Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 7/1 kr. 14-17
  • Dɛn na Aba Tumidi So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Aba Tumidi So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tumidi ho Aba Asɛm
  • Tumidi a Ɛfata a Onipa Ahwehwɛ
  • “Tumidi Abien,” “Afoa Abien”
  • Tumidi a Amanfo Pene So ho Atetesɛm
  • Atetesɛm a Ɛfa Ɔman Tumidi Ho
  • Nnipa Mmɔdenbɔ Adi Nkogu
  • Kristofo Adwene wɔ Tumidi Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Obu Ma Tumidi—Dɛn Nti Na Ehia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Yehowa Tumidi Ne Onyankopɔn Ahenni No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛkyerɛ Obu Ma Wɔn a Yɛhyɛ Wɔn Ase?
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 7/1 kr. 14-17

Dɛn na Aba Tumidi So?

NNIPA a wosusuw nsɛm ho kɔ akyiri hu hia a tumidi ho hia. Sɛ tumidi nhyehyɛe bi nni hɔ a, anka nnipa asetra bɛyɛ basabasa ntɛm. Enti, France ɔman mmara ho nhoma bi a agye din ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ wohu akuw abien wɔ nnipa kuw biara mu: wɔn a wɔhyɛ mmara ne wɔn a wodi so, wɔn a wɔde ahyɛde ma ne wɔn a wɔde yɛ adwuma, kuw mpanyimfo ne kuw mma, sodifo ne wɔn a wodi wɔn so. . . . Wobetumi ahu tumidi wɔ nnipa kuw biara mu.”a

Nanso, efi Wiase Ko II ne titiriw no, efi 1960 mfe no mu no, nnipa asakra wɔn su wɔ tumidi ho. France Encyclopædia Universalis reka saa bere no ho asɛm no, ɛka sɛ “wɔsɔre tiaa nhyehyɛe ne tumidi ma ɛde ɔhaw” bae. Ɔhaw a ɛte saa nyɛ Bible asuafo nwonwa. Ɔsomafo Paulo ka too hɔ sɛ: “Monkae nhu sɛ, wiase yi nna a edi akyiri no bɛyɛ basabasayɛ bere! Nnipa rennɔ biribiara sɛ wɔn ho ne sika; wɔbɛhoahoa wɔn ho, ayɛ ahantan, na wɔayaw nkurɔfo; wɔbɛyɛ awofo asɛm ho asoɔdenfo . . . ; wɔbɛkɔ wɔn anim wɔ nitan mu, . . . wɔrenhyɛ wɔn ho so, na wɔbɛyɛ basabasa, . . . wɔbɛhoman. Wɔbɛdɔ wɔn anigyede asen wɔn Nyankopɔn.”—2 Timoteo 3:1-4, The Revised English Bible.

Tumidi ho Aba Asɛm

Nkɔmhyɛ yi fa yɛn bere yi ho paa. Wɔsɔre tia tumidi wɔ baabiara—abusua mu, aban sukuu, sukuupɔn, aguadi kuw, kurow mu mpanyimfo ne aban tumidi. Nna mu ɔbrasɛe, nnwom a ɛyɛ rap de ankasa, ɔyɛkyerɛ a sukuufo yɛ de kyerɛ biribi a wɔmpene so, adwuma a ebinom pow sɛ wɔbɛyɛ a wɔde kyerɛ biribi a wɔmpene so, asoɔden a nnipakuw yɛ tia nniso de hwehwɛ biribi, ne amumɔyɛsɛm nyinaa kyerɛ sɛ wommu tumidi bio.

Ɔbenfo Yves Mény kae wɔ nhyiam bi a Institute of Political Science ne Paris atesɛm krataa Le Monde akyerɛwfo yɛe wɔ Paris ase sɛ: “Sɛ wogye tumidi tom sɛ ɛfata nkutoo a na ebetumi atra hɔ.” Ade biako nti a tumidi ho aba asɛm nnɛ ne sɛ nnipa pii nnye ntom sɛ wɔn a wodi tumi no fata. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, wonnye ntom sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wodi tumi. Nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ wɔ 1980 mfe no mfiase no, United States nnipa ɔha biara mu nkyem 9, Australia nnipa ɔha biara mu nkyem 10, Britania nnipa ɔha biara mu nkyem 24, France nnipa ɔha biara mu nkyem 26, ne India nnipa ɔha biara mu nkyem 41 na wobuu wɔn nniso sɛ ɛmfata.

Tumidi a Ɛfata a Onipa Ahwehwɛ

Sɛnea Bible kyerɛ no, mfiase no na onipa hyɛ Onyankopɔn tumidi ase tẽẽ. (Genesis 1:27, 28; 2:16, 17) Nanso, ankyɛ koraa na nnipa twee wɔn ho fii wɔn Bɔfo no ho bɔɔ wɔn bra. (Genesis 3:1-6) Bere a wɔpow teokrase, anaa Onyankopɔn nniso no, na ɛsɛ sɛ wɔhwewhɛ tumidi afoforo. (Ɔsɛnkafo 8:9) Ebinom de nhyɛso na enyaa wɔn tumidi. Wosusuwii sɛ esiane sɛ wɔwɔ tumi nti wɔwɔ hokwan. Ná tumi a wɔwɔ a wobetumi de ahyɛ nkurɔfo ma wɔayɛ wɔn apɛde no ara dɔɔso ma wɔn. Nanso, wɔn mu dodow no ara tee nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔma hokwan a wɔde di tumi no yɛ nea ɛfata.

Efi tete mmere mu tɔnn no, sodifo pii yɛɛ eyi denam ka a wɔkae sɛ wɔyɛ anyame anaa wonyaa wɔn tumi fii anyame no hɔ so. Eyi ne atetesɛm a ɛfa “ahenni kronkron” a Mesopotamia sodifo a wodi kan ne tete Misraim Faraonom kae sɛ wɔwɔ no ho.

Alexander Ɔkɛseɛ, Hela ahemfo a wobedii n’ade no, ne Roma ahempɔn no mu pii nso kyerɛe sɛ wɔyɛ anyame, na wɔhwehwɛe sɛ wɔsom wɔn mpo. Ná wɔfrɛ sodifo a wɔtete saa no nniso “sodifo som,” na na n’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma sodifo no de ne tumi adi nnipa a wɔadi afra a wɔafa wɔn nnommum no nyinaa so. Ná wobu sodifo no a obi pow sɛ ɔbɛsom no no sɛ ɛyɛ bɔne a etia ɔman no. Ɔbenfo Ernest Barker kyerɛwee wɔ nhoma The Legacy of Rome mu sɛ: “[Roma] ɔhempɔn no a wɔsom no, ne ahofama a wɔde ma no esiane ne nyamesu nti no, da adi pefee sɛ ahemman no fapem, anaa anyɛ yiye koraa no, ade a wɔde to fapem no.”

Bere a Ɔhempɔn Constantine (a odii ade 306-337 Y.B.) maa “Kristosom” ho kwan, na akyiri yi Ɔhempɔn Theodosius I (a odii ade 379-395 Y.B.) gye toom sɛ Ɔman asɔre wɔ Roma Ahemman no mu mpo no, na eyi da so ara te saa. Wɔsom “Kristofo” ahempɔn no bi sɛ anyame de besii afeha a ɛto so anum Y.B. yi mu tɔnn.

“Tumidi Abien,” “Afoa Abien”

Bere a popenom no benyaa tumi kɛse no, Asɔre ne ɔman ntam ɔhaw no bɛyɛɛ kɛse. Enti, wɔ afeha a ɛto so anum Y.B. awiei no, Pope Gelasius I de “tumidi abien” ho nnyinasosɛm no sii hɔ: na popenom no dii tumi kronkron bere a na ahemfo no nso di wɔn adehyedi tumi no—a na ahemfo no hyɛ popenom no ase. Akyiri yi, saa nnyinasosɛm yi bɛyɛɛ “afoa abien” nkyerɛkyerɛ no: “Honhom fam afoa a na popenom no ankasa kura, ne wiase afoa a na wɔde ma ahemfo no; nanso ɛsɛ sɛ ahene no de wiase afoa no di dwuma sɛnea pope no bɛkyerɛ.” (The New Encyclopædia Britannica) Efi afeha a ɛto so 5 kosi 15 Y.B. mu no, Katolek Asɔre no gyinaa saa nkyerɛkyerɛ yi so kae sɛ wɔn na wɔwɔ hokwan sɛ wɔde ahempɔn ne ahemfo si ade so na ama wɔn tumidi no afata, na wɔnam so maa atetesɛm a ɛfa “ahenni kronkron” ho no traa hɔ.

Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛte eyi ase sɛ ɛno ne nea wɔfrɛ no hokwan a Onyankopɔn de ama ahemfo no, a wɔyɛɛ ho nhyehyɛe akyiri yi na ama amammui sodifo no ade wɔn ho afi pope no tumi ase no. Hokwan a Onyankopɔn de ama ho nkyerɛkyerɛ no kyerɛ sɛ ahemfo no nya tumi a wɔde di ade no fi Onyankopɔn hɔ tẽẽ, na mmom ɛnnam Roma pope no so. New Catholic Encyclopedia se: “Ɛbere a na pope no di honhom ne wiase tumi korakora wɔ aman sodifo ahorow so no, hokwan a Onyankopɔn de ama ho adwene no maa aman ahemfo no tumi kyerɛe sɛ wɔn nso wɔn tumidi no fi Onyankopɔn hɔ te sɛ pope no de.”b

Tumidi a Amanfo Pene So ho Atetesɛm

Bere a bere rekɔ so no, mmarima bi kamfoo tumidi afoforo kyerɛe. Emu biako ne tumidi a amanfo pene so. Nnipa pii gye di sɛ saa nniso yi fii ase wɔ Hela. Nanso, nkurow kakraa bi mu na na tete Hela dodow amammu yɛ adwuma wom, na ɛhɔ mpo no mmarima a wofi hɔ nkutoo na wɔtoo aba. Wɔamma mmea, nkoa, ne ahɔho a wɔtete hɔ—a wobu akontaa sɛ na wɔn dodow yɛ ɛhɔ nnipa no fã kosi anum mu abupɛn anan—anya mu kyɛfa. Ná ɛnyɛ tumidi a dodow pene so koraa!

Henanom na wofii tumidi a amanfo pene so no ase? Nea ɛyɛ nwonwa no, Roma Katolek nyamekyerɛfo na wofii ase wɔ afeha a ɛto so 5 kosi 15 Y.B. mu hɔ baabi. Wɔ afeha a ɛto so 13 mu no, Thomas Aquinas kae sɛ ɛwom sɛ tumidi fi Onyankopɔn de, nanso ɔde hyɛ amanfo mu. Nnipa pii foaa saa adwene yi so. New Catholic Encyclopedia se: “Afeha a ɛto so 17 mu Katolek nyamekyerɛfo mu fã kɛse no ara gyee tumidi a amanfo pene so ho adwene no toom.”

Dɛn nti na asɔre a na ɛmma amanfo kwan mma wɔnka gyinae a pope, ɔsɔfopɔn, anaa ɔsɔfo si ho hwee no anyamekyerɛfo fii tumidi a amanfo pene so ho adwene no ase? Efisɛ na Europa ahemfo bi mpɛ pope tumidi. Tumidi a amanfo pene so ho adwene no maa pope no hokwan sɛ otumi tu ɔhempɔn anaa ɔhene no ade so, sɛ ɛho behia saa a. Abakɔsɛm akyerɛwfo Will ne Ariel Durant kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔpenee tumidi a amanfo pene so ho adwene so no bi ne Jesuitfo pii, a wohuu saa adwene yi sɛ ɔkwan a wɔrefa so ama adehye no tumidi ayɛ mmerɛw na pope tumidi ayɛ kɛse. Cardinal Bellarmine kae sɛ, sɛ ahemfo nya wɔn tumi fi amanfo hɔ, ma enti wɔbɛhyɛ nkurɔfo no ase a, akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛhyɛ popenom no tumi ase . . . Luis Molina a ɔyɛ Spaniani Jesuit de baa awiei sɛ, sɛ tumidi fi amanfo hɔ a, wobetumi atu ɔhene a onni asɛntrenee ade so ma afata—nanso wɔ ɔkwampa so.”

Nokwarem no, na pope na ɔbɛyɛ “ɔkwampa” no ho nhyehyɛe. France Katolekfo nhoma Histoire Universelle de l’Eglise Catholique resi eyi so dua no, ɛfa Biographie universelle mu asɛm ka sɛ: “Bellarmin . . . kyerɛkyerɛ mu te sɛ Katolek nkyerɛkyerɛ a agye din sɛ ahemfo nya wɔn tumi fi amanfo hɔ, na amanfo betumi de hokwan yi adi dwuma wɔ pope no nkɛntɛnso nkutoo ase.” (Yɛn na yɛayɛ nkyerɛwde no bi soronko.) Enti tumidi a amanfo pene so bɛyɛɛ ade a pope no betumi afa so de ne ho agye sodifo a wɔpaw mu, na sɛ ɛho behia a, wotu wɔn ade so. Nnansa yi ara, ama Katolek tumidi nhyehyɛe no kwan ma anya nkɛntɛnso wɔ Katolekfo a wɔto aba ma nkurɔfo wɔ dodow amammu mu so.

Wɔ nnansa yi dodow amammu ahorow mu no, fata a nniso no fata no gyina nea wɔfrɛ no “wɔn a wodi wɔn so no mpeneso” so. Nanso, ayɛ yiye koraa no na ɛyɛ “nnipa dodow no mpeneso,” na esiane nyiyim a wɔyɛ wɔ wɔn a wɔma wɔn hokwan ma wɔto aba ne amammui mu akontokyisɛm nti, “dodow” yi taa yɛ amanfo no mu fã ketewaa bi. Ɛnnɛ, nea “wɔn a wodi wɔn so mpeneso” kyerɛ ara ne “wɔn a wodi wɔn so mpeneso a efi amemenfe mu anaasɛ wɔn abawpa.”

Atetesɛm a Ɛfa Ɔman Tumidi Ho

Atetesɛm a ɛfa ahenni kronkron ho a tete popenom fii ase no dan bɔɔ wɔn so bere a ɛbɛyɛɛ hokwan a Onyankopɔn de ama ahemfo no. Saa ara na adwene a ɛfa tumidi a amanfo pene so ho no de ɔhaw baa Katolek Asɔre no so. Wɔ afeha a ɛto so 17 ne 18 no mu no, wiase nyansapɛfo te sɛ Engiresifo Thomas Hobbes ne John Locke, ne Franceni Jean-Jacques Rousseau susuw adwene a ɛfa tumidi a egyina amanfo dodow no ara so no ho. Wobenyaa adwenkyerɛ ahorow a ɛfa sodifo ne wɔn a wodi wɔn so ntam “apam” ho. Ná wɔn nnyinasosɛm ahorow no nnyina nyamekyerɛ so, na mmom na egyina “adebɔ mmara” so, na adwenkyerɛ no kowiee ntease ahorow bi a ɛsɛee Katolek Asɔre no ne pope tumidi no kɛse mu.

Rousseau wu akyi bere tiaa bi no, France Ɔman Anidan no fii ase. Saa anidan no sɛee tumidi a ɛfata ho adwenhorow bi, nanso ɛde foforo bae, ɔman tumidi ho adwene no. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Francefo pow hokwan a Onyankopɔn de ama ahemfo ho adwene, adehye tumidi, ne Roma Katolek Asɔre no hokwan ahorow no.” Nanso, Britannica ka sɛ “na Anidan no ama adwene foforo a ɛne ɔman amammu no anya nkɔso.” Ná anidanfo no hia saa “adwene foforo” yi. Dɛn ntia?

Efisɛ wɔ nhyehyɛe a Rousseau kamfo kyerɛe mu no, na amanfo nyinaa benya hokwan koro wɔ sodifo a wɔpaw wɔn mu. Anka eyi bɛkɔ akowie dodow amammu a obiara tumi to aba mu—ade a na France Anidan no akannifo ani nnye ho. Ɔbenfo Duverger kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Eyi a na wobu no sɛ enye no ne ade pɔtee a na wɔpɛ sɛ wɔkwati a enti efi 1789 kosi 1791 no, Ɔman Mmara Bagua no ahenkwaa no de ɔman tumidi ho nhyehyɛe no bae. Wɔdaa nnipa no adi sɛ ‘Ɔman’ no, na ɛyɛ ade a ɛwɔ hɔ ankasa a ɛyɛ soronko wɔ emu nnipa ho. Ɔman no nkutoo na ɛdenam n’ananmusifo so no, ɛwɔ tumi . . . Ɔman tumidi ho adwene no te sɛ dodow amammu, nanso ɛnyɛ dodow amammu koraa efisɛ ɛkame ayɛ sɛ wɔnam so betumi abu nniso biara sɛ ɛfata, titiriw katabaako.” (Ɔno na wayɛ nkyerɛwde no bi soronko.)

Nnipa Mmɔdenbɔ Adi Nkogu

Ɔman amammu a wogye toom sɛ tumidi a ɛfata no de ɔmampɛ bae. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Mpɛn pii no wobu ɔmampɛ sɛ akyɛ paa; ɛtɔ mmere bi a wodi mfomso susuw sɛ ɛyɛ amansɛmdi mu ade a ɛnsakra da. Nokwarem no, wobetumi afa America ne France anidan ahorow no sɛ ɔkwan a edi kan a eyi nam so daa adi kɛse.” Efi saa anidan ahorow no so no, ɔmampɛ aka Atɔe Fam aman, Europa, Africa, ne Asia. Wɔabu akodi a ɛyɛ hu sɛ ɛfata, esiane sɛ egyina ɔmampɛ so nti.

Britaniani abakɔsɛm kyerɛwfo Arnold Toynbee kyerɛwee sɛ: “Wonyaa Ɔmampɛ honhom a ɛyɛ ade bɔne no fii Dodow Amammu a ade dedaw a ɛne Abusua mu Nyiyim na ɛde bae mu. . . . Dodow Amammu ne Abusua mu Nyiyim a adi afra ma ɛyɛ nwonwa yi anya nkɛntɛnso kɛse koraa wɔ nnɛyi Atɔe Fam Amammu no so sen Dodow Amammu ankasa.” Ɔmampɛ mfaa wiase a asomdwoe wom mmae. Toynbee kae sɛ: “Bere a Nyamesom mu Akodi gyaee bere tiaa bi akyi no, Ɔmampɛ ho Akodi ahorow dii akyi bae; na wɔ yɛn nnɛyi Atɔe Fam Wiase mu no, ɔsom ho dɔ a ɛtra so ne ɔman ho dɔ a ɛtra so su nyinaa yɛ nkate bɔne koro no ara.”

Sodifo ahorow nam “ahenni kronkron,” “hokwan a Onyankopɔn de ama ahemfo,” “tumidi a egyina amanfo so,” ne “ɔman tumidi” ho atetesɛm so abɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ wɔn mfɛfo nnipa so tumi a wodi no fata. Nanso bere a Kristoni asusuw nnipa sodifo abakɔsɛm ho awie no, adwene a obenya ara ne nea Salomo daa no adi yi: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.”—Ɔsɛnkafo 8:9.

Sɛ́ anka Kristofo bɛsom amammui Man no, wɔsom Onyankopɔn, na wogye tom sɛ ɔno na tumidi a ɛfata nyinaa fi no. Wɔne odwontofo Dawid a ɔkaa eyi no yɛ adwene: “Wo, Yahweh, na kɛseyɛ, tumi, anuonyam, nna tenten ne nidi wɔ wo, nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa yɛ wo de. Wo, Yahweh, na tumidi wɔ wo; wokorɔn, na wudi ade nyinaa so.” (1 Beresosɛm 29:11, The New Jerusalem Bible) Nanso, esiane nidi a wɔwɔ ma Onyankopɔn nti, wɔkyerɛ obu a ɛfata ma wiase tumidi ne honhom fam tumidi nyinaa. Yebesusuw ɔkwan a wobetumi de anigye ayɛ saa ne nea enti a wobetumi ayɛ saa ho wɔ nsɛm abien a edi eyi so no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

a Droit constitutionnel et institutions politiques, a Maurice Duverger kyerɛwee.

b The Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Katolek Asɔre no mpenee saa ‘hokwan a Onyankopɔn de ama ahemfo’ (a ɛyɛ soronko koraa wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ tumi nyinaa, sɛ́ ɛyɛ ahemfo de anaa amammui de no, fi Onyankopɔn ho) no so da. Wɔ Ɔsesɛw bere no mu no, ɛbɛyɛɛ biribi a ɛne Katoleksom nhyia koraa, na ahemfo te sɛ Henry VIII, ne James I, a wofi England kyerɛe sɛ wɔwɔ honhom fam ne wiase tumi nyinaa.”

[Kratafa 15 mfonini]

Katolek Asɔre no kae sɛ wɔn na wɔwɔ hokwan sɛ wɔde ahempɔn ne ahemfo si ade so

[Asɛm Fibea]

Nsa a wɔde gu Charlemagne so: Bibliothèque Nationale, Paris

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena