Onyankopɔn a Ontumi Nni Atoro no Wowaw me
SƐNEA MARY WILLIS KA KYERƐE
Eduu 1932 no, na wiase sikasɛm mu ahokyere no adu nkuraa a ɛwowɔ Western Australia mantam mu no mu. Saa afe no, bere a na madi mfe 19 pɛ no, me ne Ellen Davies nsa kaa asɛnka dwumadi wɔ asasesin a ne kɛse yɛ bɛyɛ kilomita 100,000. Ná yebefi yɛn adwuma no ase wɔ kurow ketewa Wiluna a ɛwɔ yɛn kurow Perth a ɛyɛ Western Australia mantam no ahenkuro no kusuu fam apuei bɛyɛ kilomita 950 no mu.
YƐREKƆ hɔ no, me ne Ellen ne keteke mu odwumayɛni bi a ɔwɔ adamfofa su traa keteke mu ɔdan biako mu. Bere biara a keteke no begyina no, na odwumayɛni no fi ayamye mu ka bere tenten a ebegye ansa na atoa akwantu no so kyerɛ yɛn. Eyi ma yenyaa hokwan sii fam kodii nkurɔfo a wɔtete nkuraa a atew ne ho wɔ keteke kwan ho no adanse. Awiei koraa no yekoduu Wiluna a ɛhɔfo no mu dodow no ara yɛ nkorontufo bere a na ahum kɛse bi rebɔ mfutuma pii.
Nanso, efi beae a keteke gyina wɔ Wiluna rekɔ kurow no ankasa mu bɛyɛ kilomita 3. Ná yɛn mu biara ho nyɛ den, na na yɛwɔ nnaka akɛse a nhoma wom abiɛsa ne nnaka a yɛn nneɛma wom abien. Ná yɛbɛyɛ dɛn? Yɛde nnaka akɛse a nhoma wom no biako kyekyeree dua ho, na yɛsosɔɔ dua no ti ne ti. Saa kwan yi so na yɛnam twee yɛn nnaka no mmiako mmiako. Yedii akɔneaba mpɛn ason wɔ ɔkwan a ɛkɔ kurow no mu a ne tenten yɛ bɛyɛ kilomita 3 no so ansa na yɛretwe nnaka abiɛsa a nhoma wom ne nnaka a yɛn nneɛma wom no awie. Yɛsoɛe mpɛn pii gyee yɛn ahome esiane yɛn nsam a na ɛyɛ yɛn yaw kɛse nti.
Ɛmfa ho mfutuma, yɛn nsam a na ɛyɛ yɛn yaw, ne yɛn nan a na agyene no, yɛn ani gyee adwumaden ne abaninsɛm no ho. Yɛn baanu tee nka sɛ na Yehowa ka yɛn ho, na na ɔrewowaw yɛn ma yɛatumi agyina nkurow a atew ne ho mu asɛmpaka adwuma a ɛsɔ gyidi hwɛ no ano. Ankyɛ na yehuu ne nhyira wɔ yɛn dwumadi no so nso, efisɛ mmɔden a yɛbɔe wɔ yɛn akwantu mu no maa aberantewa Bob Horn begyee Bible mu nokware no. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ Bob tumi de mfe bi yɛɛ Betel adwuma na ɔsom Yehowa nokware mu bɛyɛ mfe 50 kosii sɛ owui wɔ 1982 mu.
Yefii Wiluna kaa asɛm no wɔ nkuraa a yɛkɔtoe wɔ kwan a yetui a ne tenten bɛyɛ kilomita 725 de kɔɔ Geraldton a ɛwɔ mpoano mu no ase. Yefi hɔ no yɛsan yɛn akyi baa Perth. Mpɛn pii no, yɛdedaa adan a wɔtra mu twɛn keteke a mpa nsisi mu mu, na bere bi mpo yɛdaa ɔdan bi a wɔde mmoa aduan gu mu a na esi keteke kwan no nkyɛn mu.
Yɛde sumii nnuraho a yɛde paanoo a yɛn ankasa toe ahyɛ mu ma bae. Ná eyi ne aduan titiriw a yedi wɔ yɛn akwantu no fã a edi kan no mu. Ɛtɔ da bi a na yɛhohoro nkyɛnsee mu twitwiw fam wɔ sukuu adan a wɔda mu mu ne adidibea ahorow ansa na yɛn nsa aka nea yebedi. Mmere foforo nso na yɛkɔyɛ adwuma wɔ awia mu tetew adua. Anigyefo a wogyee nhoma ntoboa nso boaa yɛn wɔ yɛn sikasɛm mu.
Nea ɛhyɛɛ me den ma mikuraa Yehowa mu gyidi a mewɔ mu, na mitumi de anigye gyinaa saa nna no mu tebea ahorow a na emu yɛ den mu no ne me maame nhwɛso ne ntetee a ɔde maa me fi me mmofraase no.
Kristofo Apɛgyade
M’ani fii no, mibehui sɛ na me maame wɔ Ɔbɔadeɛ no mu gyidi a emu yɛ den, na na ɔka ne ho asɛm kyerɛ yɛn mmofra no. Nanso, yɛn nuabarima a na wadi mfe ason a owui wɔ sukuu akwanhyia bi a na ɛyɛ awerɛhow mu no sɔɔ ne gyidi hwɛe kɛse. Nanso sɛ́ anka ne bo befuw Onyankopɔn no, Maame fii koma mu suaa Bible no. Ná ɔpɛ sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ohu nea enti a asiane a ɛtete saa no tumi sisi. Onyaa Bible mu nokware a ɔhwehwɛe no so akatua, na ɔde nsu mu asubɔ yɛɛ n’ahosohyira ma nokware Nyankopɔn Yehowa no ho sɛnkyerɛnne wɔ 1920 mfe no mfiase.
Efi saa bere no reba no, na ɔne yɛn nkɔmmɔbɔ taa si sɛnea Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow nyinaa bɛbam no so dua. Bere nyinaa na ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛmma ɛntra yɛn adwenem sɛ ɛmfa ho nea ɛbɛba biara no, ‘Onyankopɔn ntumi nni atoro.’ (Tito 1:2) Nea afi saa a ɔyɛe no mu aba ne sɛ, me ne me nuabea kumaa ne yɛn nuabarimanom baanu, ne yɛn mmusua ne yɛn nenanom yi Yehowa Nyankopɔn ayɛ nnɛ. Me nuabea kumaa no mmabarima baanu, Alan ne Paul Mason som sɛ ahwɛfo akwantufo.
Ɔpɛ a Minyae wɔ Mmofraase sɛ Mɛka Asɛm No
Ná memmɔ mmɔden, enti migyaee sukuu wɔ 1926 mu bere a na madi mfe 13. Nanso, na manya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ me ne afoforo bɛkyɛ nea masua wɔ Bible mu no. Ná Paapa susuw sɛ minsuaa nhoma nkɔɔ akyiri a ɛbɛma matumi aboa onipa bi, nanso Maame kae sɛ: “Sɛ ɔka Harmagedon ko a ɛreba no ne ahobrɛasefo a wobenya asase no adi nkutoo ho asɛm kyerɛ nkurɔfo mpo a, ɛno bɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru a ɔbɔ.” Enti mifii ase de me ho hyɛɛ afie afie asɛnka adwuma no mu bere a na minyinii ahe biara, nanso wɔammɔ me asu araa kosii 1930 mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, mifii bere nyinaa asɛmpaka adwuma no ase wɔ mmeae a ɛbemmɛn Perth.
Afe a edi hɔ 1931 mu no, yefii ase de yɛn din Yehowa Adansefo no dii dwuma. Nanso, afiewuranom pii kasa tiaa Onyankopɔn din kronkron yi a yɛde dii dwuma no denneennen. Nanso ɛmfa ho nsɛnnennen a na yehyia no, mekɔɔ so yɛɛ ɔsom adwuma no. Ná mewɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn ntumi nni atoro, bere a ɔhyɛ bɔ sɛ n’asomfo betumi ‘de wɔn ho ato ahoɔden a ɔde ma so’ no.—1 Petro 4:11; Filipifo 4:13.
“Nnipakuw Kɛse” no Hu
Wɔ 1935 mu no, minyaa dwumadi wɔ Australia asasepɔn kɛse no ɔfã foforo. Enti ɛno akyi mfe pii no, mesomee sɛ ɔkwampaefo somfo wɔ New England mansin a ɛwɔ New South Wales mantam no a efi Perth a kan na mewɔ no kɔ hɔ bɛyɛ kilomita 4,000 no mu.
Besi saa bere no na midi abodoo nom bobesa no bi wɔ Yesu wu Nkaedi a wɔyɛ no afe afe no ase. Ɛwom sɛ na yebu saa a na yɛyɛ no sɛ ɛfata, titiriw, yɛn a na yɛyɛ nsi wɔ bere nyinaa som adwuma no mu no de, nanso na minnye nni da sɛ mewɔ ɔsoro anidaso. Afei, wɔ 1935 mu no, wɔdaa no adi pefee kyerɛɛ yɛn sɛ wɔreboaboa nnipakuw kɛse a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa ano. Yɛn mu bebree ani gyei sɛ yɛtee ase sɛ yɛka saa nnipakuw kɛse no ho no, na yegyaee abodoo no di ne bobesa no nom. (Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:9) Sɛnea na Yehowa ahyɛ bɔ no, na Bible mu nokware no rekɔ so hyerɛn nkakrankakra.—Mmebusɛm 4:18.
Akwan Afoforo a Yɛfaa so Kaa Asɛmpa No
Wɔ 1930 mfe no mfinimfini mu hɔ no, yefii ase de gramafon dii dwuma wɔ yɛn som adwuma no mu. Enti yɛde nnaka a yɛde bɛsoa gramafon a emu yɛ duru no ne ne mpaawa ne afei yɛn adansedi bag nso bobɔɔ yɛn sakre a na ɛwɔ ahoɔden no anim ne akyiri nyinaa. Sɛ mehyehyɛ nneɛma wɔ me sakre no so wie a, na meyɛ ahwɛyiye kɛse, efisɛ sɛ ɛhwe fam a emu duru nti anka mintumi mma so bio!
Saa bere no nso na yefii nea na yɛfrɛ no amanneɛbɔ aprententu no ase. Bere a yɛnenam nkurow mmɔnten akɛse so no, na yɛde nkrataa a wɔakyerɛw so nsɛm a ɛtwetwe adwene asensɛn yɛn kɔn mu. Saa adwuma yi sɔɔ me gyidi hwɛe, titiriw bere a wɔkyeree me wɔ Lismore kurow mu de me kɔtoo afiase dan ketewaa bi mu ma ade kyee no. Mefɛree sɛ wɔde me kɔɔ asennibea ɛda a edi hɔ no a wɔamma me kwan amma mansrɛn me ti mpo! Na bio nso Yehowa gyee me sɛnea na wahyɛ bɔ no. Wotwaa asɛm no mu efisɛ sobo a polisini a ɔkyeree me no de bɔɔ me ara ne sɛ ná asɛm a wɔakyerɛw wɔ me krataa no so no tia ne som.
Mesan Kɔ Atɔe Fam
Wɔ 1940 mfiase hɔ no, mesan kɔɔ Western Australia nkuraa no ase kɔyɛɛ akwampae adwuma no. Ɛha no mekɔɔ so nyaa osuahu ahorow a meda so kae ne honhom mu nhyira pii. Wɔ me dwumadi no mu wɔ Northam no, mihyiaa ɔbaa warefo bi a onni adagyew, Flo Timmins, wɔ beae bi a efi kurom kɔ hɔ bɛyɛ kilomita 11. Ogyee Reconciliation nhoma no, na ankyɛ na ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo a wahyira ne ho so. Ɔda so ara yɛ Ahenni som adwuma no kɛse, na ne babea a saa bere no na wadi mfe anan pɛ no nyin bɛyɛɛ ɔkwampaefo titiriw.
Nanso minyaa osuahu afoforo a me werɛ mfi da. Bere bi na me ne m’akwampae adwuma no mu ɔhokafo no te teaseɛnam mu nam twene bi so na pɔnkɔ no fii ase tuu mmirika denneennen mpofirim, de yɛn tuu mmirika a ɛyɛ hu wɔ Asubɔnten Avon a ɛda twene no ase donku donku a ɛrepram so no so. Bere a ɔpɔnkɔ no kɔɔ n’anim bɛboro kilomita biako no, afei ɔtɔɔ ne bo ase.
Meware Nya Abusua
Mewaree Arthur, a na ɔno nso de mfe pii ayɛ akwampae adwuma no, wɔ 1950 mu. Yɛtraa Pingelly a ɛwɔ West Australia mantam mu no, na ɛhɔ na yɛwoo yɛn babarima Bentley ne yɛn babea Eunice. Bere a mmofra no reyɛ awie sukuu no, Arthur sii gyinae san de ne ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu bio. Yɛn mma baanu no maa wɔn papa nhwɛso pa no hyɛɛ wɔn nkuran ma wofii daa akwampae adwuma ase bere a wɔbɛfatae no ara.
Ná Arthur taa de mmofra no kɔ nkuraase a ɛwowɔ akyirikyiri kɔka asɛmpa no. Ɛtɔ da bi a na ɔne wɔn fi fie kodi bɛyɛ dapɛn anaa nea ɛboro saa, na wɔda ntamadan mu anadwo biara. Sɛ wofi adi saa a, na metra fie hwɛ nkongua adwuma a na ɛyɛ abusua no adwuma no so, na ɛno maa wɔn baasa tumi yɛɛ akwampae adwuma no.
Ɔsom Adwuma a Yɛyɛe wɔ Aboriginefo Mu
Da bi anɔpa, bere a abusua no fii wɔn nkuraase asɛnka bae ara pɛ, ɔhohɔ bi a na yɛnhwɛ no kwan bɛsraa yɛn. Ná ɔhɔho no yɛ Aborigineni bi, na obisae sɛ: “Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ na matumi asan aba bio?” Mfiase no yɛn ho dwiriw yɛn. Afei Arthur hui sɛ ɔyɛ ɔbarima bi a nsaboro nti wotuu no fii Kristofo asafo no mu mfe bi a atwam. Efi saa bere no obegyee din sɛ ɔsabofo kɛse, na na ɔdede aka.
Arthur kyerɛkyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ na wɔasan agye no aba Yehowa ahyehyɛde a ɛho tew no mu kyerɛɛ no. Ofii hɔ dinn kɔe a wankasa pii, na na yɛresusuw nea ɔbɛyɛ ho. Yɛn nyinaa ho dwiriw yɛn wɔ nea ɛbae wɔ asram kakra a edi hɔ no mu ho. Nsakrae a saa ɔbarima no yɛe yɛ nwonwa yiye! Ɛnyɛ nsanom ho ɔhaw no nkutoo na na ɔredi so na mmom ɔkɔɔ nkurɔfo a ɔde wɔn aka wɔ ɔmantam no mu hɔ kɔkaee wɔn aka a ɔde wɔn no, na afei otuae! Ɛnnɛ wasan abɛyɛ onua a ɔwɔ gyidi no mu bio, na ɔsomee sɛ ɔkwampaefo somfo kakra.
Ná Aboriginefo pii wɔ Pingelly, na yenyaa abotɔyam wɔ ɔsom adwuma no mu bere a yɛboaa saa nnipa ahobrɛasefo yi ma wosuaa Onyankopɔn Asɛm no mu nokware no na wogye toom no. Hwɛ sɛnea kyɛfa a manya wɔ Australia Aboriginefo a yɛaboa wɔn ma wɔasua nokware no hyɛ me gyidi den!
Wɔtee asafo wɔ Pingelly, na yɛrefi ase no na emufo dodow no ara yɛ Aboriginefo. Yɛkyerɛɛ wɔn mu dodow no ara akenkan ne akyerɛw. Mfiase no, ná kurow no mufo mmu wɔn koraa, nanso nkakrankakra ɛhɔfo no benyaa obu maa Aboriginefo Adansefo no wɔ wɔn asetra a ɛho tew ne wɔn nokwaredi no ho.
Yehowa Mmoa a Enni Huammɔ
Me kunu a medɔ no, Arthur a na ɔde mfe 57 asom Onyankopɔn nokwaredi mu no wui wɔ 1986 mfiase. Ná aguadifo a wɔwɔ Pingelly nyinaa ne nnipa a wɔwɔ ɔmantam no mu bu no yiye. Ɛno mu nso Yehowa wowaw me, na ɔmaa me ahoɔden ma mitumi gyinaa saa adehwere a ɛbae mpofirim yi ano.
Me babarima Bentley som sɛ asafo mu ɔpanyin wɔ Western Australia kusuu fam, beae a ɔne ne yere Lorna atete wɔn mma wɔ nokware no mu no. Ade foforo a ɛma m’ani gye kɛse ne sɛ, me babea Eunice akɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma no de abesi nnɛ. Ɔne ne kunu Jeff som sɛ akwampaefo. Me ne wɔn na ɛte mprempren, na ɛyɛ me anigye sɛ mitumi yɛ akwampae boafo adwuma no toa so bere tenten.
Bɛboro mfe 60 ni no, Yehowa bɔhyɛ a efi ɔdɔ mu a ɛkyerɛ sɛ ɔbɛhyɛ n’asomfo den na waboa wɔn wɔ tebea biara a wohyia mu no abam wɔ me so. Ɔma yenya yɛn ahiade nyinaa, sɛ yɛannye no kyim anaa sɛ yɛanyɛ bonniayɛ a. Me gyidi ayɛ den bere a mete Onyankopɔn tumi nka no, na mahu sɛnea ohyira yɛn ma ɛboro nea yebetumi ate ase no nso. (Malaki 3:10) Nokwarem no, Onyankopɔn ntumi nni atoro!
[Kratafa 27 mfonini]
Mary wɔ 1933 mu
[Kratafa 29 mfonini ahorow]
Mary ne Arthur bere a wɔn mfe akɔ anim