nsen ade nyinaa’? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Kain ho no betumi aboa yɛn? (d) Ɛwom sɛ yenni Mose Mmara no ase de, nanso ɔkwan bɛn so na ɛboa yɛn ma yɛte nea ɛsɔ Yehowa ani ase?
5 Ɛyɛ nnipa su sɛ wɔbɛhwɛ nea ani tua, nanso Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ: “Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa.” (Mmebusem 4:23) Bible no nam ahyɛde ne nhwɛso ahorow so boa yɛn ma yɛyɛ saa. Ɛka kyerɛ yɛn sɛ Kain bɔɔ afɔre maa Onyankopɔn bere a na ne nua Habel ho abufuw, ne ɔtan ahyɛ ne koma so no. Na ɛhyɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ te sɛ ɔno. (Genesis 4:3-5; 1 Yohane 3: 11, 12) Wɔakyerɛw osetie a na Mose Mmara no hwehwɛ no wɔ mu. Nanso esi so dua nso sɛ ahwehwɛde a ɛsen biara wɔ Mmara no mu ne sɛ wɔn a wɔsom Yehowa no befi koma, adwene, ɔkra, ne ahoɔden nyinaa mu adɔ no; na ɛka sɛ nea ɛto so abien a ehia sen biara ne ahyɛde a ɛse wɔnnɔ wɔn yɔnko sɛ wɔn ho no.—Deuteronomium 5:32, 33; Marko 12: 28-31.
6. Bere a yɛde Mmebusɛm 3:1 di dwuma no, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?
6 Wɔ Mmebusɛm 3:1 no, ɛnyɛ sɛ wɔhyɛ yɛn kɛkɛ sɛ yenni Onyankopɔn ahyɛde ahorow so, na mmom sɛ yɛnhwɛ nhu sɛ saa osetie no da nea ɛwɔ yɛn komam ankasa no adi. Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ ankorankoro sɛ: ‘So ɛno yɛ nokware wɔ sɛnea meyɛ osetie ma Onyankopɔn ahyɛde ahorow no mu?’ Sɛ yehu sɛ wɔ nsɛm bi mu no yɛtɔ sin wɔ komam anaa nsusuwii mu—na yɛn mu biara nni hɔ a obetumi aka sɛ yɛntɔ sin—a, ɛnde ehia sɛ yebisa sɛ: ‘Dɛn na mereyɛ de ama tebea no ayɛ yiye?’—Mmebusɛm 20:9; 1 Yohane 1:8.
7. (a) Ɔkwan bɛn so na kasa a Yesu kasa tiaa Farisifo no wɔ Mateo 15:3-9 no betumi aboa yɛn ma yɛabɔ yɛn koma ho ban? (b) Tebea ahorow bɛn na ɛbɛhwehwɛ sɛ yɛfa ɔkwan a ɛyɛ den so teɛ yɛn dwene ne yɛn koma so?
7 Bere a Yudafo Farisifo yɛɛ wɔn ho te sɛ nea wɔredi Onyankopɔn ni na bere koro no ara wɔde anifere kanyan nneyɛe a efi pɛsɛmenkominya mu no, Yesu kasa tiaa wɔn sɛ wɔyɛ nyaatwomfo, na ɔkyerɛe sɛ wɔn som no yɛ kwa. (Mateo 15:3-9) Yesu bɔɔ kɔkɔ nso sɛ sɛnea ɛbɛyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn a ohu komam no ani no, ɛnnɔɔso sɛ yebebu bra pa wɔ nnipa ani so, na bere koro no ara yɛakɔ so anya ɔbrasɛe ho adwene a ɛbɛma yɛanya akɔnnɔ mu anigye. Ebia ɛho behia sɛ yɛfa ɔkwan a ɛyɛ den so teɛ yɛn adwene ne yɛn koma so. (Mmebusɛm 23:12; Mateo 5:27-29) Nteɛso a ɛte saa hia bio bere a esiane yɛn adwuma, yɛn botae ahorow wɔ nhomasua mu, anaa anigyede a yɛpaw nti, yɛresuasua wiase no, na yɛrema ne gyinapɛn ahorow no anya yɛn so nkɛntɛnso no. Mommma yɛn werɛ mmfi da sɛ osuani Yakobo frɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn dea nanso wɔpɛ sɛ wɔyɛ wiase nnamfo no “awaresɛefo.” Dɛn ntia? Efisɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.”—Yakobo 4:4; 1 Yohane 2:15-17; 5:19.
8. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya Onyankopɔn adwene a ɛsom bo no so mfaso a edi mũ no, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ?
8 Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya mfaso a edi mũ afi Onyankopɔn adwene wɔ eyinom ne nsɛm afoforo ho no, ehia sɛ yɛde bere si hɔ de kenkan anaa yetie ho asɛm. Nea ɛsen saa no, ehia sɛ yesua, yɛka ho asɛm, na yedwen ho. Wɔn a wɔkenkan Ɔwɛn-Aban no pii ne Yehowa Adansefo kɔ asafo nhyiam horow daa, na wɔbɔ Bible no mu nkɔmmɔ wɔ hɔ. Wɔtɔ bere fi nneɛma afoforo mu na ama wɔatumi ayɛ saa. (Efesofo 5:15-17) Na nea wonya fi mu no som bom koraa sen honam fam ahonyade. So ɛnyɛ saa na wote nka?
9. Dɛn nti na wɔn a wɔkɔ Kristofo nhyiam horow no mu binom nya nkɔso ntɛm sen afoforo?
9 Nanso, wɔn a wɔkɔ saa nhyiam horow yi mu bi nya honhom fam nkɔanim ntɛm sen afoforo. Wɔde nokware no di dwuma kɛse wɔ wɔn asetra mu. Dɛn na ɛma no ba saa? Mpɛn pii no, ade titiriw a ɛma ɛba saa ne nsi a wɔde yɛ wɔn kokoam adesua. Wohu sɛ ɛnyɛ abodoo nko na yɛnam so tra ase; honhom fam aduan a wodi no daa no ho hia te sɛ honam fam aduan a wodi no daa ara pɛ. (Mateo 4:4; Hebrifo 5:14) Enti wɔbɔ mmɔden sɛ anyɛ yiye koraa no da biara wɔde bere bi bɛkenkan Bible no anaa nhoma horow a ɛkyerɛkyerɛ mu. Wodi kan sua nsɛm no na wɔkenkan emu kyerɛw nsɛm de siesie wɔn ho ma nhyiam horow no. Wɔyɛ nea ɛsen nsɛm no ara a wɔbɛkenkan; wodwennwen ho. Nea ɛka ɔkwan a wɔfa so sua ade ho ne sɛ wɔde anibere susuw sɛnea ɛsɛ sɛ nea wɔresua no ka wɔn ankasa asetra ho. Bere a wɔrenya honhom fam nkɔso no, wɔbɛte nka te sɛ odwontofo a ɔkyerɛw eyi no: “Medɔ wo mmara dɛn ara! . . . W’adansesɛm yɛ nwonwa.”—Dwom 1:1-3; 119:97, 129.
10. (a) Bere tenten bɛn na mfaso wɔ so sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm kodu? (b) Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no kyerɛ eyi?
10 Sɛ yɛasua Onyankopɔn Asɛm no afe biako, mfe 5, anaa mfe 50 a, ɛremmɛyɛ nsɛm a wɔkɔ so tĩ mu ara kwa—sɛ Onyankopɔn nsusuwii ahorow som bo ma yɛn a, ɛremma saa. Ɛmfa ho nea yɛn mu biara asua afi Kyerɛwnsɛm no mu no, nneɛma pii wɔ hɔ a yennim. Dawid kae sɛ: “Onyankopɔn,. . . ɛdɔɔso dɛn ara! Sɛ merekan a, ɛdɔɔso sen nhwea.” Onyankopɔn nsusuwii dɔɔso dodo sɛ yebetumi akan. Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn nsusuwii na yɛfa mu da a, sɛ yɛsɔre anɔpa a, yɛbɛkɔ so ara anya pii asusuw ho. Enti, Dawid kyerɛwee sɛ: “Minyan a, meda so mewɔ wo ho ara.” (Dwom 139:17, 18) Mmere santen nyinaa mu no, yebenya pii asua afa Yehowa ne n’akwan ho. Ɛremma sɛ yebehu ne nyinaa da.—Romafo 11:33.
Nea Yehowa Kyi a Yebekyi
11. Dɛn nti na Onyankopɔn adwene a yebenya akyi no, ɛho hia sɛ yenya ne nkate horow no bi?
11 Ɛnyɛ nsɛm a yɛde bɛhyɛ yɛn adwene mu kɛkɛ nti na yesua Onyankopɔn Asɛm no. Bere a yɛma Onyankopɔn nsusuwii du yɛn komam no, yɛn nso yefi ase te nka te sɛ Onyankopɔn. Ɛno ho hia dɛn ara! Sɛ yɛannya nkate a ɛte saa a, dɛn na ebetumi afi mu aba? Ɛwom sɛ ebia yebetumi atĩ nea Bible no ka mu de, nanso yɛn kɔn betumi adɔ nea wabara, anaa yebetumi ate nka sɛ nea ɛhwehwɛ wɔ yɛn ho no yɛ adesoa. Ɛyɛ nokware sɛ, sɛ yekyi bɔne mpo a, ebehia sɛ yɛyere yɛn ho esiane nnipa sintɔ nti. (Romafo 7:15) Nanso sɛ yɛamfi komam ammɔ mmɔden amma yɛn mu nipa no anyɛ nea ɛteɛ a, so yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛbɛsɔ Yehowa, “nea ɔsɔ koma hwɛ” no ani?—Mmebusɛm 17:3.
12. Nea Onyankopɔn dɔ a yɛbɛdɔ ne nea ɔtan a yɛbɛtan no ho hia dɛn?
12 Nea Onyankopɔn kyi a yebekyi no bɔ yɛn ho ban kɛse fi bɔne ho, sɛnea nea Onyankopɔn dɔ a yɛbɛdɔ no ma nea ɛteɛ a yɛbɛyɛ yɛ anigye no. (1 Yohane 5:3) Mpɛn pii no, Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn sɛ yennya ɔdɔ ne ɔtan nyinaa. “Mo a modɔ [Yehowa], munkyi bɔne.” (Dwom 97:10) “Munkyi bɔne, mommata papa ho!” (Romafo 12:9) So yɛreyɛ saa?
13. (a) Dawid mpaebɔ a ɛfa abɔnefo sɛe ho bɛn na yɛne no yɛ adwene yiye wɔ ho? (b) Sɛnea ɛda adi wɔ Dawid mpaebɔ no mu no, abɔnefo bɛn na ɔbɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn nsɛe wɔn?
13 Yehowa aka no pefee sɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe abɔnefo afi asase so na ɔde asase foforo a trenee bɛtra mu aba. (Dwom 37:10, 11; 2 Petro 3:13) Wɔn a wɔdɔ trenee ani gyina saa bere no. Wɔne ɔdwontofo Dawid a ɔbɔɔ mpae sɛɛ yi yɛ adwene yiye: “Onyankopɔn, sɛ wubekum ɔbɔnefo, na mogyapɛfo afi me so akɔ ɛ! Wɔn a wɔkasa tia wo mmasu mu ne w’atamfo a wɔbɔ wo din ahuhude mu no.” (Dwom 139:19, 20) Ná Dawid ankasa ho mpere no sɛ obekum saa abɔnefo no. Ɔbɔɔ mpae sɛ Yehowa ntua wɔn so ka. (Deuteronomium 32:35; Hebrifo 10:30) Eyinom nyɛ nnipa a na wɔafom Dawid ankasa wɔ ɔkwan bi so ara kwa. Ná wɔka Onyankopɔn ho atosɛm na wɔbɔ ne din wɔ ɔkwan a ɛnsɛ so. (Exodus 20:7) Ná wofi atorodi mu kyerɛ sɛ wɔsom no, nanso na wɔde ne din di dwuma de ma wɔn ankasa nnaadaasɛm kɔ so. Ná Dawid nni wɔn a wɔpawee sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn atamfo no ho dɔ biara.
14. So yebetumi aboa abɔnefo binom? Sɛ ɛte saa a, ɔkwan bɛn so?
14 Nnipa ɔpepepem pii nnim Yehowa. Wɔn mu pii yɛ nneɛma a Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne a wonnim. Sɛ wɔkɔ so yɛ saa nneɛma no a, wɔn nso wobewu wɔ ahohiahia kɛse no mu. Nanso, Yehowa ani nnye ɔbɔnefo sɛe ho, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛn ani gye ho. (Hesekiel 33:11) Sɛnea bere bɛma kwan biara no, yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa saafo no ma wɔasua Yehowa akwan na wɔadi akyi. Na sɛ ebinom da Yehowa ho tan kɛse adi nso ɛ?
15. (a) Henanom na odwontofo no buu wɔn sɛ ‘atamfo ankasa’? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛnnɛ yebetumi akyerɛ sɛ ‘yɛtan’ wɔn a wɔsɔre tia Yehowa no?
15 Odwontofo no kaa wɔn ho asɛm sɛ: “[Yehowa], wɔn a wɔtan wo no, mentan wɔn anaa? Na wɔn a wɔsɔre hyɛ wo no, me werɛ nhow wɔn anaa? Mede ɔtan pa metan wɔn, mibu wɔn m’atamfo.” (Dwom 139:21, 22) Esiane sɛ na wɔtan Yehowa denneennen nti na na Dawid kyi wɔn no. Awaefo ka wɔn a wɔnam Yehowa a wɔsɔre tia no so kyerɛ sɛ wɔtan no no ho. Nokwarem no, ɔwae yɛ atua a wɔtew tia Yehowa. Awaefo binom kyerɛ sɛ wonim Onyankopɔn na wɔsom no, nanso wɔpow nkyerɛkyerɛ anaa ahwehwɛde ahorow a ɛwɔ n’Asɛm mu no. Afoforo nso kyerɛ sɛ wogye Bible no di, nanso wɔpow Yehowa ahyehyɛde no, na wɔbɔ mmɔden denneennen sɛ wobesiw ne dwumadi kwan. Bere a wɔabehu nea ɛteɛ akyi no, sɛ wɔboapa paw bɔneyɛ a ɛte saa, na sɛ bɔne no ka wɔn hɔ araa ma ɛbɛyɛ wɔn nipasu fã a, ɛnde na ɛsɛ sɛ Kristoni tan (sɛnea Bible no kyerɛ asɛm no ase no) wɔn a wɔabata bɔneyɛ no ho denneennen no. Nokware Kristofo wɔ awaefo a wɔte saa ho adwene a ɛte sɛ Yehowa de; wɔn ani nnye awaefo nsɛm ho. Nea ɛne no bɔ abira no, ‘wɔtan’ wɔn a wɔayɛ wɔn ho Onyankopɔn atamfo, nanso wogyae aweredi ma Yehowa.—Hiob 13:16; Romafo 12:19; 2 Yohane 9, 10.
Bere a Onyankopɔn Hwehwɛ Yɛn Mu
16. (a) Dɛn nti na na Dawid pɛ sɛ Yehowa hwehwɛ ne mu? (b) Dɛn na ɛwɔ yɛn ankasa koma ho a ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn na ɔboa yɛn ma yehu?
16 Dawid ampɛ sɛ ɔbɛyɛ sɛ abɔnefo no wɔ ɔkwan biara so. Nnipa bɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn nipasu ankasa besie, nanso Dawid de ahobrɛase bɔɔ mpae sɛ: “Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hu me koma. Sɔ me hwɛ, na hu m’adwene a enni ahotɔ, na hwɛ sɛ ɔkwan a ɛyɛ yaw bi wɔ me hɔ anaa, na gye me kɔ mmeresanten kwan so.” (Dwom 139:23, 24, New World Translation) Bere a Dawid reka ne koma ho asɛm no, na ɔnkyerɛ honam fam akwaa no. Nea ɛne sɛnkyerɛnne kwan so ntease a saa asɛm no wɔ hyia no, na ɔreka ne nipasu, ne mu nipa no ho asɛm. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya ɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛhwehwɛ yɛn komam ahwɛ sɛ ebia yɛwɔ akɔnnɔ, nkate, atirimpɔw, nsusuwii, anaa adwene ahorow biara a ɛnteɛ a. (Dwom 26:2) Yehowa to nsa frɛ yɛn sɛ: “Me ba, fa wo koma ma me, na ma m’akwan nsɔ w’ani.”—Mmebusɛm 23:26.
17. (a) Sɛ́ anka yɛbɛkata adwene a ahaw so no, dɛn na ɛsɛ sɛ yeyɛ? (b) Sɛ yehu nsusuwii a ɛnteɛ wɔ yɛn komam a, so ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?
17 Sɛ esiane akɔnnɔ anaa adwene a ɛnteɛ a yɛwɔ, anaa yɛn bra bɔne bi nti, nsusuwii a ɛyɛ yaw na ahotɔ nnim ahintaw wɔ yɛn mu a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa boa yɛn ma yesiesie tebea no. Moffatt nkyerɛase no de asɛm, “ɔkwammɔne” di dwuma mmom sen “ɔkwan a ɛyɛ yaw bi”; The New English Bible se: “Ɔkwan biara a ɛhow wo [kyerɛ sɛ, Onyankopɔn] werɛ.” Ebia yɛn ankasa yɛnte yɛn adwene a enni ahotɔ no ase yiye, ma enti yennim sɛnea yɛnka yɛn haw no ho asɛm nkyerɛ Onyankopɔn, nanso ɔte yɛn tebea no ase. (Romafo 8:26, 27) Sɛ nsusuwii bɔne ahorow wɔ yɛn koma mu a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa; nanso, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛ anoyi. (Genesis 8:21) Ɛse sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn mmoa na yɛde ayi afi hɔ koraa. Sɛ yɛdɔ Yehowa ne n’akwan ampa a, yebetumi akɔhwehwɛ mmoa a ɛte saa afi ne hɔ a yɛwɔ awerɛhyem sɛ “Onyankopɔn s kyɛn yɛn koma na ohu ade nyinaa.”—1 Yohane 3: 19-21.
18. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛ yɛn kwan wɔ mmeresanten kwan so? (b) Sɛ yɛkɔ so di Yehowa akwankyerɛ akyi a, nkamfo a ɛyɛ anigye bɛn na yebetumi ahwɛ kwan?
18 Sɛnea ɛne mpae a odwontofo no bɔe sɛ Yehowa nkyerɛ no kwan nkɔ mmeresanten kwan so hyia no, Yehowa kyerɛ n’asomfo ahobrɛasefo a wɔyɛ osetie no kwan ampa. Ɛnyɛ sɛ ɔkyerɛ wɔn kwan wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔanyin akyɛ esiane sɛ amumɔyɛ ntwa wɔn nkwa nna so ara kwa nti, na mmom wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔanya daa nkwa nso so. Ɔma yehu hia a yehia Yesu afɔrebɔ a ɛsom bo a ɛpata bɔne no. Ɔnam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde no so ma yɛn akwankyerɛ a ehia na ama yɛayɛ n’apɛde. Osi so dua kyerɛ yɛn sɛ ehia sɛ yɛkyerɛ ne mmoa ho anisɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn mu nipa no ne sɛnea yɛte wɔ nnipa ani so no behyia. (Dwom 86:11) Na ɔde anidaso a ɛne nkwa a enni awiei ne akwahosan a edi mu a yɛde bɛsom ɔno, nokware Nyankopɔn koro no, wɔ trenee wiase foforo bi mu no hyɛ yɛn nkuran. Sɛ yɛkɔ so di n’akwankyerɛ akyi wɔ nokwaredi mu a, ɛda adi sɛ ɔbɛka nea ɔka kyerɛɛ ne Ba no bi akyerɛ yɛn sɛ: “Wo na wosɔ m’ani.”—Luka 3:22; Yohane 6:27; Yakobo 1:12.
Wubebua Dɛn
◻ Dɛn nti na mpɛn pii no sɛnea Yehowa bu n’asomfo no yɛ soronko fi nnipa de ho?
◻ Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahu nea nyankopɔn hu bere a ɔhwehwɛ yɛn koma mu no?
◻ Adesua bɛn na ɛboa yɛn ma yehu nokwasɛm ahorow na yɛbɔ yɛn koma ho ban?
◻ Dɛn nti na ɛnyɛ hu nko na ehia sɛ yehu nea Onyankopɔn ka, na mmom yenya ne nkate horow nso bi?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ankasa yɛbɔ mpae sɛ: “Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hu me koma”?
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Bere a wuresua ade no, bɔ mmɔden nya Onyankopɔn nsusuwii ne ne nkate horow no bi
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Yehowa adwene ‘dɔɔso sen anhwea’
[Mfonini Fibea]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.