Akokoduru a Edi Mũ Fibea
“TWEE twee bi a yɛtee maa yegyinaa prɛko pɛ. Afei, nnomaa abien fi wura bi a ɛwɔ yɛn nifa so mu trɛwtrɛw wɔn ntaban mu baa yɛn so. Ná nkesua abien gu amena ketewa bi a ɛda yɛn anim mu. Nnomaa no siw yɛn kwan sɛnea ɛbɛyɛ na bere a yennim no, yɛantiatia wɔn berebuw so. Bere biara a yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛbɛn hɔ na yɛatwa nkesua fɛfɛ a ɛho yɛ nnodoe na biribi sisi ho no mfonini no, nnomaa no kɔɔ so hunahunaa yɛn. Yɛkaa no yɛn tirim sɛ, ‘Hwɛ sɛnea wɔwɔ akokoduru.’”
Ɛno ne osuahu a mpanyimfo baanan bi nyae bere a wokoduu anomaa bi a biribi sisi ne ho a wɔfrɛ no dikkop berebuw ho. Wɔfrɛ anomaa bi a osua sen saa blacksmith plover. Nnomaa ho adenimfo Sinclair ne Mendelsohn kyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma, Everyone’s Guide to South African Birds mu sɛ: “Nnomaa a wɔrehuan ne wɔn ahokafo bɔ wɔn berebuw ne wɔn mma ho ban denneennen, na sɛ obi bɛn hɔ a wɔn ani bere yiye. Ɔhoguanfo no kɛse mmɔ wɔn hu, na wotu kɔ soro, sũ denneennen, de akokoduru sian ba nnipa mpo so de bɔ mmɔden sɛ wɔbɛpam wɔn afi hɔ.”
Ebinom ahwɛ asono akɛse mmiako mmiako a na wonnim na wɔrekɔ baabi a anomaa a wɔfrɛ no blacksmith plover no berebuw wɔ, a ɛkanyan nnomaa no maa wofii wɔn ahunahuna no ase. Mpɛn pii no, asono no yɛ osetie de wɔn ani kyerɛ baabi foforo.
Ɛhe na nnomaa nya akokoduru kɛse sɛɛ yi fi? Efi Onii a ɔbɔɔ wɔn no hɔ. Yehowa Nyankopɔn de awosu mu nkate bi ahyɛ saa mmoa nketewa yi mu na wɔde asiw mmoa akɛse kwan na wɔansɛe wɔn mmerebuw anaa wɔankunkum wɔn mma nketewa.
Asuade bi ma Kristofo
Kristofo betumi asua biribi afi eyi mu, ɛmfa ho sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ pii sen akokoduru a efi awosu mu nkate mu ara kwa no. Wɔka kyerɛ wɔn sɛ wonsuasua wɔn Wura, Yesu Kristo, a ɔde akokoduru dii Onyankopɔn ahyɛde ahorow so no. (Hebrifo 12:1-3) Bible no kasa tia ahufo a wɔtwe san wɔ ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn mu no. (Hebrifo 10:39; Adiyisɛm 21:8) Bere koro no ara, Yehowa te yɛn sintɔ ase na onim sɛ ebia ɛtɔ da bi a yɛbɛyɛ bɔne anaa yennya akokoduru a ehia na yɛayɛ n’apɛde akosi ase. (Dwom 103:12-14) Dɛn na obi betumi ayɛ, sɛ ehu mma ontumi nyɛ nea ɛteɛ a?
Ɛsɛ sɛ Kristoni dan kɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ mpaebɔ mu kɔhwehwɛ ahoɔden a ɔde begyina sɔhwɛ ahorow ano na wakɔ so ayɛ ɔsoro apɛde. Bible no kura bɔhyɛ a awerɛhyem wom yi a ɛfa Yehowa mmoa ho: “Ɔno na ɔma nea wabrɛ otumi, na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso. Mmerante brɛ, na wɔpa abaw, na nkwankwaa hwehwe ase. Na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa] no nya ahoɔden foforo, wɔde ntaban foro sɛ akɔre, wotu mmirika, na wɔmpa abaw, wɔnantew, na wɔmmrɛ.” (Yesaia 40:29-31) Nnipa a wɔnyɛ pɛ pii anya nokware a saa nsɛm yi yɛ no mu suahu na wɔanya “ahoɔmmerɛw mu ahoɔden.” (Hebrifo 11:34) Nhwɛso fɛfɛ ne Kristoni ɔsomafo Paulo a ɔkyerɛwee sɛ: “Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman nyinaa ate.”—2 Timoteo 4:17.
Nnipa a wɔakyerɛ anigye foforo a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Yesu Kristo akyidifo mpo betumi anya denhyɛ a ɛte saa. Susuw South Afrikani barima bi a wɔfrɛ no Henry a na ɔhwɛ n’asɔre sika so a ne dan toa ne sɔfo de so no ho. Ná Henry rehwehwɛ nokware no. Ɛmfa ho sɛ na ɔne asɔre no bɔ no, da bi, ɔpenee Bible adesua a Yehowa Adansefo kae sɛ wɔne no bɛyɛ a ontua hwee no so. Bere kɔɔ so no, ɔdaa no adi sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ Ɔdansefo na ɔpɛe sɛ ohu nneɛma a ɛsɛ sɛ ɔyɛ na watumi adu saa botae no ho. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ nea edi kan no, ɛho behia sɛ ogyae n’asɔre no. (Adiyisɛm 18:4) Esiane sɛ na asɔre panyin no te bɛn no na ɔyɛ n’adamfo nti, Henry tee nka sɛ ontumi nkyerɛw krataa kɛkɛ nkɔma no sɛ wagyae, na mmom ɛho behia sɛ ɔkyerɛkyerɛ asɛm no mu kyerɛ ɔno ankasa. Ɔde akokoduru yɛɛ saa.
Ɔsɔfo no ho dwiriw no, na akyiri yi ɔne asɔre mpanyimfo no guamtrani ne asɔremma afoforo kɔsraa Henry. Ná wɔpɛ sɛ wohu nea enti a wagyae wɔn asɔre no akɔyɛ ɔsom bi a sɛnea wɔkae no, wonni Onyankopɔn honhom kronkron no, muni. Henry kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mfiase no, na misuro sɛ meyi wɔn ano, efisɛ na wɔanya me so nkɛntɛnso kɛse bere nyinaa. Nanso mebɔɔ Yehowa mpae srɛɛ mmoa, na ɔmaa mitumi yii me ho ano sɛ: ‘Amanaman mu som ahorow nyinaa mu no, nea ɛwɔ he nkutoo na ɛde Onyankopɔn din, Yehowa, di dwuma? So ɛnyɛ Yehowa Adansefo? So mususuw sɛ Onyankopɔn bɛma wɔde ne din ato wɔn ho so a ɔmma wɔn ne honhom kronkron?’” Asɔre mpanyimfo no antumi anyi ano. Bere a Henry wɔ anisɔ ma nimdeɛ ne ahoɔden a Onyankopɔn de ma no, ɛnnɛ ɔde akokoduru ne Yehowa Adansefo bom yɛ afie afie asɛnka adwuma no.
Yiw, nokware Kristoni a obi bɛyɛ no gye akokoduru. Bere a wiase yi bɛn n’awiei no, gyidi ho sɔhwɛ ahorow bɛyɛ kɛse. Satan nam mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛma Onyankopɔn asomfo agyae wɔn mudi ma Yehowa mu so pɛ sɛ ɔma wɔhwere wɔn daa nkwa ho anidaso a ɛyɛ nwonwa no. (Fa toto Adiyisɛm 2:10 ho.) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw da. Sɛ osuro ma yedi nkogu wɔ bere tiaa bi mu mpo a, Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛadi so. Kɔ so fa wo ho to no so na ɔmma wo ahoɔden a wode bɛkɔ so ayɛ n’apɛde. Kae sɛ, nea ɔbɔɔ nnomaa a wonsuro ade no ne akokoduru a edi mũ Fibea. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo ‘nya akokoduru na wɔka sɛ: Yehowa ne me boafo, merensuro; onipa betumi ayɛ me dɛn?’—Hebrifo 13:6.