Kura wo Mudi Mu na Woatra Ase!
“DOME Onyankopɔn, na wu!” Yɛn nsɛmma nhoma yi anim mfonini no yɛ Hiob yere a ɔde saa nsɛm no haw Hiob no. Eyi sii bɛyɛ mfe 3,600 ni. Nanso saa asɛm a wɔde haw Onyankopɔn somfo nokwafo no twe adwene si ɔsɛmpɔw bi a adesamma hyia de besi nnɛ no so. Ná ɔnokwafo Hiob ahwere nneɛma bebree—ne nyɛmmoa, ne fie, ne mma du. Afei na ɔyare bi a enni sabea rema ne nipadua te ɛyaw a emu yɛ den nka, na ɛsɔɔ no hwɛe kosii ase. Dɛn na ɛma ɛbaa saa? Ná Onyankopɔn ne onipa tamfo kɛse, Satan Ɔbonsam, gu so redi mpoatwa a ɛne sɛ onipa ntumi nkura ne mudi mu mma Onyankopɔn wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den mu no ho dwuma.—Hiob 1:11, 12; 2:4, 5, 9, 10.
Ɛnnɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne” a ɔne Satan Ɔbonsam ‘tumi mu,’ sɛnea na ɛte wɔ Hiob nna no mu no. (1 Yohane 5:19) Nokwarem no, ɛte saa kɛse mpo nnɛ, efisɛ afei de wɔatow nea “wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no” afi soro akyene asase yi so. (Adiyisɛm 12:9) Eyi ama adesamma hyia ɔhaw ahorow a emu yɛ den wɔ yɛn bere yi mu. Wiase ko a edi kan a efii ase 1914 no yɛ “awoko yaw” a akɔ so abedu afeha a ɛto so 20 yi mu tɔnn no “mfiase.”—Mateo 24:7, 8.
Wɔ atirimɔden wiase a ne bra asɛe yi mu no, ɛyɛ a wote nka sɛ woagyina mu akodu baabi a ɛsɛ sɛ nnipa tumi gyina kodu? So ɛyɛ a wubisa sɛ, ‘Atirimpɔw bi wɔ asetra mu?’ Ɛbɛyɛ sɛ Hiob tee nka saa, nanso ɔkɔɔ so nyaa Onyankopɔn mu gyidi, ɛwom sɛ odii mfomso ahorow de. Ɔde nsɛm yi kaa ne bo a osii ho asɛm: “Meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu.” Ná ɔwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn ‘behu ne mudi.’—Hiob 27:5; 31:6.
Onyankopɔn ankasa Ba, Yesu Kristo, nso gyinaa sɔhwɛ ahorow ano bere a na ɔwɔ asase so ha no. Satan faa akwan horow so de ntua baa Yesu so. Ɔde nneɛma a na Yesu hia wɔ honam fam dii dwuma, na ɔsɔɔ no hwɛe wɔ Ne ho a ɔde to Onyankopɔn Asɛm so no ho, sɛnea ɔyɛe wɔ bepɔw so sɔhwɛ no mu no. (Mateo 4:1-11) Ɔhaw Yesu denam akyerɛwfo ne Farisifo awaefo ne wɔn akyidifo a ɔma wɔtaa no, wɔbɔɔ no sobo sɛ ɔka abususɛm, na wɔpam ne tiri so sɛ wobekum no no so. (Luka 5:21; Yohane 5:16-18; 10:36-39; 11:57) Nea wɔyɛɛ Yesu no sen nea awerɛkyekyefo atorofo baasa no de yɛɛ Hiob no.—Hiob 16:2; 19:1, 2.
Bere a Yesu rebɛn sɔhwɛ yi awiei wɔ Getsemane turo mu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu.” Afei, ‘ɔde n’anim kobutuw fam bɔɔ mpae sɛ: M’agya, sɛ ebetumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na sɛnea wopɛ.’ Awiei koraa no, bere a na Yesu wɔ asɛndua no so no, ɔteɛɛm kaa eyi de ma nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ Dwom 22:1 yi baam: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagyaw me?” Nanso ewiee ase no Onyankopɔn annyaw Yesu efisɛ Yesu kuraa ne mudi mu pɛpɛɛpɛ maa No, na ɔde yɛɛ nhwɛso a nokware Kristofo nyinaa bedi akyi. Yehowa tuaa Yesu ka wɔ ne mudi mu kura no ho denam nyan a onyanee no maa no so kɔɔ ɔsoro a ɛkorɔn sen biara no so. (Mateo 26:38, 39; 27:46; Asomafo no Nnwuma 2:32-36; 5:30; 1 Petro 2:21) Onyankopɔn betua afoforo a wɔn nso wokura wɔn mudi mu ma no nyinaa ka.
Ɛnyɛ sɛ Yesu mudi mu a okurae no de Satan mpoatwa ho mmuae a edi mu mae nko, na mmom ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde bɔɔ afɔre no de agyede a nnipa a wokura wɔn mudi mu betumi agyina so anya daa nkwa nso mae. (Mateo 20:28) Nea edi kan no, Yesu boaboa “kuw ketewa” a wɔbɛyɛ ne mfɛfo adedifo wɔ ɔsoro Ahenni no mu ano. (Luka 12:32) Eyi akyi no, ɔboaboa “nnipakuw kɛse” ano na ama wɔatwa “ahohia kɛse no,” na wɔafi mu aka akonya daa nkwa wɔ Onyankopɔn Ahenni no ahemman a ɛwɔ asase so no mu.—Adiyisɛm 7:9, 14-17.
Mudi mu kurafo Hiob bɛka awufo ɔpepepem pii a wobenyan wɔn saa bere no ma wɔabɛyɛ saa “asase foforo” abusua a wɔwɔ asomdwoe no ho. (2 Petro 3:13; Yohane 5:28, 29) Sɛnea wɔayɛ ho mfonini wɔ yɛn nsɛmma nhoma yi anim no, wotuaa mudi mu kura so ka wɔ Hiob nna no mu bere a Yehowa “hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase” no. Na wanya honhom fam ahoɔden sɛ obi a ‘wamfa n’ano anyɛ bɔne.’ Onyankopɔn de mfe 140 kaa ne nkwa nna ho. Ɔmaa Hiob nyaa honam fam nneɛma a na ɔwɔ kan no nyinaa mmɔho, na Hiob ‘nyaa mmabarima baason ne mmabea baasa,’ na na wobu ne mmabea no sɛ wɔn ho yɛ fɛ sen biara wɔ asase no so nyinaa. (Hiob 2:10; 42:12-17) Nanso na yiyedi yi nyinaa yɛ nhyira horow a mudi mu kurafo benya wɔ “asase foforo” no Paradise mu no ho mfonini ara kwa. Wo nso wubetumi anya saa anigye no bi, sɛnea nkratafa a edidi so no bɛkyerɛkyerɛ mu no!
[Kratafa 4 mfonini]
Yesu yɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ sɛ mudi mu kurafo