Awufo Ho Suro wɔ Baabiara
Owia akɔtɔ dedaadaw. Woresan akɔ fie a woaka akyi kakra sen sɛnea wopɛ. Bere a wutwam wɔ mo hɔnom asiei no, wo koma fi ase bɔ ntɛmntɛm kakra. Ewim a ayɛ dinn anadwo sum no ma wote dede ketewa biara. Mpofirim ara wote dede bi a ano yɛ den a ɛyɛ hu wɔ akyirikyiri. Wumia wo nantew mu—wo home nso kɔ soro—bere a wode w’ani kyerɛ fie a ahobammɔ wɔ no.
SO WOABƆ hu saa pɛn bere a na wowɔ asiei anaa wobɛn hɔ? Sɛ ɛte saa a, ebia nyamesom mu adwene bi a abu so wɔ wiase nyinaa na anya wo so tumi—ɛne sɛ awufo ahonhom tumi boa ateasefo anaa epira wɔn.
Esiane gyidi a wɔwɔ sɛ awufo hia ateasefo mmoa anaasɛ sɛ ateasefo ampata wɔn a ebia wobepira wɔn nti, wɔayeyɛ gyidihunu ho amanne pii. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ Latin Amerika aman bi so no, ɛyɛ nnipa pii amanne sɛ wobesi ɔdan ketewaa bi a mmeamudua si so wɔ baabi a onipa bi wui wɔ akwanhyia bi mu. Nkurɔfo sosɔ kyɛnere na wɔde nhwiren sisi hɔ de bɔ mmɔden sɛ wɔde bɛda wɔn anigye adi wɔ owufo no kra anaa ne honhom no ho anaasɛ wɔde bɛboa no. Wɔ nsɛm bi mu no, wɔkeka mpae a wɔbɔ nya ho mmuae “anwonwakwan so” ho nsɛm, sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo befi ase akɔ baabi a animita, owufo kra anaa ne honhom no trabea ketewa no wɔ, mpɛn pii. Ɛhɔ na wɔhyehyɛ mandas, anaa bɔhyɛ ahorow sɛ, sɛ owufo no boa wɔn ma wotumi yɛ anaa wonya biribi—ebia anwonwakwan so ayaresa bi—a, wɔbɛda wɔn ase wɔ ɔkwan soronko bi so. Ɔkwan foforo so no, ebia wɔbɛbɔ amanneɛ sɛ onipa bi kra ba anadwo sum mu behunahuna wɔn a wɔwɔ hɔ. Wɔtaa ka sɛ akra a ɛtete saa no yɛ penando, na wɔhaw ateasefo no esiane nsɛm bi a asisi wɔ bere bi a atwam nti.
Wɔ nsase pii so no, nkurɔfo bɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛpata awufo “ahonhom.” Wɔtoto apon akɛse, bobɔ afɔre ahorow, keka adɔkɔdɔkɔsɛm—a wɔyɛ eyinom nyinaa de bɔ mmɔden sɛ wɔde besiw asotwe a owufo no honhom de bɛba wɔn so ano. Wosusuw sɛ honhom no a wɔbɛpata no no de akatua ne nhyira horow bɛbrɛ wɔn a wɔagyaw wɔn wɔ akyi no.
Amanneɛbɔ bi a efi Afrika ka sɛ: “Nnipa pii gye di sɛ asɛm biara nni hɔ a ‘esi ara kwa.’ Asɛm biara a esi—sɛ́ ɛyɛ ɔyare, asiane, awo a ɛmma, sikasɛm mu ahokyere, osu a ɛtɔ anaa owia a ɛbɔ dodo, akwanhyia, abusua a emu paapae, owu—no, wosusuw sɛ ahonhom a wonhu wɔn a wɔwɔ tumi sen nnipa na wɔde ba.” Amanneɛbɔ foforo ka sɛ: “Nkurɔfo gye di sɛ wɔn nananom ahonhom tete soro, na wɔhwɛ wɔn abusuafo a wɔwɔ asase so no bere nyinaa. Wogye di sɛ nananom no wɔ tumi bi a ɛsen nnipa de a wotumi de hyira de bɔ wɔn abusuafo a wɔwɔ asase so ho ban anaasɛ wɔde twe wɔn aso, a egyina nidi a abusuafo de ma awufo no anaa wɔn ani a wobu gu wɔn so no so.”
Nanso eyi ne Onyankopɔn Asɛm hyia? Dɛn na wususuw?
[Kratafa 4 mfonini]
“Animita” bi a ɛwɔ Chile