Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 10/1 kr. 4-8
  • Bible No—Nhoma a Wɔyɛe sɛ Yɛnte Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible No—Nhoma a Wɔyɛe sɛ Yɛnte Ase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Wɔkyerɛw Bible No?
  • Ɛyɛ Den Dodo sɛ Wobetumi Ate Ase?
  • Bible no ne Yesu Akyidifo
  • Mmoa Bɛn na Ɛwɔ Hɔ?
  • Dɛn Nti na Bible no ho Hia?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Momma Yɛnhwehwɛ “Onyankopɔn Nneɛma A Emu Dɔ No” Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Kenkan Onyankopɔn Asɛm No na Som No Nokware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Dɛn na Ɛbɛboa Wo Ma Woate Bible No Ase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 10/1 kr. 4-8

Bible No—Nhoma a Wɔyɛe sɛ Yɛnte Ase

NNIPA binom gye di sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm a emu da hɔ a ɛsɛ sɛ yedi akyi sɛnea ɛte no ara. Wɔ afoforo fam no, “Bible no mu asɛm yɛ nea ntease nnim koraa.” Saa na Canada Protestantfo kuw a wɔdɔɔso sen biara no gyidi ne nyamekyerɛ boayikuw a nnipa 12 na wɔwom no ka. Ɔsɔfo Clifford Elliott a ɔwɔ United Church no mu te nka sɛ wɔ ebinom fam no, “Bible no bɛyɛ biribi a wontumi nte ase, ɛnka biribi pɔtee ho asɛm, na ɛho nhia.”

Adwene a ɛtete saa no ma nsemmisa a ehia sɛ wobua sɔre. Emu bi a ɛho hia ne, Dɛn nti na wɔkyerɛw Bible no? So ɛkyere adwene anaa ɛyɛ den dodo sɛ wɔbɛte ase? So onipa biara betumi ate ase? Mmoa bɛn na obi hia na ama watumi ate Kyerɛwnsɛm no ase? Na dɛn nti na Bible no ho nokware nimdeɛ ho hia wɔ saa basabasayɛ mmere yi mu?

Dɛn Nti na Wɔkyerɛw Bible No?

Wɔn a wonya Ɔsorosoroni Nyankopɔn, Yehowa, anim dom na ogye wɔn tom no ma Onyankopɔn Asɛm no sua hia wɔn kɛse bere nyinaa. Wɔhyɛɛ ahemfo, asɔfo, awofo, mmarima, mmea, ne mmofra—adefo ne ahiafo nyinaa—sɛ wɔmfa bere a wɔde yɛ da biara da asetra mu dwumadi no bi nsi hɔ mfa mpaebɔ nsusuw Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no ho anibere so.—Deuteronomium 6:6, 7; 17:18-20; 31:9-12; Nehemia 8:8; Dwom 1:1, 2; 119:7-11, 72, 98-100, 104, 142; Mmebusɛm 3:13-18.

Sɛ́ nhwɛso no, wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Hwɛ hu sɛ woakenkan Mmara nhoma no wɔ wo som mu. Sua no awia ne anadwo, na hwɛ hu sɛ woadi biribiara a wɔakyerɛw wom no so. Ɛno na wubenya nkɔso na woadi yiye.” (Yosua 1:8, Today’s English Version) Ná Onyankopɔn Mmara a wosua no yiye na wɔde di dwuma saa no de yiyedi ne anigye bɛba. Ná ɛnyɛ Yehowa pɛ ne sɛ “nnipa a wofi mmaa nyinaa” bɛte n’Asɛm Bible no ase nko, na mmom na ɔpɛ sɛ wodi so nso, a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya nkwa akyɛde no.—1 Timoteo 2:3, 4, NW; Yohane 17:3.

Ɛyɛ Den Dodo sɛ Wobetumi Ate Ase?

Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔdaa no adi pefee sɛ ɔpɛ sɛ wɔkɔ so yɛ Bible ɔkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe kɛse bi wɔ asase nyinaa so. (Asomafo no Nnwuma 1:8) Ná onim sɛ wɔyɛɛ Bible no sɛ yɛnte ase. Bere a ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yehowa de ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ahyɛ ne nsa akyi no, ɔde ahyɛde mae tẽẽ sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu.”—Mateo 28:19, 20.

Ansa na wɔbɛbɔ wɔn a afei na wɔabɛyɛ asuafo asu no, na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn Yehowa, ne Ba no, ne honhom kronkron no dwumadi ho ade. Nea ɛka ho bio no, na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn Kristofo nneɛma nhyehyɛe no mu mmara no. (1 Korintofo 9:21; Galatifo 6:2) Sɛ wobetumi ayɛ saa a, na ɛho hia sɛ nea edi kan no, wɔn a wɔfata no gye di sɛ Bible no fi Yehowa hɔ, na nea ɛto so abien no, wɔyɛe sɛ yɛnte ase.—Mateo 10:11-13.

Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na woatumi ate Bible no ase? Onyankopɔn Ba no bɔɔ mmɔden kɛse kyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu. Ná onim sɛ Kyerɛw Kronkron no yɛ nokware na ekura Yehowa apɛde a wɔada no adi. (Yohane 17:17) Yesu Kristo kaa adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa no ho asɛm sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.” (Yohane 18:37; Luka 4:43) Yesu antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn a na wɔabue wɔn koma ne wɔn adwene mu no. Wɔka wɔ Luka 24:45 kyerɛ yɛn sɛ: ‘Ɛno na Kristo Yesu buee wɔn adwene mu ma wɔtee Kyerɛwnsɛm no ase.’

Wɔ Yesu som adwuma no mu no, ɔfaa Kyerɛw no mu nsɛm kae, ɔkyerɛkyerɛɛ kyerɛw nsɛm a ɛwɔ “Mose mmara ne adiyifo ne nnwom mu” no mu, twee adwene sii so mpɛn pii. (Luka 24:27, 44) Wɔn a wɔtee sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu no ho dwiriw wɔn wɔ sɛnea na ɔwɔ ntease na onim kyerɛkyerɛ no ho. (Mateo 7:28, 29; Marko 1:22; Luka 4:32; 24:32) Wɔ ne fam no, na Kyerɛwnsɛm no yɛ nhoma a asete nyɛ den.

Bible no ne Yesu Akyidifo

Ɔsomafo Paulo a osuasuaa Yesu Kristo no huu hia a ɛho hia sɛ ɔde nea ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no kyerɛkyerɛ afoforo. Ná ɔno nso nim sɛ wɔyɛe sɛ yɛnte ase. Ɛno nti na ɔkyerɛkyerɛe wɔ baguam no, na akyinnye nni ho sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu wɔ wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔte ase no afie mu. Paulo daa ne gyinabea adi bere a ɔkaa eyi no: “Mansiw nea ɛyɛ mfaso mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo, na mekyerɛkyerɛɛ mo gua so ne afi mu.” (Asomafo no Nnwuma 20:20) Wɔ ne nkɔmmɔbɔ ahorow mu no, ofii Kyerɛwnsɛm no mu susuw nsɛm ho, na ɔtwee adwene kɔɔ nsɛm afoforo so de kyerɛkyerɛɛ ne nsɛm no mu de sii so dua. (Asomafo no Nnwuma 17:2, 3) Ná n’ani gye ho sɛ ɔbɛboa afoforo ma wɔanya Kyerɛwnsɛm no mu ntease.

So wo kɔn dɔ sɛ wobɛte nea Yesu ne n’asuafo no kyerɛkyerɛe no ase? (1 Petro 2:2) Tete Beroiafo no nyaa ɔpɛ a ɛte saa, na na wɔn ho pere wɔn sɛ wobegye Kristo ho nsɛm a ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ wɔn no adi. Enti wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonsua Kyerɛwnsɛm no daa na ama wɔagye adi sɛ asɛmpa a wɔtee no ne nokware no ankasa. Esiane sɛ na wɔabue wɔn adwenem nti, “wɔn mu bebree gye dii.”—Asomafo no Nnwuma 17:11, 12.

Nea ɛbɛyɛ na obi atumi ate Bible no ase no, ɛsɛ sɛ onya koma a ɛfata, onya ɔpɛ a efi komam sɛ obesua ade, na ‘n’ani ku ne honhom mu ahiade ho.’ (Mateo 5:3) Bere a wobisaa Yesu sɛ: “Adɛn na wokasa kyerɛ wɔn mmebu mu?” no, obuae sɛ: “Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu ɔsoro ahenni mu ahintasɛm no, na wɔn de, wɔmfa mmaa wɔn.” Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ ‘obebue n’ano mmebu mu na wapae nsɛm a ahintaw mu aka.’ (Mateo 13:10, 11, 35) Enti Yesu kasaa mmebu mu na ɔde ahu otiefo a asɛm mfa ne ho a n’asom yɛ no dɛ ne nea ofi komam rehwehwɛ biribi ahu no. Bere bi Yesu asuafo no daa no adi sɛ wɔwɔ koma pa bere a wɔne no kɔɔ fie bi mu na wɔkaa eyi no: “Kyerɛ yɛn afuw mu wura bɔne ho bɛ no ase.”—Mateo 13:36.

Ɛda adi pefee sɛ yehia mmoa ansa na yɛatumi ate Bible no ase. Ɔsɔfo Hal Llewellyn, United Church no nyamekyerɛ, gyidi, ne asɔre nkabom panyin, kae sɛ: “Ɛho hia kɛse sɛ wɔkyerɛ yɛn nea Bible no kyerɛ ma yɛn ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkenkan na yɛkyerɛkyerɛ mu.” Nanso sɛ ɛnyɛ obiara na ohu no saa mpo a, nokwasɛm no ne sɛ, yɛn ankasa ntumi nte Bible no ase. Yehia mmoa.

Mmoa Bɛn na Ɛwɔ Hɔ?

Bible no kura nsɛm bi a ɛkyere adwene, nsemmisa a emu yɛ den, ne nsɛm a emu dɔ a ɛho hia sɛ wɔma emu da hɔ. Ebetumi ayɛ nea wɔahyɛ da ama asete ayɛ den, a ɛde ntotoho a ntease wom a wɔanyɛ sɛ wɔnte ase wɔ bere a wɔkyerɛwee no ma. Nanso na ɛfa Yehowa atirimpɔw ahorow ho. Sɛ́ nhwɛso no, Adiyisɛm 13:18 ka sɛ ‘aboa no akontaa ntoano yɛ ahansia aduosia asia.’ Bere a nkyekyem no ka sɛ “ɛha na nyansa wɔ” no, ɛnkyerɛ nea saa akontaa ntoano no gyina hɔ ma. Nanso, Yehowa nam n’ahyehyɛde no so ama n’asomfo anokwafo ate nea ɛkyerɛ no ase nnɛ. (Hwɛ adaka, “Ɔkwan a Wɔnam so Te Bible no Ase.”) Wo nso wubetumi anya saa ntease yi denam wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ ‘nokwasɛm no a wokura mu pɛpɛɛpɛ’ mu no mmoa so.—2 Timoteo 2:2, 15, 23-25; 4:2-5; Mmebusɛm 2:1-5.

Ɛtɔ da bi a na Yesu de mfatoho di dwuma de kyerɛ Ahenni nkrasɛm no a wɔyɛ ho biribi anaa wɔnyɛ ho hwee no. Ɔkyerɛe sɛ ebinom rennya nkɔso efisɛ ɔsɔretia a efi nnamfo anaa abusuafo hɔ bebu wɔn abam. Ebinom nso bɛma “amanehunu anaa ɔtaa” asɛe anisɔ a wɔwɔ ma Ahenni nkrasɛm no. Afoforo nso bɛma da biara asetra mu dwumadi ahorow, “wiase asetra yi mu dadwen ne haw ne ahonyade nnaadaa” abunkam ɔdɔ biara a ebia wɔwɔ ma asɛmpa no so. Ɛno akyi no, ebinom nso wɔ hɔ a wɔyɛ asɛm a ɛsom bo no ho biribi anigye so na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetie na wɔanya mu ntease. Wosi ‘apini di nkɔmmɔ wɔ akyide a wɔyɛ’ wɔ Kristoman mu, a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ wɔ Yesu Kristo din mu no nyinaa ho. Saafo no ho pere wɔn sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn Yehowa akwan na ama wɔate nea wɔkenkan wɔ Bible mu no ase.—Mateo 13:3-9, 18-23; Hesekiel 9:4; Yesaia 2:2-4.

Wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Yehowa atirimpɔw ahorow mu ntease sɛ ankorankoro no fam no, Yehowa betumi ahwɛ ama wɔn nsa aka mmoa a ɛho hia no. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a, Bible no bɔ amanneɛ sɛ Yehowa honhom kyerɛɛ ɔsɛmpakafo Filipo kwan ma ɔkɔboaa Etiopiani barima bi a na ɔresusuw Bible nhoma a ɛne Yesaia ho bere a na ɔrefi Yerusalem akɔ no. Ɔnam kwan so rekɔ fie no, na ɔrekenkan wɔ ne teaseɛnam mu. Filipo tiee Yehowa honhom kronkron no akwankyerɛ tuu mmirika kɔɔ teaseɛnam no nkyɛn, na obisaa no sɛ: ‘So wote nea worekenkan yi ase?’ Ná ɔbarima no brɛ ne ho ase na odi nokware araa ma ogye toom sɛ ohia mmoa. Filipo de anigye kyerɛkyerɛɛ onipa a honhom mu kɔm de no a ɔrepɛ biribi asua yi. Nkyerɛkyerɛ no boaa no ma ɔtee Kyerɛwnsɛm no ase. Ohuu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ afei na ɔne Yehowa anya abusuabɔ pa na ama wanya daa nkwa. Ɔbɛyɛɛ Yehowa somfo a wɔabɔ no asu a ɔwɔ anigye, a ɔtraa ase yɛɛ ade a ɛsɔ Onyankopɔn ani.—Asomafo no Nnwuma 8:26-39.

Ebia wowɔ Bible wɔ wo fie, na ebia woakenkan no mpɛn pii. Ebetumi aba sɛ woahyia ɔhaw a Etiopiani komapafo a ɔbrɛ ne ho ase no hyiae no bi. Wantumi ante nea ɔkenkanee no ase. Ná ohia mmoa, na wantwentwɛn ne nan ase sɛ obegye mmoa a Yehowa Nyankopɔn fi anigye mu de mae no atom. Te sɛ Filipo no, Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woate Onyankopɔn ho nsɛm a wɔakyerɛw wɔ n’Asɛm Bible mu no ase. Wonim sɛ Yehowa na ɔde Bible no mae na ɔpɛ sɛ yɛte ase.—1 Korintofo 2:10; Efesofo 3:18; 2 Petro 3:16.

Dɛn Nti na Bible no ho Hia?

Yɛwɔ bere a egye ntɛmpɛ sen biara wɔ nnipa abakɔsɛm mu no mu. Bible no ka ho asɛm sɛ “wiase awiei.” (Mateo 24:3) Nsɛm pii a efi 1914 no ɛresisi a ama Bible nkɔmhyɛ anya mmamu no kyerɛ sɛ seesei ɛnkyɛ koraa na Onyankopɔn soro Ahenni no ‘abebubu nniso afoforo nyinaa ma asa.’—Daniel 2:44.

W’ankasa kenkan nea wɔka siei wɔ Bible no mu wɔ Mateo ti 24, Marko ti 13, ne Luka ti 21 no. Wubehu sɛ nneɛma a ɛka ho asɛm no fa asase nyinaa ho. Emu bi ne wiase nyinaa akodi—nea ɛda nsow wɔ akodi afoforo nyinaa ho no. Efi Wiase Ko I no, yɛahu aduankɔm, asasewosow, ne amumɔyɛ a ɛso bi mmaa da a wɔhyɛɛ ho nkɔm no. Na mprempren ɛkame ayɛ sɛ aka kakraa bi ma amanaman no aka asɛm bi a ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne a emu da hɔ fann a ɛkyerɛ sɛ wiase sɛe abɛn. Ɛdefa eyi ho no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “[Yehowa] da no bɛba sɛ owifo ba anadwo. Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so . . . na wɔrennya ɔkwan nguan.” (1 Tesalonikafo 5:2, 3) Henanom ne wɔn a wontumi nguan no? Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no.” (2 Tesalonikafo 1:7-9) Wɔn a wotie ahyɛde a wɔde ama wɔ Mateo 24:14 sɛ wɔnka “ahenni no ho asɛmpa . . . wiase nyinaa” no na na wɔbɛma sɛnkyerɛnne a ɛwɔ afã horow no fã bi anya mmamu.

Yehowa Adansefo ɔpepem pii redi saa ahyɛde yi so wɔ nsase ne nsupɔw 231 so. Wɔkɔ nkurɔfo afie mu na wɔn ankasa to nsa frɛ wɔn sɛ wonsua Yehowa Ahenni nniso no ho ade. Wofi ayamye mu kyerɛ asetra kwan a ɛsɛ sɛ obiara fa so na waka wɔn a wobenya nkwa wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no ho, na watra paradise asase bi a osu, apinisi, ɛyaw, anaa owu nni so no so.—Adiyisɛm 21:3, 4.

Wiase bɔne yi rebɛn n’awiei ntɛmntɛm, na ɛho hia sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ti didi mu wɔ wiase yi awiei no hu nea ‘asɛmpa no a wobetie’ no hwehwɛ, na ama wɔakwati ɔsɛe. Bere foforo a Yehowa Adansefo bɛba wo fie no, dɛn nti na wompene nnawɔtwe nnawɔtwe Bible adesua a wɔpɛ sɛ wɔne wo yɛ no so? Nea ɛsen saa no, dɛn nti na wonka nkyerɛ wɔn sɛ wɔne wo nsua Bible no esiane sɛ wopɛ sɛ wote ase nti?

[Kratafa 8 adaka]

ƆKWAN A WƆNAM SO TE BIBLE NO ASE

YESU maa yɛn awerɛhyem sɛ ne wu ne ne wusɔre akyi no, ɔde “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” bi besi hɔ sɛ ɔkwan a ɔnam so bedi nkitaho. (Mateo 24:45-47) Ɔsomafo Paulo daa ɔkwan yi adi kyerɛɛ Efesofo Kristofo no bere a ɔkyerɛwee sɛ ‘afei wɔmfa asafo no so mma wonhu Onyankopɔn nyansa horow bebree no, sɛnea ne tirim a ɔbɔe teteete yɛn Awurade Kristo Yesu mu no te’ no. (Efesofo 3:10, 11) Kristofo a wɔasra wɔn asafo, a wɔde sii hɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no na wɔde “nea wɔayi adi” no hyɛɛ wɔn nsa. (Deuteronomium 29:29) Sɛ́ kuw no, Kristofo a wɔasra wɔn no som sɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no. (Luka 12:42-44) Adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa ne sɛ wɔmfa honhom mu ntease a ɛfa “nea wɔayi adi” ho no mma.

Sɛnea Bible nkɔmhyɛ twee adwene kɔɔ Mesia no so no, saa ara na ɛtwe yɛn adwene kɔ Kristo Adansefo a wɔasra wɔn kuw a wɔyɛ biako a mprempren wɔsom sɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no so.a Ɛboa yɛn ma yɛte Onyankopɔn Asɛm no ase. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔte Bible no ase nyinaa hu sɛ ɔkwan koro pɛ a wɔnam so betumi ahu “Onyankopɔn nyansa horow bebree” no ne Yehowa kwan a ɔnam so di nkitaho no, akoa nokwafo ne ɔbadwemma no.—Yohane 6:68.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ March 1, 1981 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 24-30 (Engiresi de).

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena