Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 3/15 kr. 3-7
  • Awurade Anwummeduan No—Mpɛn Ahe na Ɛsɛ sɛ Wodi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awurade Anwummeduan No—Mpɛn Ahe na Ɛsɛ sɛ Wodi?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afahyɛ Biako No
  • Asomafo no Nhwɛso Da Asiane Mu
  • Ntawntawdi Bi Fi Ase
  • Ɔwae Gye Nhini
  • Na Ɛnnɛ Nso Ɛ?
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛhyɛ Awurade Anwummeduan No Ho Fa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nisan 14​—Ɛda A Ɛsɛ Sɛ Wɔkae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • “Monkae Saa Da Yi”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Efi Seder Kɔ Nkwagye Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 3/15 kr. 3-7

Awurade Anwummeduan No—Mpɛn Ahe na Ɛsɛ sɛ Wodi?

BURONYA, Easter, “ahotefo” nna. Kristoman mu asɔre ahorow di nnapɔnna ne afahyɛ pii. Nanso wunim afahyɛ dodow a Yesu Kristo hyɛɛ n’akyidifo sɛ wonni? Mmuae no ne sɛ, Biako pɛ! Afahyɛ ahorow a aka no mu biara nni hɔ a Kristosom Farebae no ma ho kwan sɛ wonni.

Ɛda adi sɛ, sɛ Yesu de afahyɛ biako pɛ na esii hɔ de a, ɛnde ɛho hia yiye. Ɛsɛ sɛ Kristofo di no sɛnea Yesu hyɛe sɛ wonni no pɛpɛɛpɛ. Na dɛn ne saa afahyɛ soronko yi?

Afahyɛ Biako No

Yesu de afahyɛ yi sii hɔ ɛda a owui no. Ná ɔne n’asomafo no adi Yudafo afahyɛ a ɛne Twam no. Afei ɔde Twam abodoo a mmɔkaw nnim no bi maa wɔn kae sɛ: “Eyi ne me honam a mo nti wɔde rema.” Nea edi hɔ no, Yesu de kuruwa a bobesa wom maa wɔn kae sɛ: “Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie agu.” Ɔkae nso sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Luka 22:19, 20; 1 Korintofo 11:24-26) Wɔfrɛ saa afahyɛ yi Awurade Anwummeduan, anaa Nkaedi. Ɛno nkutoo ne afahyɛ a Yesu hyɛe sɛ n’akyidifo nni.

Asɔre bebree ka sɛ wodi saa afahyɛ yi ka wɔn afahyɛ afoforo ho, nanso ɔkwan a wɔn mu dodow no ara fa so di no yɛ soronko koraa wɔ nea Kristo kyerɛe no ho. Ebia nsonsonoe kɛse a ɛwom ne mpɛn dodow a wodi no no. Asɔre binom di no ɔsram biara, dapɛn biara, na ebinom mpo di no da biara. So eyi ne ɔkwan a Yesu pɛe sɛ wɔfa so yɛ no, bere a ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae” no? The New English Bible ka sɛ: “Monyɛ eyi sɛ me nkaedi.” (1 Korintofo 11:24, 25) Mpɛn ahe na wodi nkae da anaa afahyɛ bi? Wɔtaa di no pɛnkoro pɛ wɔ afe mu.

Kae nso sɛ, Yesu de afahyɛ yi sii hɔ na afei owui wɔ Yudafo kalenda so da a ɛne Nisan 14.a Ná saa da no yɛ Twam da, afahyɛ a ɛkaee Yudafo no ogye kɛse a wonyae wɔ Misraim afeha a ɛto so 16 A.Y.B. mu no. Saa bere no, oguammaa a wɔde bɔɔ afɔre no ma wogyee Yudafo mmakan nkwa, bere a Yehowa bɔfo kunkum Misrifo mmakan nyinaa no.—Exodus 12:21, 24-27.

Ɔkwan bɛn so na eyi boa yɛn ma yenya ntease? Kristoni ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wɔakum yɛn twam guan Kristo no nso.” (1 Korintofo 5:7) Ná Yesu wu no yɛ Twam afɔrebɔ kɛse a ɛma adesamma nya nkwagye a ɛsen biara. Enti, wɔ Kristofo fam no, Kristo wu ho Nkaedi no abesi Yudafo Twam no ananmu.—Yohane 3:16.

Ná Twam afahyɛ no yɛ afe afe afahyɛ. Ɛnde ntease wom sɛ Nkaedi no nso bɛyɛ afe afe. Wodii Twam no—ɛda a Yesu wui—Yudafo ɔsram Nisan da a ɛto so 14 bere nyinaa. Enti, ɛsɛ sɛ wɔkae Kristo wu no pɛnkoro afe biara wɔ ɛda a ɛne Nisan 14 hyia no. Wɔ 1994 mu no, ɛda no yɛ Memeneda, March 26, bere a owia akɔtɔ. Ɛnde, dɛn nti na Kristoman mu asɔre ahorow no nyɛɛ saa da yi afahyɛ da titiriw? Abakɔsɛm a yɛbɛhwehwɛ mu kakra no bɛma yɛanya saa asemmisa no ho mmuae.

Asomafo no Nhwɛso Da Asiane Mu

Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a Yesu asomafo kyerɛkyerɛɛ wɔn no dii Awurade Anwummeduan no sɛnea ɔhyɛe no pɛpɛɛpɛ wɔ afeha a edi kan Y.B. no mu. Nanso, wɔ afeha a ɛto so abien no mu no, ebinom fii ase sakraa bere a wɔde hyɛ fã no. Wɔhyɛɛ Nkaedi no ho fã wɔ ɛda a edi kan wɔ dapɛn no mu (a wɔfrɛ no Kwasida mprempren no), na mmom nyɛ da a ɛne Nisan 14 hyia no. Dɛn nti na wɔyɛɛ saa?

Wɔ Yudafo fam no, ɛda biara fi ase bɛyɛ anwummere nɔnsia kosi anwummere nɔnsia ɛda a edi hɔ no. Yesu wui wɔ Nisan 14, 33 Y.B. mu, ɛda a efii ase Yawda anwummere kosi Fida anwummere. Wonyan no da a ɛto so abiɛsa, a ɛyɛ Kwasida anɔpa tutuutu. Ebinom pɛe sɛ wodi Yesu wu ho nkae no wɔ dapɛn no mu da pɔtee bi afe biara, sen sɛ wobedi no wɔ da a ɛne Nisan 14 hyia no. Afei nso wobuu da a Yesu sɔre fii awufo mu no sɛ da a ɛho hia titiriw sen ne wu da. Enti, wɔpaw Kwasida.

Yesu hyɛe sɛ ne wu na wɔnkae, na ɛnyɛ ne wusɔre. Na esiane sɛ na Yudafo Twam no si da foforo afe biara, sɛnea Gregory kalenda a yɛde di dwuma mprempren kyerɛ no nti, ɛda adi sɛ saa ara na Nkaedi no nso bɛyɛ. Enti nnipa pii bataa mfiase nhyehyɛe no ho na wodii Awurade Anwummeduan no Nisan 14 afe biara. Bere kɔɔ so no, wɔbɛfrɛɛ wɔn Quartodecimans, a ɛkyerɛ “nea ɛto so dunnanfo.”

Nhomanimfo binom gye tom sɛ na saa “nea ɛto so dunnanfo” yi redi asomafo no nhwɛso ankasa akyi. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi kae sɛ: “Ɛdefa ɛda a wodi Twam [Awurade Anwummeduan] ho no, ɛda a nea “ɛto so dunnanfo” asɔre ahorow a ɛwɔ Asia de dii dwuma no yɛ Yerusalem asɔre no de ntoaso. Wɔ afeha a ɛto so abien mu no, saa asɔre ahorow yi hyɛɛ ogye a Kristo wu no ama wɔanya no ho fã wɔn Twam da wɔ Nisan 14.”—Studia Patristica, Po V, 1962, kratafa 8.

Ntawntawdi Bi Fi Ase

Bere a nnipa pii a wɔwɔ Asia Kumaa no dii asomafo no nhwɛso akyi no, wotuu Kwasida sii hɔ de dii afahyɛ no wɔ Roma. Wɔ bɛyɛ afe 155 Y.B. mu no, Polycarp a ofi Smirna, a ɔyɛ Asia asafo ahorow no nanmusifo kɔɔ Roma ne wɔn kɔkaa eyi ne nsɛnnennen afoforo ho asɛm. Nea ɛyɛ awerɛhow no, wɔn adwene anhyia wɔ asɛm yi ho.

Irenaeus a ofi Lyons kyerɛwee wɔ krataa bi mu sɛ: “Anicetus [a ofi Roma] antumi annan Polycarp adwene ma wannyae nea na ɔne Yohane, yɛn Awurade suani no ne asomafo afoforo a ɔne wɔn bɔe no adi no bere nyinaa no akyidi; saa ara na Polycarp nso antumi annan Anicetus adwene ma wanni no sɛnea ɔkyerɛe no, efisɛ Anicetus kae sɛ ɛsɛ sɛ ɔbata mpanyinfo a wodii n’anim no amanne ho.” (Eusebius, Nhoma a ɛto so 5, ti 24) Hyɛ no nsow sɛ, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ Polycarp de nea na ɔkyerɛ no gyinaa asomafo no nsɛm so, bere a Anicetus de ne de gyinaa Roma mpanyimfo a wodii anim no amanne so.

Ɛrekɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu awiei hɔ no, ntawntawdi no mu yɛɛ den. Bɛyɛ 190 Y.B. mu no, wɔpaw obi a na ɔde Victor sɛ ɔsɔfopɔn wɔ Roma. Ná ogye di sɛ, ɛsɛ sɛ wodi Awurade Anwummeduan no Kwasida, na ɔhwehwɛɛ mmoa fii akannifo afoforo dodow biara a onyae hɔ. Victor hyɛɛ Asia asafo ahorow no sɛ wɔnnan nkɔ Kwasida nhyehyɛe no so.

Bere a Polycrates a ofi Efeso rebua ama wɔn a wɔwɔ Asia Kumaa no, ɔpowee sɛ ɔbɛpene nea wɔrehyɛ wɔn ma wɔayɛ no so. Ɔkae sɛ: “Yebedi da no a yɛnsakra no, yɛmfa biribi nka ho na yennyi biribi mfi mu.” Afei ɔbobɔɔ nkurɔfo a wobu wɔn pii din, a na ɔsomafo Yohane ka ho. Ɔkyerɛe sɛ: “Eyinom nyinaa dii Twam no wɔ ɛda a ɛto so dunnan sɛnea Asɛmpa no kyerɛ no, na wɔamman amfi ho ɔkwan biara so.” Polycrates de kaa ho sɛ: “Anuanom, me de, minsuro ahunahuna. Efisɛ wɔn a wɔsen me no aka sɛ, Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”—Eusebius, Nhoma a ɛto so 5, ti 24.

Victor ani annye mmuae yi ho. Abakɔsɛm kyerɛwtohɔ bi kyerɛ sɛ “ɔne Asɔre ahorow a ɛwɔ Asia no nyinaa twaa ɔsom mu abusuabɔ mu, na ɔde ne krataa no kɔmaa Asɔre ahorow a wɔne no yɛ adwene no nyinaa sɛ wɔne wɔn mmmɔ wɔ ɔsom mu.” Nanso, “mmarima a wonim nyansa na wodi nokware a wɔwɔ n’ankasa afã no nyinaa ani annye n’adeyɛ a ɔde ahopere ne nnam yɛe no ho, na wɔn mu bebree de nsɛm a ano yɛ den kyerɛw, tuu no fo . . . sɛ ɔmma ɔdɔ, biakoyɛ, ne asomdwoe ntra hɔ.”—Bingham Antiquities of the Christian Church, Nhoma a ɛto so 20, ti 5.

Ɔwae Gye Nhini

Ɛmfa ho nsɛm a nkurɔfo ka de kyerɛ sɛ wɔmpene so nyinaa no, wɔkɔɔ so twee wɔn ho fii Kristofo a wɔwɔ Asia Kumaa no ho kɛse wɔ da a ɛsɛ sɛ wodi Awurade Anwummeduan no ho. Wogye nsakrae no toom nkakrankakra wɔ mmeae afoforo. Ebinom di fii Nisan 14 kosii Kwasida a edi hɔ no. Ná afoforo nso redi afahyɛ no mpɛn pii—Kwasida biara.

Wɔ 314 Y.B. mu no, Arles (France) Bagua no bɔɔ mmɔden sɛ ɛnam ɔhyɛ so bɛma wɔde Roma nhyehyɛe no adi dwuma na wɔabrɛ adwene foforo biara ase. Wɔn a na wɔbata Nisan 14 da no ho a na wɔaka no ampene so. Nea ɛbɛyɛ na wɔasiesie asɛm yi ne nsɛm afoforo a na ɛrepaapae wɔn a wose wɔyɛ Kristofo a wɔwɔ n’ahemman mu wɔ afe 325 Y. B. mu no, ɔhempɔn ɔbosonsonni Konstantino frɛɛ asɔre nkabom nhyiam, a ɛyɛ Nicaea Bagua no. Ɛhyɛɛ mmara bi a ɛkyerɛe sɛ wɔn a wɔwɔ Asia Kumaa nyinaa nni nea Romafo yɛ no akyi.

Ɛyɛ anigye sɛ wobɛhyɛ nsɛntitiriw a wogyinaa so sɛ wonnyae Kristo wu no ho Nkaedi sɛnea Yudafo no kalenda kyerɛ no mu biako nsow. A History of the Christian Councils, a K. J. Hefele kyerɛwee no ka sɛ: “Wɔdaa no adi sɛ ɛmfata sɛ wɔde afahyɛ nyinaa mu nea ɛyɛ kronkron yi begyina Yudafo a wɔde wɔn ho ahyɛ amumɔyɛ a ɛyɛ hu mu, na wɔn adwene ani afura no amanne (akontaabu no) so.” (Po 1, kratafa 322) Ná wobu gyinabea a ɛte saa a obi wom no sɛ “hyiadan mu amanne a ɛyɛ asɔre mpanyimfo abufuw a ‘wofi animguase mu brɛ wɔn ho ase’ hyɛ,” sɛnea J. Juster a wɔafa n’asɛm aka wɔ Studia Patristica, Po IV, 1961, kratafa 412 ka no.

Na eyi yɛ Yudafo ho tan ara kwa! Wobuu wɔn a wodii Yesu wu ho Nkae no wɔ da pɔtee a owui no sɛ Yudasom mufo. Wɔn werɛ fii sɛ na Yesu ankasa yɛ Yudani, na na saa bere no ɔnam ne nkwa a ɔde bɔɔ afɔre maa adesamma no so akyerɛ nea ɛda no gyina hɔ ma. Efi saa bere no, wobuu ‘nea ɛto so dunnanfo’ no fɔ sɛ atuatewfo ne wɔn a wɔde mpaapaemu ba, na wɔtaa wɔn. Antiokia Bagua nhyiam a wɔyɛe wɔ 341 Y.B. mu no hyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wɔne wɔn twa ɔsom mu abusuabɔ mu. Nanso, na wɔn a wɔhyɛ fã no Nisan 14 no bebree da so wɔ hɔ wɔ 400 Y.B. mu, na nnipa kakraa bi kɔɔ so kuraa gyidi no mu wɔ ɛno akyi bere tenteenten.

Efi saa nna no mu no, Kristoman apow sɛ wɔbɛsan akodi Yesu mfiase nhyehyɛe no so. Ɔbenfo William Bright gye toom sɛ: “Bere a wohyiraa da soronko, Fida a Wokum Yesu so sɛ Yesu amanehunu ho nkae da no, na aka akyi dodo sɛ wɔde Fida a wokum Yesu no nkutoo bɛbata ‘twam’ a na Ɔhotefo Paulo ama ɛne n’afɔrebɔ wu no anya abusuabɔ no ho: ná wɔde twam no gyina Owusɔre ho afahyɛ no ankasa so, na Hela ne Kristoman Latin kasa a wɔde ka amanne no ho nsɛm ama biribiara ayɛ hwanyann.”—The Age of the Fathers, Po 1, kratafa 102.

Na Ɛnnɛ Nso Ɛ?

Ebia wubebisa sɛ, ‘Mfe yi nyinaa akyi no, so ɛda a wodi Nkae no ho da so hia ankasa?’ Yiw, ɛho hia. Mmarima a wɔyɛ katee a na wɔrepere tumidi na wɔde nsakrae no bae. Nkurɔfo dii wɔn ankasa adwenhorow akyi sen sɛ wobetie Yesu Kristo. Ɛda adi pefee sɛ ɔsomafo Paulo kɔkɔbɔ yi na ɛbaam: “Minim sɛ me kɔ akyi no, mpataku bɔne bɛhyɛn mo [Kristofo] mu a wɔrenkyɛe nguankuw no so. Nso mo ankasa mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.”—Asomafo no Nnwuma 20:29, 30.

Osetie ho asɛm na yɛreka. Yesu de afahyɛ koro pɛ na esii hɔ maa Kristofo sɛ wonni. Bible no kyerɛkyerɛ bere ne sɛnea ɛsɛ sɛ wodi no mu pefee. Ɛnde, hena na ɔwɔ hokwan sɛ ɔsakra no? ‘Nea ɛto so dunnanfo’ a wɔtraa ase tete no hyiaa ɔtaa ne bɔ a wɔne wɔn ammɔ wɔ ɔsom mu sen sɛ wobegyae wɔn gyidi mu wɔ saa asɛm yi ho.

Ebia w’ani begye sɛ wubehu sɛ Kristofo bi da so wɔ asase so a wɔkyerɛ obu ma Yesu apɛde na wodi ne wu ho Nkae no wɔ ɛda pɔtee a ɔde sii hɔ no. Afe yi, Yehowa Adansefo behyiam wɔ wɔn Ahenni Asa ahorow so wɔ wiase nyinaa Memeneda, March 26, bere a anwummerɛ 6:00 abɔ apa ho—bere a Nisan 14 afi ase. Saa bere no, wɔbɛyɛ nea Yesu kae sɛ wɔnyɛ wɔ saa da a ɛkyerɛ biribi titiriw ma yɛn no pɛpɛɛpɛ. Dɛn nti na wone wɔn mmom nni Awurade Anwummeduan no ho afahyɛ no? Wo nso wonam kɔ a wobɛkɔ ase no so betumi akyerɛ obu ama Yesu Kristo apɛde.

[Ase hɔ asɛm]

a Ná Nisan a ɛyɛ ɔsram a edi kan wɔ Yudafo afe mu no fi ase bere a ɔsram foforo apue no. Enti Nisan 14 biara si bere a ɔsram ayɛ kurukuruwa.

[Kratafa 6 adaka]

“SAA AGYEDE A ƐSOM BO NO”

Yesu Kristo ogye afɔre no som bo koraa sen ɔkyerɛkyerɛ bi kɛkɛ. Yesu kaa n’ankasa ho asɛm sɛ: “Onipa ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.” (Marko 10:45) Ɔkae nso sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ [adesamma] wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Awufo de, agyede no ma wonya owusɔre ne daa nkwa ho anidaso.—Yohane 5:28, 29.

Ɛyɛ Yesu Kristo wu a ɛho hia titiriw no na wɔkae wɔ Awurade Anwummeduan afahyɛ no ase. N’afɔrebɔ no ayɛ ade kɛse! Ɔbea bi a awofo a wosuro Nyankopɔn na wɔtetee no, na ɔde mfe dudu pii anantew Onyankopɔn nokware no mu de nsɛm yi daa anisɔ a ɔwɔ adi:

“Yɛhwɛ Nkaedi kwan. Ɛkɔ so yɛ ade titiriw ma yɛn afe biara. Mekae da a migyina ofie a wɔdeda afunu wom mfe 20 a atwam ni, na mehwɛ me papa a wɔadeda no no, a ɛma minyaa komam nkate a anisɔ wom ankasa ma agyede no. Ansa na ɛno resi no na agyede no ho asɛm yɛ biribi a mewɔ ho nimdeɛ ara kwa. Oo, na minim kyerɛw nsɛm a ɛfa ho nyinaa, na na mitumi kyerɛkyerɛ mu! Nanso bere a metee ade bɔne a owu yɛ no ase ankasa na me koma dii ahurusi wɔ nea saa agyede a ɛsom bo no bɛyɛ ama yɛn no ho.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena