Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 10/15 kr. 26-30
  • Petro Ɔboda—So Ɛwɔ Vatican?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Petro Ɔboda—So Ɛwɔ Vatican?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fam a Wotutu de Hwehwɛ Tetefo Nneɛma mu Ahintasɛm
  • Nea Wohui no mu Nkyerɛkyerɛmu
  • ‘Atetesɛm a Ɛnyɛ Nokware’
  • So Petro Wui wɔ Rome?
  • Ɛyɛ Ampa sɛ Petro Yɛ Pope a Ɔdi Kan?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Momma Yenkura Yɛn Gyidi a Ɛsom Bo No Mu Pintinn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Osuaa Bɔne Fafiri Fii Ne Wura Hɔ
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ne Wura Kyerɛɛ no Sɛnea Wɔde Bɔne Firi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 10/15 kr. 26-30

Petro Ɔboda—So Ɛwɔ Vatican?

“WƆAHU Asomafo no mu Panyin ɔboda.” Vatican radio na ɛde Pope Pius XII amanneɛbɔ a ɛkyerɛ nkonimdi no mae. Ná ɛyɛ 1950 awiei, na na wowiee mmeae pii a wotutui wɔ St. Peter’s Basilica ase a na ɛyɛ den no nkyɛe. Sɛnea ebinom kyerɛ no, nea efii fam a wotutu de yɛɛ nhwehwɛmu yi mu bae no de adanse mae sɛ wosiee Petro wɔ Vatican ampa. Nanso, ɛnyɛ obiara na ogye toom.

St. Peter’s Church a ɛwɔ Vatican no kyerɛ biribi titiriw ma Katolekfo. Katolekfo nhoma bi ka sɛ: “Atirimpɔw titiriw nti a wotu kwan kɔhwɛ Rome ne sɛ wokohyia Petro nanmusifo no na wɔanya ne nhyira, efisɛ Petro baa Rome na wosiee no wɔ hɔ.” Nanso so ɛyɛ ampa sɛ wosiee Petro wɔ Rome? So ɔboda a wosiee no wom no wɔ Vatican? So wɔahu ne nnompe?

Fam a Wotutu de Hwehwɛ Tetefo Nneɛma mu Ahintasɛm

Wɔagye fam tutu a wofii ase bɛyɛ 1940 a edii bɛyɛ mfe du no ho akyinnye pii. Dɛn na fam tutufo a pope no paw wɔn no hui? Ade biako a wohui ne abosonsomfo amusiei a aboda pii wɔ hɔ. Wohuu adaka bi, kyerɛ sɛ, nkae dum bi a wɔayɛ no sɛ ɔdan a wɔde ohoni si mu, a ɛhyɛ ɔfasu bi a wɔde dɔte kɔkɔɔ aka ho a ɛwɔ afasu abien ntam wɔ pope afɔrepon a ɛwɔ hɔ nnɛ no ase wom. Awiei koraa, wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa yiye so no, wohuu nipa funu nso, na wɔkae sɛ efi afasu abien no biako mu.

Nkyerɛkyerɛmu no fi ase wɔ ha. Sɛnea Katolekfo nhomanimfo dodow bi kyerɛ no, nea wohui no si atetesɛm a ɛne sɛ Petro traa Rome na owui wɔ hɔ sɛ mogya dansefo wɔ Nero ahenni mu, a ebetumi aba sɛ ɔtaa a ɛbae wɔ 64 Y.B. mu no mu na owui, so dua. Wɔaka mpo sɛ funu no ho nneɛma yɛ ɔsomafo no de, na nkyerɛwee bi a sɛnea ne nkyerɛkyerɛmu biako kyerɛ no, ɛkenkan sɛ “Petro da ha” no betumi ama wɔahu sɛ ɛte saa. Ɛte sɛ nea na Pope Paul VI reka sɛ nkyerɛkyerɛmu yi yɛ nokware bere a ɔkae wɔ 1968 mu sɛ wɔahu “Ɔhotefo Petro funu, nea ɛfata sɛ yedi no ni na yɛsom no.”

Nanso, akyinnyegye nso sɔree wɔ nkyerɛkyerɛmu ahorow no ho. Katolekni fam tutufo a wɔfrɛ no Antonio Ferrua, Jesuitni bi a ɔka ho na wotutuu fam wɔ Vatican no aka mpɛn pii sɛ ‘wɔmma no kwan ma ontintim’ biribiara a onim wɔ asɛm no ho, asɛm a ɛda adi sɛ ɛbɛbɔ ka a wɔka sɛ wɔahu Petro ho nneɛma no abira no. Bio nso, Rome ho nhoma bi a Katolekfo Sɔfopɔn bi ne samufo a wotintimii 1991 no kae sɛ “ɛte sɛ nea nhwehwɛmu a nyansahufo yɛe wɔ nnipa nnompe a wohui wɔ Red Wall no ase no kyerɛ sɛ ɛnsɛ ɔsomafo Petro de koraa.” Anwonwasɛm ne sɛ na wɔayi asɛm no afi nea edi hɔ a ɛbae (akyiri yi wɔ 1991 mu) no mu, ná wɔde asɛm foforo a ne ti ne sɛ “Nokwasɛm: Petro da St Peter’s” aka ho.

Nea Wohui no mu Nkyerɛkyerɛmu

Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ nea wohui no mu, na nnipa afoforo kyerɛkyerɛ mu wɔ ɔkwan soronko so. Nokwarem no, Katolekfo abakɔsɛm akyerɛwfo a wobu wɔn sen biara nim sɛ “wogye abakɔsɛm mu nsɛnnennen a ɛfa Petro mogya adansefo wu wɔ Rome, ne faako a wosiee ho kyim.” Dɛn na nea wohui no da no adi?

Sɛnea wɔn a wɔpɛ sɛ wokura Katolekfo atetesɛm mu kyerɛ no, nkaedum a ɛte sɛ adaka no ne “nkaede” a Gaius, ɔsɔfo bi a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abiɛsa mfiase no kaa ho asɛm no. Sɛnea Eusebius a ofi Kaesarea, afeha a ɛto so anan no mu asɔre ho abakɔsɛm kyerɛwfo kyerɛ no, Gaius kae sɛ obetumi ‘akyerɛ baabi a Petro nkaede wɔ wɔ Vatican Hill.’ Atetesɛm akyigyinafo kyerɛ sɛ wosiee ɔsomafo no wɔ hɔ, wɔ nkaedum bi a wɔbɛfrɛɛ no “Gaius nkaede” ase. Nanso, afoforo kyerɛkyerɛ nea efii fam tutu no mu bae ase wɔ ɔkwan soronko koraa so, na wɔda no adi sɛ tete Kristofo no anhaw wɔn ho kɛse wɔ wɔn afunsie ho, na sɛ wokum Petro wɔ hɔ mpo a, ɛbɛyɛ den yiye sɛ wɔbɛkɔ akɔfa n’amu. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 29 no.)

Afoforo wɔ hɔ a wonnye ntom sɛ “Gaius nkaede” (sɛ ɛno na wɔahu no a) no yɛ ɔboda. Wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ nkaedum a wosii de hyɛɛ Petro anuonyam wɔ ɛrekɔ afeha a ɛto so abien no awiei, ne sɛ akyiri yi na “wobebuu no sɛ ɔdamoa so nkaedum.” Nanso, sɛnea nyamekyerɛfo Oscar Cullmann kyerɛ no, “fam a wotutui wɔ Vatican no amma wɔanhu Petro ɔboda koraa.”

Na nnompe no nso ɛ? Ɛsɛ sɛ yɛka sɛ faako a nnompe no fi ankasa no da so ara yɛ ahintasɛm. Abosonsomfo amusiei bi wɔ nea nnɛ wɔfrɛ no Vatican Hill no so fi afeha a edi kan no mu, wosiee nnipa afunu pii wɔ mpɔtam hɔ, na wɔatutu pii dedaw. Aboro so koraa no, wobetumi aka sɛ nkyerɛwee sin (ebetumi aba sɛ ɛyɛ afeha a ɛto so anan mu de) a ebinom ka sɛ ɛma wohu sɛ beae a wohuu funu ho nneɛma wɔ hɔ no yɛ ɔsomafo no ɔboda no ma wohu “baabi a wosusuw sɛ Petro nnompe wɔ.” Afei nso, nneɛma so nkyerɛwee ho animdefo susuw sɛ nkyerɛwee no betumi akyerɛ mpo sɛ “Petro nni ha.”

‘Atetesɛm a Ɛnyɛ Nokware’

Abakɔsɛm kyerɛwfo D. W. O’Connor ka sɛ: “Tete nhoma ahorow a wogye tom kɛse no nka baabi a [Petro] wui sɛ mogya dansefo no, nanso ɛkame ayɛ sɛ nea ɛbaa akyiri yi a wonnye ntom kɛse no kyerɛ sɛ esii wɔ Vatican mpɔtam hɔ.” Enti wɔde Petro aboda a wɔhwehwɛe wɔ Vatican no gyinaa atetesɛm a ɛnyɛ nokware so. O’Connor si so dua sɛ: “Bere a funu ho nneɛma bɛyɛɛ ade a ɛho hia kɛse no, Kristofo gye dii ampa sɛ Petro [nkaede] no kyerɛ beae pɔtee a n’adamoa wɔ.”

Afunu ho nneɛma a wɔsom a ennyina kyerɛwsɛm so ne atetesɛm ahorow yi bae wɔ bere koro mu. Efi afeha a ɛto so abiɛsa ne anan no mu reba no, wɔde funu ho nneɛma, nea ɛyɛ nokware ne atoro de, dii dwuma wɔ asɔre adan mu—a na sika fam mfaso ka ho—wɔ mmɔden a wɔbɔe sɛ wobenya “honhom fam” tumi a ɛkorɔn na wɔn ankasa tumi ayɛ kɛse no mu. Enti, esiane sɛ wɔn a wotu kwan kɔhwɛ akronkronne gye di sɛ Petro funu wɔ anwonwa kwan so tumi nti, wɔkɔɔ nea wose ɛyɛ ɔboda a ɔda mu no ho. Wɔ afeha a ɛto so asia awiei no, na gyidifo totow ntama asinasin a wɔde ahwɛyiye akari ahwɛ gu “ɔboda” no so. Saa bere no mu kyerɛwtohɔ biako kae sɛ: “Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, sɛ ɔdesrɛfo no gyidi nhinhim a, bere a obeyi ntama no afi aboda no so no na ɔsoro dom ayɛ mu ma, na emu ayɛ duru asen sɛnea na ɛte kan no.” Eyi kyerɛ sɛnea na wogye biribiara di saa bere no.

Wɔ mfehaha pii no mu no, anansesɛm te sɛ eyi ne atetesɛm a enni nnyinaso biara ka ho kɛse na anuonyam a Vatican Basilica wɔ no ayɛ kɛse. Nanso afoforo kasa tiae. Wɔ mfeha 12 ne 13 mu no, Waldenfo kasa tiaa ade a wɔyɛ tra so yi, na wɔde Bible no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Petro ankɔ Rome da. Mfehaha pii akyi no, wɔn a wɔde Protestantfo Ɔsesɛw no bae no kaa saa ara. Wɔ afeha 18 mu no, nyansapɛfo a wɔagye din kae sɛ atetesɛm no nni nnyinaso wɔ abakɔsɛm ne Kyerɛwnsɛm mu. Nhomanimfo mmɔdenbɔfo, Katolekfo ne afoforo ada saa adwene koro no ara adi de besi nnɛ.

So Petro Wui wɔ Rome?

Ɛda adi sɛ, Petro, Galileani pofoni hobrɛasefo no annya adwene biara sɛ na ɔkorɔn sen afeha a edi kan no mu Kristofo asafo no mu mpanyimfo no. Mmom no, ɔkaa n’ankasa ho asɛm sɛ “ɔyɔnko panyin.” (1 Petro 5:1-6, Revised Standard Version) Petro nipadua a ɛba fam no ne anuonyanne a atwa nea wose ɛyɛ ɔboda a ɔda mu ho ahyia a obiara a ɔkɔ Vatican Basilica no betumi ahu no bɔ abira.

Nea ɛbɛyɛ na Katolek Asɔre no adi Kristofo asɔre afoforo so no, abɔ mmɔden sɛ ɛbɛkyerɛ sɛ atetesɛm a ‘ɛbaa akyiri yi a wonnye ntom kɛse’ a ɛka sɛ Petro traa Rome bere bi no yɛ nokware. Nanso, anwonwasɛm ne sɛ atetesɛm afoforo bu no sɛ n’adamoa nni Vatican hɔ na mmom baabi foforo wɔ Rome. Nanso, dɛn nti na wɔmmata nokwasɛm ahorow a wɔakyerɛw wɔ Bible no mu, nhoma biako pɛ a ɛka Petro ho asɛm ankasa no ho? Ɛda adi pefee wɔ Onyankopɔn Asɛm mu sɛ Petro yɛɛ n’adwuma wɔ tete wiase no apuei fam a Babilon ka ho de dii akwankyerɛ ahorow a ne nsa ka fii Kristofo asafo a na ɛwɔ Yerusalem no sodikuw no hɔ so.—Galatifo 2:1-9; 1 Petro 5:13; fa toto Asomafo no Nnwuma 8:14 ho.

Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw Kristofo a na wɔwɔ Rome, wɔ bɛyɛ 56 Y.B. mu no, okyiaa asafo no mufo bɛyɛ 30 a wammɔ Petro din mpo. (Romafo 1:1, 7; 16:3-23) Afei, Paulo kyerɛw nkrataa asia fii Rome wɔ 60 ne 65 Y.B. ntam, nanso wammɔ Petro din—adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ na Petro nni hɔ.a (Fa toto 2 Timoteo 1:15-17; 4:11 ho.) Wɔka Paulo dwumadi wɔ Rome ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma nhoma no awiei, na bio nso, wɔnka Petro ho asɛm biara. (Asomafo no Nnwuma 28:16, 30, 31) Enti, Bible no adanse a obi de adwempa, a adwene a wadi kan anya biara nka ho hwehwɛ mu no betumi ama wahu sɛ Petro anka asɛm wɔ Rome.b

Pope no “dibea” gyina atetesɛm a ɛnyɛ nokware ne kyerɛw nsɛm a wɔakyinkyim no so. Yesu ne Kristosom fapem na ɛnyɛ Petro. Paulo se: ‘Kristo ne asafo no ti.’ (Efesofo 2:20-22; 5:23) Yesu Kristo na Yehowa somaa no sɛ ommehyira na onnye wɔn a wɔwɔ gyidi nyinaa.—Yohane 3:16; Asomafo no Nnwuma 4:12; Romafo 15:29; hwɛ 1 Petro 2:4-8 nso.

Ɛnde, wɔn a wotu kwan kɔhwɛ nea wogye di ampa sɛ ɛyɛ Petro ɔboda na ama ‘wɔahyia ne nanmusifo’ no nyinaa rehyia ɔhaw a ɛne sɛ wobegye ‘atetesɛm a ɛnyɛ nokware’ adi anaasɛ wobegye Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware no adi. Esiane sɛ Kristofo pɛ sɛ wɔn som sɔ Onyankopɔn ani nti, ‘wɔhwɛ wɔn gyidi Wiefo, Yesu’ ne ne nhwɛso a ɛyɛ pɛ a ɔde gyaw yɛn sɛ yenni akyi no.—Hebrifo 12:2; 1 Petro 2:21.

[Ase hɔ nsɛm]

a Paulo kyerɛw ne nkrataa no kɔmaa Efesofo, Filipifo, Kolosefo, Filemon, ne Hebrifo no bɛyɛ mfe 60-61 Y.B. mu; ɔkyerɛw ne krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Timoteo no bɛyɛ afe 65 Y.B.

b Wɔkaa asemmisa “So Petro Kɔɔ Rome?” no ho asɛm wɔ November 1, 1972, Engiresi Ɔwɛn-Aban no nkratafa 669-71.

[Kratafa 29 adaka]

“Fam tutu no daa no adi sɛ ɔdamoa biara nni Aedicula no ase; saa ara nso na wontumi nka no pefee sɛ wokogyee Ɔhotefo Petro funu fii abrafo no hɔ kosiei wɔ Kristofo mu. Sɛnea ɛte no, na funu no yɛ ɔhɔho (peregrinus) bi de, na sɛnea mmara no kyerɛ no, ɛbɛyɛ sɛ wɔtow ɔsɛmmɔnedifo a ɔba fam funu kyenee Tiber mu. . . . Bio nso, na wɔmfa anigye koro no ara a na wɔde kora nipadua no ho nneɛma so wɔ saa tete mmere yi mu no nyɛ saa akyiri yi, bere a na wiase awiei mu gyidi abrɛ ase na mogya adansefo som afi ase reda adi no. Enti, ebetumi aba sɛ, ɛyɛ ampa sɛ wɔankogye Ɔhotefo Petro funu ankosie ankasa.”—The Shrine of St. Peter and the Vatican Excavations, a Jocelyn Toynbee ne John Ward Perkins kyerɛwee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena