Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 8/1 kr. 15-20
  • Munnya Afoforo ho Ntease

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Munnya Afoforo ho Ntease
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Ɔwɔ Ɔpɛ sɛ Ɔde Befiri’
  • Fakaa a Wɔyɛ wɔ Tebea Horow a Ɛsakra Mu
  • Ntease a Wɔbɛda no Adi wɔ Ɔkwan a Wɔfa so Di Tumi Mu
  • Suasua Yehowa Na Yɛ Fakaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Yehowa Wɔ Ntease!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Yehowa Su Yɛ Fɛ​—Ne Yam Ye, Ɔwɔ Ntease
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • “Ɔyɛ Koma Mu Nyansafo”​—Nanso Ɔbrɛ Ne Ho Ase
    Bɛn Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 8/1 kr. 15-20

Munnya Afoforo ho Ntease

“Momma nnipa nyinaa nhu mo [ntease, NW]! Awurade abɛn.”—FILIPIFO 4:5.

1. Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ obi bɛte afoforo ase wɔ ɛnnɛ wiase yi mu?

“ONIPA a ɔwɔ ntease”—Engiresini sɛnkyerɛwfo Owura Alan Patrick Herbert frɛɛ no anansesɛm mu nipa. Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a ebetumi ayɛ te sɛ nea nnipa a wɔwɔ ntease biara nni wiase a akodi ama emu apaapae yi mu. Bible no ka siei sɛ wɔ “nna a edi akyiri” a emu yɛ den yi mu no, nnipa bɛyɛ “keka,” “anuɔdenfo,” ne “apamsɛefo”—ɔkwan foforo so no, wɔbɛyɛ nkurɔfo a wonni ntease koraa. (2 Timoteo 3:1-5) Nanso, afoforo ho ntease a Kristofo benya no som bo ma wɔn, efisɛ wonim sɛ ɛda ɔsoro nyansa adi. (Yakobo 3:17) Yɛnte nka sɛ entumi nyɛ yiye sɛ obi bɛte afoforo ase wɔ wiase a enni ntease yi mu. Mmom no, yɛde koma nyinaa gye asɛyɛde a ɛwɔ ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ Filipifo 4:5 no tom: “Momma nnipa nyinaa nhu mo dwo!”

2. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ Filipifo 4:5 no boa yɛn ma yehu sɛ ebia yɛwɔ ntease a?

2 Hyɛ sɛnea Paulo nsɛm no boa yɛn ma yɛsɔ yɛn ho hwɛ hu sɛ yɛyɛ nkurɔfo a yɛwɔ ntease no nsow. Ɛnyɛ sɛnea yehu yɛn ho no ne asɛm no; mmom no sɛnea nkurɔfo hu yɛn, sɛnea wonim yɛn no na ehia. Phillips nkyerɛase no kyerɛ nkyekyem yi ase sɛ: “Nya din pa sɛ obi a ɔwɔ ntease.” Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘Wonim me sɛ mete dɛn? So magye din sɛ obi a ɔwɔ ntease, ogyae nsɛm mu ma ɛka, na odwo? Anaa wonim me sɛ obi a n’asɛm yɛ den, ɔyɛ katee, anaa ne tirim yɛ den?’

3. (a) Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “te asɛm ase” no kyerɛ dɛn, na dɛn nti na saa su yi yɛ fɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi asua sɛnea ɔbɛte afoforo ase kɛse?

3 Edin a yegye wɔ eyi mu no bɛkyerɛ baabi a yesuasua Yesu Kristo kodu. (1 Korintofo 11:1) Bere a Yesu wɔ asase so ha no, ɔdaa ntease a edi mu ho nhwɛso a n’Agya yɛ no bi adi pɛpɛɛpɛ. (Yohane 14:9) Nokwarem no, bere a Paulo kyerɛw “Kristo dwo ne n’ayamye” ho asɛm no, Hela asɛmfua a ɔde dii dwuma maa ayamye (e·pi·ei·kiʹas) nso kyerɛ “ntease a obi benya” anaa, nea ɛkyerɛ ankasa ne “nsɛm mu a wogyae ma ɛka.” (2 Korintofo 10:1) The Expositor’s Bible Commentary ka eyi ho asɛm sɛ “Apam Foforo no mu nsɛmfua atitiriw a wɔde di dwuma ma suban no mu biako.” Wɔde kyerɛkyerɛ su a ɛyɛ fɛ mu araa ma nhomanimfo bi kyerɛ ase sɛ “ntease a ɛyɛ fɛ.” Enti, momma yɛnhwɛ akwan abiɛsa a Yesu daa no adi sɛ ɔte afoforo ase te sɛ n’Agya Yehowa. Yɛnam saayɛ so betumi asua sɛnea yɛn ankasa betumi abɛyɛ nkurɔfo a yɛte afoforo ase kɛse.—1 Petro 2:21.

‘Ɔwɔ Ɔpɛ sɛ Ɔde Befiri’

4. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ ‘ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde befiri’?

4 Te sɛ n’Agya no, Yesu daa no adi sɛ ɔte afoforo ase denam ‘ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔde befiri’ mpɛn pii no so. (Dwom 86:5) Susuw bere a Petro, Yesu yɔnko a ɔbɛn no, paa no mpɛn abiɛsa anadwo a wɔkyeree Yesu dii n’asɛm no ho. Ná Yesu ankasa adi kan aka sɛ: “Obiara a ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no m’agya a ɔwɔ soro no anim.” (Mateo 10:33) So Yesu de saa mmara yi dii dwuma katee wɔ Petro ho a ahummɔbɔ biara nnim? Dabi; Yesu wusɔre akyi no, n’ankasa kɔsraa Petro, a akyinnye biara nni ho sɛ ɔkɔkyekyee ɔsomafo a na wanu ne ho a ne koma abubu no werɛ maa no awerɛhyem. (Luka 24:34; 1 Korintofo 15:5) Ɛno akyi bere tiaa bi no, Yesu maa Petro dwumadi kɛse. (Asomafo no Nnwuma 2:1-41) Eyi yɛ ntease fɛfɛ a ɛkyɛn so a ɔdaa no adi! So ɛnyɛ awerɛkyekye sɛ yebesusuw sɛ Yehowa apaw Yesu sɛ adesamma nyinaa Temmufo?—Yesaia 11:1-4; Yohane 5:22.

5. (a) Edin bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no gye wɔ nguan no anim? (b) Asɛm bɛn na mpanyimfo betumi ahwehwɛ mu ansa na wɔadi asɛm bi, na dɛn ntia?

5 Sɛ mpanyimfo di dwuma sɛ atemmufo wɔ asafo no mu a, wɔbɔ mmɔden suasua Yesu nhwɛso a ntease wom no. Wɔmpɛ sɛ nguan no suro wɔn sɛ nkurɔfo a wɔde asotwe ma. Mmom no, wɔbɔ mmɔden suasua Yesu sɛnea ɛbɛyɛ a nguan no bɛte nka sɛ wɔwɔ nguanhwɛfo a wɔwɔ dɔ ahobammɔ ase. Wɔ asenni ahorow ase no, wɔyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛda ntease adi, a wɔayɛ krado sɛ wɔde befiri. Mpanyimfo binom ahu sɛ ansa na wobedi asɛm bi a ɛte saa no, mfaso wɔ so sɛ wɔhwehwɛ July 1, 1992 Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a n’asɛmti ne “Yehowa, ‘Asase Nyinaa Temmufo’ a Ɔnhwɛ Nnipa Anim” ne “Mpanyimfo, Momfa Trenee Mmu Atɛn” no mu. Enti wɔkae ɔkwan a Yehowa fa so bu atɛn a wɔabɔ no mua yi: “Ɔyɛ pintinn bere a ɛho hia, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔda mmɔborohunu adi.” Ɛnyɛ mfomso sɛ wɔde mmɔborohunu bedi dwuma wɔ atemmu mu bere a ntease pa bi wɔ hɔ sɛ wɔyɛ saa no. (Mateo 12:7) Ɛyɛ mfomso kɛse sɛ wɔbɛda atirimɔden adi anaasɛ wɔnkyerɛ mmɔborohunu. (Hesekiel 34:4) Enti mpanyimfo kwati sɛ wobedi mfomso denam ɔdɔ ne mmɔborohunu a wɔyere wɔn ho da no adi sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara so, bere a wommu atɛntrenee so no.—Fa toto Mateo 23:23; Yakobo 2:13 ho.

Fakaa a Wɔyɛ wɔ Tebea Horow a Ɛsakra Mu

6. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ ɔyɛ fakaa bere a ɔne ɔbea bi a ɔyɛ Amanaman muni a na adaemone haw ne babea redi no?

6 Te sɛ Yehowa no, Yesu daa ne ho adi sɛ otumi sakra ɔkwan a ɔfa so yɛ ade anaa ɔyɛ nsakrae ma ɛne tebea afoforo a ɛsɔre hyia. Bere bi ɔbea bi a ɔyɛ Amanaman muni srɛɛ no sɛ ɔnsa ne babea bi a adaemone rehaw no kɛse yare. Mfiase no, Yesu nam akwan horow abiɛsa so kyerɛe sɛ ɔmmoa no—nea edi kan no, wammua no; nea ɛto so abien, ɔka kyerɛɛ no pefee sɛ ɛnyɛ Amanaman mufo na wɔsomaa no baa wɔn nkyɛn, na mmom Yudafo; na nea ɛto so abiɛsa no, ɔfaa anifere kwan so yɛɛ mfatoho bi de kyerɛɛ asɛm koro no ara. Nanso, eyi nyinaa mu no, ɔbea no kɔɔ so srɛe, na edii adanse sɛ ɔwɔ gyidi soronko. Bere a Yesu susuw tebea soronko yi ho no, na otumi hu sɛ eyi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ ɔde mmara bi a wɔde di dwuma ma nnipa dodow no ara yɛ adwuma katee; ná ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ ɔyɛ fakaa de di nnyinasosɛm ahorow a ɛkorɔn sen ɛno ho dwuma.a Enti, Yesu yɛɛ ade a na waka no mprɛnsa sɛ ɔnyɛ no. Ɔsaa ɔbea no babea no yare!—Mateo 15:21-28.

7. Akwan bɛn so na awofo betumi ada ntease adi, na dɛn ntia?

7 So wonim yɛn nso sɛ nkurɔfo a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛgow nsɛm mu bere a ɛfata? Ɛho hia sɛ awofo taa da ntease a ɛte saa adi. Esiane sɛ ɛsono sɛnea abofra biara te nti, ntetee a ɛbɛfata abofra bi no bɛyɛ nea ɛmfata ɔfoforo. Afei nso, bere a mmofra nyin no, wɔn ahiade ahorow sakra. So ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae wɔ bere a wohyɛ sɛ mmofra mmra fie no mu? So mfaso pii bɛba abusua adesua a wobɛma ayɛ anigye kɛse no so? Sɛ ɔwofo bi yɛ ade tra so wɔ mfomso nketenkete bi a abofra yɛ ho a, so ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase asiesie asɛm no? Awofo a wogyae nsɛm mu ma ɛka wɔ akwan a ɛtete saa so no kwati sɛ wɔbɛteetee wɔn mma atwe wɔn afi Yehowa ho sɛnea ɛmfata.—Efesofo 6:4.

8. Ɔkwan bɛn so na asafo mu mpanyimfo betumi adi kan wɔ nsakrae a wɔyɛ ma ɛne wɔn asasesin mufo ahiade hyia ho?

8 Ɛho hia sɛ mpanyimfo nso yɛ nsakrae bere a tebea afoforo sɔre no, na bere koro no ara wommu Onyankopɔn mmara pɔtee biara so. Bere a worehwɛ asɛnka adwuma so no, so woma w’ani da hɔ ma nsakrae a ɛba mo asasesin mu no? Bere a mpɔtam hɔfo asetra kwan sesa no, ebia ɛsɛ sɛ wɔhyɛ anwummere anwummere, mmɔnten so, anaa telefon so asɛnka ho nkuran. Nsakrae a yɛbɛyɛ wɔ saa kwan no so bɛboa yɛn ma asɛnka adwuma a yɛyɛ no atu mpɔn yiye. (Mateo 28:19, 20; 1 Korintofo 9:26) Paulo nso de yɛɛ ne botae sɛ ɔbɛyɛ nsakrae ma ɛne nnipa biara a ohyiaa wɔn wɔ n’asɛnka adwuma no mu nsɛm tebea ahyia. So yɛn nso yɛyɛ saa, sɛ nhwɛso no, denam sua a ebia yebesua pii wɔ ɔsom ahorow a ɛwɔ yɛn mpɔtam ne ɛhɔ amammerɛ ahorow ho so, na ama yɛatumi aboa nkurɔfo no?—1 Korintofo 9:19-23.

9. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɔpanyin bi ka sɛ kyenkyen ara a ɔbɛkɔ so adi nsɛnnennen ho dwuma sɛnea na ɔyɛ no bere a atwam no?

9 Bere a nna a edi akyiri yi mu kɔ so yɛ den no, ebia ɛho behia nso sɛ nguanhwɛfo yɛ nsakrae na ama wɔatumi adi nsɛnnennen bi a ɛyɛ hu na ɛhaw adwene yiye a wɔn nguan no hyia mprempren no ho dwuma. (2 Timoteo 3:1) Mpanyimfo, ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ moyɛ katee! Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnsɛ sɛ ɔpanyin bi ka sɛ kyenkyen ara a ɔbɛkɔ so adi nsɛnnennen ho dwuma sɛnea ɔyɛ daa no, bere a ɔkwan a ɔfa so no ntu mpɔn bio anaa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ahu sɛ ɛfata sɛ wɔkyerɛw asɛm no ho biribi foforo no. (Mateo 24:45; fa toto Ɔsɛnkafo 7:10; 1 Korintofo 7:31 ho.) Ɔpanyin nokwafo bi fi komam bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa onuawa bi a na wanya adwenemhaw a na ohia obi a obetie no paa. Nanso, wammu onuawa no adwenemhaw no aniberesɛm biara, na ɔkyerɛɛ no ano aduru tiawa bi. Afei Ɔwɛn Aban Asafo no tintim nsɛm a egyina Bible so a ɛkaa onuawa no haw no ankasa ho asɛm. Ɔpanyin no yɛɛ nhyehyɛe san ne no kɔkasae, na saa bere no de ɔde asɛm foforo no dii dwuma, na ɔdaa tema adi wɔ onuawa no haw no ho. (Fa toto 1 Tesalonikafo 5:14, 15 ho.) Ntease ho nhwɛso fɛfɛ bɛn ara ni!

10. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ mpanyimfo da no adi sɛ wɔte wɔn ho wɔn ho ase, na wɔte mpanyimfo kuw no nyinaa ase? (b) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no bu wɔn a wɔnte afoforo ase no dɛn?

10 Ɛho hia nso sɛ mpanyimfo te wɔn ho wɔn ho ase. Sɛ mpanyimfo kuw no hyia a, hwɛ hia a ɛho hia sɛ ɔpanyin biako nnye dwumadi no nkɛntɛn so! (Luka 9:48) Guamtrani no titiriw na ehia sɛ ɔhyɛ ne ho so wɔ eyi mu. Na sɛ ɔpanyin biako anaa mpanyimfo baanu mpene mpanyimfo dodow no ara gyinaesi so a, wɔrenka sɛ kyenkyen ara a wɔnyɛ nneɛma sɛnea wɔpɛ. Mmom no, bere tenten a emmu Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm biara so no, wɔbɛpene so, bere a wɔkae sɛ ɛsɛ sɛ mpanyimfo nya afoforo ho ntease no. (1 Timoteo 3:2, 3) Ɔkwan foforo so no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no ma ɛtra wɔn adwene mu sɛ Paulo kaa Korintofo asafo no anim sɛ ‘wogyee wɔn a wɔnte afoforo ase’ a wɔyɛɛ wɔn ho sɛ “asomafo atitiriw” traa wɔn mu no. (2 Korintofo 11:5, 19, 20) Enti ɛsɛ sɛ wonya ɔpɛ sɛ wobetu ɔpanyin bi a ofi mpiyɛ mu yɛ ade na ɔnte afoforo ase no fo, nanso ɛsɛ sɛ wɔn ankasa nso yɛ saa wɔ odwo ne ayamye mu.—Galatifo 6:1.

Ntease a Wɔbɛda no Adi wɔ Ɔkwan a Wɔfa so Di Tumi Mu

11. Nsonsonoe bɛn na ɛda ɔkwan a Yesu faa so dii tumi ne ɔkwan a Yudafo nyamesom akannifo no faa so no ntam?

11 Bere a Yesu baa asase so no, ɔdaa ntease a ɔwɔ no adi wɔ ɔkwan a ɔfaa so dii tumi a onya fii Onyankopɔn hɔ no mu. Hwɛ sɛnea na ɔyɛ soronko wɔ ne bere so nyamesom akannifo no ho! Susuw nhwɛso biako ho. Ná Onyankopɔn mmara no hyɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ adwuma biara Homeda, a nnyina ano boaboa mpo ka ho. (Exodus 20:10; Numeri 15:32-36) Ná nyamesom akannifo no pɛ sɛ wɔkyerɛ nkurɔfo ɔkwan pɔtee a wɔmfa so nni saa mmara no so. Enti wɔde yɛɛ wɔn ankasa asɛyɛde sɛ wɔbɛkyerɛ ade pɔtee a obi betumi ama so Homeda. Wɔhyɛe sɛ: wontumi mma biribiara a emu yɛ duru sen mmorɔdɔmma a aguan abien so. Wɔbaraa mpaboa a wɔde nnadewa abobom mpo, kyerɛe sɛ sɛ wɔma so a, nnadewa no ma emu yɛ duru bi ka ho ma ɛbɛyɛ adwuma! Wɔkyerɛ sɛ wɔka bom a, rabifo no de ahyɛde 39 kaa Onyankopɔn mmara a ɛfa Homeda ho no ho, na wɔkɔɔ so de bi kekaa ho. Nanso, Yesu ampɛ sɛ obedi nkurɔfo so denam mmara pii anaa gyinapɛn dennen a wontumi nni so a ɔde besisi hɔ de ahyɛ wɔn aniwu so.—Mateo 23:2-4; Yohane 7:47-49.

12. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu angow Yehowa trenee gyinapɛn mu?

12 Ɛnde, so ɛsɛ sɛ yɛfa no sɛ Yesu annyina Onyankopɔn trenee nnyinasosɛm ahorow akyi pintinn? Ɛda adi sɛ odii so! Ɔtee ase sɛ bere a mmara tumi yɛ adwuma yiye paa ne bere a nnipa de emu nnyinasosɛm sie wɔn komam no. Bere a na Farisifo no rebɔ mmɔden sɛ wɔnam ahyɛde pii so bedi nkurɔfo so no, Yesu bɔɔ mmɔden sɛ obedu nkurɔfo komam. Sɛ́ nhwɛso no, na onim yiye sɛ ontumi nyɛ fakaa wɔ ɔsoro mmara a ese “munguan aguamammɔ” no ho da. (1 Korintofo 6:18) Enti Yesu bɔɔ nkurɔfo kɔkɔ faa nsusuwii a ebetumi akowie ɔbrasɛe mu ho. (Mateo 5:28) Ná nkyerɛkyerɛ a ɛte saa no gye nyansa ne nhumu kɛse koraa sen ahyɛde katee a mfaso nni so a wɔbɛhyehyɛ.

13. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mpanyimfo kwati sɛ wɔbɛyeyɛ mmara ne ahyɛde katee? (b) Nneɛma bɛn mu na ɛho hia sɛ wɔkyerɛ obu ma obi ahonim?

13 Ɛnnɛ, anuanom a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa nso ma nkurɔfo komam a wobedu ho hia wɔn. Enti, wɔkwati sɛ wɔbɛhyehyɛ wɔn ankasa mmara katee, anaa wɔbɛdan wɔn ankasa nsusuwii ne wɔn adwenhorow mmara. (Fa toto Daniel 6:7-16 ho.) Wɔ bere ne bere mu no, ebia afotu a wofi ayamye mu de ma wɔ nneɛma bi te sɛ ntadehyɛ ne ahosiesie ho betumi ayɛ nea ɛfata na ɛyɛ ne bere mu de, nanso ɔpanyin bi betumi asɛe obu a ɔwɔ sɛ obi a ɔte afoforo ase bere a osi nsɛm a ɛtete saa so dua anaa ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ afoforo sɛ wonni nea n’ankasa ani gye ho ara kwa so no. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ asafo no muni biara kwati sɛ ɔbɛhyɛ afoforo so.—Fa toto 2 Korintofo 1:24; Filipifo 2:12 ho.

14. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ na ɔnhwehwɛ pii mfi afoforo hɔ?

14 Ebia mpanyimfo bɛpɛ sɛ wɔpɛɛpɛɛ wɔn ho mu hwɛ wɔ ɔkwan foforo so: ‘So minya ntease wɔ nea mehwɛ kwan sɛ afoforo bɛyɛ no mu?’ Ɛda adi sɛ na ɛte saa wɔ Yesu fam. Ɔkɔɔ so kyerɛɛ n’akyidifo sɛ nea ɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ ara ne mmɔden a wofi kra nyinaa mu bɛbɔ, na na eyi som bo ma no sen biribiara. Ɔkamfoo okunafo hiani no sɛ ɔde ne nkaperɛ a ɛnnɔɔso no mae. (Marko 12:42, 43) Ɔkaa n’asuafo no anim bere a wɔkasa tiaa Maria wɔ akyɛde a ne bo yɛ den a ɔde mae no ho, na ɔkae sɛ: “Munnyaa no! . . . Wayɛ nea obetumi.” (Marko 14:6, 8) Bere a n’asuafo no dii no huammɔ no mpo ɔtee wɔn ase. Sɛ́ nhwɛso no, ɛwom sɛ anadwo a wɔrebɛkyere no no, ɔhyɛɛ n’asomafo baasa a wɔbɛn no kɛse no sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ na wɔnkɔ so ne no nwɛn de, nanso wodii no huammɔ denam da a wɔfaa mu dae mpɛn pii no so. Nanso, ofi tema mu kae sɛ: “Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw.”—Marko 14:34-38.

15, 16. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ yiye na wɔanhyɛ nguankuw no so anaa wɔampoopoo wɔn ani ankyerɛ wɔn? (b) Ɛyɛɛ dɛn na onuawa bi a ɔde nokwaredi asom yɛɛ nsakrae wɔ nea na ɔhwɛ kwan sɛ afoforo bɛyɛ no mu?

15 Ampa, Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ ‘wɔnyere wɔn ho denneennen.’ (Luka 13:24) Nanso wanhyɛ wɔn da sɛ wɔnyɛ saa! Ɔhyɛɛ wɔn nkuran, yɛɛ nhwɛso maa wɔn, dii wɔn anim, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obedu wɔn komam. Ogyaw nkae no maa Yehowa honhom a ɛwɔ tumi no sɛ enni ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɛnnɛ mpanyimfo nso hyɛ nguankuw no nkuran ma wofi koma nyinaa mu som Yehowa, na ɛsɛ sɛ wɔkwati sɛ wɔbɛpoopoo wɔn ani akyerɛ wɔn ma wɔate afobu nka, anaasɛ wɔbɛhyɛ wɔn aniwu de akyerɛ sɛ ɔkwan bi so no nea wɔreyɛ mprempren wɔ Yehowa som mu no nnɔɔso anaa ɛnsɔ ani. Sɛ wɔhyɛ wɔn katee te sɛ nea wɔreka akyerɛ wɔn sɛ “Monyɛ pii nka ho, monyɛ pii nka ho, monyɛ pii nka ho!” a, ebetumi ama wɔn a wɔreyɛ nea wobetumi nyinaa no abaw mu abu. Hwɛ awerɛhow ara a ɛbɛyɛ sɛ ɔpanyin bi begye dimmɔne sɛ ‘obi a biribiara nsɔ n’ani’—ɛne obi a ɔte afoforo ase bɔ abira koraa!—1 Petro 2:18.

16 Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hwehwɛ nea ɛfata fi afoforo hɔ! Bere a onuawa bi ne ne kunu gyaee asɛmpatrɛw adwuma kɔhwɛɛ ɔbea no maame a ɔyare no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mmere no mu yɛ den ampa ma adawurubɔfo a yɛwɔ asafo ahorow mu no. Esiane sɛ na yɛwɔ ɔmansin ne ɔmantam adwuma mu a na yenhyia ɔhaw a ɛtete saa pii nti, yebehuu eyi prɛko pɛ wɔ ɔkwan a ɛyɛ yaw so. Sɛ́ nhwɛso no, kan no na meka kyerɛ me ho sɛ, ‘Dɛn nti na onuawa no mfa nhoma a yɛde redi dwuma ɔsram yi mu mma? Ɔnkenkan Ahenni Som no anaa?’ Seesei minim nea enti a ɛte saa. Wɔ ebinom fam no, ɛno ne nea wobetumi ayɛ nyinaa wɔ ɔsom adwuma no mu.” Hwɛ sɛnea ɛyɛ mmom sɛ yɛbɛkamfo yɛn nuanom wɔ nea wɔyɛ ho sen sɛ yebebu wɔn atɛn wɔ nea wɔnyɛ ho!

17. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ ntease ho nhwɛso maa yɛn?

17 Susuw nhwɛso a etwa to a ɛfa sɛnea Yesu de ntease di tumi no ho. Te sɛ n’Agya no, Yesu mfi ninkuntwe mu mmɔ ne tumi ho ban. Ɔno nso di akoten wɔ nnwuma a wɔde hyehyɛ nkurɔfo nsa mu, na ɔpaw n’akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no sɛ wɔnhwɛ “nea ɔwɔ nyinaa” wɔ asase so no so. (Mateo 24:45-47) Na onsuro nso sɛ obetie afoforo adwene. Ná ɔtaa bisa n’atiefo sɛ: “Wudwen ho dɛn?” (Mateo 17:25; 18:12; 21:28; 22:42) Saa na ɛsɛ sɛ Kristo akyidifo nyinaa yɛ nnɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔma tumi a wɔwɔ biara siw wɔn kwan sɛ wobetie afoforo. Awofo, monyɛ asõ ntie! Okununom, monyɛ asõ ntie! Mpanyimfo, monyɛ asõ ntie!

18. (a) Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ahu sɛ yɛagye din sɛ nnipa a wɔte afoforo ase? (b) Dɛn na yɛn nyinaa betumi asi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

18 Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara si gyinae sɛ ɔpɛ sɛ “ogye din sɛ obi a ɔte afoforo ase.” (Filipifo 4:5, Phillips) Nanso yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛwɔ din pa a ɛte saa? Bere a na Yesu pɛ sɛ ohu nea afoforo ka fa ne ho no, obisaa n’ayɔnkofo a ɔwɔ wɔn mu ahotoso no. (Mateo 16:13) Dɛn nti na wunni ne nhwɛso no akyi? Wubetumi abisa obi a wowɔ ne mu ahotoso sɛ ɔbɛka nokware akyerɛ wo, sɛ ebia woagye din sɛ obi a ɔte afoforo ase, na wugyae nsɛm mu ma ɛka anaa. Akyinnye biara nni ho sɛ pii wɔ hɔ a yɛn nyinaa betumi ayɛ de asuasua Yesu nhwɛso a ɛyɛ pɛ wɔ afoforo ho ntease a onyae no mu! Ne titiriw no sɛ yɛwɔ afoforo so tumi kakra a, momma yenni Yehowa ne Yesu nhwɛso no akyi bere nyinaa, mfa ntease nni ho dwuma daa, na yennya ɔpɛ sɛ yɛde befiri, yɛbɛgow nsɛm mu, anaa yebegyae nsɛm mu ma aka wɔ bere a ɛsɛ mu. Nokwarem no, ɛmmra sɛ yɛn mu biara bɛyere ne ho ‘adwo bɛtɛɛ’!—Tito 3:2.

[Ase hɔ asɛm]

a Nhoma New Testament Words ka sɛ: “Obi a ɔwɔ epieikēs [ntease] nim sɛ ɛtɔ mmere bi a biribi betumi ayɛ nea ɛfata koraa wɔ mmara kwan so, nanso ɛbɛyɛ nea ɛnteɛ koraa wɔ abrabɔ fam. Obi a ɔwɔ epieikēs nim bere a ɛsɛ sɛ ɔgow mmara no mu esiane sɛ tumi a ɛkorɔn na ɛso sen mmara kanyan no nti.”

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo nya ɔpɛ sɛ wɔbɛte afoforo ase?

◻ Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi asuasua Yesu wɔ ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔde befiri no mu?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ fakaa sɛnea na Yesu te no?

◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ yɛyɛ fakaa wɔ ɔkwan a yɛfa so di tumi mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi apɛɛpɛɛ yɛn ho mu ahwɛ sɛ ebia yɛte afoforo ase ankasa a?

[Kratafa 15 mfonini]

Yesu fi ne pɛ mu de Petro a onuu ne ho no mfomso firii no

[Kratafa 16 mfonini]

Bere a ɔbea bi daa gyidi soronko adi no, Yesu hui sɛ ɛno nyɛ bere a ɛsɛ sɛ ɔde mmara bi a wɔde di dwuma ma nnipa dodow no ara yɛ adwuma katee

[Kratafa 18 mfonini]

Awofo monyɛ asõ ntie!

[Kratafa 18 mfonini]

Okununom monyɛ asõ ntie!

[Kratafa 18 mfonini]

Mpanyimfo monyɛ asõ ntie!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena