So Wɔwoo Yesu Awɔw Bere Mu?
“SUKYERƐMMA Tɔ Araa Ma Wontumi Nyɛ Hwee wɔ Yerusalem” na “Sukyerɛmma Atɔ Akyɛ wɔ Kusuu Fam.” The Jerusalem Post no mu nsɛmti a ɛte sɛɛ no bɛyɛɛ nsɛm a na Israelfo taa kenkan wɔ 1992 mu, wɔ afeha no mu awɔw mmere a ɛsen biara wɔ Israel no biako mu.
Eduu January no, na sukyerɛmma a ne sorokɔ yɛ mita 7 kosi 12 akata Bepɔw Hermon so, na na awɔw bere no ntwaam. Sukyerɛmma a ɛtɔ pii no nti, wontumi nyɛ hwee wɔ Golan Heights ne Galilea Kusuu Fam kɔfa Yerusalem ne Betlehem a ɛben hɔ (a wuhu wɔ nsɛmma nhoma yi anim), kosi Negeb anafo mpo. Jerusalem Post mu asɛm bi ne sɛ: “Nnɛra, sukyerɛmma a ɛtɔɔ pii no tumi yɛɛ nea Katyusha aprɛm antumi anyɛ dapɛn a etwaam no, amma wɔantumi anyɛ hwee wɔ kurow mu, na obiara antumi ampue.”
Ɛnyɛ nkurow akɛse mufo nko na awɔw a ano yɛ den no ma wohuu amane. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ awɔw a ano yɛ den yiye anadwo no kunkum anantwi ne anantwi mma ɔhaha pii ne nkokɔ mpempem pii nso. Sukyerɛmma no akyi no, nsu a na ano yɛ nwini a ɛtɔe kɛse no nso sɛee nneɛma. Da koro bi, susuan no faa mmarimaa nguanhwɛfo baanu a ɛda adi sɛ na wɔrebɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛbɔ wɔn nguan dodow bi a na susuan no refa wɔn no ho ban no.
Ɛwom sɛ na eyi nyɛ awɔw a ɛtaa ba Mfinimfini Fam Apuei de, nanso Israelfo nsɛmma nhoma Eretz bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wim tebea ho nsɛm a wɔaboaboa ano akyerɛw ato hɔ wɔ Israel asase so wɔ mfe 130 a atwam no da no adi sɛ sukyerɛmma taa tɔ wɔ Yerusalem sen sɛnea ebia wɔhwɛ kwan . . . Wɔ 1949 ne 1980 ntam no, sukyerɛmma tɔɔ da mũ nyinaa wɔ Yerusalem kurow mu wɔ awɔw bere mu.” Nanso so eyi yɛ wim tebea ho nsɛm anaa ade a ɛho hia nnipa kɛkɛ, anaasɛ ɛkyerɛ biribi titiriw ma Bible asuafo?
Dɛn na Ɛkyerɛ ma Bible Asuafo?
Sɛ nnipa pii resusuw Yesu awo ho a, wosusuw akokoaa a ɔda mmoa adididaka mu a wɔtaa da no adi Buronya bere mu ma ɛyɛ anigye ho. Akokoaa Yesu da adaka no mu, wɔde ntama akyekyere ne ho na awɔw anne no, ne maame te ne nkyɛn, na sukyerɛmma akata wura a ɛwɔ ho no so kakra. So nsusuwii a agye din yi ne asɛm a esii yi ho asɛm a Bible ka no hyia?
Bible kyerɛwfo Luka ka Yesu awo ho kyerɛwtohɔ a wɔde ahwɛyiye ayɛ ho asɛm sɛ: “Na nguanhwɛfo bi wɔ saa asase no so da wuram rewɛn wɔn nguankuw. Na [Yehowa] bɔfo begyinaa wɔn nkyɛn, na [Yehowa] anuonyam haran twaa wɔn ho hyiae, na ehu kɛse kaa wɔn. Na ɔbɔfo no see wɔn sɛ: Munnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigye pii na ɛbɛyɛ ɔman nyinaa dea merebrɛ mo, sɛ nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo no, Awurade, ama mo wɔ Dawid kurom [Betlehem]. Na eyi ne mo sɛnkyerɛnne: mubehu akokoaa a wɔde ntama akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu. Na mpofirim ara ɔsoro asafo bebree bɛkaa ɔbɔfo no ho yii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.”—Luka 2:8-14.
Sɛ anka worekenkan kyerɛwtohɔ yi akyerɛ Israelfo dodow no ara nnɛ na woabisa wɔn sɛ eyi sii bere bɛn wɔ afe no mu a, ɛda adi sɛ wobebua sɛ “April ne October ntam hɔ baabi.” Dɛn ntia? Mmuae no yɛ tiawa. Efi November kosi March yɛ osutɔ ne awɔw bere wɔ Israel, na ɛda adi sɛ December 25 yɛ awɔw bere. Nguanhwɛfo rentra sare so nhwɛ wɔn nguankuw anadwo. Sɛ wususuw amanneɛbɔ a ɛwɔ asɛm yi mfiase no ho a, wubetumi ahu nea enti a ɛte saa. Betlehem a wɔwoo Yesu wɔ hɔ no wɔ bepɔw so na ɛne Yerusalem ntam kwan yɛ akwansin kakraa bi pɛ. Wɔ mfe a wim nyɛ wiridudu pii mu mpo no, sɛ edu awɔw bere mu a, awɔw ba kɛse anadwo.—Mika 5:2; Luka 2:15.
Bere a wɔwoo Yesu no ho abakɔsɛm mu a yɛhwehwɛ ma yehu nokwasɛm a ɛne sɛ wɔanwo no wɔ December awɔw bere mu. Ɛwom sɛ na Yesu maame Maria yafunu anyin de, nanso na ɛsɛ sɛ ofi baabi a ɔte wɔ Nasaret tu kwan kɔ Betlehem. Ɔne Yosef yɛɛ saa na ama wɔadi nnipakan ho mmara a Roma sodifo Kaesare Augusto, hyɛe no so. (Luka 2: 1-7) Ná Yudafo a na Roma nniso ne tow akɛse a wogye wɔn no yɛ wɔn abufuw no rebɛtew atua. Ɛnde dɛn nti na Romafo no bɛhaw wɔn kwa sɛ wɔn mu pii ntu kwan nkɔkyerɛw wɔn din wɔ awɔw a ano yɛ den na ɛyɛ hu sen biara bere mu? So ɛnyɛ nea ntease kɛse wom sɛ anka wɔbɛhyɛ saa mmara no wɔ bere a akwantu nyɛ den, te sɛ fefɛw bere anaa otwa bere mu?
Akontaabu a Egyina Bible So
Abakɔsɛm ne nneɛma a yehu kyerɛ sɛ Yesu awo ho kyerɛwtohɔ no ne December anaa awɔw bere mu ɔsram foforo biara nhyia. Bio nso, Bible no nam nkɔmhyɛ so kyerɛ bere a wɔwoo Yesu wɔ afe no mu. Ɛda eyi adi wɔ he?
Yehu Mesia no ho nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa sen biara no biako wɔ Daniel nhoma no ti 9. Ɛka ne ba ne ne kum a ɛde bɔne ho agyede ne nea adesamma asoɔmmerɛfo begyina so anya “daa trenee” mae no ho asɛm. (Daniel 9:24-27; fa toto Mateo 20:28 ho.) Sɛnea nkɔmhyɛ yi kyerɛ no, na wɔbɛyɛ eyi nyinaa wɔ mfepɛn aduɔsɔn mu, fi afe 455 A.Y.B mu, bere a wɔde ahyɛde mae sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem no.a (Nehemia 2: 1-11) Bere a wɔakyekyem wɔ nkɔmhyɛ yi mu no ma yetumi hu nso sɛ na Mesia no bepue wɔ afepɛn a ɛto so 70 no mfiase. Eyi sii bere a Yesu de ne ho mae ma wɔbɔɔ no asu wɔ afe 29 Y.B. mu no, na efii ne Mesia adwuma no ase ankasa. “Na dapɛn no fã mu,” anaasɛ mfe abiɛsa ne fã akyi no, wobekum Mesia no, na wɔnam saayɛ so ama Mose Mmara apam no ase afɔrebɔ nyinaa to atwa.—Hebrifo 9:11-15; 10: 1-10.
Nkɔmhyɛ yi da no adi no sɛ Yesu som adwuma no bɛyɛ mfe abiɛsa ne fã. Yesu wui Twam Da, Nisan 14 (sɛnea Yudafo kalenda kyerɛ no), wɔ afe 33 Y.B. mu fefɛw bere mu. Ɛda a asɛm no sii wɔ saa afe no mu bɛyɛ April 1. (Mateo 26:2) Sɛ yɛkan mfe abiɛsa ne fã kɔ yɛn akyi a, wɔbɔɔ Yesu asu October 29 Y.B. mfiase. Luka bɔ yɛn amanneɛ sɛ na Yesu adi bɛyɛ mfe 30 bere a wɔbɔɔ no asu no. (Luka 3:21-23) Eyi bɛkyerɛ nso sɛ wɔwoo Yesu bɛyɛ October mfiase. Nea ɛne Luka kyerɛwtohɔ no hyia no, na nguanhwɛfo “da wuram rewɛn wɔn nguankuw anadwo” saa bere no wɔ afe no mu.—Luka 2:8.
Efi He?
Esiane sɛ adanse no kyerɛ sɛ wɔwoo Yesu wɔ October mfiase pɛɛ nti, dɛn nti na wodi n’awoda December 25? The New Encyclopœdia Britannica kyerɛ sɛ wodii afahyɛ yi wɔ Yesu awo akyi mfehaha pii: “Wɔ afeha 4 mu no, Apuei Fam asɔre ahorow no dodow no ara fii ase gyee Kristo awoda a wodi no December 25 no toom nkakrankakra. Wɔ Yerusalem no, wɔsɔre tiaa Buronyadi kyɛe, nanso wogye toom akyiri yi.”
Dɛn nti na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo gyee amanne no toom ntɛm ara wɔ Kristo wu akyi mfehaha pii? The New Encyclopœdia Britannica san ka ho asɛm sɛ: “Buronyadi mu tete amanne ahorow no fi mmeae pii esiane sɛ Kristo awodadi ho afahyɛ no ne abosonsomfo kuayɛ ne owia afahyɛ a wodi wɔ awɔw bere mfinimfini mu hyiae kɛkɛ nti. Wɔ Romafo ahemman no mu no, na Saturnalia (December 17) yɛ bere a wogye wɔn ani na wɔma wɔn ho wɔn ho akyɛde. Ná wobu December 25 nso sɛ Iranfo ahintasɛm nyame Mithra, Trenee Awia no awoda.”
So eyinom nyinaa “hyiae kɛkɛ”? Dabida! Ɛyɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm sɛ Roma Ahemman no gyaee taa a na ɛtaa Kristofo no na egyinaa “Kristosom” akyi sɛ nyamesom a egye tom wɔ Ɔhempɔn Konstantino ase wɔ afeha a ɛto so anan no mu. Bere a ɔmanfo no dodow no ara a na wonnim nea Kristosom kyerɛ ankasa no gyee gyidi foforo yi toom no, wofii ase dii wɔn abosonsom afahyɛ ahorow a na wɔatua no “Kristosom” mu din foforo no. Ná da bɛn na ebetumi afata kɛse ama Kristo awodadi sen December 25 a na wɔhyɛ ho fã dedaw sɛ “Trenee Awia” awoda no?
So Ɛfa Ho?
Ɛda adi sɛ Yesu akyidifo a wodi kan a na wɔyɛ Yudafo no anni n’awoda. Sɛnea Encyclopaedia Judaica kyerɛ no, “na wonnim awodadi wɔ tete Yudafo amanne mu.” Ɛda adi sɛ Kristofo a wodi kan no annye afahyɛ a ɛte sɛɛ antom. Sɛ́ anka wobedi n’awoda mmom no, wodii Yesu ahyɛde a ese wɔnkae ne Wu a na wonim da no pefee, a ɛne Nisan 14, no so.—Luka 22:7, 15, 19, 20; 1 Korintofo 11:23-26.
Mfehaha pii ansa na Kristo reba no, wɔbɔɔ Yudafo a na saa bere no wɔyɛ Onyankopɔn man a wɔapaw wɔn no kɔkɔ wɔ nkɔmhyɛ mu wɔ nnomumfa a na wɔrebɛka wɔ Babilon no awiei ho sɛ: “Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi ne mu, montew mo ho mo a mosoa [Yehowa] nnwinne no.” (Yesaia 52:11) Na ɛsɛ sɛ wɔsan kɔ wɔn asase so san de Yehowa ɔsom kronn kosi hɔ. Na ɛrenyɛ papa sɛ wobegye abosonsomfo amanne ne ɔsom a ɛho ntew a wohui wɔ Babilon no atom.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔsan de ahyɛde koro no ara ma Kristofo wɔ 2 Korintofo 6:14-18. Kristo akyidifo besii Yuda man a wɔpow no no ananmu sɛ nokware som ananmusifo. Na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛboa afoforo ma wɔafi honhom mu sum mu aba nokware hann mu. (1 Petro 2:9, 10) Ná wɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi sɛ wɔde Kristo nkyerɛkyerɛ fra abosonsomfo amanne ne nnapɔnnadi ahorow mu a?
Sɛnea nnipa bebree ani gye ho no mfa ho, “awɔw bere mu Buronya” a wodi no kyerɛ sɛ ‘wɔka nea ɛyɛ fi.’ (2 Korintofo 6:17) Ɛsɛ sɛ obi a ɔdɔ Onyankopɔn ne Kristo ampa no kwati.
Wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ: Buronya fi abosonsom afahyɛ ahorow mu akyi no, yɛahu nso sɛ ɛnna nokware no adi, efisɛ wɔwoo Yesu October. Yiw, nea obi susuw no mfa ho, asɛm no ara ne sɛ wɔanwo Yesu awɔw bere mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ sɛ wuhu nkɔmhyɛ yi ho nsɛm pii a, hwɛ Will There Ever Be a World Without War? brochure a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no kratafa 26.
[Mfonini wɔ kratafa 4, 5]
Yerusalem a sukyerɛmma akata so sɛnea wohu fi apuei fam
[Mfonini Fibea]
Garo Nalbandian
[Mfonini wɔ kratafa 6]
Sukyerɛmma wɔ Yerusalem afasu nkyɛn
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Ahohuro bere mu nkutoo na nguanhwɛfo betumi ne wɔn nguan afra mmepɔw so anadwo sɛnea yehu wɔ ase ha no.
[Mfonini Fibea]
Garo Nalbandian