Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 10/1 kr. 9
  • Onyankopɔn Asɛm wɔ Tumi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Asɛm wɔ Tumi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Onyankopɔn Nhwɛ Onipa Anim”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ɔdɔ Ka Mmusua Bom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 10/1 kr. 9

Ahenni Adawurubɔfo bɔ Amanneɛ

Onyankopɔn Asɛm wɔ Tumi

“ONYANKOPƆN asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) Ada adi mpɛn pii sɛ nsɛm yi yɛ nokware, bere a nnipa bi a atoro som adaadaa wɔn behu Bible mu nokware no. Sɛnea ɛda adi wɔ osuahu a edi so a efi Dominican Republic yi mu no, tumi a Bible no wɔ betumi asakra nnipa asetra na ama wɔanya anidaso.

Yehowa Adansefo kɔsraa ɔbea bi a na wagye din wɔ Katoleksom mu a na ne mma nkumaa baanu awuwu saa bere no. Ná awerɛhow aka no, na na odi n’asɛm no ho yaw daa. Adansefo no kyerɛɛ no nea Bible no ka wɔ owusɔre anidaso no ho wɔ Yohane 5:28, 29 no. Wɔ nkɔmmɔbɔ afoforo a ɔne Adansefo no bɔe akyi no, ɛnyɛ awerɛkyekye nko na owusɔre anidaso no ma onyae, na mmom obehui sɛ na Katolek asɔre mpanyimfo no redaadaa no.

Ankyɛ koraa na ogyaee Katolek Asɔre no, na ɔpenee so sɛ ɔne Yehowa Adansefo bɛyɛ Bible adesua daa. Nanso, ne kunu ne no anyɛ adwene. Esiane sɛ na ɔno nso agye din wɔ Katoleksom mu nti, ɔyɛɛ nhyehyɛe maa ne nnamfo a wɔagye din kɛse wɔ amammuisɛm ne nyamesom mu bɛsraa ne yere bɔɔ mmɔden sɛ wobetu n’aso ma wagyae ɔkwan a ɔnam so no asan aba Katoleksom mu. Akyiri yi, ɔde awaregyae hunahunaa no, ma bere bi mpo ɔbɔɔ n’abusuafo ne n’asɔrefo amanneɛ sɛ wɔregyae aware.

Nanso ɔkwan a ɔfaa so no ammoa. Nea ɛne no bɔ abira no, ɔbea no sii ne bo kɛse sɛ ɔbɛtoa ne Bible adesua no so. Esiane sɛ onyaa honhom mu nkɔso ne Kristofo su horow a ɛyɛ fɛ nti, ne kunu no yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ so ne no atra sen sɛ obegyae no. Da bi de ɔpenee so mpo sɛ ɔbɛhwehwɛ Bible ho nhoma a na ɔbea no resua no mu—nanso gye sɛ ɔyɛ ade biako. Ná ɔpɛ sɛ ɔde n’ankasa Katolek Bible no di dwuma.

Ne ho dwiriw no sɛ Yehowa Adansefo nhoma no boaa no ma ofii ase suaa nneɛma afoforo fii n’ankasa Bible mu tẽẽ. Obehui sɛ ne yere apaw ɔkwampa, na ankyɛ na obedii ne nhwɛso no akyi. Nokwarem no, ohuu hia a ɛho hia sɛ ɔyɛ nsakrae wɔ n’ankasa asetra mu. Ade biako a na ɛyɛ den sɛ ɔbɛyɛ ne sɛ obegyae sigaretnom. Bere a ɔkenkan Nyan! a ɛbaa July 8, 1989 (Engiresi de) a anim asɛm no ka sɛ “Owu a Wɔretɔn—Akwan Du a Wɔfa so Gyae Sigaretnom” no, osii ne bo sɛ obegyae saa suban a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia yi. Sɛ́ anka ɔde sigaret adaka bɛhyɛ ne kotoku mu sɛnea na ɔtaa yɛ no, ofii ase de saa Nyan! no mmom hyɛɛ ne ho. Bere biara a ne kɔn bɛdɔ sigaret no, na ɔkenkan emu nsɛm a ɛfa sigaretnom ho no. Saa kwan yi boae! Bere a ɔkenkan nsɛm no mpɛn pii no, otumi gyaee sigaretnom.

Ɛnnɛ okunu ne ɔyere no nyinaa som Yehowa sɛ asomfo a wɔabɔ wɔn asu. Sɛ nsɛm tebea ma kwan a, ɔbarima no som sɛ bere nyinaa ɔsomfo de ne bere no fã kɛse ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no, na ɔyɛ asafo mu ɔsomfo wɔ Yehowa Adansefo asafo a ɔwom no mu. Ɔne ne yere hwɛ owusɔre no kwan, bere a wobetumi ayɛ wɔn mma no atuu aba nkwa mu bio wɔ wiase foforo no mu. Yiw, Onyankopɔn Asɛm Bible no wɔ nkwa, na ahoɔden wom!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena