Ɔkwan Bɛn na Wonam so Siesie Asɛm?
Woanso mu yiye—enti asono anum a wɔde dɔte ayɛ a wɔahyehyɛ ma edidi so no nea ɛto so abiɛsa no fii pon no so hwee fam. Ɛho behia sɛ wosan de si hɔ bio. Anyɛ saa a, ade no nyinaa nyɛ fɛ bio. Nanso egye ahwɛyiye na woatumi ayɛ, nanso wote nka sɛ wuntumi nyɛ. Ɛho behia sɛ wohwehwɛ akwankyerɛ anaa ebi mpo a woka kyerɛ obi a ne ho akokwaw wɔ ne yɛ mu ma ɔyɛ ho adwuma.
BIAKOYƐ a ɛbɛba anuanom mmarima ne mmea ntam no som bo sen agude kɛkɛ. Odwontofo no too dwom a ɛfata yi sɛ: “Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako.” (Dwom 133:1) Ɛtɔ da bi a ɛyɛ den sɛ obi ne ne yɔnko Kristoni besiesie wɔn ntam asɛm. Afei nso, ebinom nni ho dwuma ɔkwampa so. Mpɛn pii no asɛm a “wosiesie” taa yɛ den ma nkurɔfo sɛnea ɛnsɛ, anaa ntease nnim pii mma wɔn, na ɛde adwene a ɛmfata na ɛba.
Kristofo binom frɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn ba nsɛm bi a anka wɔn ankasa betumi adi ho dwuma mu. Nea enti a etumi ba saa ne sɛ wonhu nea wɔnyɛ. Onua bi a ne ho akokwaw wɔ Bible afotu a wɔde ma mu kae sɛ: “Yɛn nuanom pii nnim ɔkwan a wɔfa so de Bible afotu siesie asɛm.” Ɔde kaa ho sɛ: “Mpɛn pii no, wonni ɔkwan a Yesu faa so yɛɛ n’ade no akyi.” Enti, dɛn ankasa na Yesu kae wɔ ɔkwan a ɛsɛ sɛ Kristoni fa so siesie ɔne ne nua ntam asɛm ho? Dɛn nti na ɛho hia sɛ yehu saa afotu yi yiye na yesua sɛnea yɛde bedi dwuma?
Nsɛm Nketenkete
“Enti sɛ wode w’ayɛyɛde ba afɔremuka ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm bi tia wo a, gyaw w’ayɛyɛde no afɔremuka no anim hɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kan ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛde no.”—Mateo 5:23, 24.
Bere a Yesu kaa saa nsɛm yi no, na Yudafo no taa bɔ afɔre, anaa wɔde ayɛyɛde kɔ Yerusalem asɔrefi no afɔremuka so. Sɛ Yudani bi yɛ ne yɔnko Israelni bi bɔne a, na ebetumi aba sɛ nea wafom obi no de afɔre mũ anaa bɔne ho afɔre bɛma. Nhwɛso a Yesu de mae no fa bere a tebea no akodu akyiri ho. Bere a obi wɔ afɔremuka no ho a ɔde n’ayɛyɛde rebɛma Onyankopɔn no, ɔkae sɛ ne nua wɔ asɛm bi tia no. Yiw, na ehia sɛ Israelni te ase sɛ ɛsɛ sɛ ɔne ne nua ntam a obesiesie ba ansa na wayɛ ɔsom mu adeyɛ a ɛte saa.
Ɛwom sɛ na Mose Mmara no hwehwɛ afɔrebɔ a ɛtete saa de, nanso na ɛno ankasa nsom bo nsen biribiara wɔ Onyankopɔn ani so. Odiyifo Samuel ka kyerɛɛ Ɔhene Saul a wanni nokware no sɛ: “So [Yehowa] pɛ ɔhyew afɔre ne okum afɔre sɛ otie a wotie [Yehowa] anaa? Hwɛ, osetie ye sen afɔre, na asoyɛ kyɛn adwennini srade.”—1 Samuel 15:22.
Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, otĩĩ nea ɛsɛ sɛ wɔde di kan no mu, na ɔkyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ntam asɛm ansa na wɔabɔ afɔre. Ɛnnɛ, afɔrebɔ a wɔhwehwɛ fi Kristofo hɔ no yɛ honhom fam de—‘ayeyi afɔre, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.’ (Hebrifo 13:15) Nanso, nnyinasosɛm no da so ara yɛ adwuma. Ɔsomafo Yohane nso kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ nnaadaa sɛ obi bɛka sɛ ɔdɔ Onyankopɔn bere a ɔtan ne nua.—1 Yohane 4:20, 21.
Nea ɛyɛ anika ne sɛ nea ɔkae sɛ ne nua bi wɔ asɛm tia no no na ɛsɛ sɛ odi kan yɛ asɛm no ho biribi. Na ebia ahobrɛase a ɔda no adi sɛɛ no bɛsow aba pa. Mpɛn pii no obi a wɔafom no no rempopo ne ti sɛ obetie nea ɔba ne nkyɛn a ogye ne mfomso tom no. Mose Mmara no hyɛe sɛ sɛ obi fa biribi a ɛnyɛ ne de a, ɛsɛ sɛ osi ananmu koraa na ɔde dekode no nkyem anum mu biako ka ho. (Leviticus 6:5) Saa ara na sɛ nea wadi mfomso no nya ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ pii asen nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ankasa de asiesie biribiara a ebia wama atõtõ a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛsan anya asomdwoe ne biakoyɛ.
Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na wotumi siesie asɛm no ma asomdwoe san ba. Mmebusɛm nhoma no kae yɛn sɛ ɛyɛ den sɛ yɛne obi a ɔnka nea ɛhyɛ ne mu besiesie asɛm. Mmebusɛm 18:19 ka sɛ: “Onua a wɔafom no sen kurow dennen, na atutuw te sɛ abankɛse akyi adaban.” Nkyerɛase foforo kenkan sɛ: “Ɛyɛ den sɛ obi benya ne nua a wafom no sen sɛ obenya kurow a ɛyɛ den: Na wɔn atutuw te sɛ ofie kɛse bi adaban.” (The Englishman’s Bible) Nanso, bere rekɔ so no, ɛda adi sɛ mmɔden a obi fi koma ne ahobrɛase mu bɔ no betumi ama wasiesie ɔne mfɛfo gyidifo a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani ntam. Nanso bere a wɔkyerɛ sɛ obi ayɛ bɔne a anibere wom no, ɛho behia sɛ wɔde Yesu afotu a wɔakyerɛw wɔ Mateo ti 18 no di dwuma.
Sɛnea Wosiesie Asɛm a Emu Yɛ Den
“Na sɛ wo nua fom wo a, kɔ na koyi no ntɛn wo ne no nko ntam. Sɛ otie wo a, woanya wo nua. Na sɛ wantie a, fa onipa biako anaa baanu ka wo ho, na nsɛm nyinaa nnyina adansefo baanu anaa baasa anom. Na sɛ wantie wɔn nso a, kɔka kyerɛ asafo. Na sɛ wantie asafo no nso a, ɛnde bu no sɛ ɔbosonsonni ne towgyeni.”—Mateo 18:15-17.
Na sɛ Yudani (anaa akyiri yi, Kristoni) bi ne ne yɔnko Yehowa somfo bi nya asɛm a emu yɛ den ɛ? Nea osusuw sɛ wɔayɛ no bɔne no na ɛsɛ sɛ odi kan yɛ ho biribi. Ɛsɛ sɛ ɔne nea wadi mfomso no kasa wɔ kokoam. Sɛ wammɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ n’asɛm yɛ dɛ a, mpɛn pii no obenya ne nua no, titiriw sɛ ɛyɛ biribi ho ntease a wɔannya a ɛho asɛm ka nyɛ den a. Sɛ wɔn a asɛm no fa wɔn ho tẽẽ no nkutoo na wonim asɛm no a, ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ wobesiesie biribiara.
Nanso, ebia bere a wɔayɛ nea edi kan no, asɛm no to ntwa. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi adi tebea a ɛte saa ho dwuma no, Yesu kae sɛ: “Fa onipa biako anaa baanu ka wo ho.” Eyinom betumi ayɛ wɔn a wonim asɛm no mu dedaw. Ebia wɔtee sɛ nnipa baanu no mu biako redi ne yɔnko ho nseku, anaa ebia na wɔn a wɔkɔɔ bi no adi nhyehyɛe bi a wɔnam nkrataa so yɛe ho adanse dedaw, nanso afei de nnipa baanu no adwene nhyia wɔ ho. Ɔkwan foforo so no, wɔn a wɔfrɛ wɔn ba asɛm no mu no betumi adi adanse, bere a wɔnam biribi te sɛ adanse a ɛwɔ krataa so anaa asɛm bi a obi aka so kyerɛ nea ɛyɛe a asɛm no bae no. Ɛha nso, sɛnea ɛbɛyɛ biara no, ɛsɛ sɛ nnipa kakraa bi—“biako anaa baanu”—na wɔte asɛm no bi. Eyi remma asɛm no nyɛ kɛse, bere a ntease kɛkɛ na anyɛ adwuma no.
Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ nea wɔafom no no nya? So ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ obegu ne yɔnko Kristoni no anim ase na ama wabu nkotodwe? Esiane Yesu afotu no nti, ɛnsɛ sɛ Kristofo pere wɔn ho bu wɔn nuanom fɔ. Sɛ nea wayɛ bɔne no hu ne mfomso, ɔpa kyɛw, na ɔbɔ mmɔden sɛ obesiesie asɛm no a, nea wafom no no ‘anya ne nua.’—Mateo 18:15.
Sɛ wɔantumi ansiesie asɛm no a, ɛsɛ sɛ wɔde kɔ asafo no anim. Mfiase no, na eyi kyerɛ Yudafo mpanyimfo, nanso akyiri yi ɛbɛyɛɛ Kristofo asafo no mu mpanyimfo. Ebia ɛho behia sɛ woyi ɔbɔnefo a onnuu ne ho no fi asafo no mu. Ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔrebu no “sɛ ɔbosonsonni ne towgyeni,” nkurɔfo a na Yudafo no mpɛ sɛ wɔne wɔn bɔ. Kristoni akorankoro biara ntumi nsi saa gyinae a anibere wom yi. Mpanyimfo a wɔapaw wɔn, a wogyina asafo no ananmu, nkutoo na wɔwɔ hokwan sɛ wosi gyinae a ɛte saa.—Fa toto 1 Korintofo 5:13 ho.
Tu a wobetumi atu ɔbɔnefo a onnuu ne ho no kyerɛ sɛ ɛnyɛ asɛm nketenkete na Mateo 18:15-17 ka ho asɛm. Ná Yesu reka bɔne a anibere wom, nanso ɛyɛ nea nnipa baanu a asɛm no fa wɔn ho no nkutoo betumi asiesie. Sɛ́ nhwɛso no, ebia na obi adi ne yɔnko ho nseku ma ne din asɛe paa. Anaa ebetumi afa sikasɛm ho, efisɛ nkyekyem a edidi ɛno akyi no ka Yesu bɛ a ɛfa akoa a onni mmɔborohunu a wɔde ne ka a ɛsõ kyɛɛ no no ho. (Mateo 18:23-35) Ebia bosea a obi gye a ɔnsan mfa nkɔ wɔ bere a wahyɛ mu no bɛyɛ ɔhaw ketewaa bi a nnipa baanu no betumi asiesie a wɔmmrɛ. Nanso ebetumi adan bɔne a anibere wom, a ɛne korɔn, bere a ɔdefɛmfo no sen ne kɔn na ɔmpɛ sɛ otua ɛka a ɔde no.
Kristofo baanu pɛ ntumi nsiesie bɔne afoforo bi. Wɔ Mose Mmara no ase no, na ɛsɛ sɛ wɔkɔka bɔne a anibere wom kyerɛ mpanyimfo. (Leviticus 5:1; Mmebusɛm 29:24) Saa ara na ɛsɛ sɛ wɔka bɔne akɛse a ɛma asafo no ahotew ho ba asɛm kyerɛ Kristofo mpanyimfo.
Nanso, ɛnyɛ saa kwan yi na wɔnam so di Kristofo ntam akasakasa mu fã kɛse ho dwuma.
So Wubetumi De Akyɛ Ara Kwa?
Bere a Yesu kyerɛkyerɛɛ ɔkwan a wɔfa so siesie asɛm a anibere wom wiee ara pɛ no, ɔkyerɛɛ asuade foforo a ɛho hia. Yɛkenkan sɛ: “Ɛnna Petro baa ne nkyɛn besee no sɛ: Awurade, mpɛn ahe na me nua fom me a, memfa mimfiri no? Ɛnkosi mpɛn ason anaa? Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Minse wo sɛ enkosi mpɛn ason, na mmom [aduosɔn ason].” (Mateo 18:21, 22) Bere foforo nso Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmfa mfiri “mpɛn ason da koro.” (Luka 17:3, 4) Enti, ɛda adi pefee sɛ wɔhwɛ kwan sɛ Kristo akyidifo de wɔn ho wɔn ho bɔne befiri wɔn de asiesie asɛm.
Eyi yɛ ade a ne yɛ gye mmɔdenbɔ kɛse. Nea yɛfaa n’asɛm kae mfiase no kae sɛ: “Anuanom bi nnim sɛnea wɔde bɔne firi ankasa.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ obi ka kyerɛ wɔn sɛ wobetumi de bɔne no afiri na ama nea edi kan a ɛho hia sen biara no, asomdwoe atra Kristofo asafo no mu a, ɛte sɛ nea ɛyɛ wɔn nwonwa.”
Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.” (Kolosefo 3:13) Enti, ansa na yɛbɛkɔ onua bi a ebia wafom yɛn nkyɛn no, ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw nsemmisa a edidi so yi ho: So mfomso no yɛ ade a ɛho hia sɛ me ne no ka ho asɛm? So entumi nyɛ yiye ampa sɛ mɛma me werɛ afi nea atwam no na mede ada Kristofo su ankasa adi? Sɛ mewɔ ne tebea no mu a, anka merempɛ sɛ wɔde befiri me anaa? Sɛ mamfa ne bɔne amfiri no a, so metumi ahwɛ kwan sɛ Onyankopɔn betie me mpaebɔ, na ɔde me bɔne afiri me? (Mateo 6:12, 14, 15) Nsemmisa a ɛtete saa betumi aboa yɛn yiye ma yɛde bɔne akyɛ.
Sɛ́ Kristofo no, yɛn asɛyɛde a ɛho hia no mu biako ne sɛ yɛbɛma asomdwoe atra asafo a Yehowa nkurɔfo wom no mu. Ɛno nti, momma yɛmfa Yesu afotu no nni dwuma. Eyi bɛboa yɛn ma yɛafi yɛn pɛ mu de bɔne afiri. Fafiri honhom a ɛte saa bɛma onuadɔ a ɛhyɛ Yesu asuafo agyirae no akɔ so.—Yohane 13:34, 35.
[Kratafa 23 mfonini]
Kristofo betumi asiesie wɔn ntam asɛm denam Yesu afotu no a wobetie so