Asetra Kwan a Atirimpɔw Wom
SƐNEA MELVA A. WIELAND KA KYERƐE
Me nuabea Phyllis baa me nkyɛn wɔ March 1940 mu, bere a na wɔabɔ me asu asram kakraa bi akyi bebisaa me sɛ: “Dɛn nti na wonyɛ akwampae adwuma?” Mibisae sɛ: “Akwampae adwuma?” “Wokyerɛ bere nyinaa asɛnka, nea ɛkame ayɛ sɛ mɛyɛ no da biara?”
MISUSUWII sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn atumi ayɛ ɔkwampaefo bere a minni Bible no ho nimdeɛ pii na sika kakraa bi na mewɔ wɔ sikakorabea no?’ Nanso, Phyllis asemmisa no ma mifii ase susuw nneɛma ho. Mebɔɔ ho mpae nso mpɛn pii.
Awiei koraa mibisaa me ho sɛ, ‘Dɛn nti na mintumi mfa me ho nto Onyankopɔn so bere a ɔhyɛ bɔ sɛ sɛ yɛde n’Ahenni di kan a, ɔbɛhwɛ yɛn?’ (Mateo 6:33) Enti wɔ June 1940 mu no, mede too gua sɛ megyae adepam adwuma a meyɛ no. Afei mekyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Australia no bisae sɛ wɔmma me akwampae dwumadi.
Me Nkwa Nna mu Adwuma
Adapɛn kakra akyi no, me nsa kaa mmuae, na wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔbɛma me dwumadi bere a makɔ ɔmantam nhyiam a wɔbɛyɛ wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Strathfield, Australia kurow a ɛso sen biara a ɛne Sydney no fã bi, awie no. Ade kyee anɔpa wɔ nhyiam no akyi no, mekɔɔ adwumayɛbea hɔ sɛ merekogye me dwumadi.
Nea na ɔwɔ adwumayɛbea hɔ no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mprempren yɛreyɛ adwuma wɔ beae a wɔhoro nneɛma a adagyew nnim koraa. So wubetumi atra ha aboa adapɛn kakra?” Ná ɛyɛ August 1940—na meda so ara reyɛ adwuma wɔ beae a wɔhoro nneɛma no! Saa bere no na adwumayɛbea ti abusua no mufo yɛ 35 pɛ; mprempren yɛyɛ 276.
Nanso ebia wubebisa nea enti a mibu adwuma a meyɛ wɔ beae a wɔhoro nneɛma no sɛ “asetra kwan a atirimpɔw wom,” titiriw esiane sɛ eyi ne adwuma a mayɛ bɛboro mfe 50 ni nti. Ansa na mɛkyerɛkyerɛ mu no, ma menka nneɛma a midii kan dii akyi ho asɛm.
Agumadi Bɛyɛɛ M’asetra Kwan
Wɔwoo me January 1, 1914 wɔ Melbourne, a na meyɛ mmofra baanum mu abakan. Ná yɛwɔ awofo a wɔdɔ yɛn a wɔde nnyinasosɛm a ɛkorɔn bɔɔ wɔn bra na wɔde nteɛso mae bere a ɛho hia. Yenyaa nea metumi afrɛ no nyamesom ntetee a ɛyɛ ebi-ne-bi, efisɛ na yɛn awofo nkɔ asɔre. Nanso, na wɔhyɛ sɛ yɛn mmofra no nkɔ mmofra asɔre wɔ England Asɔre no mu.
Bere a miwiee sukuu 1928 na mifii ase yɛɛ adwuma sɛ ɔdepamfo no, misii gyinae sɛ mede m’ahomegye bere fã kɛse no benya agumadi mu kyɛfa, bere a migye dii sɛ eyi betumi aboa me ma madi m’adefɛre no so. Mekɔdɔm tenis kuw bi na yɛbɔɔ tenis afe mu no nyinaa. Ná mebɔ nea wɔfrɛ no basketball ne baseball nso wɔ awɔw bere mu, na me ne mmea cricket kuw bɔ wɔ ahohuru bere mu. Cricket na minyaa ho anigye kɛse na mebɔɔ mmɔden sɛ mɛma me ho akokwaw kɛse wɔ ne bɔ mu na matumi afata abɔ ama ɔmantam a mete mu no.
Atirimpɔw a Ɛyɛ Soronko wɔ Agumadi Ho
Nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ Onyankopɔn bi a ɔwɔ ɔdɔ wɔ beae bi a wɔfrɛ hɔ hell a wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛ nnebɔne ayayade daa wɔ hɔ no haw me wɔ me mmofraase. Mibuu eyi sɛ ntease nni mu. Enti wubetumi de w’adwene abu anigye a minyae bere a mihuu nea “hell” kyerɛ ankasa mpofirim fii Bible mu no. Ɔkwan a ɛfaa so sii ni:
Ná me nuabea Phyllis a midi no panyin mfe anum no nso ani gye agumadi ho, na na yɛwɔ mmea cricket kuw biako mu. Wɔ 1936 mu no, yɛn kuw no muni bi de Phyllis kyerɛɛ aberante bi a wɔfrɛ no Jim a na wonim sɛ ɔpɛ nyamesom yiye. Ankyɛ na Jim fii ase kaa Bible nkyerɛkyerɛ ho asɛm kyerɛɛ Phyllis. Ɛkanyan n’anigye. Ná ɔka kyerɛ me sɛ: “Nyansa ne ntease kɛse wom.”
Saa bere no na me ne Phyllis da ɔdan biako mu wɔ fie, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkanyan m’anigye wɔ nea na Jim ka kyerɛ no fa Onyankopɔn Ahenni ho no ho. Ɔde anigye ka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛbɛyɛ nea nnipa nniso horow ntumi nyɛe.” Nanso me ne no gyee akyinnye, kae sɛ eyi yɛ asɔre foforo kɛkɛ a wɔde bɛma yɛn adwene atu afra, na obiara nnim nea ɛbɛba daakye ankasa. Nanso Phyllis ampa abaw na ogyaw nhoma ahorow guu mmeae horow wɔ ɔdan no mu, a na ɔhwɛ kwan sɛ ebia mɛkenkan.
Ná mepɛ sɛ mihu nea enti a Phyllis ani gye gyidi foforo yi ho kɛse saa no, enti da koro mefaa nhomawa bi. Ná ekura din a ɛkanyan anigye a ɛne Hereafter (Owu Akyi Asetra). Bere a mibuebuee mu huu asɛmfua “hell” no, ‘ɛkanyan m’anigye.’ Nea ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ mihui sɛ Bible asɛmfua “hell” no kyerɛ adesamma nyinaa ɔdamoa ankasa, na nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa kɔ hɔ. Mihuu nso sɛ hell nyɛ beae a wɔyɛ nkurɔfo ayayade; awufo nnim hwee na wontumi nte biribiara nka.—Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Dwom 146:3, 4.
Mihui sɛ ntease wom, titiriw bere a nhomawa no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn Tumfoɔ bi a ɔwɔ ɔdɔ ahyɛ bɔ sɛ ɔnam anwonwade a wɔfrɛ no owusɔre so bɛma awufo aba nkwa mu bio no. (Yohane 5:28, 29) Afei na mepɛ sɛ mihu nneɛma a Jim ka ho asɛm kyerɛ Phyllis no pii. Mihuu King James Version ketewaa bi a me papa de maa me bere a na meyɛ abofra no, na mibuee kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din wɔ nhomawa no mu no hwɛe. Eyi sii nea wɔka faa hell ne awufo tebea ho no so dua.
Ade foforo a ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ, mihui sɛ Onyankopɔn wɔ din ankasa a ɛne Yehowa. (Dwom 83:18) Mitumi hui nso sɛ na Onyankopɔn wɔ atirimpɔw anaa ntease bi ma biribiara a ɔyɛe anaa ɔmaa kwan ma esii. Eyi ma mibisaa me ho sɛ, ‘Dɛn ne m’atirimpɔw ankasa wɔ asetra mu?’ Efi saa bere no mifii ase susuw ho sɛ ebia mfaso kɛse wɔ so sɛ mebu agumadi aniberesɛm—kodu baabi a ɛkame ayɛ sɛ mebu m’ani agu biribi foforo biara so anaa.
Me Tirimbɔ a Midii ho Dwuma
Ná Jim ne Phyllis nnim koraa sɛ sɛnea mibu asetra no asakra, nanso wohui bere a wɔtoo nsa frɛɛ yɛn abusua no ma yɛkɔɔ yɛn adamfo bi apontow ase no. Saa bere no na obiara a ɔkɔ adeyɛ a ɛte sɛɛ ase no sɔre gyina hɔ, na wɔka sɛ wɔnnom nsa no wɔ England Hene nkwa so, na obiara ma ne tɔmmerɛ so kɔ soro nom nsa no de yɛ saa. Nanso, me nso mansɔre sɛnea Jim ne Phyillis anyɛ no. Bere a wohui sɛ meda so te hɔ no, wɔn ho dwiriw wɔn! Nokwarem no, yɛamfa ankyerɛ sɛ yebu wɔn animtiaa, na mmom sɛ Kristofo no yɛtee nka sɛ yenni ɔfã biara na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ ɔmampɛ ho guasodeyɛ a ɛte sɛɛ mu.—Yohane 17:16.
Nanso, m’awofo ne abusuafo a aka no hawee kɛse. Wɔkae sɛ yɛapa wɔn anaasɛ yɛabobɔ dam—anaasɛ abien no nyinaa! Afei bere a me ne Phyllis kɔɔ yɛn mmea cricket kuw no nkonimbo a wɔde ma afe afe dwumadi ase no, asɛm koro no ara na esii wɔ ɔmampɛ ho guasodeyɛ bi mu. Nea efii mu bae ne sɛ yɛn baanu nyinaa fii kuw no mu. Ná eyi nyɛ den sɛnea misusuwii sɛ ɛbɛyɛ no, efisɛ na mabehu sɛ Kristo Yesu, Onyankopɔn soro Ahenni no Hene, na ɛsɛ sɛ midi no nokware.
Afei Phyllis daa no adi sɛ ɛho hia sɛ mekɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow daa na minya Bible nimdeɛ pii de hyɛ me gyidi den. Saa bere no na asafo biako pɛ na ɛwɔ Melbourne, enti mifii ase kɔɔ nhyiam horow wɔ hɔ Kwasida awia biara. Ankyɛ na migye dii sɛ eyi ne Onyankopɔn nokware ahyehyɛde a ɛwɔ asase so no.
Ankyɛ, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛyɛ asafo no afie afie asɛnka adwuma no bi. Mfiase no mampɛ sɛ mekɔ, nanso Kwasida bi anɔpa misii gyinae sɛ me ne wɔn bɛkɔ akɔhwɛ sɛnea wɔyɛ no kɛkɛ. M’ani gyei bere a wɔde me kaa Ɔdansefo bi a ne ho akokwaw a ɔde ahotoso kasae wɔ ɔpon a edi kan no ano na ofiewura no de anigye tiee no no. Meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Wiɛ, na ɛno nyɛ den pii, nanso ɛho hia sɛ misua yɛ mpɛn pii ansa na matumi ayɛ no saa.’ Enti yɛ sɛnea me ho dwiriw me ho mfonini wɔ w’adwenem bere a Ɔdansefo no ka kyerɛɛ me wɔ bere a yɛafi ɔpon a edi kan no ano sɛ, “Afei wo nkutoo wubetumi akɔka asɛm no.”
Mede ahodwiriw bisaa no sɛ: “Me nkutoo nkɔ? Woredi agoru! Sɛ obi bisa me asɛm bi a minnim mmuae no a, dɛn na mɛka?” Nanso nea me ne no kɔe no kaa nea ɔkae no ara. Enti me nkutoo de ahopopo kɔe na ɔtoaa so dii nkurɔfo a wɔwɔ ɔkwan no fã foforo no adanse. Ɔkwan bi so no, mitumi yɛɛ adwuma saa anɔpa no.
Efi saa bere no mifii ase nyaa asɛnka adwuma no mu kyɛfa Kwasida anɔpa biara. Sɛ obi bisa me asɛm bi a mintumi mmua a, meka sɛ, “Mɛhwehwɛ mmuae no na masan abehu wo.” Anigyesɛm ne sɛ Yehowa kɔɔ so maa me ahoɔden ne akokoduru ma midii m’asetra mu atirimpɔw foforo no ho dwuma. Mihyiraa me nkwa so maa no, na wɔbɔɔ me asu wɔ Melbourne kurow no ɔmanfo asuguare abura mu wɔ October 1939 mu. Ɛno akyi pɛɛ na Phyllis a saa bere no na waware Jim no bisaa me nea enti a mamfi akwampae adwuma ase no.
Adwuma wɔ Baa Dwumadibea Hɔ
Bere a mifii ase yɛɛ adwuma wɔ Betel, sɛnea wɔfrɛɛ baa dwumadibea no wɔ January 1941 mu akyi bere tiaa bi no, wɔbaraa Australia Yehowa Adansefo adwuma no. Ɛno akyi no, asraafo no gyee Betel Fie a ɛwɔ Strathfield no fii yɛn nsam, na wɔma mekɔyɛɛ adwuma wɔ Asafo ti no afuw a ɛwɔ Ingleburn wɔ kilomita bɛyɛ 48 no mu. Wɔ June 1943 mu no, asennibea ahorow no buu Ɔwɛn Aban Asafo no bem, na wɔmaa adwuma no ho kwan. Eduu saa afe no awiei no, na wɔato nsa afrɛ yɛn mu nnipa 25 ma yɛasan aba Strathfield Betel. Mekɔɔ so yɛɛ adwuma wɔ beae a wɔhoro nneɛma wɔ hɔ, ne nnwuma afoforo a wɔyɛ wɔ fie hɔ no bi.
Ɛte sɛ nea mfe du a edi hɔ no twaam ntɛmntɛm. Afei wɔ 1956 mu no, mewaree me yɔnko Betel dwumayeni, Ted Wieland. Ná Ted yɛ ɔbarima a ne ho dwo na ɔwɔ boasetɔ kɛse, na yɛn ani gyei bere a wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔpene so sɛ yɛnkɔ so nsom wɔ Betel sɛ okunu ne ɔyere no. Yɛn baanu nyinaa buu yɛn asetra a atirimpɔw wom yi sɛ ɛsom bo, na yɛn ani gyee hokwan a yɛde somee wɔ Australia baa dwumadibea no ho. Nokwarem no, wɔ yɛn Betel adwuma akyi no, yenyaa anigye a ɛne sɛ yɛboom yɛɛ adwuma de boaa afoforo ma wɔbɛyɛɛ Kristo asuafo. Wubetumi akenkan Weekes abusua no ho asɛm wɔ October 22, 1993, Engiresi Nyan! mu sɛ ɛho nhwɛso biako.
Ahenni asɛnka no a enyaa nkɔso bere nyinaa no ma ɛho behiae sɛ wɔde nnipa 10 anaa 12 pɛ bɛka yɛn adwumayɛfo no ho wɔ me mfe 30 a edi kan wɔ Betel no mu. Nanso tebea no sakrae ntɛmntɛm wɔ 1970 mfe no mu bere a yefii ase tintim Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma wɔ ha no. Wofii ase sii nhoma tintimbea foforo wɔ January 1972 mu. Ankyɛ na nhoma tintim afiri a emu duru yɛ tɔn 40 fii Japan bae, na eduu 1973 no, na yetintim nsɛmma nhoma bɛyɛ 700,000 ɔsram biara. Afei na yɛn Betel abusua no mufo afi ase redɔɔso ankasa.
Ná 1970 mfe no nso yɛ awerɛhow bere ma m’ankasa. Nea edi kan no, me kunu Ted a medɔ no no wui wɔ 1975 mu bere a na wadi mfe 80 no. Afei, afe annu na me papa a na wabɔ akwakoraa no nso wui. Minyaa awerɛkyekye pii fii Yehowa ne n’Asɛm Bible no mu ne me honhom fam anuanom mmarima ne mmea hɔ. Ɛboaa me kɛse nso sɛ menam me dwumadi a atirimpɔw wom no so kɔɔ so yɛɛ pii wɔ Betel wɔ m’asetra bere a ɛyɛ awerɛhow yiye yi mu.
Nanso, mekɔɔ so yɛɛ me da biara nnwuma ara, na afei mifii ase nyaa akomatɔyam ne nhyira horow bio sɛ okunafo saa bere no. Wɔ 1978 mu no, mekɔɔ ɔmantam nhyiam no wɔ London, England, na ɛno akyi no mekɔɔ Ɔwɛn Aban Asafo no adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no. Me nuanom mmarima ne mmea ɔhaha pii a mihui sɛ wɔde anigye reyɛ adwuma wɔ Brooklyn Betel hɔ no akɔ so ahyɛ me mpamden de besi nnɛ.
Bere a 1970 mfe no reba awiei no, yɛtee sɛ wɔreyɛ nhyehyɛe asan atrɛw Australia Betel adan no mu. Nanso, na ntrɛwmu yi renkɔ so wɔ Strathfield a na yɛn asase no resa wɔ hɔ no. Mmom no, na wobesi ɔdan foforo a ɛso sen ɛno wɔ yɛn asase a ɛwɔ Ingleburn, baabi a meyɛɛ adwuma bere a wɔbaraa yɛn wɔ 1940 mfe no mu no so.
Asetra Kwan a Atirimpɔw Wom no Akɔ So
Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei wɔ January 1982 mu bere a yetu kɔɔ yɛn adan afoforo no mu no! Nokwarem no, mfiase no yedii awerɛhow kakra sɛ yɛretu afi baabi a yenim, nanso ankyɛ na yɛn ani gyee yɛn fie foforo a adan 73 a ɛyɛ fɛ wom no ho. Afei sɛ anka yɛbɛhwɛ ntayaa afasu ne kurom akwan no, yɛhwɛ mfuw ne nnua a ayeyɛ frɔmm, anantwi a wɔredidi ne owiapue ne owiatɔ a ɛyɛ fɛ—ade a ɛyɛ fɛ sen biara.
March 19, 1983 no, yehyiraa yɛn dan foforo no so wɔ anigye mu wɔ ofupɛ bere mu owia a ɛyɛ fɛ mu. Lloyd Barry a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni maa ɔdan so hyira ɔkasa a ɛka koma. M’ankasa m’ani sɔe sɛ ɔne ne yere baa ɔdan so hyira dwumadi no ase, efisɛ na me ne wɔn ayɛ adwuma wɔ Strathfield Betel bere a na yɛn nyinaa nnyinii no.
Nkɔanim a Ahenni asɛnka adwuma no kɔɔ so nyae no maa ɛho hiae sɛ yɛtrɛw yɛn adan a ɛwɔ Ingleburn ha no mu. Wɔtrɛw adwumayɛbea no mu wɔ 1987 mu. Afei November 25, 1989 no, yehyiraa abansoro dan foforo a ɛtoa so anum a wɔda mu ne nhoma tintimbea abansoro dan a ɛtoa so abiɛsa so. Hwɛ sɛnea yɛadɔɔso pii—fi asomfo a na wonnu 4,000 wɔ Australia bere a mifii me som adwuma no ase abedu bɛyɛ 59,000!
Nnansa yi ara wɔayɛ Australia baa dwumadibea no Asafo ti no Amantam Mfiridwuma Adwumayɛbea abiɛsa no mu biako de aka Japan ne Germany ho. Eyi ama ɛho abehia mpo sɛ wɔsan trɛw Betel adan no mu. Mprempren wɔasi office abansoro dan a ɛtoa so abiɛsa awiei, na wɔreyɛ asi abansoro dan a ɛtoa so anum a wɔbɛtra mu awie, na ɛbɛma yɛn abusua a emufo redɔɔso bere nyinaa no anya adan 80 bio.
Yɛanya adwumayɛfo pii wɔ beae a yɛhoro nneɛma no a wɔbɛyɛ adwuma no, nanso metaa kae saa August da no wɔ 1940 mu bere a wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛyɛ adwuma mmoa wɔ saa adwumayɛbea yi adapɛn abien no. Mede aseda kɛse ma sɛ saa adapɛn abien no akɔ anim aboro mfe 50, ne sɛ Yehowa Onyankopɔn akyerɛ m’anammɔn kwan akɔ asetra kwan a atirimpɔw wom a ɛte sɛɛ mu.
[Kratafa 21 mfonini]
Bere a na madi mfe 25 no
[Kratafa 23 mfonini]
Yɛn ayeforohyia da wɔ 1956 mu
[Kratafa 24 mfonini ahorow]
Wɔ 1938 mu no, na me ne me nuabea de yɛn ho hyɛ agumadi mu kɛse, nanso mprempren m’asetra sow aba pii