Ahobrɛase Ho Nhwɛso Ahorow a Ɛsɛ Sɛ Yedi Akyi
“W’ankasa w’ahobrɛase bɛma mayɛ kɛse.”—DWOM 18:35, New World Translation.
1. Dɛn na edi adanse sɛ na kan Ɔwɛn Aban Asafo no titrani bi brɛ ne ho ase?
NÁ JOSEPH F. RUTHERFORD yɛ obi a n’nim yɛ duru a ne tenten boro anammɔn asia na ne mu duru. boro kilogram 90. Ná ne mene mu so, na ɛnyɛ sɛ ɔde dii dwuma de daa Yehowa din adi sɛnea na ebi mmae da nko, na mmom ɔde paa Kristoman asɔre akannifo no nnaadaasɛm no ho ntama nso, na ɔkaa sɛ wɔn som no yɛ “afiri ne nnaadaa.” Nanso ɛmfa ho sɛ na ne nsɛm ano yɛ den no, sɛ odi adwumayɛbea ti hɔ Betel abusua no anim wɔ mpaebɔ mu a, na ɔkasa te sɛ abofra bi a ɔne ne papa rekasa, na edii adanse sɛ ɔne ne Bɔfo no wɔ abusuabɔ a emu yɛ den na ɔwɔ ahobrɛase nso. Yiw, na ɔbrɛ ne ho ase te sɛ abofra ketewa.—Mateo 18:3, 4.
2. Ɔkwan titiriw bɛn so na Yehowa asomfo da nsow kɛse wɔ ankorankoro a wɔwɔ wiase no mu ho?
2 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa Nyankopɔn nokware asomfo nyinaa brɛ wɔn ho ase. Wɔ eyi mu no wɔda nsow kɛse wɔ nnipa a wɔwɔ wiase ho. Ɛnnɛ, ahantanfo abu so wom sen bere biara. Atumfo ne nnipa atitiriw, adefo ne nhomanimfo, ne ahiafo ne wɔn a wɔba fam wɔ akwan afoforo so mpo pii yɛ ahantan.
3. Dɛn na yebetumi aka wɔ nea ahantan de ba ho?
3 Ahantan de nitan ne ahohia kɛse ba. Nokwarem no, nea ɛmaa amansan yi mu haw nyinaa fii ase ne sɛ, ɔbɔfo bi bɛyɛɛ ahantan, na ɔpɛe sɛ wɔde ɔsom a ɛfata Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn, nkutoo ma no. (Mateo 4:9, 10) Afei nso, nea ɔyɛɛ ne ho Ɔbonsam ne Satan no tumi daadaa ɔbea a odi kan, Hawa denam ahantan a ɔkanyan wɔ no mu no so. Ɔhyɛɛ no bɔ sɛ, sɛ odi aduaba a wɔabara no a, obetumi ayɛ sɛ Onyankopɔn ankasa ahu papa ne bɔne. Sɛ ɔwɔ ahobrɛase a, anka ɔbɛka sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ minya ɔpɛ sɛ mɛyɛ sɛ Onyankopɔn?’ (Genesis 3:4, 5) Sɛ yesusuw honam, adwene, ne abrabɔ fam tebea bɔne a adesamma wom no ho a, hwɛ sɛnea ntease nnim sɛ nnipa bɛyɛ ahantan! Ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛkenkan sɛ Yehowa kyi “ahokyerɛ ne ahantan”! (Mmebusɛm 8:13) Abirabɔ kɛse da ahobrɛasefo a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu no ne ahantanfo nyinaa ntam.
Yehowa Nyankopɔn Brɛ ne Ho Ase
4. Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa brɛ ne ho ase?
4 Yehowa Nyankopɔn—Ɔsorosoroni, Amansan Hene, mmeresanten Hene no—brɛ ne ho ase. (Genesis 14:22) So ɛno betumi aba saa? Yiw, ɛte saa ankasa! Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Dwom 18:35 (wɔ New World Translation mu) no, Ɔhene Dawid kae sɛ: “Wobɛma me nkwagye kyɛm, na w’ankasa wo nsa nifa bɛwowaw me, na w’ankasa w’ahobrɛase bɛma mayɛ kɛse.” Ɛda adi pefee sɛ Dawid kyerɛe sɛ Yehowa ahobrɛase na ɛbɛma ɔno, Dawid ayɛ kɛse. Afei nso, yɛkenkan wɔ Dwom 113:6 sɛ Yehowa “brɛ ne ho ase hwɛ ɔsoro ne asase so.” Nkyerɛase afoforo kenkan ‘sɛ, “ɔbɔ ne mu ase hwɛ,” (New International Version) “ogow ne ho mu hwɛ fam pɛɛ.”—The New English Bible.
5. Nsɛm a esisii bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa brɛ ne ho ase?
5 Ɛda adi sɛ Yehowa Nyankopɔn brɛɛ ne ho ase wɔ ɔkwan a ɔne Abraham dii no so, bere a ɔmaa no kwan ma obisaa Ne trenee ho asɛm wɔ ne tirim a na wabɔ sɛ ɔbɛsɛe abɔnefo nkurow Sodom ne Gomora no ho.a (Genesis 18:23-32) Na bere a Yehowa kyerɛe sɛ ɔpɛ sɛ ɔsɛe Israel man—esiane sɛ wɔsom abosom bere bi, na wɔtew atua bere foforo nti—no, Mose ne Yehowa susuw nsɛm ho te sɛ nea ɔne onipa foforo na ɛrekasa wɔ saa mmere no biara mu. Wɔ saa mmere no biara mu no, Yehowa tiee no. Ná ɛkyerɛ ahobrɛase sɛ Otiee Mose adesrɛ a ɛfa Ne nkurɔfo Israel ho no. (Exodus 32:9-14; Numeri 14:11-20) Yebehu sɛnea Yehowa fi ahobrɛase mu ne nnipa dii te sɛ nea obi ne ne tipɛn bɛyɛ no ho nhwɛso afoforo wɔ ɔne Gideon ne Yona nsennii a wɔakyerɛw wɔ Atemmufo 6: 36-40 ne Yona 4:9-11 no mu.
6. Yehowa su bɛn na ɛda no adi bio sɛ ɔbrɛ ne ho ase.
6 Nokwarem no, anyɛ yiye koraa no, wɔka Yehowa ho asɛm mpɛn akron sɛ “n’abodwo kyɛ,” “ne boasetɔ kyɛ,” anaa “ne bo kyɛ fuw.”b Abodwokyɛre mu a Yehowa fi ne nnipa a wonyɛ pɛ adi wɔ mfe mpempem no nyinaa mu no nso di adanse sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Ahantanfo nni abotare, na wɔda abufuw adi ntɛmntɛm, na ɛne abodwokyɛre bɔ abira koraa. Hwɛ sɛnea Yehowa ahobrɛase no nti ntease nnim koraa sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ bɛyɛ ahantan! Esiane sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo’ nti, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase sɛnea ɔbrɛ ne ho ase no.—Efesofo 5:1.
Ahobrɛase ho Nhwɛso a Kristo Yɛe
7, 8. Dɛn na Kyerɛwsɛm no ka wɔ Yesu Kristo ahobrɛase ho?
7 Wɔka ahobrɛase ho nhwɛso a ɛsen biara a ɛto so abien a ɛsɛ sɛ yesuasua ho asɛm wɔ 1 Petro 2:21: “Na eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.” Bere tenten ansa na ɔreba asase so sɛ onipa no, na wɔahyɛ ne ho nkɔm wɔ Sakaria 9:9 sɛ: “Huro, Yerusalem babea. Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtreneeni ne nea wanya nkwagye; odwo, na ɔte afurum so.” Sɛ na Yesu Kristo yɛ ahantan a, anka ɔbɛyɛ ɔsom mu adeyɛ biako de agye wiase ahenni nyinaa a Ɔbonsam de maa no no. (Mateo 4: 9, 10) Ɔnam ne nkyerɛkyerɛ ho anuonyam nyinaa a ɔde maa Yehowa no so daa ahobrɛase adi, na ɔkae sɛ: “Sɛ munya ma onipa ba no so a, ɛno na mubehu sɛ mene no, na memmɔ m’ankasa me tirim menyɛ biribi, na sɛnea agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka.”—Yohane 8:28.
8 Otumi ka kyerɛɛ n’atiefo no yiye sɛ: “Momfa me kondua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.” (Mateo 11:29) Na hwɛ ahobrɛase ho nhwɛso pa ara a ɔyɛe bere a ɔhohoroo n’asomafo no nan ho anadwo a etwa to a ɔtrae sɛ onipa no! (Yohane 13:3-15) Sɛnea ɛfata yiye no, ɔsomafo Paulo tu Kristofo fo wo Filipifo 2: 3-8 sɛ wonnya “ahobrɛase adwene,” na ɔde Yesu Kristo yɛɛ nhwɛso sɛ: “Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntra mo mu bi. Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebeam de, nanso wammu no mfasode sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ, na mmom oyii ne mu guu hɔ faa akoa tebea too ne ho so dan nnipa sɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’ade fae no, wohuu no sɛ onipa, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po.” Bere a ohyiaa n’asetram amanehunu a ɛsen biara no, ɔde ahobrɛase bɔɔ n’Agya mpae sɛ: “Ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na sɛnea wopɛ.” (Mateo 26:39) Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ yebesuasua Yesu Kristo na yɛadi n’anammɔn akyi pɛɛ a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase.
Ɔsomafo Paulo, Ahobrɛase ho Nhwɛso Pa
9-12. Akwan bɛn so na ɔsomafo Paulo yɛɛ ahobrɛase ho nhwɛso pa?
9 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.” (1 Korintofo 11:1) So ɔsomafo Paulo nyaa ahobrɛase adwene de suasuaa Yesu Kristo, de yɛɛ ahobrɛase ho nhwɛso foforo maa yɛn sɛ yensuasua anaa? Ɛda adi yiye sɛ ɔyɛɛ saa. Nea edi kan no, ɔde ahobrɛase gye toom sɛ ɔyɛ Yesu Kristo akoa. (Filipifo 1:1) Ɔka kyerɛɛ Efeso mpanyimfo no sɛ ‘ɔde ahobrɛase adwene nyinaa ne nusu pii ne sɔhwɛ a ɛbaa ne so Yudafo buw a wobuw no no mu som Awurade.’ (Asomafo no Nnwuma 20:17-19) Sɛ na ɔmmrɛ ne ho ase a, anka ɔrenkyerɛw nsɛm a ɛwɔ Romafo 7:18, 19 no da: “Na minim sɛ me mu, ɛne sɛ me honam mu de, papa bi nte me mu . . . Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ.”
10 Nea Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Korinto, a ɛwɔ 1 Korintofo 2:3 no nso kyerɛ sɛ na ɔbrɛ ne ho ase: “Mmerɛw ne ehu ne ahopopo bebree mu na me ne mo trae.” Bere a ofi ahobrɛase mu reka ne kan abrabɔ ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Kan [na] meyɛ mmusubɔfo ne ɔtaafo ne onuɔdenfo . . . Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo a me na midi wɔn mu kan.”—1 Timoteo 1:13, 15.
11 Ade foforo a ɛkyerɛ sɛ na ɔbrɛ ne ho ase ne kyerɛ a ɔkyerɛe sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔmaa ne mmɔdenbɔ nyinaa sii yiye no. Ɔkyerɛw faa ne som adwuma no ho sɛ: “Miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔma enyinii. Enti ɛnyɛ nea odua, na ɛnyɛ nea ogugu so nsu na ɔyɛ biribi, na mmom Onyankopɔn a ɔma enyin no.” (1 Korintofo 3:6, 7) Afei nso ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ wɔmmɔ mpae mma no na ama watumi adi adanse yiye, sɛnea yɛkenkan wɔ Efesofo 6:18-20 yi: ‘Mommɔ mpae mma me, na mibue m’ano a, wɔmma me asɛm menka, na memfa nnam minyi asɛmpa no ahintasɛm menkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ meka no no.’
12 Paulo daa n’ahobrɛase adi nso wɔ sɛnea ɔne asomafo afoforo no yɛɛ biako no mu: “Yakobo ne Kefa ne Yohane . . . teɛɛ ayɔnkofa nsa nifa momaa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufo mu, na wɔn de, wɔnka no twetiafo mu.” (Galatifo 2:9) Afei nso ɔdaa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔne Yerusalem asafo no mu mpanyimfo bɛyɛ biako no adi denam asɔrefi a ɔne mmarima baanan bi kɔe na wokotuaa bo bi de dii wɔn bɔhyɛe bi so no so.—Asomafo no Nnwuma 21:23-26.
13. Dɛn na ɛmaa Paulo ahobrɛase no daa nsow kɛse saa?
13 Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa Nyankopɔn de Paulo dii dwuma kɛse no a, yehu sɛ na n’ahobrɛase no da nsow. Sɛ́ nhwɛso no, yɛkenkan sɛ ‘Onyankopɔn nam Paulo nsa so yɛɛ ahoɔdenne akɛse.’ (Asomafo no Nnwuma 19:11, 12) Nea ɛsen saa no, wɔnam honhom so ma ohuu anisoadehu ne adiyi ahorow. (2 Korintofo 12:1-7) Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi nso sɛ wɔde honhom kaa no ma ɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nhoma 27 no mu 14 (a ɛyɛ nkrataa ankasa). Eyinom nyinaa amma ne ti anhon, sɛnea yɛbɛka no no. Ɔkɔɔ so brɛɛ no ho ase.
Ɛnnɛ Bere Mu Nhwɛso Ahorow
14-16. (a) Ɔkwan bɛn so na na Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan no yɛ ahobrɛase ho nhwɛso pa? (b) Ne nhwɛso no ne hena de na ɛbɔ abira kɛse?
14 Wɔ Hebrifo 13:7 no, yɛkenkan ɔsomafo Paulo afotu yi: “Monkae mo mpanyimfo a wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ mo; monhwɛ wɔn abrabɔ awiei nsua wɔn gyidi.” Wɔ nnyinasosɛm yi a yɛde bedi dwuma mu no, yebetumi afa Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan, Charles Taze Russell, a yebetumi asuasua ne gyidi no sɛ nhwɛso. So na ɔbrɛ ne ho ase? Nokwarem no na ɛte saa! Sɛnea wɔahyɛ no nsow yiye no, wantwe adwene ansi ne ho so wɔ ne nhoma Studies in the Scriptures no apo asia a ɛwɔ nkratafa bɛyɛ 3,000 no mu da. Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow no te saa ara nnɛ, na wɔnna n’akyerɛwfo adi mfa nhyɛ nnipa anuonyam.
15 Russell kyerɛwee wɔ Ɔwɛn-Aban no mu bere bi sɛ onnim biribiara a wɔfrɛ no “Russell nsɛm” ne “Russell kyidini,” nsɛm a n’asɔretiafo de dii dwuma nanso ɔpow koraa no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛn adwuma . . . ne sɛ yɛbɛka nokware ahorow a ɛhwete bere tenten no abom na yɛde ama Awurade nkurɔfo—ɛnyɛ sɛ ade foforo, ɛnyɛ sɛ yɛn de, na mmom sɛ Awurade de. . . . Adwuma a Awurade ani agye ho sɛ ɔde yɛn mmɔdenbɔ kakraa no bedi ho dwuma no nyɛ adwuma foforo na mmom adwuma a wosiesie no bio, wɔteɛteɛ no na wɔma ɛyɛ biako.” Nokwarem no, ɔdaa nkate a ɛwɔ ɔsomafo Paulo nsɛm a yehu wɔ 1 Korintofo 3:5-7 no bi adi.
16 Ná ne su no bɔ Charles Darwin de no abira koraa. Wɔ Darwin nhoma The Origin of Species a edi kan a ɔkyerɛw no 1859 mu no, ɔkae sɛ “me” nkyerɛkyerɛ mpɛn pii de buu n’ani guu nea na afoforo a wodi n’anim aka wɔ adannandi ho no so. Afeha a ɛto so 19 no ara mu nhoma kyerɛwfo a wagye din, Samuel Butler kasa tiaa Darwin, na ɔdaa no adi sɛ na afoforo pii adikan aka adannandi nkyerɛkyerɛ no ho asɛm; ɛnyɛ Darwin na ofii ase wɔ ɔkwan biara so.
17. Dɛn ne Onua Rutherford ahobrɛase ho nhwɛso afoforo?
17 Ɛnnɛ bere yi mu ɔsomfo nokwafo foforo a Yehowa Nyankopɔn de no dii dwuma kɛse ne Joseph F. Rutherford a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no. Ná ɔde akokoduru ka Bible mu nokware ne ne titiriw no, Yehowa din ho asɛm. Ɛwom sɛ na nnipa pii frɛ no Ɔtemmufo Rutherford de, nanso na ɔbrɛ ne ho ase komam. Sɛ́ nhwɛso no, bere bi ɔkaa nea na Kristofo betumi ahwɛ kwan sɛ ɛbɛba 1925 ho asɛm a na enni nnyinaso. Bere a nea ɔhwɛɛ kwan no ammam no, ɔde ahobrɛase ka kyerɛɛ Brooklyn Betel abusua no sɛ wamfa atɛmpa anni dwuma. Kristoni bi a wɔasra no a ɔne Onua Rutherford bɔɔ kɛse dii adanse sɛ ɔtee mpɛn pii sɛ Onua Rutherford gyina Mateo 5:28, 24 so pa kyɛw wɔ baguam ne kokoam wɔ asɛm a wansusuw ho yiye a ɔkae a ɛhaw ne yɔnko Kristoni bi no ho. Egye ahobrɛase na obi a ɔwɔ gyinabea a ɛkorɔn apa wɔn a wɔhyɛ n’ase kyɛw. Onua Rutherford yɛɛ nhwɛso pa maa ahwɛfo nyinaa, sɛ́ wɔwɔ asafo bi mu, akwantu adwuma no mu, anaa Asafo ti no baa dwumadibea ahorow no biako no.
18. Asɛm a ɛda ahobrɛase adwene adi bɛn na Asafo ti no titrani a ɔto so abiɛsa no kae?
18 Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a ɔto so abiɛsa, Nathan H. Knorr nso kyerɛe sɛ ɛmfa ho sɛ na ɔyɛ onipa titiriw wɔ Yehowa nkurɔfo mu no, ne dibea no amma wante nka sɛ ɔkorɔn. Ɛwom sɛ na otumi yɛ nhyehyɛe ahorow yiye na ɔbɔ mmɔden wɔ baguam kasa ho de, nanso na ɔwɔ nea afoforo yɛ ho obu kɛse. Enti, bere bi ɔkɔsraa Akyerɛwfo Dwumadibea no muni bi wɔ ne office na ɔkae sɛ: “Ɛha na adwuma a ɛho hia na ɛyɛ den sen biara no kɔ so. Ɛno nti na menyɛ ɛno pii no.” Yiw, na ofi ahobrɛase mu de afotu a ɛwɔ Filipifo 2:3 a ese ‘ɛsɛ sɛ obi de ahobrɛase adwene bu afoforo sɛ wɔkyɛn no’ no redi dwuma. Ogye toom sɛ ɛwom sɛ som a na ɔsom sɛ Asafo ti no titrani no ho hia de, nanso nnwuma afoforo nso ho hia. Ahobrɛase na ɛma otumi tee nka saa na ɔkaa ho asɛm pefee saa no. Ɔno nso yɛɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ obiara suasua, titiriw wɔn a ebia wɔwɔ ahwɛfo dibea a ɛkorɔn no.
19, 20. (a) Ahobrɛase ho nhwɛso bɛn na Asafo ti no titrani a ɔto so anan no yɛe? (b) Mmoa bɛn na asɛm a edi hɔ no de bɛma yɛn wɔ ahobrɛase a yɛbɛda no adi mu?
19 Asafo ti no titrani a ɔto so anan, Fred W. Franz, nso yɛɛ ahobrɛase ho nhwɛso pa. Sɛ́ obi a wasom sɛ Asafo ti no titrani abadiakyi bɛyɛ mfe 32 no, na ɔkyerɛw nsɛmma nhoma mu nsɛm ne nhyiam ase dwumadi ahorow no mu fã kɛse; nanso wɔ eyi yɛ mu no, wanna ne ho adi amfa anuonyam ammrɛ ne ho da. Yebetumi aka tete nhwɛso bi a ɛte sɛɛ ho asɛm. Bere a Yoab dii Amonfo no so wɔ Raba no, ɔde nkonim a odii no ho anuonyam maa Ɔhene Dawid.—2 Samuel 12:26-28.
20 Nokwarem no, tete ne nnɛ bere yi mu nhwɛso pa pii wɔ hɔ, na ɛma yɛn ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Nanso, ntease afoforo pii wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase, na yebesusuw eyinom ne nneɛma a ɛbɛboa yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase nso ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔtaa kyerɛ Engiresi asɛmfua “condescend” a yɛakyerɛ ase wɔ ha “ahobrɛase” no ase sɛ “nya ahomaso.” Nanso ne ntease titiriw—ne ne ntease a ɛwɔ New World Translation mu—ne sɛ “yɛ fakaa,” “gyaw dibea hokwan ahorow mu.”—Hwɛ Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary mu
b Exodus 34:6; Numeri 14:18; Nehemia 9:17; Dwom 86:15; 103:8; 145:8; Yoel 2:13; Yona 4:2; Nahum 1:3.
So Wokae?
◻ Dɛn na ahantan de aba?
◻ Hena na wayɛ ahobrɛase ho nhwɛso a ɛsen biara?
◻ Dɛn na ɛma yehu nea ɔyɛɛ ahobrɛase ho nhwɛso a ɛsen biara a ɛtɔ so abien no?
◻ Ahobrɛase ho nhwɛso fɛfɛ bɛn na ɔsomafo Paulo yɛe?
◻ Ɛnnɛ bere mu ahobrɛase ho nhwɛso ahorow a ɛda nsow bɛn na yɛwɔ?
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Yesu yɛɛ ahobrɛase ho nhwɛso pa
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Paulo yɛɛ nhwɛso pa wɔ ahobrɛase mu
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Onua Russell annye nea ɔkyerɛwee no ho anuonyam amma ne ho