Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Colombia
COLOMBIA yɛ ɔman a ɛda nsow wɔ Amerika Kesee Fam. Saa ɔman yi a ogya mmepɔw wɔ so no da Atlantic ne Pacific po abien no ntam. Ɛhɔ wim tebea sakra fi mpoano a ɛhɔ yɛ hyew kosi Andes Mmepɔw a sukyerɛmma wɔ atifi a ɛyɛ nwini.a
Ɛwom sɛ Colombia agye din sɛ ɔman a sika kɔkɔɔ ne ahabammono abu wɔ so de, nanso emu nnipa no ne agyapade a ɛsom bo sen biara ma ɔman no. Ɛnnɛ, Yehowa de anuonyam rehyɛ ne honhom mu fie no mã. Asomfo a wɔn ho yɛ fɛ na wɔsɔ ani reba ofie no mu yuu wɔ wiase no afã horow nyinaa, a Colombia nso ka ho.—Hagai 2:7.
Adwumam Mpanyimfo ho Dwiriw Wɔn
Wohyiraa Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ne nhoma tintimbea foforo no so Kwasida, November 1, 1992 wɔ Facatativá, a ɛwɔ Bogotá kusuu fam atɔe kilomita 42 no. Baa dwumadibea no anya ahɔho a wɔba hɔ nsrahwɛ no so tumi kɛse. Bere a wɔn a wɔkɔɔ hɔ nsrahwɛ no mu biako san kɔɔ n’adwumam no, ɔde anigye ka kyerɛɛ n’adwuma no so ahwɛfo sɛ wɔnkɔhwɛ ahyehyɛde bi a ‘edi dwuma yiye, biribiara kɔ so wɔano wɔano, na adwumayɛfo no wɔ anigye.’ Wɔ wɔn nsrahwɛ a wɔkɔe no mu no, mpanyimfo no kyerɛɛ anigye kɛse na wobisabisaa nsɛm pii.
Saa mpanyimfo no pɛe sɛ wɔde wɔn a wɔdeda nnwuma ano wɔ wɔn adwuma no mu—nokwarem no, wɔn adwumayɛfo nyinaa—ba hɔ nsrahwɛ. Wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛma adwumayɛfo no 15 kosi 25 aba hɔ nsrahwɛ dapɛn biara kosi sɛ adwumayɛfo a wɔn nyinaa dodow yɛ 1,300 betumi abɛhwɛ nhyehyɛe a edi dwuma yiye saa no.
Wɔn adwumayɛfo no ɔhaha pii aba baa dwumadibea hɔ nsrahwɛ na wɔahwɛ video a wɔato din Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name no. Ahyehyɛde no kɛse ne Ahenni no ho asɛmpa no a wɔka no wɔ wiase nyinaa no maa wɔn ho dwiriw wɔn, na mfiri a Asafo no de di dwuma a etu mpɔn no yɛɛ wɔn nwonwa. Bere a wɔrefi hɔ no, wɔtee sɛ wɔn mu pii reka sɛ wɔte nka te sɛ nea ‘wɔrefi Paradise mu asan akɔ wiase bi a emu nneɛma ayɛ hwanyann mu.’
Nokware no Du Nnipa Nyinaa Nkyɛn
Wɔreka asɛmpa no kyerɛ nnipa nyinaa. (1 Timoteo 2:3, 4) Sɛ́ nhwɛso no, obi a na anka ɔyɛ rock nnwom a ano yɛ den nnwontofo kuw bi kannifo, na ɔhyehyɛ wɔn nnwom ma wɔn begyee nokware no, yɛɛ nsakrae pii wɔ n’asetram, na ankyɛ na ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo. Akyiri yi wɔpaw no sɛ asafo mu ɔsomfo. Ankorankoro pii a na wɔyɛ kuw a wotutu ɔman ase mufo asua sɛ wɔde wɔn werɛ ne wɔn ani bɛto Yehowa Ahenni no so. Wɔde nnamyɛ reka wiase foforo a asomdwoe wom ho asɛm mprempren.
Wɔn a nnubɔne nom aka wɔn hɔ ne wɔn a wɔtɔn nso adan aba nokware no ho. Ná aberante bi a ɔyɛ Ɔdansefo mprempren ahwɛ nnubɔne afuw ne cocaine nhwehwɛmu dan bi so wɔ kwae mu mfe anum ansa na ɔretwe ne ho afi saa kwan no ho. Bible nnyinasosɛm a wasua na ɔde di dwuma no ama no anya anigye. Nneduafo bi a wɔadi awu fi komam asua Bible no wɔ afiase, na akã wɔn ma wɔrebɔ mpae denneennen sɛ Yehowa mfa wɔn bɔne nkyɛ wɔn na ɔnnye wɔn ntom sɛ n’asomfo.
Saa na nnipa nyinaa retie Ahenni ho asɛm no. Yehowa de anuonyam rehyɛ ne fie mã wɔ Colombia ne mmeae afoforo nyinaa.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ sɛ wunya ɛho nsɛm pii a, hwɛ 1994 Calendar of Jehovah’s Witnesses no so.
[Kratafa 8 adaka]
ƆMAN NO HO AKONTAABU
1993 Ɔsom Afe
DODOW A ƐSEN BIARA A WODII ADANSE: 60,854
NKYEKYEM: Ɔdansefo 1 kasa kyerɛ nnipa 558
DODOW A WƆBAA NKAEDI ASE: 249,271
AKWAMPAEFO DODOW NKYEKYEM: 8,487
BIBLE ADESUA DODOW NKYEKYEM: 100,927
DODOW A WƆBƆƆ WƆN ASU: 5,183
ASAFO AHOROW: 751
BAA DWUMADIBEA: FACATATIVÁ
[Kratafa 9 mfonini]
Baa dwumadibea adwumayɛfo ne asɛmpatrɛwfo wɔ 1956 mu
[Kratafa 9 mfonini]
Baa dwumadibea no mfonini a wofi soro twae