Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wugye Mfomso Tom?
NÁ ƐYƐ nneɛma a ɛntaa mma wɔ akodi mu abakɔsɛm mu no mu biako. Ɔnanmusifo bi a onkura akode siankaa asraafo a wonni timmɔbɔ ahanan a wɔasi wɔn bo sɛ wobetua ɔyaw a obi yaw wɔn so ka adwene. Bere a saa mmarima no kannifo no tee ɔbea kokodurufo biako pɛ kyɛwpa no, ogyae nea na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no.
Dawid ne saa ɔkannifo no, na akyiri yi ɔbɛyɛɛ Israel hene. Otiee ɔbea a wɔfrɛ no Abigail no efisɛ na ɔpɛ sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani. Bere a ɔde anifere ka kyerɛɛ no sɛ ne kunu Nabal a obedi no so were no bɛma wadi mogya ho sõ no, Dawid kae sɛ: “Nhyira nka [Yehowa], Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo behyiaa me nnɛ yi. Na nhyira nka w’adwempa, na nhyira nka wo sɛ woasianka me nnɛ da yi na mankodi mogya ho sõ, na mamfa m’ankasa nsa mantɔ were.” Dawid kyerɛɛ anisɔ sɛ Onyankopɔn de Abigail dii dwuma siw no kwan na wanni mfomso a anibere wom.—1 Samuel 25:9-35.
Dawid bisae wɔ dwom bi mu sɛ: “Hena na ohu n’ankasa ne mfomso mu?” (Dwom 19:12) Te sɛ ɔno no, sɛ obi anna yɛn mfomso adi ankyerɛ yɛn a, ebia yɛrenhu. Wɔ tebea afoforo mu no, nea ɛyɛ awerɛhow a efi biribi mu ba no hyɛ yɛn ma yehu sɛ yɛadi mfomso, nkwaseasɛm, anaa yɛankyerɛ ayamye.
Mpa Abaw
Ɛwom sɛ yɛn nyinaa di mfomso de, nanso ɛnsɛ sɛ ɛma yɛpa abaw. Aban nanmusifo Edward John Phelps kae sɛ: “Obi a onni mfomso biara no ntaa nyɛ hwee.” Na Kristoni osuani Yakobo kae sɛ: “Yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu.” (Yakobo 3:2) So abofra besua nantew bere a ɔnhwe ase da? Dabi, efisɛ abofra sua fi ne mfomso ahorow mu, na ɔkɔ so yere ne ho kosi sɛ obetumi agyina pintinn.
Sɛ yɛn asetra bɛkari pɛ a, ehia sɛ yɛn nso yesua biribi fi yɛn mfomso ne afoforo de mu. Esiane sɛ Bible no ka nnipa pii a ebia na wɔn tebea te sɛ yɛn de no suahu nti, ebetumi aboa yɛn ma yɛakwati mfomso koro no ara a wɔyɛe no. Ɛnde, dɛn na yebetumi asua afi wɔn mfomso ahorow no mu?
Ahobrɛase Su Ho Hia
Asuade biako ne sɛ Onyankopɔn mmu wɔn a wodi mfomso nyinaa fɔ, na mmom obu wɔn a wɔpow sɛ wɔbɛyɛ nsakrae bere a wobetumi no nkutoo atɛn. Israel Hene Saul antie Yehowa ahyɛde a ese wɔntɔre Amalekfo ase no. Bere a Odiyifo Samuel kɔɔ Saul nkyɛn no, mfiase no ɔbrɛɛ aniberesɛm a ɛwɔ asɛm no mu ase na afei ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde asodi no bɛto afoforo so. Ná n’anim a ebegu ase wɔ ne manfo anim no mmom na odwen ho sen teɛ a ɔbɛteɛ mfomso no. Enti, ‘Yehowa pow no fii ahenni no so.’—1 Samuel 15:20-23, 30.
Ɛwom sɛ Dawid a odii Saul ade no dii mfomso ahorow a anibere wom de, nanso esiane sɛ ɔde ahobrɛase gyee afotu ne nteɛso toom nti wɔde firii no. Dawid ahobrɛase no kanyan no ma otiee Abigail nsɛm no. Ná ne dɔm no asiesie wɔn ho sɛ wobedi ako. Nanso, Dawid gye toom wɔ ne mmarima no anim sɛ ɔde ahopere asi gyinae. Wɔ Dawid asetra nyinaa mu no, na ahobrɛase a ɛte saa boa no ma ɔsrɛ bɔne fafiri na ɔteɛ n’akwan.
Ahobrɛase ka Yehowa asomfo ma wɔteɛ nsɛm a wɔka a wonsusuw ho nso. Bere a wɔredi Paulo asɛm wɔ Sanhedrin no anim no, ɔsɔfo panyin no hyɛe sɛ wɔmmɔ Paulo asom. Ɔsomafo no buae sɛ: “Ɔbɔ na Onyankopɔn bɛbɔ wo, wo ɔfasu a wɔahoa ho.” (Asomafo no Nnwuma 23:3) Ebia esiane sɛ na Paulo nhu ade yiye nti, na onnim nea ɔne no rekasa no kosii sɛ wɔn a wogyina hɔ no bisaa no sɛ: “Onyankopɔn sɔfo panyin na woyaw no yi?” Afei Paulo gyee ne mfomso toom wɔ hɔ ara kae sɛ: “Anuanom, minnim sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Nkasa wo man panyin ho bɔne!” (Asomafo no Nnwuma 23:4, 5; Exodus 22:28) Yiw, Paulo de ahobrɛase gyee ne mfomso toom.
Wogyee Mfomso Toom
Bible no kyerɛ nso sɛ ebinom sakraa wɔn nsusuwii a ɛnteɛ. Sɛ́ nhwɛso no, susuw odwontofo Asaf ho. Esiane sɛ na ɛte sɛ nea abɔnefo di yiye nti, ɔkae sɛ: “Ampa ara, matew me koma ho kwa.” Nanso bere a Asaf kɔɔ Yehowa fie na osusuw mfaso horow a ɛwɔ ɔsom kronn so ho akyi no, n’ani baa ne ho so. Afei nso, ogyee ne mfomso toom wɔ Dwom 73.
Yona nso maa nsusuwii a ɛnteɛ gyee n’adwene. Bere a ɔkaa asɛm wɔ Niniwe akyi no, na n’ankasa ho a ɔbɛsan hia no sen kurow no mufo a wobɛnya wɔn ti adidi mu. Ná Yona ani nnye ho sɛ ɛmfa ho sɛ Niniwefo no sakrae no Yehowa antwe wɔn aso, nanso Onyankopɔn teɛteɛɛ no. Yona behui sɛ ne nsusuwii no nteɛ, efisɛ Bible nhoma a ne din da so no de nokwaredi ka ne mfomso ahorow no ho asɛm.—Yona 3: 10-4:11.
Bere a ɔbarima Hiob dii mfomso faa no sɛ ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn, na ɛnyɛ Satan Ɔbonsam, na ɔde ahohia baa ne so no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ n’amanehunu no mfata no. Ná onnim ɔsɛmpɔw a ɛso sen eyi no: So Onyankopɔn asomfo bɛkɔ so adi no nokware wɔ sɔhwɛ mu? (Hiob 1:9-12) Bere a Elihu ne afei Yehowa boaa Hiob ma ohuu ne mfomso no, ogye toom sɛ: “Mekaa nea mente ase . . . Enti na m’ani wu na minu me ho, dɔte ne nsõ mu.”—Hiob 42:3, 6.
Mfomso ahorow a yegye tom no boa yɛn ma yɛkɔ so ne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa. Sɛnea atifi hɔ nhwɛso ahorow no kyerɛ no, sɛ yegye yɛn mfomso ahorow tom na yɛyɛ nea yebetumi biara de teɛteɛ yɛn nsusuwii a ɛnteɛ, nsɛm a yɛka a yensusuw ho, anaa yɛn nneyɛe a nyansa nnim a, ɔremmu yɛn fɔ wɔ ho. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so de saa nimdeɛ yi adi dwuma?
Yɛn Mfomso Ahorow a Yɛbɛyɛ ho Biribi
Ahobrɛase a yɛde begye yɛn mfomso atom na yɛayɛ ho biribi no betumi ahyɛ abusua biakoyɛ mu den. Sɛ́ nhwɛso no, ebia esiane ɔbrɛ anaa abufuw nti, ɔwofo bi teɛɛ ne ba so atirimɔden so. Pow a ɔbɛpow sɛ ɔbɛteɛ saa mfomso yi betumi anya nkɛntɛnso bɔne. Ɛno nti, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”—Efesofo 6:4.
Kristoni abofra bi a wɔfrɛ no Paul de anigye kae sɛ: “Bere biara a paapa bɛyɛ ade ma aboro so no, na ɔpa kyɛw. Ɛno boaa me ma minyaa obu maa no.” Sɛ́ kyɛwpa ho hia wɔ tebea pɔtee bi mu no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ ankorankoro si ho gyinae. Nanso, ehia sɛ wɔ kyɛwpa no akyi no, yɛbɔ mmɔden kɛse sɛ akyiri yi yɛbɛkwati mfomso a ɛtete saa.
Na sɛ okunu anaa ɔyere di mfomso a ɛde ɔhaw ba nso ɛ? Nokwaredi a wɔde gye nsɛm tom, kyɛwpa a efi komam, ne fafiri honhom bɛboa wɔn ma wɔakɔ so anya abusuabɔ a ɔdɔ wom. (Efesofo 5:33; Kolosefo 3:13) Jesús, Spaini barima bi a ne koma haw no a ɔwɔ ne mfe 50 mu no mmu ne ho dodo sɛ ɔbɛpa ne yere Albina kyɛw. Ɔbea no ka sɛ: “Ɛyɛ yɛn su sɛ yɛbɛpa yɛn ho kyɛw bere a yɛafom yɛn ho no. Eyi boa yɛn ma yɛne yɛn ho tra wɔ ɔdɔ mu.”
Bere a Asafo mu Panyin Bi Di Mfomso No
Gye a Kristofo mpanyimfo begye wɔn mfomso ahorow atom na wɔafi komam apa kyɛw no bɛboa wɔn ma wɔde biakoyɛ abom ayɛ adwuma na ‘wɔadi wɔn ho wɔn ho ni.’ (Romafo 12:10) Ebia ɔpanyin bi bɛtwentwɛn ne nan ase sɛ obegye ne mfomso bi atom, efisɛ osuro sɛ eyi bɛma tumi a ɔwɔ wɔ asafo no mu no ho aba asɛm. Nanso, mmɔden a ɔbɛbɔ sɛ obebu ne ho bem, abu n’ani agu ne mfomso so anaa wabrɛ aniberesɛm a ɛyɛ no ase mmom na ɛbɛma afoforo ahwere ahotoso a wɔwɔ wɔ ne hwɛfo adwuma no mu. Onua a ne ho akokwaw a ofi ahobrɛase mu pa kyew esiane asɛm a ebia ɔkae a wansusuw ho nti no nya obu fi afoforo hɔ.
Fernando a ɔyɛ ɔpanyin wɔ Spain no kae sɛ bere bi a na ɔmansin sohwɛfo bi rehwɛ mpanyimfo nhyiam kɛse bi so no, ɔkaa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ nhyiam bi ho asɛm a na ɛyɛ mfomso. Bere a onua bi fi obu mu teɛɛ nea ɔmansin sohwɛfo no kae no, ogye toom ntɛm sɛ odii mfomso. Fernando kae se: “Bere a ogyee ne mfomso toom wɔ saa mpanyimfo no nyinaa anim, ma mihui no, m’ani gyee ho kɛse. Minyaa obu kɛse maa no wɔ saa kyɛwpa no akyi. Ne nhwɛso no ma mihuu hia a ehia sɛ migye m’ankasa me mfomso ahorow tom.”
Gye Mfomso Tom Ntɛm
Afoforo kyerɛ ɛkyɛwpa ho anisɔ, titiriw sɛ wɔyɛ no ntɛm a. Nokwarem no, dodow a yegye yɛn mfomso tom ntɛm no, dodow no ara na eye. Sɛ́ mfatoho no: Wɔ October 31, 1992 no, Paapa John Paul II gye toom sɛ Atirimɔden Asenni no dii “mfomso” mfe 360 a atwam no mu sɛ ɛtwee Galileo aso esiane sɛ ɔkyerɛe sɛ asase no nni amansan no mfinimfini nti. Nanso, ɛkyɛwpa a wotu hyɛ da bere tenten sɛɛ no brɛ bo a ɛsom no ase.
Saa ara na ɛte wɔ ankorankoro abusuabɔ ahorow mu. Ɛkyɛw a wopa no ntɛm betumi ayi ɛyaw a atirimɔdensɛm anaa atirimɔden su de ba no afi hɔ. Yesu hyɛɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛhwehwɛ asomdwoe, na ɔkae sɛ: “Sɛ wode w’ayɛyɛde ba afɔremuka ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm bi tia wo a, gyaw w’ayɛyɛde no afɔremuka no anim hɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kan ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛde no.” (Mateo 5: 23, 24) Mpɛn pii no, nea yɛne afoforo ntam a yebesiesie hwehwɛ ara ne sɛ yebegye atom sɛ yedii mfomso, na yɛasrɛ fafiri. Dodow a yetwentwɛn eyi yɛ ase no, dodow no ara na ɛyɛ den.
Mfomso a Yegye Tom de Anigye Ba
Sɛnea Saul ne Dawid nhwɛso no da no adi no, sɛnea yedi yɛn mfomso ahorow ho dwuma no betumi aka yɛn asetra. Saulo de mpiyɛ pow afotu, na ne mfomso yɛɛ pii, na ekowiee Onyankopɔn anim dom a ɔhweree ne owu mu. Nanso ɛmfa ho Dawid mfomso ne ne bɔne ahorow no, ɔde ahonu gyee nteɛso toom na ɔkɔɔ so dii Yehowa nokware. (Fa toto Dwom 32:3-5 ho.) So ɛnyɛ nea yɛpɛ nen?
Akatua a ɛsen biara a yenya fi yɛn mfomso a yebegye atom na yɛateɛ no anaa ahonu a yɛbɛkyere wɔ yɛn bɔne ho mu ne nim a yenim sɛ Onyankopɔn de akyɛ yɛn no. Dawid kae sɛ: “Nhyira ne nea . . . wɔakata ne bɔne so. Nhyira ne onipa a [Yehowa] mmu n’amumɔye ngu no so.” (Dwom 32:1, 2) Ɛnde, hwɛ nyansa ara a ɛwom sɛ wubegye mfomso atom!
[Mfonini wɔ kratafa 29]
So abɔfra besua nantew bere a ɔnhwe ase da?