Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 10/1 kr. 29-30
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Kristofo Biakoyɛ Mu A Yebekura Wɔ Adwuma Mu Nkitahodi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 10/1 kr. 29-30

Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Esiane sɛ Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro” no nti, so ɛbɛyɛ papa sɛ Kristoni bi ne obi a onnye nni bɛbom ayɛ adwuma?

Yehu saa afotu no wɔ 2 Korintofo 6:14-16: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? Na ɔka bɛn na Kristo ne Belial ka? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne nea onnye nni wɔ? Na biakoyɛ bɛn no Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ?”

Ntease biara nnim sɛ yebesusuw sɛ ɔsomafo Paulo de afotu yi mae de baraa nneɛma pɔtee bi, te sɛ adwuma a Kristoni ne obi a ɔnnye nni bɛbom ayɛ. Nanso, n’afotu no fa eyi ne asetra mu nsɛm afoforo ho.

Paulo kyerɛw saa afotu no kɔmaa ne nuanom Kristofo a na wɔwɔ tete Korinto no. Esiane sɛ na wɔte kurow a na emufo suban aporɔw kɛse mu nti, na ɛsɛ sɛ wogyina abrabɔ ne honhom fam asiane ano da biara. Sɛ wɔanhwɛ yiye a, anka nkɛntɛnso bɔne betumi adwudwo wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛyɛ nkurɔfo a wɔda nsow, “abusua a wɔapow wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de” no nkakrankakra.​—1 Petro 2:9.

Ansa na Paulo rekyerɛw nea ɛwɔ 2 Korintofo 6:14-16 no, na waka asɛnnennen bi a ɛsɔree wɔ ne nuanom Korintofo no mu ho asɛm. Ná wɔama kwan ma ɔbrasɛe a anibere wom bi ho asɛm akɔ so wɔ wɔn mu, enti Paulo hyɛe sɛ wonyi ɔbɔnefo a onnuu ne ho no mfi wɔn mu, anaa wontu no. (1 Korintofo 5:1) Saa ɔbarima no bɔne no kyerɛe sɛ fekubɔne anaa wiase no abrabɔ tebea a Kristofo de wɔn ho behyem a wɔnyɛ ahwɛyiye no betumi anya wɔn so nkɛntɛnso.

Ná ɛsɛ sɛ Korinto Kristofo no kwati ɔbarima a wɔatu no no fekubɔ, nanso so na ɛno kyerɛ sɛ ebia sɛ wɔtwe wɔn ho fi wɔn a wɔnnye nni ho koraa? So na ɛsɛ sɛ wɔkwati sɛ wɔne wɔn a wɔnyɛ Kristofo behyia anaa sɛ wɔne wɔn benya biribi ayɛ ɔkwan biara so, dan wɔn ho nkokorafo fekuw bi, te sɛ Yudafo a wɔtee wɔn ho kɔɔ Qumran a ɛbɛn Po a Awu no? Ma Paulo mmua: “Makyerɛw mo nhoma no mu sɛ mo ne nguaman nnni afra. Ɛnyɛ wi yi ase nguaman . . . ɛno de, na anka ɛsɛ sɛ mufi wiase kɔ.”​—1 Korintofo 5:9, 10.

Nea saa nsɛm no kyerɛ no mu da hɔ. Paulo hui sɛ Kristofo da so ara wɔ okyinsoromma yi so, na wɔte wɔn a wonnye nni a wɔn bra nyɛ na wɔn gyinapɛn ahorow yɛ soronko ntam, na ɛkame ayɛ sɛ wɔne wɔn hyia da biara. Esiane sɛ Kristofo ntumi nkwati ɛno nti, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye wɔ asiane a nkitahodi a ɛte saa betumi de aba no ho.

Afei momma yensusuw Paulo krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Korintofo no ho bio. Ɔdaa no adi sɛ Kristofo a wɔasra wɔn fata sɛ asomfo, Kristo ananmusifo. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkwati hintiduato biara a ebetumi ama wɔanya wɔn som adwuma no ho asɛm aka. (2 Korintofo 4:1-6:3) Paulo hyɛɛ ne nuanom Korintofo, a na wɔte sɛ ne honhom fam mma no, pɔtee sɛ wɔntrɛw wɔn dɔ mu. (2 Korintofo 6:13) Ɛno akyi no, ɔhyɛe sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro.” Ɔnam nsemmisa a wɔnhwehwɛ ho mmuae so de nneɛma bi a ɛbɔ abira totoo ho de sii asɛm no so dua.

Nsɛm afoforo a ɛka ho no kyerɛ sɛ ɛnyɛ sɛ na Paulo retwe adwene asi asetra fã pɔtee bi, te sɛ aguadi, anaa adwumayɛ so, na ɔde ɛho ahyɛde ama sɛ wɔnhwɛ nni so. Mmom no, no ɔde afotu a ɛfa nneɛma pii ho a nyansa wom na mfaso wɔ so rema anuanom a ɔdɔ wɔn yiye.

Sɛ́ nhwɛso no, so saa afotu yi fa Kristoni a ɔpɛ sɛ ɔware ho? Ɛda adi saa. Wɔ ɔsomafo no krataa a edi kan no mu no, otuu Korintofo a na wɔpɛ sɛ wɔware fo sɛ wɔnware “Awurade mu nko.” (1 Korintofo 7:39) Osii nyansa a ɛwɔ saa nsɛm no mu no so dua denam nea akyiri yi ɔkyerɛwee, a wɔaka wɔ 2 Korintofo 6:14-18 no so. Sɛ Kristoni bi susuw ho sɛ ɔbɛware obi a ɔnyɛ Yehowa somfo na ɔnyɛ Kristo kyidini a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ ɔresusuw ho sɛ ɔne obi a onnye nni benya abusuabɔ. (Fa toto Leviticus 19:19; Deuteronomium 22:10 ho.) Ɛda adi sɛ, fata a wɔmfata wɔn ho no betumi ama nsɛnnennen pii aba, a honhom mu de ka ho. Sɛ́ nhwɛso no, nea onnye nni no betumi de ne ho ahyɛ ɔsom a wɔde ma atoro nyame bi mu mprempren anaa daakye. Paulo kae sɛ: “Ɔka bɛn no Kristo ne Belial ka?”

Nanso, ɛdefa asetra fa foforo​—obi a onnye nni a yɛne no bɛbom ayɛ adwuma​—ho nso ɛ? Wɔ tebea bi mu no, ebia Kristoni bi besusuw sɛ n’ankasa ho ne n’abusua a ɔbɛhwɛ wɔn no hwehwɛ sɛ ɔne obi a ɔnyɛ ne yɔnko Kristoni bom yɛ adwuma. (1 Timoteo 5:8) Susuw ɛho nhwɛso kɛkɛ bi ho:

Ebia Kristoni bi bɛpɛ sɛ ofi ase tɔn nneɛma bi, nanso ɔkwan koro pɛ a ebetumi ayɛ yiye ne sɛ ɔne obi a ne nsa betumi aka nneɛma anaa sika a ohia no bɛbom ayɛ adwuma. Ebia na Kristoni foforo pɛ sɛ ɔyɛ kua (anaa ɔyɛn mmoa bi); nanso onnya asase biara, enti ebehia sɛ ɔne obi a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔma no asase na ɔne no kyɛ ɛso mfaso biara bom yɛ saa adwuma no. Ebia Kristoni fofofo nso ntumi nhyehyɛ nsu ho adwuma bi, efisɛ aban ma tumi krataa kakraa bi, na nkurɔfo agye ne nyinaa; ɔkwan koro pɛ a obetumi afa so ne sɛ ɔne ne busuani bi a ɔnnye nni a ɔwɔ tumi krataa bɛbom ayɛ adwuma no.​—Marko 12:17.

Eyinom yɛ mfatoho ara kwa. Yɛremmɔ mmɔden sɛ yɛbɛka tebea ahorow no nyinaa ho asɛm, anaa yɛbɛka asɛm bi de apene biribi so anaa yɛde bɛkasa atia. Nanso bere a nhwɛso ahorow yi wɔ w’adwene mu no, so wuntumi nhu nea enti a ɛnsɛ sɛ wobu ani gu afotu a ɛwɔ 2 Korintofo 6:14-18 no so no?

Kristoni a ɔma busuani anaa obi foforo a onnye nni bɛbom ayɛ adwuma no betumi ahyia sɔhwɛ ahorow a ɔnhwɛ kwan. Ebia adwuma mu hokafo no bɛka sɛ ɔkwan a wobetumi afa so anya mfaso kɛse ne sɛ wɔremmɔ sika dodow a wonya ho amanneɛ sɛnea ɛsɛ, anaa wɔrenyɛ adwumayɛfo ne wɔn akatua ho kyerɛwtohɔ pa, ɛmfa ho sɛ ebia ɛbɛto aban mmara ahorow no. Ebia ɔbɛpɛ sɛ owia ne ho tua sika ma wɔn a wɔde nneɛma brɛ wɔn wɔ nneɛma bi a wɔankyerɛw wɔ krataa so ho. So Kristoni de ne ho bɛhyɛ ɛno anaa nneyɛe bɔne a ɛtete saa mu? Na sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ wɔde wɔn nsa hyɛ towtua nkrataa anaa mmara kwan so nkrataa afoforo ase de kyerɛ sɛnea wɔyɛ wɔn adwuma no a, dɛn na Kristoni no bɛyɛ?​—Exodus 23:1; Romafo 13:1, 7.

Anaasɛ ebia adwuma mu ɔhokafo a onnye nni no bɛpɛ sɛ ɔtɔn abosonsom mu nnapɔnna ho nneɛma, de nnapɔnna nkratasin mena wɔ adwuma no din mu, na osiesie adwuma no mu ma nyamesom mu nnapɔnna. Paulo bisae sɛ: “Biakoyɛ bɛn no Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔrefi.” Asɛm yi fata dɛn ara sɛ: “Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho, sɛnea [Yehowa] se ne no, na monnka nea ɛyɛ fi; na me nso magye mo.” (2 Korintofo 6:16, 17) Kristofo pii apaw honam fam nnwuma a ebetumi ama wɔakwati nsɛnnennen pii na wɔatumi de saa afotu a nyansa wom no adi dwuma ɔkwan a wobetumi biara so.​—Hebrifo 13:5, 6, 18.

Wɔmfa nhyɛɛ asafo no nsa sɛ wɔnhwehwɛ nea Kristofo yɛ wɔ wɔn honam fam adwuma mu no nyinaa mu, sɛ́ wɔyɛ nkurɔfo adwuma anaa adwumawuranom. Nokwarem no, sɛ ɛbɛda adi sɛ Kristoni bi renya nnebɔne, te sɛ atoro som a wɔhyɛ ho nkuran anaa atorodi anaa korɔnbɔ bi mu kyɛfa a, ebehia sɛ asafo no yɛ ho biribi de di Yehowa gyinapɛn ahorow akyi.

Nanso asɛntitiriw no ne sɛ, Paulo afotu a ɔde honhom kyerɛwee a ese, “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro” no betumi aboa Kristofo ma wɔakwati nsɛnnennen ne mpanyimfo anim asɛm. Kristofo a wonim nyansa de saa afotu no besie wɔn komam, na wɔrempaw tebea ahorow a ɛbɛma wɔahyia nhyɛso kɛse a ebetumi ama wɔagyae Bible nnyinasosm ahorow mu. Sɛ obi susuw sɛ ɛsɛ sɛ ɔne obi a onnye nni bom yɛ adwuma a, ɛnsɛ sɛ afoforo de ahopere bu no atɛn anaa wɔkasa tia no, na ɛsɛ sɛ wohu sɛ ɔno na nea ɔbɛpaw ho asodi da no so. Ná ɛnyɛ Paulo adwene titiriw ne sɛ ɔde ahyɛde katee bi a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ de di dwuma bɛma de atia obi a onnye nni a yɛne no bɛbom ayɛ adwuma. Nanso, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu n’afotu no so. Yɛn yiyedi nti na Onyankopɔn nam ne honhom so ma wɔkyerɛw saa afotu no wɔ Bible no mu. Nyansa wom sɛ yɛde bedi dwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena