Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 11/15 kr. 26-28
  • “Sɛ Ɛsɛ sɛ Mutua Tow a, Muntua Tow”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Sɛ Ɛsɛ sɛ Mutua Tow a, Muntua Tow”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnyinasosɛm Anum a Ɛkyerɛ Yɛn Kwan
  • Munkura Din a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam Mu
  • Towtua​—Ɛyɛ “Nnipa Anibue” So Akatua?
    Nyan!—2003
  • So Ɛsɛ sɛ Wutua Wo Tow Ahorow?
    Nyan!—2003
  • Tow Ahorow ​—So Ɛsɛ Sɛ Wutua?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • So Towtua Ho Anigye a Wonni Reyɛ Kɛse?
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 11/15 kr. 26-28

“Sɛ Ɛsɛ sɛ Mutua Tow a, Muntua Tow”

“WƆ WIASE yi mu no, owu ne towtua nkutoo na wontumi nkwati.” Saa na Amerikani aban nanmusini ne abɔrehudefo Benjamin Franklin a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 18 no mu kae. Ɛnyɛ kwati a wontumi nkwati towtua nko na ne nsɛm a wɔtaa fa ka asɛm no da no adi, na mmom ehu a ɛkanyan no nso. Towtua nyɛ nnipa pii anigye te sɛ nea owu te no ara pɛ.

Ɛwom sɛ ebia towtua renyɛ anigye de, nanso eyi yɛ asɛyɛde a nokware Kristofo susuw ho anibere so paa. Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo asafo a ɛwɔ Roma no sɛ: “Muntua obiara ɛka a mode no: Sɛ ɛsɛ sɛ mutua tow a, muntua tow; sɛ amanne a, amanne; sɛ obu a, monkyerɛ obu; sɛ nidi a, munni no ni.” (Romafo 13:7, New International Version) Ná ɛyɛ towtua ho asɛm pɔtee na Yesu Kristo reka bere a ɔkae sɛ: “Momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn” no.—Marko 12:14, 17.

Yehowa ama kwan ma aban ahorow, “tumi a ɛwɔ anuonyam” no atra hɔ, na ɔhwehwɛ sɛ n’asomfo de ahobrɛase a anohyeto wom ma wɔn. Ɛnde, dɛn nti na Onyankopɔn hyɛ n’asomfo sɛ wontua tow? Paulo bobɔ nneɛma atitiriw abiɛsa nti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa din: (1) “abufuw” a “tumi a ɛwɔ anuonyam” no de twe wɔn a wobu mmara so no aso; (2) Kristoni ahonim a ɛho begu fĩ, sɛ wanni ne towtua mu nokware a; (3) hia a ɛho hia sɛ wotua saa “asomfo” yi ka wɔ dwuma a wodi ho ne hwɛ a wɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma wɔ ɔkwan bi so no. (Romafo 13:1-7) Ebia nnipa pii rempɛ sɛ wobetua tow. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ wɔrempɛ koraa mpo sɛ wɔbɛtra ɔman a polisifo anaa odumgya adwuma nni mu, wonsiesie akwan, na aban sukuu ne nkrataa ne nneɛma a wɔde mana ho nhyehyɛe nnim mu. Amerikani mmaranimfo Oliver Wendell Holmes kaa no saa kwan yi so bere bi: “Tow ahorow na yetua ma ahotɔ ba ɔman mu.”

Towtua nyɛ ade foforo mma Onyankopɔn asomfo. Tete Israelfo tuaa tow bi de boaa wɔn ahemfo, na saa sodifo no mu bi maa towtua a ntease nnim bɛyɛɛ adesoa a emu yɛ duru maa nkurɔfo no. Yudafo no tuaa amanne ne tow ahorow nso maa amannɔne tumidi ahorow a edii wɔn so te sɛ Misraim, Persia, ne Roma. Enti bere a Paulo kaa towtua ho asɛm no na Kristofo a wɔwɔ ne bere so no nim nea na ɔreka ho asɛm no yiye. Ná wonim sɛ sɛ́ tow a wotua no yɛ nea ntease wom anaa ntease nnim no, na ɛmfa ho ɔkwan a aban no bɛfa so de sika no adi dwuma no, na ɛsɛ sɛ wotua wɔn tow. Eyi fa Kristofo ho nnɛ. Nanso, nnyinasosɛm ahorow bɛn na ebetumi ama yɛanya akwankyerɛ bere a yetua yɛn tow wɔ mmere a emu ayɛ hwanyann yi mu no?

Nnyinasosɛm Anum a Ɛkyerɛ Yɛn Kwan

Yɛ w’ade wɔ ano wɔ ano. Yehowa, ‘Onyankopɔn a ɔnyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn’ no na yɛsom no na yesuasua no. (1 Korintofo 14:33; Efesofo 5:1) Yɛn ade a yɛbɛyɛ no wɔ ano wɔ ano no ho hia wɔ towtua ho. So wo kyerɛwtohɔ ahorow di mũ, ɛyɛ pɛpɛɛpɛ, na woahyehyɛ no yiye? Mpɛn pii na ɛho nhia sɛ wunya adaka a ne bo yɛ den na wode wo kyerɛwtohɔ asie mu. Wubetumi anya nkrataa kotoku biako ama kyerɛwtohɔ biara a wode hyɛ mu na woakyerɛw din no abɔ ho (te sɛ nneɛma a woatotɔ ho adanse nkratasin). Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛhyehyɛ afe biara de agu nkrataa kotoku kɛse biako mu. Wɔ aman pii mu no, ɛho hia sɛ wɔkora kyerɛwtohɔ a ɛtete saa no so mfe dodow bi na sɛ ɛba sɛ aban no si gyinae sɛ wɔbɛhwehwɛ kyerɛwtohɔ dedaw ahorow mu a wɔde adi dwuma. Enti nto biribiara nkyene kosi sɛ wubehu sɛ ɛho nhia bio ankasa.

Di nokware. Paulo kyerɛwee sɛ: “Mommɔ mpae mma yɛn; efisɛ yenim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pa, pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.” (Hebrifo 13:18) Ɛsɛ sɛ ɔpɛ a yɛwɔ wɔ yɛn komam sɛ yebedi nokware no kyerɛ yɛn kwan wɔ gyinae biara a yebesi bere a yɛretua yɛn tow no mu. Nea edi kan no, susuw tow biara a ɛsɛ sɛ wutua wɔ sika biara a wunya a ɛsɛ sɛ aban hu mu no ho. Wɔ aman pii mu no, sɛ ɛba sɛ sika foforo a wonya—fi akyɛde, nnwuma a wɔyɛ no bere ne bere mu, adetɔn mu—no boro sika dodow bi a wɔakyerɛ so pɛ a, ɛsɛ sɛ wotua ho tow. Kristoni a ɔwɔ “ahonim pa” bɛhwehwɛ mu ahu sika dodow a ɛsɛ sɛ otua ho tow wɔ baabi a ɔte no na watua ho tow a ɛfata no.

Nea ɛto so abien, ɛka a wɔbɔ wɔ adwuma mu ho sika a wɔte fi tow a ɛsɛ sɛ wotua mu ho asɛm wɔ hɔ. Aban ahorow taa ma wɔn a wotua tow no tete ɛka ahorow bi a wɔbɔ wɔ wɔn adwuma mu fi wɔn sika a wonya a ɛsɛ sɛ wotua ho tow no mu. Wɔ wiase a nokwaredi nnim yi mu no, nnipa pii nhu mfomso biara a ɛwɔ ho sɛ “wɔbɛbɔ wɔn tirim” akyerɛw biribi bere a wɔregye sika a ɛtete saa no. Wɔbɔ amanneɛ sɛ ɔbarima bi a ɔwɔ United States tɔɔ atade a wɔde aboa nhwi ayɛ a ne bo yɛ den maa ne yere, na ɔde kɔsɛn n’adwumam da koro sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atew ho ka no afi ne sika a ɛsɛ sɛ otua ho tow no mu te sɛ biribi a ɔde “siesie” baabi a ɔyɛ adwuma no! Ɔbarima foforo tee ne babea ayeforohyia ho ka fii ne tow mu sɛ adwuma ho ka. Ɔfoforo nso bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛte ɛka a ɔbɔe wɔ kwan a ɔne ne yere tu kodii asram dodow bi wɔ Apuei Fam Akyirikyiri afi ne tow mu, ɛwom sɛ anigye ne ahomegye ankasa nti na ɔbea no kɔɔ hɔ de. Ɛkame ayɛ sɛ nsɛm a ɛtete saa no nni ano. Sɛ yɛbɛka no tiawa a, sɛ́ yɛbɛfrɛ biribi adwuma ho ka a yɛbɔ bere a ɛnte saa no yɛ atorodi—ade a yɛn Nyankopɔn Yehowa kyi koraa.—Mmebusɛm 6:16-19.

Yɛ anifere. Yesu hyɛɛ n’akyidifo no sɛ ‘wɔnyɛ anifere sɛ awɔ, na wɔnyɛ kronn sɛ mmorɔnoma.’ (Mateo 10:16) Yebetumi de saa afotu no adi dwuma yiye wɔ yɛn towtua ho. Wɔ aman a wodi yiye titiriw mu no, nnansa yi nnipa pii bɔ sika ho akontaabu adwuma anaa ɛho nimdefo bi paa ma wɔhyehyɛ tow a ɛsɛ sɛ wotua no ma wɔn. Afei wɔde wɔn nsa hyehyɛ nkrataa no ase na wɔde krataa a wɔde tua ho ka no kɔ. Eyi ne bere a ɛfata sɛ wohwɛ kɔkɔbɔ a ɛwɔ Mmebusɛm 14:15 no yiye: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.”

Wɔn a wotua tow pii anya amane wɔ aban nsam esiane sɛ ‘wogyee asɛm biara’ a sika ho akontaabufo a wonni nokware anaa wɔn a wɔhyehyɛ tow ho nkrataa a wonnim adwuma no mu yiye kae dii nti. Hwɛ sɛnea eye sɛ wobɛyɛ onitefo! Hwɛ wo nantew yiye denam kenkan a wobɛkenkan kyerɛwtohɔ biara yiye ansa na wode wo nsa ahyɛ ase so. Sɛ wuhu biribi a wɔde aka ho, wɔayi afi mu, anaa wɔatew afi mu a wonte ase a, ma wɔnkyerɛkyerɛ mu—sɛ ɛho behia saa a, wonti mu mpɛn pii—kosi sɛ wobɛte ase sɛ dekode no yɛ nokware na mmara ma kwan. Ɛyɛ nokware sɛ towtua ho mmara mu ayɛ hwanyann wɔ aman pii mu, nanso nyansa wom sɛ wobɛte biribiara a wode wo nsa hyɛ ase no ase sɛnea wubetumi biara. Ɛtɔ da bi a, ebia wubehu sɛ ɔyɔnko Kristoni bi a onim towtua mmara ho nsɛm betumi ama woanya mu nhumu bi. Kristoni panyin bi a odi towtua ho dwuma sɛ mmaranimfo kaa no pefee sɛ: “Sɛ wo sika ho akontaabufo kyerɛw biribi a ɛte sɛ nea eye dodo a, ɛnde ebia na ɛnkyerɛ nokwaredi!”

Di asɛyɛde ho dwuma. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.” (Galatifo 6:5) Towtua ho asɛm de, ɛsɛ sɛ Kristoni biara di emu nokwaredi na ɔde mmara so a obedi ho asɛyɛde to ne ho so. Eyi nyɛ ade a ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo gyina nguan a wɔwɔ wɔn hwɛ ase so ma wodi ho dwuma. (Fa toto 2 Korintofo 1:24 ho.) Wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ towtua ho nsɛm mu, gye sɛ wɔte bɔne bi a anibere wom a ɛfa aniwusɛm bi a ɛsɔre wɔ mpɔtam a wɔte mu ho. Ne nyinaa mu no, eyi yɛ adeyɛ a ɛyɛ Kristoni biara asɛyɛde sɛ ɔde n’ahonim a wɔatete no yiye de Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow di ho dwuma. (Hebrifo 5:14) Nea ɛka eyi ho ne nim a wunim sɛ towtua ho kyerɛwtohɔ biara a wode wo nsa bɛhyɛ ase—a nipa ko a ɔhyehyɛe mfa ho—no kyerɛ wɔ mmara kwan so sɛ woakenkan mu na wugye di sɛ emu nsɛm no yɛ nokware.a

Yɛ obi a ne ho nni asɛm. Ɛsɛ sɛ Kristofo ahwɛfo yɛ wɔn a ‘wɔn ho nni asɛm’ na wɔatumi afata ama wɔn dibea no. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa yɛ wɔn a wɔn ho nni asɛm Onyankopɔn anim. (1 Timoteo 3:2; fa toto Efesofo 5:27 ho.) Enti wɔbɔ mmɔden kura wɔn din pa mu wɔ mpɔtam a wɔte no wɔ towtua ho mpo. Yesu Kristo ankasa yɛɛ eyi ho nhwɛso. Wobisaa ne suani Petro sɛ Yesu tua asɔrefie tow a na ɛyɛ sika drakma abien pɛ no anaa. Nokwarem no, ná Yesu de ne ho wɔ saa tow yi tua ho, efisɛ na asɔrefie no yɛ n’Agya fie, na ɔhene biara nnye ne ba tow. Yesu kaa saa ara de, nanso otuaa saa tow no. Nokwarem no, ɔyɛɛ anwonwade mpo na onyaa sika a ehia no! Dɛn nti na otuaa tow a na ɔde ne ho wɔ ho ɔkwan biara so no? Sɛnea Yesu ankasa kae no, sɛnea “ɛbɛyɛ na yɛanto wɔn hintidua nti.”—Mateo 17:24-27.b

Munkura Din a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam Mu

Ɛyɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ asɛnhia sɛ wɔnto afoforo hintidua. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ sɛ́ kuw no, wɔwɔ din pa wɔ wiase nyinaa sɛ ɔmamma a wodi nokware na wotua tow. Sɛ́ nhwɛso no, Spain atesɛm krataa El Diario Vasco kaa towtua a nnipa pii guan wɔ Spain ho asɛm, nanso esii so dua sɛ: “Yehowa Adansefo nkutoo [ne] nnipa a wɔnyɛ saa. Sɛ wɔtɔ anaa wɔtɔn biribi a, [ade] no bo a wɔda no adi no yɛ nokware turodoo.” Saa pɛpɛɛpɛ na U.S. atesɛm krataa San Francisco Examiner kae wɔ mfe bi a atwam mu sɛ: “Wubetumi abu [Yehowa Adansefo] sɛ ɔmamma a wɔfata sɛ wosuasua wɔn. Wɔde nsiyɛ tua wɔn tow, hwɛ ayarefo, bɔ mmɔden sɛ wobetu akenkan ne akyerɛw a wonnim ase.”

Nokware Kristoni biara nni hɔ a ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛbɛsɛe saa din pa a wɔnam mmɔdenbɔ kɛse so anya yi. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wosi gyinae paw biribi a, so wobɛpaw ɔkwan bi a ɛbɛma wɔahu wo sɛ obi a onni nokware wɔ towtua mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkora wo sika so? Dabi. Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛpɛ sɛ wobɛhwere sika mmom sen sɛ wobɛsɛe wo din pa na woama nneɛma a ɛsom bo ma wo ne wo som a wode ma Yehowa mpo ho aba asɛm.

Nokwarem no, ɛtɔ da bi a ebia din pa a wubekura mu sɛ onipa a ɔdɔ ade trenee, na odi nokware no bɛma woahwere sika. Sɛnea Helani nyansapɛfo Plato kae bɛyɛ mfeha 24 ni no: “Sɛ ɛba towtua a, onipa a odi nokware no betua tow kɛse wɔ sika a onya ho na nea onni nokware betua ketewaa bi wɔ sika a ɛte saa ara ho.” Anka obetumi de aka ho sɛ onipa a odi nokware no nnu ne ho da wɔ ɛka a ɔbɔ na ama wayɛ nokwaredifo no ho. Edin a ɛte saa a wobenya no mpo fata ɛka a wɔbɛbɔ no. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi yɛ nokware wɔ nokware Kristofo fam. Din pa a wɔwɔ no som bo ma wɔn efisɛ ɛhyɛ wɔn soro Agya no anuonyam na ebetumi atwe afoforo aba wɔn asetra kwan no so ne wɔn Nyankopɔn, Yehowa no nkyɛn.—Mmebusɛm 11:30; 1 Petro 3:1.

Nanso, nea ɛsen ne nyinaa no, nokware Kristofo wɔ obu ma wɔne Yehowa ntam abusuabɔ no. Onyankopɔn hu biribiara a wɔyɛ, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsɔ n’ani. (Hebrifo 4:13) Enti, wɔpow sɔhwɛ biara a ɛbɛma wɔabɔ mmɔden sɛ wobesisi aban. Wonim sɛ Onyankopɔn ani gye nneyɛe a nokwaredi wom, na ɛho tew ho. (Dwom 15:1-3) Na esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔma Yehowa koma ani gye nti, wotua tow a ɛsɛ sɛ wotua nyinaa.—Mmebusɛm 27:11; Romafo 13:7.

[Ase hɔ nsɛm]

a Eyi bɛyɛ asɛnnennen ama Kristofo a wɔne ɔhokafo bi a onnye nni tua tow bom no. Ɔyere Kristoni bɛbɔ mmɔden sɛ obefi ahonim pa mu ama tiyɛ ho nnyinasosɛm ne hia a ɛho hia sɛ odi Kaesare towtua ho mmara so no akari pɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ ohu mmara kwan so ɔhaw ahorow a ebetumi afi kyerɛwtohɔ a onim sɛ ɛnyɛ nokware a ɔde ne nsa bɛhyɛ ase mu aba no.—Fa toto Romafo 13:1; 1 Korintofo 11:3 ho.

b Nea yɛnhyɛ no nsow ne sɛ Mateo Asɛmpa no nkutoo na ɛyɛɛ Yesu asase so asetra mu asɛm yi ho kyerɛwtohɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ honhom a Yesu yii no adi wɔ asɛm yi mu no maa Mateo, a na anka ɔno ankasa gyigye tow no, ho dwiriw no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena