Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 10/1 kr. 3-4
  • Bible No—Dɛn Ne Ɛso Mfaso Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible No—Dɛn Ne Ɛso Mfaso Ankasa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kyerɛw Nyinaa Ye ma Nkyerɛkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Bible—Nhoma a Efi Onyankopɔn Hɔ
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Nokware Nkyerɛkyerɛ a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Bible Yɛ Nhoma a Efi Onyankopɔn Hɔ
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 10/1 kr. 3-4

Bible No—Dɛn Ne Ɛso Mfaso Ankasa?

OFIEWURA bi ka sɛ: “Bible no yɛ ahintasɛm, nhoma a wɔanyɛ no sɛ yɛnte ase.” Ɔfoforo nso ka sɛ: “Minim sɛ Bible no yɛ nhoma titiriw, nanso minnim ho asɛm pii. Asete yɛ den.”

The Toronto Star kae sɛ: “Bible no ho nsɛm kakraa bi . . . na Kristofo pii nim.” Katolekni bea bi kae sɛ: “Bible a mewɔ no ma me ho tɔ me. Ɛde abotɔyam ba.” Ɔpofoni bi ka sɛ: “Bible no te sɛ compass a ɛkyerɛ obi kwan wɔ asetra a ɛyɛ basabasa te sɛ ɛpo so ahum mu kɔ beae a ɛhɔ dwo.” Kan Hinduni bi anom asɛm ne sɛ, “Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm ne akyɛde ma adesamma, na ɛyɛ aduru ma honhom fam amanehunu.”

Adwene a nkurɔfo kura wɔ mfaso ankasa a ɛwɔ Bible so ho no dɔɔso na egu ahorow. Nanso, dɛn ne ɛso mfaso ankasa?

Bible no ne nhoma titiriw a ɛwɔ hɔ a wɔakyekyɛ no pii sen biara. Nsɛnnennen a ɛkyere adwene sen biara a onipa ahyia pɛn anaa obehyia ano aduru wom. Biribiara nni hɔ a wobetumi de atoto dwuma a wotumi de emu afotu di no ho. Biribiara ne abrabɔ gyinapɛn ahorow a ɛkamfo kyerɛ nsɛ. Tumi wɔ emu nsɛm no mu na mfaso wɔ so. Ɛfata sɛ yeyi saa nhoma a ɛso mfaso nni ano yi fi yɛn nhoma korabea ma yɛn ani kũ ho yiye na yɛtweetwee mu.

Yebetumi abue Bible no mu a yɛwɔ ahotoso a edi mũ sɛ ɛyɛ turodoo, wotumi de ho to so, na egyina nokwasɛm so koraa. Wiase abakɔsɛm foa nsɛm a esisii wɔ abakɔsɛm mu a wɔakyerɛw wom no so. Mpɛn pii no, nneɛma a wotutu fam hu di adanse sɛ Bible no gyina nokwasɛm so na ɛka nokware. Bible akyerɛwfo 40 anaa nea ɛte saa no nokwaredi hyɛ wɔn agyirae sɛ na wɔyɛ mmarima anokwafo. Sɛnea Bible no mu nsɛm hyia no da no adi sɛ emfi nnipa. Nsɛm a wɔakyerɛw wɔ mu no yɛ paa ara. Nnipa a ɛka wɔn ho asɛm no yɛ nnipa ankasa. Nkurow ne mmeae a ɛka ho asɛm no yɛ paa ara. Bio nso, Bible no kura nkɔmhyɛ horow a ɛda nsow a ɛda no adi sɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne Kyerɛwfo a akyinnye nni ho.—2 Petro 1:21.

Yɛn Kyerɛkyerɛfo Pumpuni no hwɛ hui sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya n’apɛde ne n’atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ no nsa betumi aka. Nokwarem no, Yehowa ka kyerɛ yɛn pefee sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ nnipa a wofi mmaa nyinaa sua n’Asɛm no na “wɔba nokware nimdeɛ mu.” (1 Timoteo 2:3, 4; Mmebusɛm 1:5, 20-33) Eyi yɛ nneɛma a ɛho hia sen biara a yebetumi de yɛn nkwa ayɛ no biako. Ɛyɛ adeyɛ a ɛyɛ den a ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛyɛ. Tete Kristofo no tee eyi ase. Wɔn mu biako koma kaa no ma ɔkae sɛ: “Mebɔ eyi ho mpae sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne ntease nyinaa mu, na moasɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ.”—Filipifo 1:9, 10; Kolosefo 1:9, 10.

Bible no ne ade titiriw a Ɔbɔadeɛ no nam so da n’apɛde ne n’atirimpɔw adi kyerɛ adesamma abusua no, na ɛkyerɛ ɔfã a yɛn mu biara wɔ wɔ saa atirimpɔw no mu. Wɔakyerɛw nsɛm a esisii wɔ tete mmere mu ho asɛm wom, na ɛma yenya nea ɛbɛba daakye ho mfonini fann. Bible no de nkyerɛkyerɛ a ɛtɛe ma, na ɛteɛteɛ yɛn wɔ nea ɛsɛ sɛ yegye di anaa nea ɛnsɛ sɛ yegye di ho. (Asomafo no Nnwuma 17:11; 2 Timoteo 3:16, 17) Ɛde abrabɔ ho mmara a ɛsɛ sɛ onipa de tra ase ma, na ɛkyerɛ nnipa kwan kɔ yiyedi ne anigye mu. (Mateo, atiri 5 kosi 7) Esi Onyankopɔn Ahenni so dua sɛ ɛne adesamma nyinaa anidaso koro pɛ, na ɛkyerɛ sɛnea ne nniso no yɛ adwinnade a ɔde bɛtew ne din ho na wasan n’amansan tumidi ho. Bible no kyerɛ asetra kwan a ehia sɛ yɛfa so na ama yɛne yɛn Nkwa-Mafo Yehowa, anya abusuabɔ a emu yɛ den a ɔdɔ wom.

Bio nso, Bible no nkutoo ne nhoma a ebetumi ama woanya akyɛde a ɛsen biara a adesamma nsa bɛka—daa nkwa wɔ paradise asase so sɛ́ nnipa a wɔyɛ pɛ. (Romafo 6:23) Yehowa Ba a ɔwoo no koro no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ nhoma a ɛso wɔ mfaso kɛse saa kanyan yɛn ma yesua nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya daa nkwa akyɛde no. Bible no yɛ nhoma a wɔyɛe sɛ yɛnte ase sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena