Anigyina a Wogyina Ano wɔ Onyankopɔn Som Mu
YESU KRISTO hyɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo.” (Mateo 28:19) Wɔ Kristofo pii fam no, saa ahyɛde yi akyi a wobedi no bɛhwehwɛ sɛ wogye tebea ahorow a ɛyɛ den tom wɔ mmeae a ɛmmɛn wɔn kurom. Esiane Onyankopɔn som nti, ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom, ne afoforo pii gyaw nneɛma pii hɔ de wɔn ho ma. Anigyina betumi ayɛ asɛnnennen ankasa ama saa Yehowa Adansefo yi nyinaa.
Nea ɛde anigyina ba ne kae a wɔkaakae ahotɔ ne ɔdɔ a na wonya wɔ kan asetra mu no. Eyi betumi ama woanya nkate bi a emu yɛ den a ɛbɛma woahaw na ɛmma wuntumi ntoa so. Nokwarem no, bere a ebinom atontɔn wɔn agyapade na wɔatu akwan a egye sika pii akɔ amannɔne nsase so akyi no, wɔn adwene asesa ma wɔasan akɔ fie. Anigyina na edii wɔn so.
Nkate mu nhyɛso a ɛte saa no taa ba ntɛmntɛm bere a obi akɔtra baabi foforo no, nanso ebinom fam de, ɛkɔ so saa ara wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu. Bere a na watu kwan bɛboro mfe 20 akyi no, na Yakob ‘ani agyina n’agya fie denneennen.’ (Genesis 31:30) Hena na anigyina betumi aka no? Dɛn na ɛde ba? Ɔkwan bɛn so na obi betumi agyina nkate a ɛte saa ano?
Dɛn na Ɛde Awerɛhodi no Ba?
Anigyina betumi aka obiara. Ɛda adi sɛ na Media hene Astyages babea Amytis wɔ biribiara a ɛbɛma n’ani agye: sika, anuonyam, ne ofie fɛfɛ. Nanso, n’ani gyinaa Media mmepɔw no araa ma ne kunu Ɔhene Nebukadnesar, bɔɔ mmɔden yɛɛ Babilon turo a na ɛsensɛn wim no sɛ ɔde rekyekye ne werɛ.
Anigyina betumi ayɛ sɔhwɛ titiriw bere a asetra bɛyɛ sɛ nea ɛyɛ den sen sɛnea na ɛte ansa na onii no retu no. Bere a Yudafo kɔɔ nnommum mu no, wɔkae sɛ: “Babel nsubɔnten ho, ɛhɔ na yɛtrae na yesui sɛ yɛkaee Sion. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛto [Yehowa] dwom, ananafo asase so?”—Dwom 137:1, 4.
Nneɛma pii na ebetumi akanyan awerɛhow a anigyina de ba no. Terri a na watu afi Canada ka sɛ: “Da bi abusua mfonini bi fii nhoma mu tɔɔ fam. Bere a mefae no, anigyina hyɛɛ me so mpofirim, na misui.” Chris a otu fii England kɔtraa ɔman a wodi hia kɛse mu no gye tom sɛ: “Dwom bi a minim nnyigyei anaa aduan bi hua kɛkɛ a mete no tumi ma mekae nneɛma a magyaw no akyi no.”—Fa toto Numeri 11:5 ho.
Abusua nkabom a emu yɛ den ne ade a ɛtaa de ba. Roseli, Brazilni bi a mprempren ɔte ɔman bi a ɛbɛn hɔ mu ka sɛ: “Sɛ mete asɛmmɔne bi fi fie na minni hɔ a metumi aboa a, na mayɛ basaa. Ɛtɔ da bi na mente fie asɛm biara na mifi ase dwennwen nneɛma ho a, na ɔhaw no mu ayɛ den.” Janice tu fii North America kɔtraa kurow ketewaa bi mu wɔ Amazon kwae mu. Ɔka sɛ: “Sɛ mete fie nsɛm a ɛyɛ dɛ a, m’ani gyina fie. Mete sɛnea fiefo bom gye wɔn ani a, na me yam a anka mewɔ hɔ.”
Ɛnyɛ nnipa a wogyaw wɔn hɔ kɛkɛ na ɛde anigyina ba. Linda kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ ɛba sɛ minhu baabi a menkɔtɔ nneɛma a ehia me a, na mayɛ basaa. Ná minnim nneɛma bo anaa sɛnea wodi ano. Ná ɛyɛ ɛka kɛse sɛ obi benya ɔno ankasa kar, na na wosunsum me bere a mepere sɛ mɛforo bɔs no. Eyi ara mpo maa mefee fie.” Bere a na Janet reka amammerɛ ne sikasɛm mu nsonsonoe ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ohia a ɛhɔfo di no na na ɛhaw me. Ná minhuu nnipa a wɔresrɛ aduan anaa mmusua a emu nnipa dɔɔso a wɔte ɔdan koro a pipe (ɔdorobɛn) nsu nni mu mu da. . . . Nneɛma a ɛtete saa haw me araa ma metee nka sɛ mintumi ntra hɔ bio.”
Wo Nkate Ano a Wubegyina
Ɛnsɛ sɛ ɛhaw yɛn sɛ yɛwɔ nkate a emu yɛ den ma nnipa a yɛdɔ wɔn anaa yɛn ani begyina baabi a wɔtetee yɛn. Yehowa Nyankopɔn maa yɛn nkate sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya abusuabɔ a ɔdɔ wom mu anigye. Ná Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ Efeso no yɛ mmarima a wɔn ho akokwaw wɔ nkate mu. Nanso dɛn na ɛbae bere a ɔsomafo Paulo nsrahwɛ no bɛn n’awiei no. “Wɔn nyinaa sui pii, na wosusoo Paulo kɔn few n’ano.” (Asomafo no Nnwuma 20:37) Ɛwom, ná obi fie ho anigyina biara nni saa asɛm yi mu. Nanso, ɛma yenya biribi susuw ho. Ɛyɛ nnipa su sɛ yebenya nkate horow, nanso ɛnsɛ sɛ yɛma edi yɛn so. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wobɛfa atumi agyina anigyina ano yiye?
Baabi a woakɔ hɔ kasa a wubesua ne ade titiriw biako a ɛbɛboa wo ma w’ani aka hɔ. Ebia ɛhɔ kasa a wonte a ɛma nkitahodi yɛ wo den no betumi ama w’ani agyina fie kɛse. Enti sɛ ɛbɛyɛ yiye a, sua baabi a worekɔ hɔ kasa kan ansa na woatu akɔ. Sɛ ɛnte saa a, ma w’adwene nkɔ ɛhɔ kasa sua no so yiye wɔ adapɛn kakra a edi kan a woakɔ hɔ no. Saa bere no na wowɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wubesua ɛhɔ kasa no, na ɛnyɛ den mma wo pii sɛ wubesua. Sɛ wode adapɛn kakra a edi kan no si hɔ ma ɛhɔ kasa sua titiriw a, ɛnkyɛ na w’ani agye sɛ wo ne afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ, na ɛno mma womfe fie.
Sɛ ɛbɛyɛ yiye a fa nnamfo ntɛm, efisɛ eyi bɛboa wo ma w’ani aka hɔ. Yehowa Adansefo asafo no mu ne baabi a ɛfata sɛ wofa nnamfo ankasa. Di kan nya afoforo ho anigye. Bɔ mmɔden hu wɔn ho nsɛm, wɔn abusua, wɔn nsɛnnennen, ne nea wɔn ani gye ho. To nsa frɛ mfɛfo gyidifo ma wɔmmra wo fie. Wubehu sɛ afoforo benya wo ho anigye.
Wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no, wubetumi anya nnamfo a wo ne wɔn bɛbɔ te sɛ abusuafo. Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ no, ɔno ara ne me nuabarima, ne me nuabea, ne me na.” (Marko 3:35) Kristo hyɛɛ n’akyidifo bɔ nso sɛ: “Obi nni hɔ a wagyaw ofi, anaa [nuabarimanom], anaa nuabeanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa asase, me ne asɛmpa no nti, na ɔrennya afi ne nuabarimanom ne nuabeanom ne ɛnanom ne mma ne nsase mmɔho ɔha, a ɔtaa ka ho, seesei wɔ bere yi mu, ɛne daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu.” (Marko 10:29, 30) Bere a yɛwɔ honhom mu anuanom a ɛte saa no, yɛnyɛ ankonam wɔ asase foforo mpo so.
Wɔn a woagyaw wɔn akyi a wobɛkɔ so ne wɔn afa nnamfo nso betumi aboa wo ma woadi anigyina so. Ebia mprempren a woatu yi ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ mfaso kɛse wɔ nkrataa-kyerɛw a wonam so bedi nkitaho so, efisɛ ebia wubesusuw wo nsɛm a wokyerɛw no ho yiye. Anigyesɛm pii wɔ hɔ a wobɛka. Janet a yɛadi kan aka ne ho asɛm no hyɛ nkuran sɛ: “Telefon a wo ne obi a ɔwɔ akyirikyiri bɛkasa wɔ so no bo yɛ den, nanso kasɛt a wobɛkasa agu so na wode amena no bo yɛ mmerɛw sen saa. Afiri a wobɛkasa akyerɛ no nea edi kan no haw adwene. Nanso sɛ wo ne obi fa akasam afiri so di nkɔmmɔ a ɛyɛ mmerɛw na ɛyɛ anigye nso.” Wo nso wubebisa aka sɛ wɔnkasa ngu kasɛt so mfa mmena wo.
Shirley a otu fii United States kɔtraa Latin Amerika mfe 25 a atwam ni no ka sɛ: “Mekyerɛw nsɛm a ɛhyɛ nkuran bere nyinaa sen sɛ mɛkyerɛ nsɛm a ɛhaw adwene. Eyi hyɛ afoforo nkuran ma wɔkɔ so kyerɛw me.” Nanso, hwɛ yiye. Nkrataa pii a wobɛkyerɛw no betumi asiw nnamfo foforo a wobɛfa no kwan. Del a otu fii Canada kɔtraa ɔman foforo so no ka sɛ: “Kwati fie a wobɛtra na woadwennwen nneɛma a woahwere ho. Mmom no, fi adi na nya wo trabea foforo no ho anigye.”
Sua ɔman foforo no so amammerɛ, abakɔsɛm, aseresɛm, ne mmeae a ɛhɔ yɛ anika na ɛyɛ fɛ ho ade. Eyi bɛboa wo ma woayi w’adwene afi nneɛma a ɛmma nkɔso so. Na sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛtra baabi a woatu akɔtra no a, eye sɛ wonkɔ wo kurom ntɛm anaa wonkɔ hɔ ntoatoaso. Egye bere na wɔde anya nnamfo foforo na ama obi ani aka baabi foforo. Wo kurom a wobɛkɔ akɔkyɛ hɔ sɛe eyi yɛ. Sɛ w’ani ka baabi foforo a woatu akɔtra no a, wubetumi akɔ wo kurom nsrahwɛ—na afei woasan aba. Nanso kɔ so sɛ wobɛma w’ani aka wo kurow foforo no mu.
Hwɛ W’anim Tẽẽ
Yehowa de asase yi nyinaa maa yɛn sɛ yɛn fie. (Dwom 115:16) Bere a yɛwɔ Kristofo anigye honhom no, yebetumi anya anigye wɔ asase yi so baabiara. Sɛ Ahenni nneɛma a wobɛma anya nkɔso ne asɛmpaka adwuma no nti na wutu kɔtra ɔman foforo so anaa wo man no fa baabi a, fa anigye yɛ saa. Fa yɛ wo botae sɛ wubenya nnamfo foforo, asua amammerɛ foforo, ayɛ asuafo, anaa nneɛma a mfaso wɔ so wɔ Onyankopɔn som mu.
Yehowa Nyankopɔn yɛ Adamfo a ɔbɛka wo ho bere nyinaa, ɛmfa ho baabi a wowɔ. (Dwom 94:14; 145:14, 18) Enti kɔ so bɛn no wɔ mpaebɔ mu. (Romafo 12:12) Sɛ́ Onyankopɔn somfo no, eyi bɛboa wo ma woakae w’asetram atirimpɔw no bere nyinaa. Bere a Abraham ne Sara tu fii wɔn fie a na ahotɔ wom wɔ Ur kurow mu no, wɔkɔɔ so kuraa wɔn asetram atirimpɔw no mu bere nyinaa. Wogyaw wɔn nnamfo ne abusuafo hɔ de yɛɛ osetie maa Yehowa. (Asomafo no Nnwuma 7:2-4) Sɛ anka wɔkɔɔ so kaakaee baabi a wotu fii no, maa wɔn ani gyinaa hɔ a, anka ebetumi ama wɔasan akɔ. Nanso wɔhwehwɛɛ baabi a eye—asetra a ɛkyɛn so wɔ paradise asase so wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no ase.—Hebrifo 11:15, 16.
Amannɔne nsase so anaa wo man mu baabi a Ahenni adawurubɔfo ho hia kɛse a wobɛkɔ akɔka asɛmpa no betumi ayɛ nea ɛyɛ den. Nanso ɛyɛ adwuma a mfaso ne akatua wɔ so sen biara. (Yohane 15:8) Na sɛ ɛtɔ mmere bi na adwennwen a ɛmma nkɔso hyɛ wo so a, wonam wo botae a wobɛma atra w’adwenem na woahwɛ w’anim tẽẽ no so betumi adi so. Onuawa ɔhokwafo ɔsɛmpatrɛwfo bi kae sɛ: “Sɛ mete nka sɛ awerɛhow rehyɛ me so a, mebɔ mmɔden susuw wiase foforo no ne sɛnea adesamma nyinaa bɛyɛ abusua biako no ho.” Nsusuwii a ɛyɛ anigye a ɛte saa betumi aboa wo ma woakɔ so akura w’anigye mu na anigyina anni wo so.
[Kratafa 29 mfonini]
Enhia sɛ anigyina twitware Kristofo som adwuma mu