Nya Yehowa Mu Anigye!
“Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!”—FILIPIFO 4:4.
1. Dɛn nti na ebia yentumi nhu nea na Paulo kyerɛ bere a ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ani gye daa no?
NNANSA yi ɛte sɛ nea nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛma nnipa ani gye no yɛ kakraa bi na ɛntaa mma mpo. Nnipa a wɔde mfutuma yɛɛ wɔn, wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo mpo, hyia tebea horow a ɛde awerɛhow ba—adwuma a wonnya nyɛ, akwahosan a ɛsɛe, adɔfo a wowu, nipasu a enhyia, anaa ɔsɔretia a efi abusuafo ne kan nnamfo a wonnye nni hɔ. Enti ɛsɛ sɛ yɛte Paulo afotu a ese ‘Momma mo ani nnye daa!’ no ase dɛn? Esiane ɔhaw ne nsɛm tebea a emu yɛ den a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gyina ano nti, eyi betumi ayɛ yiye anaa? Nsɛm afoforo a ɛka asɛm yi ho a yebesusuw ho no bɛboa ma yɛate ase.
Nya Anigye—Dɛn Ntia na Ɔkwan Bɛn So?
2, 3. Sɛnea Yesu ne tete Israelfo no tebea ma yehu no, anigye ho hia dɛn?
2 “Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!” Ebia eyi bɛkae yɛn nsɛm a wɔka kyerɛɛ Israelfo no bɛyɛ mfeha 24 ni no: “[Yehowa] anika ne mo ahoɔden,” anaa sɛnea Moffatt nkyerɛase no ka no: “Ahurusi a mubedi wɔ Nea ɔte hɔ daa no mu ne mo ahoɔden.” (Nehemia 8:10) Anigye ma ahoɔden, na ɛte sɛ abannennen a obi betumi aguan akɔhwehwɛ awerɛkyekye ne ahobammɔ wom. Anigye ne ade a ɛboaa onipa Yesu a ɔyɛ pɛ mpo ma okuraa ne mudi mu. “Ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa.” (Hebrifo 12:2) Ɛda adi pefee sɛ anigye a yebetumi anya wɔ ɔhaw ahorow mu ho hia ma nkwagye.
3 Ansa na Israelfo no rekɔ Bɔhyɛ Asase no so no, wɔhyɛɛ wɔn sɛ: “Gye w’ani adepa a [Yehowa] wo Nyankopɔn de ama wo ne wo fi no nyinaa ho, wo ne Lewini ne ɔhɔho a ɔwɔ wo mu no.” Sɛ wɔamfa anigye ansom Yehowa a, nea na ebefi mu aba no mu bɛyɛ den. ‘Nnome yi nyinaa bɛba wo so na atiw wo abɛto wo akosi sɛ wobɛsɛe, esiane sɛ woamfa anigye ne koma pa ansom Yehowa wo Nyankopɔn, taamudi mu nti.’—Deuteronomium 26:11; 28:45-47.
4. Dɛn nti na ebia yɛn ani nnye?
4 Enti, ɛho hia sɛ nnɛyi nkaefo a wɔasra wɔn no ne wɔn mfɛfo “nguan foforo” no ani gye! (Yohane 10:16) Paulo nam n’afotu no a otĩĩ mu sɛ, “meka no bio sɛ,” no so sii hia a ɛho hia sɛ yɛn ani gye wɔ nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa ho so dua. So yɛyɛ saa? Anaasɛ da biara da asetram dwumadi gye yɛn adwene araa ma ɛtɔ da bi a yɛn werɛ fi nneɛma pii a ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye no? So nsɛnnennen boaboa ano araa ma yentumi mfa yɛn ani nsi Ahenni no ne ne nhyira horow no so? So yɛma nneɛma afoforo—Onyankopɔn mmara so bu, ani a yebu gu ɔsoro nnyinasosɛm ahorow so, anaa Kristofo asɛyɛde ahorow a yɛtoto no ase—sɛe yɛn anigye?
5. Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ obi a onni ntease ani begye?
5 “Momma nnipa nyinaa nhu mo [ntease, ‘NW’]! Awurade abɛn.” (Filipifo 4:5) Obi a onni ntease nkari pɛ. Ebia ɔnhwɛ n’akwahosan so yiye, na ɔde ɔhaw anaa dadwen a ɛnsɛ ba ne nipadua so. Ebia na onsuaa sɛnea obegye ne sintɔ ahorow atom na watra ase sɛnea ɛsɛ. Ebetumi aba sɛ ɔde botae horow a ɛkorɔn dodo besisi n’ani so na wabɔ mmɔden sɛ obedu ho a nea ebefi mu aba biara mfa ho. Anaa ebia ɔde ne sintɔ ahorow bɛyɛ anoyi de abrɛ ne mmɔdenbɔ ase anaa wagow ne ho. Esiane sɛ ɔnkari pɛ na onni ntease nti, ɛyɛ den sɛ n’ani begye.
6. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ mfɛfo Kristofo hu wɔ yɛn ho, na bere bɛn nkutoo na eyi bɛba saa? (b) Ɔkwan bɛn so na Paulo nsɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 1:24 ne Romafo 14:4 no boa yɛn ma yɛyɛ wɔn a wɔwɔ ntease?
6 Sɛ asɔretiafo bu yɛn sɛ yɛyɛ katee mpo a, ɛsɛ sɛ mfɛfo Kristofo tumi hu sɛ yɛwɔ ntease bere nyinaa. Na sɛ yɛkari pɛ na yɛnhwehwɛ pɛyɛ mfi yɛn ankasa anaa afoforo hɔ a, wobehu. Nea ɛsen biara no, ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛde nnesoa a ɛtra nea Onyankopɔn Asɛm hwehwɛ bɛto afoforo so. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Ɛnyɛ sɛ yɛhyɛ mo gyidi so, na mmom yɛyɛ mo anigye ho yɔnko adwumayɛfo.” (2 Korintofo 1:24) Esiane sɛ na Paulo ayɛ Farisini pɛn nti, na onim yiye sɛ, sɛ wɔn a wodi tumi hyehyɛ mmara katee na wɔhyɛ nkurɔfo ma wodi so a, esiw anigye kwan, nanso nyansahyɛ a mfaso wɔ so a mfɛfo adwumayɛfo de ma no ma enya nkɔanim. Ɛsɛ sɛ nokwasɛm a ɛne sɛ “Awurade abɛn” no kae obi a ɔwɔ ntease sɛ ɛnyɛ yɛn na ɛsɛ sɛ ‘yebu obi fienipa atɛn. N’ankasa ne wura anim na ogyina anaasɛ ɔhwe ase.’—Romafo 14:4.
7, 8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ kwan sɛ wobehyia nsɛnnennen, nanso ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi akɔ so anya anigye?
7 “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom.” (Filipifo 4:6) Ɛnnɛ yɛwɔ “mmere a emu yɛ den” a Paulo kyerɛw ho asɛm no mu. (2 Timoteo 3:1-5) Enti ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ kwan sɛ wobehyia nsɛnnennen. Paulo nsɛm a ɛne sɛ ‘momma mo ani nnye daa’ no nkyerɛ sɛ entumi mma sɛ Kristoni nokwafo bi bɛbotow anaa obehyia abasamtu wɔ bere ne bere mu. Wɔ Paulo ankasa fam no, ɔde nokwaredi gye toom sɛ: “Ade nyinaa mu wohiahia yɛn ho, nanso yɛn ahome ntew yɛn ɛ; yɛn ho akyere yɛn, nanso yɛn ani ntanee ɛ. Wɔtaa yɛn, nanso wɔmpaa yɛn akyi ɛ; wɔhwe yɛn ase, nanso wɔnsɛee yɛn ɛ.” (2 Korintofo 4:8, 9) Nanso anigye a Kristoni wɔ no ma bere tiaa mu dadwen ne awerɛhow brɛ ase na awiei koraa no edi so nkonim. Ɛma obi ahoɔden a ohia ma ɔde kɔ n’anim, na ɛmma ne werɛ mfi nneɛma pii a ɛsɛ sɛ ɛma n’ani gye no da.
8 Sɛ nsɛnnennen sɔre a, ɛmfa ho sɛnea ɛte no, Kristoni a ɔwɔ anigye no fi ahobrɛase mu srɛ Yehowa hɔ mmoa denam mpaebɔ so. Ɔmma dadwen nhyɛ ne so. Bere a wayɛ nea n’ankasa betumi nyinaa de adi asɛnnennen no ho dwuma no, ogyaw nea ebefi mu aba no ma Yehowa ma ɛne ɔfrɛ yi hyia: “Dan w’adesoa to [Yehowa] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.” Ne nyinaa mu no, Kristoni no kɔ so da Yehowa ase wɔ Ne papayɛ nyinaa ho.—Dwom 55:22; hwɛ Mateo 6:25-34 nso.
9. Ɔkwan bɛn so na nokware no ho nimdeɛ a wonya de asomdwoe ba, na mfaso bɛn na eyi de brɛ Kristoni?
9 “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:7) Bible mu nokware nimdeɛ a Kristoni nya no yi atosɛm fi n’adwene mu, na ɛboa no ma onya nsusuwii pa. (2 Timoteo 1:13) Ɛno boa no ma ɔkwati nneyɛe a ɛnteɛ anaa nyansa nnim a ebetumi asɛe ɔne afoforo ntam abusuabɔ a asomdwoe wom. Sɛ́ anka ɔbɛma nsisi ne amumɔyɛ abu n’abam no, ɔde ne ho to Yehowa so sɛ onni adesamma nsɛnnennen ho dwuma denam Ahenni no so. Asomdwoe a ɛte saa bɔ ne koma ho ban, ma ne nsusuwii ho tew, na ɛkyerɛ ne nsusuwii kwan wɔ trenee kwan so. Adwene ne nsusuwii pa nso ma yɛn nneɛma a enni ano a ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye, ɛmfa ho ɔhaw ne nhyɛso ahorow a basabasayɛ wiase de ba no.
10. Dɛn nkutoo na sɛ yɛka ho asɛm anaa yesusuw ho a ɛbɛma yɛanya nokware anigye?
10 “Nea aka no, anuanom, nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.” (Filipifo 4:8) Kristoni ani nnye ho sɛ ɔbɛka nneɛma bɔne ho asɛm anaa obesusuw ho. Eyi yi anigyede a wiase no de ma no mu pii fi hɔ prɛko pɛ. Obiara ntumi nkura Kristofo anigye mu bere a ɔde atosɛm, aseresɛm a ɛnsɛ, ne nsɛm a ɛnteɛ, abrabɔ a ɛmfata, nea ɛho mma nyam, nea ɛkyerɛ nitan, ne nea ɛyɛ akyiwade hyɛ n’adwene ne ne koma mu no. Sɛ yɛbɛka no pefee a, obiara ntumi mfa efĩ nhyɛ n’adwene ne ne koma mu na wanya nokware anigye. Wɔ Satan wiase a aporɔw yi mu no, hwɛ denhyɛ ara a ɛyɛ sɛ wobehu sɛ Kristofo wɔ nneɛma pa pii a wosusuw ho na wɔbɔ ho nkɔmmɔ!
Nneɛma a Enni Ano a Ɛsɛ sɛ Ɛma Yɛn Ani Gye
11. (a) Ade bɛn na ɛnsɛ sɛ yebu no adewa da, na dɛn ntia? (b) Amanaman ntam nhyiam bi a obi ne ne yere kɔe kaa wɔn dɛn?
11 Bere a yɛreka nneɛma a enti ɛsɛ sɛ yɛn ani gye ho asɛm no, mommma yɛn werɛ mmfi yɛn wiase nyinaa onuayɛ no. (1 Petro 2:17) Bere a wiase aman ne mmusua tentan wɔn ho kɛse no, Onyankopɔn nkurɔfo twiw bɛn wɔn ho wɔ ɔdɔ mu. Wɔn biakoyɛ no da adi titiriw wɔ amanaman ntam nhyiam horow ase. Ɛdefa nea wɔyɛe wɔ Kiev, Ukraine, wɔ 1993 mu ho no, obi a ofi United States kɔɔ bi kyerɛwee sɛ: “Anigye a ɛma wosui, animtew a wɔdaa no adi, atuu a wɔyeyɛɛ wɔn ho mpɛn pii te sɛ abusuafo, ne nkatawia ne nnukuu a ɛyɛ fɛ a nnipakuw hinhim de kyiakyiaa wɔn ho wɔ agodibea hɔ no daa teokrase biakoyɛ adi pefee. Anigye ahyɛ yɛn koma ma wɔ anwonwade a Yehowa nam wiase nyinaa onuayɛ no so ayɛ no ho. Eyi aka me ne me yere koma kɛse, na ahyɛ yɛn gyidi den bio.”
12. Ɔkwan bɛn so na yɛde yɛn aniwa ankasa rehu Yesaia 60:22 mmamu?
12 Hwɛ sɛnea ɛhyɛ nnɛyi Kristofo gyidi den sɛ wɔde wɔn aniwa ankasa rehu Bible nkɔmhyɛ ahorow mmamu! Sɛ́ nhwɛso no, susuw nsɛm a ɛwɔ Yesaia 60:22 no ho: “Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, [Yehowa], mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.” Bere a wɔwoo Ahenni no wɔ 1914 no, na nnipa 5,100 pɛ—nea osua—na wɔde nsi reka asɛm no. Nanso mfe anum a atwam no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, nnawɔtwe biara, Adansefo a wɔabɔ wɔn asu foforo 5,628 na wɔbɛka wiase nyinaa onuayɛ no ho! Wɔ 1993 mu no, wonyaa asomfo a wɔkɔ asɛnka daa a wɔdɔɔso sen biara 4,709,889. Wo de susuw ho! Eyi kyerɛ sɛ aka kakraa bi na 1914 mu “nea osua koraa” no adan “apem” ankasa!
13. (a) Nsɛm bɛn na akɔ so asisi fi 1914? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo de Paulo nsɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 9:7 no mu nnyinasosɛm yɛ adwuma?
13 Efi 1914 no, Mesia Hene no ama ne mu so redi hene wɔ n’atamfo mfinimfini. Akyidifo a wɔyɛ nnipa a wofi wɔn pɛ mu de wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn sika boa ma wɔyɛ wiase nyinaa asɛnka adwuma no ne amanaman ntam adansi ho nhyehyɛe bi aboa ne nniso no. (Dwom 110:2, 3) Yehowa Adansefo ani gye sɛ woyi sika fam ntoboa de boa na ama wɔawie dwumadi ahorow yi ɛmfa ho sɛ wɔntaa nka sika ho asɛm mpo wɔ wɔn nhyiam horow ase no.a (Fa toto 1 Beresosɛm 29:9 ho.) Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ nokware Kristofo ma woyi ntoboa; wobu no sɛ ɛyɛ hokwan sɛ wɔbɛboa wɔn Hene no sɛnea wɔn nsɛm tebea ma wɔn kwan kodu biara, ‘sɛnea obiara asusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu.’—2 Korintofo 9:7.
14. Tebea bɛn na ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu a ada adi fi 1919, na ntease a ɛbɛma wɔn ani agye bɛn na ɛde brɛ wɔn?
14 Ɔsom kronn a wɔhyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛsan de asi hɔ wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no de honhom mu paradise bi aba. Efi 1919 no, emu atrɛw nkakrankakra. (Dwom 14:7; Yesaia 52:9, 10) Dɛn na afi mu aba? Nokware Kristofo nya “ahosɛpɛw ne anigye.” (Yesaia 51:11) Aba pa a afi mu aba no di nea Onyankopɔn honhom kronkron nam nnipa a wɔnyɛ pɛ so betumi ayɛ ho adanse. Ayeyi ne anuonyam no nyinaa ka Yehowa, nanso hokwan bɛn na ɛkyɛn sɛ wobɛyɛ Onyankopɔn yɔnko dwumayeni? (1 Korintofo 3:9) Yehowa wɔ tumi kɛse a anka obetumi ama abo aka nokware no ho asɛm akyerɛ, sɛ ɛho behia saa a. Nanso, wahu sɛ ɛyɛ papa sɛ ɔmfa saa kwan no so, na mmom sɛ ɔbɛkanyan abɔde a wɔde mfutuma na ɛyɛɛ wɔn ma wɔadi n’apɛde ho dwuma.—Luka 19:40.
15. (a) Nsɛm bɛn na ɛresisi nnɛ a yɛde anigye hwɛ? (b) Asɛm a ebesi bɛn na yɛde anigye hwɛ kwan?
15 Mprempren, Yehowa asomfo de osuro nyinaa hwɛ wiase nsɛm a ɛresisi no esiane sɛ eyinom ma Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛda nsow bam nti. Amanaman no rebɔ mmɔden kɛse—nanso enkosi hwee—sɛ wobenya asomdwoe a ɛtra hɔ kyɛ. Nsɛm a ɛresisi hyɛ wɔn ma wɔdan kɔ Amanaman Nkabom ahyehyɛde no hɔ sɛ wɔnyɛ biribi wɔ mmeae a ɔhaw rekɔ so wɔ hɔ no ho. (Adiyisɛm 13:15-17) Ne nyinaa mu no, Onyankopɔn nkurɔfo de anidaso a emu yɛ den rehwɛ nsɛm a ɛyɛ anigye sen biara a asisi pɛn no biako kwan dedaw, nea ɛkɔ so bɛn da biara da no. “Momma yɛn ani nnye, na yenni ahurusi, na yɛnhyɛ no anuonyam, efisɛ oguammaa no ayeforohyia adu, na ne yere asiesie ne ho.”—Adiyisɛm 19:7.
Asɛnka—Adesoa Anaa Anigyede?
16. Kyerɛ sɛnea nneɛma a Kristoni bi sua a ɔmfa nni dwuma no betumi ama wahwere n’anigye no mu.
16 “Nea moasua nso na moagye na moate na moahu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ! Na asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi.” (Filipifo 4:9) Sɛ Kristofo de nea wɔasua no di dwuma a, wobetumi ahwɛ kwan sɛ wobenya Onyankopɔn nhyira. Nneɛma a ɛho hia sen biara a wɔasua no biako ne hia a ɛho hia sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo. Nokwarem no, hena na n’asom betumi adwo no anaa n’ani betumi agye, bere a ɔde asɛm kame nnipa komapafo a wɔn nkwa ankasa gyina tie a wobetie so no?—Hesekiel 3:17-21; 1 Korintofo 9:16; 1 Timoteo 4:16.
17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn asɛnka adwuma no de anigye ba bere nyinaa?
17 Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ wobenya nnipa a wɔte sɛ nguan a wɔpɛ sɛ wosua Yehowa ho ade! Nokwarem no, Ahenni som adwuma de anigye bɛbrɛ wɔn a wɔde adwempa som bere nyinaa. Nea enti a eyi te saa ne sɛ ade titiriw nti a obi yɛ Ɔdansefo ma Yehowa ne sɛ obeyi Ne din ayɛ na wagye Ne dibea sɛ Amansan Hene no atom. (1 Beresosɛm 16:31) Obi a ogye saa nokwasɛm yi tom ani begye, sɛ nkurɔfo amfa nyansa anyɛ wɔn ade na wɔpow asɛmpa a ɔde kɔma wɔn no mpo a. Onim sɛ bere bi bɛba a asɛm a wɔka kyerɛ wɔn a wonnye nni no bɛba awiei; Yehowa din a woyi no ayɛ bɛkɔ so daa.
18. Dɛn na ɛkanyan Kristoni ma ɔyɛ Yehowa apɛde?
18 Nokware som kanyan wɔn a wɔde bɔ wɔn bra ma wɔyɛ nneɛma a Yehowa hwehwɛ, ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ntia, na mmom esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ ntia. (Dwom 40:8; Yohane 4:34) Nnipa pii ntumi nte eyi ase. Ɔbea bi ka kyerɛɛ Ɔdansefo bi a ɔkɔɔ ne nkyɛn bere bi sɛ: “Wunim, ɛsɛ sɛ mekamfo mo. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ ade a mɛkɔ afie afie akɔka me som ho asɛm sɛnea moreyɛ yi da.” Ɔdansefo no de serew buae sɛ: “Mete sɛnea wote nka no ase. Bere a na memmɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako no, na biribiara nni hɔ a ɛbɛma makɔ nnipa afoforo hɔ ne wɔn akɔbɔ nyamesom ho nkɔmmɔ. Nanso seesei de mewɔ ɔpɛ no sɛ mɛyɛ saa.” Ɔbea no gyina dwenee kakra na afei ɔkae sɛ: “Ɛda adi sɛ biribi wɔ hɔ a mo som no de ma a me de no ntumi mfa mma. Ebia ɛsɛ sɛ mehwehwɛ mu.”
19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye mprempren sen bere biara a atwam?
19 Afe asɛm ma 1994 a wɔakyerɛw no akɛse abobɔ yɛn Ahenni Asa ahorow so no kae yɛn daa sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata Yehowa ho.” (Mmebusɛm 3:5, NW) So biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye kyɛn yɛn ho a yebetumi de ato Yehowa, yɛn abannennen a yɛkɔhwehwɛ ahobammɔ wɔ ne nkyɛn, no so? Dwom 64:10 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔtreneeni ani begye [Yehowa] ho, na waguan atoa no.” Ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yehinhim anaa yɛpa abaw. Ɔsram biara a etwam no ma yɛbɛn nea efi Habel bere so no Yehowa asomfo ani agyina sɛ wobehu no mmamu. Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn koma nyinaa bata Yehowa ho, na yehu sɛ yennyaa nneɛma pii a ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye sɛɛ da!
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔ nhyiam akɛse ase, ne ɔsram biara, wɔ asafo ahorow mu no, wɔkenkan akontaabu tiawa de kyerɛ ntoboa a nkurɔfo fi wɔn pɛ mu yii a nsa aka ne ɛka a wɔbɔe. Bere ne bere mu no, wɔkyerɛw nkrataa de kɔkyerɛ sɛnea wɔde saa ntoboa ahorow no redi dwuma. Ɛno ma obiara kae Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no sikasɛm tebea.
Wubebua Dɛn?
◻ Sɛnea Nehemia 8:10 kyerɛ no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye?
◻ Ɔkwan bɛn so na Deuteronomium 26:11 ne 28:45-47 kyerɛ hia a ɛho hia sɛ yɛn ani gye?
◻ Ɔkwan bɛn so na Filipifo 4:4-9 betumi aboa yɛn ma yɛn ani agye daa?
◻ Ntease bɛn na 1994 afe asɛm no de ma yɛn a enti ɛsɛ sɛ yɛn ani gye?
[Kratafa 16 mfonini]
Ɛyɛ Russia ne Germany Adansefo no anigye sɛ wɔka wiase nyinaa onuayɛ bi ho
[Kratafa 17 mfonini]
Nokware no a wɔka kyerɛ afoforo no ma anigye