Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 11/1 kr. 16-22
  • Kyerɛ Mmɔborohunu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kyerɛ Mmɔborohunu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmɔborohunu Adwuma bi a Wɔnyɛɛ Bi Da
  • Ɛyɛ Nipasu Foforo no Fã
  • Nitan—Mmɔborohunu ho Akwanside
  • Mmɔborohunu ho Akwanside Afoforo
  • Ayarefo a Wobehu Wɔn Mmɔbɔ
  • Wɔn a Wɔyɛ Mmerɛw a Wobehu Wɔn Mmɔbɔ
  • Nya “Ayamhyehye”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • “Yɛn Nyankopɔn Mmɔborɔhunu”
    Bɛn Yehowa
  • Suasua Yehowa Ayamhyehye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Yehowa De Ayamhyehye na Edi Tumi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 11/1 kr. 16-22

Kyerɛ Mmɔborohunu

“Monhyɛ ayamhyehye, ayamye.”—KOLOSEFO 3:12.

1. Dɛn nti na ɛho hia kɛse sɛ woyi mmɔborohunu adi kyerɛ nnɛ?

ƐMMAE wɔ abakɔsɛm mu sɛ ɛho abehia sɛ wofi mmɔborohunu mu boa nnipa pii saa da. Nnipa ɔpepem pii na wohia mmoa bere a yɛte ɔyare, ɔkɔm, adwuma a wonnya nyɛ, nsɛmmɔnedi, akodi, basabasayɛ, ne asiane ahorow mu no. Nanso ɔhaw bi wɔ hɔ a anibere wom koraa sen saa, na ɛno ne honhom fam tebea a ɛyɛ hu a adesamma wom no. Satan a onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa no ‘redaadaa amanaman nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9, 12) Enti, wɔn a wonni nokware Kristofo asafo no mu titiriw nkwa da asiane mu, na Bible no ka sɛ anidaso biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wobekunkum wɔn wɔ Onyankopɔn atemmu da a ɛreba mu no benya owusɔre.—Mateo 25:31-33, 41, 46; 2 Tesalonikafo 1:6-9.

2. Dɛn nti na Yehowa atwentwɛn ne nan ase wɔ nnebɔneyɛfo sɛe ho?

2 Nanso, de besi nna a edi akyiri koraa yi mu no, Yehowa Nyankopɔn kɔ so yi boasetɔ ne mmɔborohunu adi kyerɛ bonniayɛfo ne nnebɔneyɛfo. (Mateo 5:45; Luka 6:35, 36) Nea ɛmaa ɔtwentwɛnee ne nan ase wɔ Israel man a anni nokware no asotwe ho no ara nti na wayɛ eyi. “Sɛ mete ase yi, [Yehowa] Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, ɔbɔnefo wu nyɛ́ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefo bɛsan afi ne kwan so na wanya nkwa. Mónsan, mónsan mfi mo akwammɔne so! Ɛdɛn nti na morewuwu yi, Israel fi?”—Hesekiel 33:11.

3. Mmɔborohunu a Yehowa yi no adi kyerɛ wɔn a wɔnyɛ ne nkurɔfo ho nhwɛso bɛn na yɛwɔ, na dɛn na yesua fi eyi mu?

3 Yehowa yii ne mmɔborohunu adi kyerɛɛ Niniwefo nnebɔneyɛfo no nso. Yehowa somaa ne diyifo Yona ma ɔkɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ ɔsɛe a na ɛreba ho. Wotiee Yona asɛm no na wonuu wɔn ho. Eyi kaa Yehowa, Onyankopɔn mmɔborohunufo no, ma wansɛe kurow no saa bere no. (Yona 3:10; 4:11) Na sɛ ɛyɛɛ Onyankopɔn yaw sɛ ɔbɛsɛe Niniwefo a na anka wobetumi anya owusɔre no a, mpɛn ahe na ɔrenhu nnipa a wɔrehyia daa ɔsɛe bi nnɛ no mmɔbɔ!—Luka 11:32.

Mmɔborohunu Adwuma bi a Wɔnyɛɛ Bi Da

4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa reyi mmɔborohunu adi akyerɛ nnipa nnɛ?

4 Nea ɛne Yehowa mmɔborohunu hyia no, ɔde ahyɛ n’Adansefo nsa sɛ wɔnkɔ so mfa “ahenni ho asɛmpa no” nkɔ wɔn afipamfo nkyɛn. (Mateo 24:14) Na sɛ nkurɔfo de anisɔ yɛ nkwagye adwuma yi ho biribi a, Yehowa bue wɔn komam ma wɔte Ahenni ho asɛm no ase. (Mateo 11:25; Asomafo no Nnwuma 16:14) Nokware Kristofo suasua wɔn Nyankopɔn, da mmɔborohunu adi denam anigyefo a wɔsan kɔ wɔn nkyɛn, na baabi a ɛbɛyɛ yiye no, wɔne wɔn yɛ Bible adesua de boa wɔn no so. Enti, wɔ afe 1993 mu no, Adansefo a wɔboro ɔpepem anan ne fã a wɔwɔ nsase 231 so de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem biako kaa asɛm wɔ afie afie ne wɔn afipamfo yɛɛ Bible adesua. Saa anigyefo afoforo yi nso nyaa hokwan hyiraa wɔn nkwa so maa Yehowa, na wɔde wɔn ho bɔɔ n’Adansefo a wɔabɔ wɔn asu no ho. Enti, wɔn nso de wɔn ho hyɛ mmɔborohunu adwuma yi a wɔnyɛɛ bi da yi mu de boa wɔn a wobetumi abɛyɛ asuafo a wɔda so ara wɔ Satan wiase a ɛrekɔ n’awiei no mu no.—Mateo 28:19, 20; Yohane 14:12.

5. Sɛ ɔsoro mmɔborohunu du n’awiei a, dɛn na ɛbɛba nyamesom a asɛe Onyankopɔn din no so?

5 Ɛrenkyɛ Yehowa bedi dwuma sɛ “dɔmmarima.” (Exodus 15:3) Esiane ayamhyehye a ɔwɔ ma ne din ne nkurɔfo nti, obeyi nnebɔneyɛfo afi hɔ na ɔde trenee wiase foforo bi aba. (2 Petro 3:13) Kristoman mu asɔre ahorow no ne wɔn a wobedi kan aka Onyankopɔn abufuw da no ahwɛ. Sɛnea Onyankopɔn ankora n’ankasa asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem so amfi Babilon hene nsam no, saa ara na ɔrenkora nyamesom ahyehyɛde ahorow a wɔasɛe ne din no so. Onyankopɔn de bɛhyɛ Amanaman Nkabom no mufo komam ma wɔasɛe Kristoman ne atoro som afoforo nyinaa. (Adiyisɛm 17:16, 17) Yehowa ka sɛ: “Enti me nso m’aniwa renkyɛe so, na merenhu mmɔbɔ; mede wɔn kwan mebua wɔn atifi.”—Hesekiel 9:5, 10.

6. Akwan bɛn so na wɔkanyan Yehowa Adansefo ma woyi mmɔborohunu adi kyerɛ?

6 Bere a bere da so wɔ hɔ no, Yehowa Adansefo kɔ so yi mmɔborohunu adi kyerɛ denam nnamyɛ a wɔde ka Onyankopɔn nkwagye asɛm kyerɛ no so. Na sɛnea ɛte no, baabi a ɛbɛyɛ yiye no, wɔn nso wɔboa nkurɔfo a ahia wɔn wɔ honam fam no. Nanso, wɔ eyi mu no, wɔn asɛyɛde a edi kan ne sɛ wobedi wɔn abusuafo a wɔbɛn wɔn pɛɛ ne wɔn a wɔne wɔn wɔ gyidi no mu ahiade ahorow ho dwuma. (Galatifo 6:10; 1 Timoteo 5:4, 8) Nneɛma pii a Yehowa Adansefo de akɔmema wɔn mfɛfo gyidifo a wohu amane wɔ asiane ahorow mu no ayɛ mmɔborohunu ho nhwɛso ahorow a ɛyɛ nwonwa. Nanso, ɛnsɛ sɛ Kristofo twɛn ma asɛnnennen bi si ansa na wɔayi mmɔborohunu adi. Wɔyɛ ntɛm yi saa su yi adi wɔ da biara da asetra mu nsɛm mu.

Ɛyɛ Nipasu Foforo no Fã

7. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔde ayamhyehye abata nipasu foforo no ho wɔ Kolosefo 3:8-13? (b) Dɛn na ayamhyehye mma ne yɛ nyɛ Kristofo den?

7 Ɛyɛ nokware sɛ yɛn nipasu ne Satan wiase no nkɛntɛnso bɔne no yɛ akwanside a ɛma ɛyɛ den sɛ yebeyi mmɔborohunufo adi. Ɛno nti na Bible no hyɛ yɛn sɛ yenyi “abufuw, bobɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne aniwusɛm” ngu no. Mmom no, wotu yɛn fo sɛ ‘yɛnhyɛ nipasu foforo’—nipasu a ɛne Onyankopɔn de hyia. Nea edi kan koraa no, wɔhyɛ yɛn sɛ yɛnhyɛ “ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre.” Afei Bible no kyerɛ yɛn ɔkwampa a yɛbɛfa so ayi saa su horow yi adi. “Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.” Sɛ yɛwɔ ‘ayamhyehye’ ma yɛn nuanom a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛde wɔn bɔne befiri wɔn.—Kolosefo 3:8-13.

8. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya fafiri honhom?

8 Ɔkwan foforo so no, sɛ yɛamfi mmɔborohunu mu amfa bɔne amfiri a, ɛsɛe yɛne Yehowa ntam abusuabɔ. Yesu sii eyi so dua denneennen wɔ ne mfatoho a ɛfa akoa a onni fafiri a ne wura de no too afiase “sɛ enkosi sɛ obetua no nea ɔde no nyinaa” ho no mu. Ɛfata sɛ wɔne akoa no dii no saa kwan yi so efisɛ wanyi mmɔborohunu adi ankyerɛ ne yɔnko akoa a ɔsrɛɛ no sɛ onhu no mmɔbɔ no ma ɛyɛ nwonwa. Yesu de mfatoho no baa awiei denam eyi a ɔkae no so: “Saa ara na sɛ mo mu biara amfi ne komam amfa ne nua mfomso amfiri no a, me soro agya nso bɛyɛ no.”—Mateo 18:34, 35.

9. Ɔkwan bɛn so na mmɔborohunu ne nipasu foforo no fã a ɛho hia titiriw no wɔ abusuabɔ?

9 Mmɔborohunufo a obi bɛyɛ no yɛ ɔdɔ su a ɛho hia. Na ɔdɔ yɛ nokware Kristosom agyiraehyɛde. (Yohane 13:35) Enti, Bible no de nipasu foforo ho asɛm a ɛka no ba awiei sɛ: “Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu.”—Kolosefo 3:14.

Nitan—Mmɔborohunu ho Akwanside

10. (a) Dɛn na ɛbɛma ahoɔyaw agye ntini wɔ yɛn koma mu? (b) Ade bɔne bɛn na ahoɔyaw betumi de aba?

10 Esiane sɛ yɛyɛ abɔnefo nti, nitan betumi agye ntini wɔ yɛn komam ntɛm ara. Ebia onua anaa onuawa bi wɔ ɔsom akyɛde ahorow anaasɛ honam fam nneɛma bi a yenni bi. Anaa ebia na obi anya honhom fam nhyira ne hokwan soronko bi. Sɛ yɛn ani bere saafo no a, so yebetumi ne wɔn adi nsɛm wɔ mmɔborohunu so? Ebia yɛrentumi nyɛ saa. Mmom no, ebia akyiri yi ahoɔyaw bɛdan ɔkasatia anaa atirimɔdensɛm, efisɛ Yesu kaa nnipa ho asɛm sɛ: “Nea ayɛ koma ma aboro so no mu na n’ano ka.” (Luka 6:45) Ebia afoforo begyina yɛn akyi wɔ kasatia a ɛte saa ho. Na saayɛ betumi asɛe Onyankopɔn nkurɔfo abusua anaa asafo bi asomdwoe.

11. Ɛyɛɛ dɛn na Yosef nuanom du no annya mmɔborohunu wɔ wɔn komam, na dɛn na efii mu bae?

11 Susuw nea ɛbaa abusua kɛse bi mu no ho hwɛ. Yakob mmabarima mpanyimfo du no nyaa wɔn nua kumaa Yosef ho tan esiane sɛ na ɔne wɔn agya dɔba nti. Ne saa nti, “na wɔmfa abodwo ne no nkasa.” Akyiri yi, wohyiraa Yosef ma ɔsosoo adae a efi Onyankopɔn hɔ a ɛkyerɛɛ sɛ na ɔwɔ Yehowa anim dom. Eyi maa ne nuanom ‘tan no sen kan no.’ Esiane sɛ wɔanyi ne ho tan amfi wɔn komam nti, wɔannya mmɔborohunu, na eyi kowiee bɔne a anibere wom mu.—Genesis 37:4, 5, 11.

12, 13. Sɛ yenya ahoɔyaw su wɔ yɛn komam a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

12 Wɔtɔn Yosef atirimɔden so kɔɔ nkoasom mu. Wɔ mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛkata wɔn bɔne so mu no, wɔdaadaa wɔn agya ma osusuwii sɛ aboa bi na akum Yosef. Mfe bi akyi no, wɔn bɔne no bɛdaa adi bere a ɔkɔm hyɛɛ wɔn ma wɔkɔɔ Misraim kɔtɔɔ aduan no. Aduan sohwɛfo no a wɔanhu sɛ ɔne Yosef no bɔɔ wɔn sobo sɛ wɔyɛ akwansrafo, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmmɛhwehwɛ mmoa wɔ ne nkyɛn bio gye sɛ wɔde wɔn nua kumaa Benyamin ba ansa. Saa bere yi na Benyamin na abɛyɛ wɔn agya dɔba, na na wonim sɛ Yakob rempɛ sɛ ɔbɛma no akɔ.

13 Enti bere a na wogyina Yosef anim no, wɔn ahonim kaa wɔn ma wogye toom sɛ: “Ampa ara, yedi yɛn nua [Yosef] ho fɔ, sɛ yehuu ne kra ahohia, na ɔsrɛɛ yɛn mmɔborohunu, na yɛantie; enti na saa ahohia yi aba yɛn so.” (Genesis 42:21) Yosef nam sɛnea ɔne ne nuanom no dii nsɛm mmɔborohunu mu nanso ɔdaa pintinnyɛ adi no so boaa wɔn ma wɔkyerɛɛ sɛ wɔanya nokware ahonu. Afei oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn na ofi ayamye mu de wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. Wɔsan nyaa abusua mu biakoyɛ bio. (Genesis 45:4-8) Sɛ́ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yesua biribi fi eyi mu. Bere a yenim ɔhaw ahorow a nitan de ba no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae hwehwɛ mmoa de yi ahoɔyaw fi yɛn mu na yɛde ‘ayamhyehye’ si ananmu.

Mmɔborohunu ho Akwanside Afoforo

14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛbɛhwɛ basabasayɛ a ɛho nhia?

14 Mmɔborohunufo a yɛbɛyɛ no ho akwanside foforo betumi afi basabasayɛ a ɛho nhia a yɛbɛhwɛ mu aba. Agumadi ne anigyede a basabasayɛ wom hyɛ mogyahwiegu ho anigye a obi benya ho nkuran. Wɔ Bible mmere mu no, na abosonsomfo hwɛ akofo ntam akodi ho akansi ne ayayade afoforo a wɔde yɛ nnipa wɔ Roma Ahemman no agodibea ahorow. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo biako kyerɛ no, anigyede a ɛtete saa no “sɛee tema a nnipa nya wɔ amanehunu ho a ɛma wɔda nsow fi mmoa ho no.” Anigyede a ɛwɔ nnɛyi wiase no mu pii wɔ nkɛntɛnso a ɛte saa ara. Ɛho hia sɛ Kristofo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nkurɔfo a wɔwɔ mmɔborohunu no yɛ nhoma a wɔkenkan, sini a wɔhwɛ, ne TV so dwumadi mu nyiyim yiye. Nyansa wom sɛ wɔbɛkae Dwom 11:5, NW mu nsɛm no: “Obiara a ɔpɛ basabasayɛ de, Yehowa tan no.”

15. (a) Ɔkwan bɛn so na obi betumi ayi atirimɔden a enye koraa adi? (b) Ɔkwan bɛn so na nokware Kristofo di wɔn mfɛfo gyidifo ne afipamfo ahiade ho dwuma?

15 Ebetumi aba sɛ onipa a ɔyɛ pɛsɛmenkominya rennya mmɔborohunu. Eyi yɛ aniberesɛm, sɛnea ɔsomafo Yohane kyerɛkyerɛ mu no: “Nea ɔwɔ wiase asetrade na ohu ne nua sɛ ahia no na ɔbɔ no ayamɔnwene no, Onyankopɔn dɔ no te ne mu dɛn?” (1 Yohane 3:17) Ɔsɔfo ne Lewini bi a wɔyɛ wɔn ho atreneefo a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Yesu mfatoho a ɛfa Samariani a ohuu mmɔbɔ ho mu no daa atirimɔden adi saa ara. Bere a wohuu wɔn nua Yudani tebea bɔne a ɔwom a na ɔreyɛ awu no, eyinom twaa kwan no mu kɔfaa ɔfa foforo, na wɔkɔɔ wɔn kwan. (Luka 10:31, 32) Nea ɛne eyi bɔ abira no, Kristofo a wɔwɔ mmɔborohunu di wɔn nuanom honam fam ne honhom fam ahiade ho dwuma ntɛm so. Te sɛ Samariani a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no, wɔma nnipa a wonnim wɔn ahiade ho asɛm hia wɔn nso. Enti wɔde wɔn bere, ahoɔden, ne honam fam nneɛma di dwuma de ma asuafoyɛ adwuma no nya nkɔso. Wɔnam saa kwan yi so boa nnipa ɔpepem pii ma wonya nkwa.—1 Timoteo 4:16.

Ayarefo a Wobehu Wɔn Mmɔbɔ

16. Anohyeto bɛn na yehyia wɔ ɔyare ho nsɛm mu?

16 Ɔyare yɛ ade a ɛka adesamma a yɛnyɛ pɛ a yewuwu no. Ɛka Kristofo nso, na wɔn mu pii nyɛ nnuruyɛfo, saa ara na wontumi nyɛ anwonwade sɛnea Kristofo a wodi kan no binom a wonyaa tumi a ɛte saa fii Kristo ne n’asomafo no hɔ yɛe no. Bere a Kristo asomafo no ne wɔn a wodii wɔn akyi pɛɛ no wuwui no, tumi a wɔde yɛ anwonwade a ɛte saa no twaam. Enti, yɛwɔ anohyeto wɔ nea yebetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔyare honam fam, a adwenemyare ne wɔn ani so a wohu ka ho no mu.—Asomafo no Nnwuma 8:13, 18; 1 Korintofo 13:8.

17. Asuade bɛn na yenya fi ɔkwan a wɔne ɔbarima Hiob a na ɔyɛ ɔyarefo na ne mma awuwu no dii nsɛm no mu?

17 Ɔyare taa de adwenemhaw ba. Sɛ nhwɛso no, Hiob a osuro Nyankopɔn no hawee yiye esiane ɔyare a emu yɛ den ne amanehunu a Satan de baa no so no nti. (Hiob 1:18, 19; 2:7; 3:3, 11-13) Ná ohia nnamfo a wobeyi mmɔborohunu adi akyerɛ no na ‘wɔakyekye ne werɛ.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Mmom no, nkurɔfo baasa a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ awerɛkyekyefo bɛsraa no, na wɔde ahopere kekaa atosɛm. Wɔnam susuw a wosusuwii sɛ Hiob ankasa mfomso bi nti na ɔrehu amane no so maa ne haw no yɛɛ kɛse. Sɛ Kristofo wɔ mmɔborohunu a, wɔbɛkwati sɛ wobedi mfomso koro yi ara bere a wɔn mfɛfo gyidifo yare anaa wɔn werɛ ahow no. Ɛtɔ da bi a ade titiriw a saafo no hia ara ne sra a Kristofo mpanyimfo anaa wɔn a wɔn ho akokwaw befi ayamye mu akɔsra wɔn na wɔafi mmɔborohunu mu ayɛ aso atie wɔn, ate wɔn ase, na wɔafi ɔdɔ mu ama wɔn Kyerɛwnsɛm mu afotu.—Romafo 12:15; Yakobo 1:19.

Wɔn a Wɔyɛ Mmerɛw a Wobehu Wɔn Mmɔbɔ

18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw anaa wɔadi mfomso di nsɛm? (b) Sɛ ɛho hia sɛ wɔtew asenni boayikuw mpo a, dɛn nti na ɛho hia sɛ mpanyimfo yi mmɔborohunu adi kyerɛ nnebɔneyɛfo?

18 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo titiriw yɛ mmɔborohunufo. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 35) Bible no hyɛ sɛ: “Yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛw.” (Romafo 15:1) Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, yɛn nyinaa di mfomso. (Yakobo 3:2) Ɛho hia sɛ wɔde ayamhyehye ne obi a ‘mfomso bi ato’ no di nsɛm. (Galatifo 6:1) Ɛnsɛ sɛ mpanyimfo nya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade te sɛ Farisifo a na wɔyɛ wɔn ho atreneefo a na wɔyɛ katee wɔ Onyankopɔn Mmara sodi ho no da.

19 Nea ɛne ɛno bɔ abira no, mpanyimfo di Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo mmɔborohunu ho nhwɛso ahorow no akyi. Wɔn adwuma titiriw ne sɛ wɔbɛma Onyankopɔn nguan no aduan, ahyɛ wɔn nkuran, na wɔama wɔanya abotɔyam. (Yesaia 32:1, 2) Sɛ anka wɔbɛbɔ mmɔden ayeyɛ mmara pii de adi nsɛm ho dwuma no, wɔhwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm pa de yɛ saa. Enti ɛsɛ sɛ mpanyimfo no dwumadi yɛ ade a ɛma wɔn nuanom nya nkɔso, anigye, ne Yehowa papayɛ ho anisɔ wɔ wɔn koma mu. Sɛ ɔyɔnko gyidini bi di mfomso ketewa bi a, ɔpanyin bi bɛkwati sɛ ɔbɛma afoforo ate nsɛm a ɔka de teɛ no so no. Sɛ ɛho hia ankasa sɛ ɔpanyin bɛkasa a, mmɔborohunu bɛka no ma ɔne onii no akogyina nkyɛn baabi a afoforo nte nsɛm a ɔka no, na wɔasusuw asɛm no ho. (Fa toto Mateo 18:15 ho.) Ɛmfa ho sɛnea obi asɛm yɛ den fa no, ɛsɛ sɛ ɔkwan a ɔpanyin fa so ne no di nsɛm no yɛ nea boasetɔ wom na etumi boa. Ɛnsɛ sɛ onya ɔpɛ da sɛ ɔbɛhwehwɛ biribi agyina so de apam obi afi asafo no mu. Sɛ ɛho hia mpo sɛ wɔpaw asenni boayikuw a, mpanyimfo no beyi mmɔborohunu adi wɔ wɔne onipa a wayɛ bɔne a anibere wom no nsɛnnii mu. Ebia wɔn dwo no bɛboa onii no ma wanya adwensakra.—2 Timoteo 2:24-26.

20. Bere bɛn na ɛmfata sɛ woyi mmɔborohunu adi, na dɛn ntia?

20 Nanso, mmere horow bi wɔ hɔ a Yehowa akoa ntumi nyi mmɔborohunu adi. (Fa toto Deuteronomium 13:6-9 ho.) Sɛ́ Kristoni bi ne n’adamfo anaa obusuani bi a ɔbɛn no paa a wɔatu no ‘remmmɔ’ no betumi ayɛ sɔhwɛ ankasa. Wɔ asɛm a ɛte saa mu no, ɛho hia sɛ obi remma mmɔborohunu nni ne so. (1 Korintofo 5:11-13) Ebia gyina a obegyina pintinn saa no mpo betumi ahyɛ nea wafom no nkuran ma wasakra n’adwene. Afei nso, sɛ Kristofo ne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu redi nsɛm a, ɛsɛ sɛ wɔkwati sɛ wobeyi mmɔborohunu a ɛmfata a ebetumi akowie nna mu ɔbrasɛe mu adi akyerɛ.

21. Nneɛma afoforo bɛn mu na ɛho hia sɛ yeyi mmɔborohunu adi, na mfaso horow bɛn na ɛwɔ so?

21 Yɛrennya kwan nka mmeae pii a ehia sɛ yeyi mmɔborohunu adi no nyinaa ho asɛm—bere a yɛne wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wɔn abusuafo awuwu, ne wɔn a wɔrehyia ɔtaa fi wɔn ahokafo a wonnye nni hɔ redi nsɛm no. Ɛsɛ sɛ yeyi mmɔborohunu adi kyerɛ mpanyimfo a wɔyɛ adwumaden no saa ara. (1 Timoteo 5:17) Kyerɛ obu ma wɔn na boa wɔn. (Hebrifo 13:7, 17) Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: ‘Mo nyinaa munya ayamhyehye.’ (1 Petro 3:8) Sɛ yɛyɛ yɛn ade saa kwan yi so wɔ tebea horow nyinaa a ɛho hia sɛ yɛyɛ saa mu a, yɛboa ma biakoyɛ ne anigye ba asafo no mu, na ɛtwetwe afoforo ba nokware no mu. Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛnam saayɛ so di Yehowa, yɛn Agya mmɔborohunufo no ni.

Nsemmisa a Wɔde Tĩ Mu

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa yi mmɔborohunu adi kyerɛ adesamma nnebɔneyɛfo?

◻ Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ mmɔborohunufo?

◻ Mmɔborohunufo a yɛbɛyɛ no ho akwanside ahorow bi ne dɛn?

◻ Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne ayarefo ne wɔn a wɔahaw di nsɛm?

◻ Henanom titiriw na ehia sɛ wɔyɛ mmɔborohunufo, na dɛn ntia?

[Kratafa 19 adaka]

FARISIFO ATIRIMƆDENFO

WƆHYEHYƐƐ Homeda sɛ ɛnyɛ honhom fam ne honam fam nhyira mma Onyankopɔn nkurɔfo. Nanso, Yudafo nyamesom mpanyimfo yeyɛɛ mmara ahorow pii a ebuu Onyankopɔn Homeda mmara no animtiaa, na ɛbɛyɛɛ adesoa maa nkurɔfo no. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ na obi hyia akwanhyia anaasɛ ɔyare a, na wontumi mmoa no Homeda, gye sɛ ne nkwa da asiane mu ansa.

Ná Farisifo kuw bi yɛ katee wɔ Homeda mmara no nkyerɛkyerɛmu ho araa ma wɔkae sɛ: “Obi nni hokwan sɛ ɔkyekye wɔn a wɔn biribi awu werɛ, anaasɛ ɔkɔsra ayarefo Homeda.” Nyamesom mpanyimfo afoforo maa nsrahwɛ a ɛtete saa hokwan Homeda nanso wɔhyɛe sɛ: “Obi nni hokwan sɛ osu.”

Enti, ɛfata sɛ Yesu kasa tiaa Yudafo mpanyimfo no sɛ wobu wɔn ani gu Mmara no mu nneɛma a ɛho hia titiriw te sɛ atɛntrenee, ɔdɔ, ne mmɔborohunu so. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔka kyerɛɛ Farisifo no sɛ: ‘Mode mo atetesɛm sɛe Onyankopɔn asɛm’!—Marko 7:8, 13; Mateo 23:23; Luka 11:42.

[Kratafa 17 mfonini ahorow]

Yehowa Adansefo reyɛ mmɔborohunu adwuma bi a wɔnyɛɛ bi da wɔ nkurɔfo afie mu, mmɔnten so, ne afiase mpo wɔ nsase 231 so

[Kratafa 18 mfonini]

Basabasayɛ a wɔhwɛ, te sɛ TV so de, sɛe mmɔborohunu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena