Aba Pa ne Aba Bɔne
“[Yehowa] ma mehwɛe, na hwɛ, mmorɔdɔma nkyerɛnkyɛ abien . . . Kyerɛnkyɛ biako mu wɔ mmorɔdɔma pa ara a ɛte sɛ mmorɔdɔma a ɛbere kan, na kyerɛnkyɛ biako no mu wɔ mmorɔdɔma a enye koraa a oye a enye no nti wontumi nni.”—YEREMIA 24:1, 2.
1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa mmɔborohunu adi kyerɛɛ ne man Israel, nanso dɛn na wɔyɛe wɔ ho?
NÁ AFE no yɛ 617 A.Y.B. mu. Ná aka mfe du pɛ ma wɔde Yehowa atemmu a ɛfata no aba Yerusalem ne emufo so. Ná Yeremia ayere ne ho de mfe 30 aka asɛm no akyerɛ nkurɔfo. Hyɛ tebea no ho nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ pefee a Esra de ma wɔ 2 Beresosɛm 36:15 no nsow: “[Yehowa] wɔn agyanom Nyankopɔn no somaa n’abɔfo baa wɔn nkyɛn, otua ahema somaa wɔn, efisɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne trabea no.” Dɛn na efii mmɔdenbɔ yi nyinaa mu bae? Nea ɛyɛ awerɛhow no, Esra toa so ka wɔ nkyekyem 16 sɛ: “Nanso wodii Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo no de kosii sɛ [Yehowa] abufuhyew no sɔre hyɛɛ ne man no a wonnya ano aduru bio.”
2, 3. Ka anisoadehu titiriw a Yehowa yi kyerɛɛ Yeremia no ho asɛm.
2 So na eyi kyerɛ sɛ wɔbɛtɔre Yuda man no ase koraa? Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, momma yensusuw anisoadehu titiriw bi a afei wɔde maa Yeremia a wɔakyerɛw wɔ nhoma a ne din da so no ti 24 no ho. Onyankopɔn de mmorɔdɔma nkyerɛnkyɛ abien dii dwuma wɔ anisoadehu yi mu de yɛɛ nsɛm a na ɛrekɔ so wɔ ne nkurɔfo a na ɔne wɔn ayɛ apam mu no ho sɛnkyerɛnne. Ná aba abien a ɛsono ebiara, aba pa ne aba bɔne begyina hɔ ama eyinom.
3 Yeremia ti 24, nkyekyem 1 ne 2 ka nea Onyankopɔn diyifo no hui: “[Yehowa] ma mehwɛe, na hwɛ, mmorɔdɔma nkyerɛnkyɛ abien a wɔde asisi [Yehowa] asɔredan anim ni, ɛbere a Babel hene Nebukadresar tuu Yuda hene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda asafohene ne adwumfo ne atomfo fii Yerusalem kɔɔ Babel no. Kyerɛnkyɛ biako mu wɔ mmorɔdɔma pa ara a ɛte sɛ mmorɔdɔma a ɛbere kan, na kyerɛnkyɛ biako no mu wɔ mmorɔdɔma a enye koraa a oye a enye no nti wontumi nni.”
Anisoadehu no mu Mmorɔdɔma Pa
4. Awerɛkyekyesɛm bɛn na Israelfo anokwafo no nya fii mmorɔdɔma ho anisoadehu no mu?
4 Bere a Yehowa bisaa Yeremia nea ohui ho asɛm akyi no, ɔtoaa so kae wɔ nkyekyem 5 kosi 7 (New World Translation) sɛ: “Te sɛ mmorɔdɔma pa yi, saa na mebu Yuda atukɔfo a mɛma wɔafi ha akɔ Kaldeafo asase so no ɔkwampa so. Na mɛma m’ani aba wɔn so ɔkwampa so, na sɛnea ɛte biara mɛma wɔasan aba asase yi so. Na mede wɔn besisi hɔ, na meremmuruw wɔn; na medua wɔn, na merentutu wɔn. Na mɛma wɔn koma a wɔde behu me, sɛ mene Yehowa; na wɔbɛyɛ me man, na m’ankasa nso mayɛ wɔn Nyankopɔn, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.”
5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔmaa Israelfo binom kɔɔ Kaldea “ɔkwampa so”? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘maa n’ani baa’ Israelfo anokwafo a wɔwɔ nnommumfa mu no so “ɔkwampa so”?
5 Enti asɛm a Yehowa kae wɔ ha no maa ɛdaa adi sɛ mmere pa bi bɛba, na wɔrentɔre Yuda man no ase koraa. Nanso mmorɔdɔma nkyerɛnkyɛ pa yi gyina hɔ ma dɛn?
6 Ná Yekonia, anaa Yehoiakin, adi Yuda so hene asram abiɛsa ne dadu pɛ na ofii ne pɛ mu de Yerusalem hyɛɛ Ɔhene Nebukadnesar ase. Ná Daniel ne ne nnamfo Hebrifo baasa no, Hanania, Misael, ne Asaria ne afei Hesekiel nso ka wɔn a wɔfaa wɔn nnommum kɔe no ho. Babilon hene no koraa wɔn nkwa so, ma enti yebetumi aka sɛ Yehowa buu nnommum yi nyinaa sɛ wɔde wɔn kɔɔ Kaldeafo asase so ɔkwampa so. So wohyɛɛ no nsow sɛ Yehowa hyɛɛ bɔ nso sɛ ‘ɔde n’ani besi wɔn so ɔkwampa so’? Ɔkwan bɛn so na eyi baam? Mfe 80 akyi, wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, Yehowa maa Ɔhene Kores hyɛɛ mmara bi a ɛmaa wɔn asefo nkaefo bi kwan sɛ wɔnsan nkɔ Yuda asase so. Saa Yudafo anokwafo yi san kyekyee Yerusalem kurow no; wosii asɔrefi foforo de som wɔn Nyankopɔn Yehowa; na wɔde wɔn koma nyinaa san baa ne nkyɛn. Enti eyi nyinaa mu no, na saa nnommum yi ne wɔn asefo te sɛ mmorɔdɔma pa a edi kan ma Yehowa.
7. Bere bɛn na Yehowa maa n’ani baa nnɛyi Yeremia kuw no so “ɔkwampa so,” na ɔkwan bɛn so na ɔyɛɛ saa?
7 Ebia wobɛkae sɛ wɔ asɛm a edi eyi anim a ɛfa Yeremia nkɔmhyɛ nsɛm ho mu no, yehui sɛ ɛkyerɛ biribi ma yɛn afeha 20 yi nso. Na Yer ti 24 nso te saa ara. Wɔ Wiase Ko I no mmere bɔne mu no, Babiblon Kɛse dii Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so ama no no mu pii so tumi wɔ akwan horow so. Nanso na Yehowa ani ‘wɔ wɔn so ɔkwampa so.’ Enti, Yehowa nam Kores Ɔkɛseɛ, Kristo Yesu nso so bubuu wɔn so tumi a na Babilon Kɛse wɔ no mu, na ɔde wɔn kɔɔ honhom mu paradise nkakrankakra. Saa honhom mu Israelfo yi kyerɛɛ ɛho anisɔ na wɔde wɔn koma nyinaa san baa Yehowa nkyɛn. Afei, wɔde anigye gyee edin Yehowa Adansefo no toom wɔ 1931 mu. Nokwarem no, na wobetumi aka afei sɛ wɔabɛyɛ te sɛ mmorɔdɔma pa kyerɛnkyɛ wɔ Yehowa ani so.
8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo apae mu aka Ahenni nkrasɛm a ɛyɛ dɛ te sɛ borɔdɔma no?
8 Yehowa Adansefo mmaa atirimpɔw nti a Onyankopɔn fi ayamye mu gyee wɔn fii Babilon Kɛse tumi ase no nyɛɛ ɔkwa. Wɔn nkutoo mfaa Ahenni nkrasɛm a ɛyɛ dɛ te sɛ borɔdɔma no nhyɛɛ wɔn ho, na mmom wɔabɔ no dawuru ama Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 24:14 yi abam: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.” Dɛn na afi mu aba? Nnipa a wɔte sɛ nguan a wɔnyɛ honhom mu Israelfo bɛboro 4,700,000 ade wɔn ho afi Babilon Kɛse no ho!
Anisoadehu no mu Mmorɔdɔma Bɔne
9. Ná Yeremia anisoadehu no mu mmorɔdɔma bɔne no gyina hɔ ma henanom, na dɛn na na ɛbɛba wɔn so?
9 Na Yeremia anisoadehu no mu mmorɔdɔma bɔne nkyerɛnkyɛ no nso ɛ? Afei Yeremia dan n’adwene kɔ Yehowa nsɛm a ɛwɔ Yeremia ti 24, nkyekyem 8 kosi 10 no so: “Sɛ mmorɔdɔma bɔne a oye a enye nti wontumi nni no te no, sɛ [Yehowa] se no ni: Saa ara na meyi Yuda hene Sedekia ne n’asafohene ne Yerusalem nkae a wɔaka asase yi so no ne wɔn a wɔte Misraim asase so no mama, na mama wɔaguan wɔn ho ayɛ wɔn bɔne, asase so ahenni nyinaa mu, na wɔadannan ahohora ne akasabebui, mfefewayi ne nnome, baabiara a mesunsum wɔn makɔ; na mɛma afoa, ɔkɔm ne owuyare aba wɔn mu akosi sɛ wɔbɛsa koraa afi asase a mede memaa wɔn ne wɔn agyanom no so.”
10. Dɛn nti na Yehowa buu Sedekia sɛ ‘borɔdɔma bɔne’?
10 Enti Sedekia bɛyɛɛ ‘borɔdɔma bɔne’ wɔ Yehowa ani so ampa. Ɛnyɛ atua nko na ɔtew tiaa Ɔhene Nebukadnesar denam nokwaredi ntam a ɔkaa ɔhene no wɔ Yehowa din mu a obuu so no so, na mmom ɔpow Yehowa mmɔborohunu a ɔnam Yeremia so yii no adi kyerɛɛ no no nso koraa. Nokwarem no, ɔyɛɛ ade kɔɔ akyiri ma ɔmaa wɔde Yeremia too afiase mpo! Ɛnyɛ nwonwa sɛ Esra kaa ɔhene no suban ho asɛm tiawa sɛnea ɛwɔ 2 Beresosɛm 36:12 no: “Ɔyɛɛ [Yehowa] ne Nyankopɔn ani so bɔne; wammrɛ ne ho ase.” Yehowa ani so no, na Sedekia ne wɔn a wɔaka wɔ Yerusalem no nyinaa te sɛ mmorɔdɔma nkyerɛnkyɛ bɔne a aporɔw!
Sɛnkyerɛnne Kwan so Mmorɔdɔma a Aporɔw wɔ Yɛn Bere So
11, 12. Henanom ne mmorɔdɔma bɔne no nnɛ, na dɛn na ɛbɛba wɔn so?
11 Afei hwɛ wiase no mu nnɛ. So wususuw sɛ yebetumi ahu sɛnkyerɛnne kwan so mmorɔdɔma bɔne kyerɛnkyɛ? Momma yensusuw nokwasɛm ahorow no ho denam yɛn bere yi a yɛde bɛtoto Yeremia bere no ho so. Wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, Yehowa afa Yeremia kuw no, nkaefo a wɔasra wɔn no so akɔ so abɔ n’abufuw a ɔbɛda no adi wɔ ahohiahia kɛse no mu ho kɔkɔ. Wahyɛ amanaman no sɛ wɔmfa anuonyam a ɛfata ne din mma no, wɔnsom no honhom ne nokware mu, na wonnye ne Ba a ɔredi hene Kristo Yesu ntom sɛ asase so Hene a ɔfata. Dɛn na wɔayɛ wɔ ho? Wɔayɛ wɔn ade te sɛ nea Yeremia nna no mufo yɛe no pɛpɛɛpɛ. Amanaman no kɔ so yɛ bɔne wɔ Yehowa ani so.
12 Henanom na wɔma wonya saa atuatew su yi? Henanom na wɔkɔ so di saa Onyankopɔn asomafo a wɔte sɛ Yeremia yi ho fɛw denam gye a wogye tumi a wɔwɔ sɛ Onyankopɔn asomfo no ho kyim no so? Henanom na wɔkɔ so bu Onyankopɔn Asɛm animtiaa? Henanom na wɔhyɛ ɔtaa a wɔde ba Yehowa Adansefo so nnɛ mu dodow no ara akyi? Obiara betumi ahu mmuae no pefee—ɛyɛ Kristoman, titiriw n’asɔfo no! Na wo de susuw aba porɔwee a Kristoman asow sɛnea yɛadi kan asua ho asɛm no nyinaa ho. Oo, yiw, ɛda adi sɛ sɛnkyerɛnne kwan so mmorɔdɔma bɔne kyerɛnkyɛ wɔ asase so nnɛ. Nokwarem no, Yehowa ka sɛ “oye a enye no nti wontumi nni.” Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia so kae no da so ara wɔ hɔ de besi nnɛ sɛ: ‘Wɔbɛsa koraa’! Kristoman rennya Yehowa abufuw a ɔde bɛba ne so no ano aduru biara.
Asuade a Ɛyɛ Kɔkɔbɔ ma Yɛn
13. Ɛsɛ sɛ Paulo nsɛm a yehu wɔ 1 Korintofo 10:11 no ma yɛte mmorɔdɔma nkyerɛnkyɛ abien no ho anisoadehu no ase dɛn?
13 Bere a yɛhwehwɛ nea Yeremia kɔkɔbɔ nsɛm a ɔnam honhom so kyerɛwee no kyerɛ mu no, yɛkae ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 10:11 no: “Na eyinom nyinaa ama wɔayɛ nhwɛso, na wɔakyerɛw ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi afotu.” So yɛn ankasa agye kɔkɔbɔ a mmorɔdɔma nkyerɛnkyɛ abien ho anisoadehu de ma yɛn no atom? Nea yɛresusuw ho yi yɛ nsɛm a ɛtoo Israel no fã titiriw bi a ɛyɛ kɔkɔbɔ nhwɛso ma yɛn.
14. Dɛn na Israelfo no yɛe wɔ sɛnea Yehowa ne wɔn dii no brɛbrɛ no ho?
14 Nea etwa to koraa no, momma yɛnkae asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Ɔhene Dawid faa Israel ho a yehu wɔ 2 Samuel 7:10 no: ‘Mesiesie trabea mama me man Israel, na madua wɔn.’ Yehowa yɛɛ ne man Israel brɛbrɛ akwan nyinaa so. Ná Israelfo no wɔ ntease pa koraa a enti na ɛsɛ sɛ wɔsow aba pa wɔ wɔn asetram. Nea na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ara ne sɛ wobetie Yehowa soro nkyerɛkyerɛ na wɔadi ne mmara nsɛm so. Nanso, wɔn mu kakraa bi pɛ na wɔyɛɛ saa. Wɔn mu dodow no ara senee wɔn kɔn totoo mmara araa ma wɔsow aba bɔne, aba a aporɔw.
15. Dɛn na honhom mu Israel ne wɔn mfɛfo a wɔte sɛ nguan no ayɛ wɔ Yehowa mmɔborohunu ho?
15 Ɛnde, yɛn bere yi nso ɛ? Yehowa akɔ so ayi mmɔborohunu kɛse adi akyerɛ ne honhom mu Israel nkaefo ne wɔn mfɛfo a wɔte sɛ nguan no. N’ani awɔ wɔn so fi bere a ogyee wɔn wɔ honhom mu 1919 mu no. Sɛnea ɔnam Yesaia so hyɛɛ nkɔm no, wonya ɔsoro akwankyerɛ fi Ɔkyerɛkyerɛfo a Ɔsen Obiara wɔ amansan no mu, Yehowa Nyankopɔn, hɔ da biara. (Yesaia 54:13) Saa ɔsoro nkyerɛkyerɛ yi a ɔnam ne Dɔba Yesu Kristo so de ma yi ama wɔanya asomdwoe bebree na wɔakɔ so ne Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den. Honhom mu tebea a ɛyɛ nwonwa a ɛma yɛn nyinaa hu Yehowa, tie no, na afei yɛkɔ so sow aba pa—aba a ɛhyɛ Yehowa anuonyam—bɛn ara ni! Ɛkyerɛ nkwagye ankasa ma yɛn!
16. Yɛn mu biara betumi de mmorɔdɔma nkyerɛnkyɛ abien ho anisoadehu no adi dwuma dɛn wɔ n’asetra mu?
16 Nanso Onyankopɔn dom a ɛnsɛ yɛn no nyinaa akyi no, ebinom da so ara dan atuatewfo na wɔn koma yɛ den sɛnea pii yɛe wɔ tete Yuda no, na wɔsow aba bɔne a aporɔw wɔ wɔn asetra mu. Awerɛhosɛm bɛn ara ni! Mommma yɛn mu biara adwene mmfi asuade a ɛyɛ kɔkɔbɔ a mmorɔdɔma nkyerɛnkyɛ abien—aba pa ne aba bɔne—yi twe yɛn adwene si so pefee no so da. Bere a Yehowa atemmu a ɛfata sɛ ɛba Kristoman awaefo no so bɛn ntɛmntɛm no, momma yentie ɔsomafo Paulo afotu yi sɛ: ‘Monnantew sɛnea ɛfata Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa, na moasow adwuma pa nyinaa mu aba.’—Kolosefo 1:10.
Ntĩmu
“Aba Pa ne Aba Bɔne” ne “Yehowa ne Amanaman no Ntam Ntawntawdi” no nkyekyem 1-4
◻ Mmorɔdɔma pa kyerɛnkyɛ no gyina hɔ ma dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na anisoadehu no mu mmorɔdɔma bɔne kyerɛnkyɛ no ada adi?
◻ Asuade a kɔkɔbɔ wom bɛn na Yeremia nkrasɛm no de ma yɛn?
◻ Dɛn na na ɛda nsow wɔ afe 607 A.Y.B. mu, ne 1914 Y.B. mu ho?
[Kratafa 15 mfonini]
Te sɛ mmorɔdɔma pa no, Onyankopɔn nkurɔfo apae mu aka Ahenni aba a ɛyɛ dɛ
[Kratafa 15 mfonini]
Kristoman ada wɔn ho adi sɛ mmorɔdɔma bɔne kyerɛnkyɛ