Wo Som—Ɛyɛ Po so Hyɛn bi a Ɛnsɛ sɛ Wufi Mu Da?
ƐHYƐN bi wɔ ahum mfinimfini. Ná ɛsɛ sɛ hyɛn no mufo a wɔrepere denneennen abɔ wɔn hyɛn no ho ban no si gyinae bi a emu yɛ den: sɛ́ wɔbɛtra hyɛn no mu anaasɛ wobefi mu na wɔagye wɔn ho nkwa. So na wunim sɛ wɔde saa asɛm yi yɛ nyamekyerɛ ho mfatoho?
Nyamekyerɛfo, titiriw Katolek nhomanimfo, taa de wɔn asɔre no toto po so hyɛn bi a ɛwɔ ahum mu ho. Wɔka sɛ saa hyɛn yi a ne panyin ne Yesu anaa Petro no, yɛ ɔkwan koro pɛ a wɔnam so nya nkwagye. Asɔfo no gyinabea ne sɛ, ‘Mfi hyɛn no mu da. Asɔre no akɔ ɔhaw a emu yɛ den mu pɛn, nanso ɛyɛ hyɛn a agyina ɔhaw a ano yɛ den mu wɔ abakɔsɛm nyinaa mu.’ Ebinom ka sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wufi mu? Dɛn bio na wubetumi ayɛ? Dɛn nti na wontwɛn mmoa ma wɔmfa nkɔ nsu a ɛso dwo so?’
Nea ɛne saa sɛnkyerɛnne kwan so kasa yi hyia no, nnipa pii a wɔwɔ ɔsom ahorow nyinaa mu susuw ho sɛ, ‘Minim sɛ me som nye wɔ nneɛma pii mu, nanso mewɔ anidaso sɛ ɛbɛsesa. Mempɛ sɛ mifi mu. Mepɛ sɛ meboa ma edi ne nsɛnnennen no so.’ Ebia, ɔdɔ a emu yɛ den a obi wɔ ma ne nananom som anaa suro a osuro mpo sɛ ‘wonni ɔsom no nokware’ na ɛde nsusuwii a ɛte sɛɛ ba.
Nhwɛso titiriw biako ne Hans Küng, Katolek nyamekyerɛfo a na onnye wɔn adwene ahorow ntom a wonim no yiye, a ɔkae sɛ: “So mimfi hyɛn no mu ahum bere mu, na minnyae wɔn a me ne wɔn atra mu abesi sesɛɛ no mma wonnyina ahum no ano nsesaw nsu a aba mu no mfi mu, na ebia wɔapere agye wɔn ho nkwa?” Obuae sɛ: “Minnyae mmɔden a mebɔ wɔ asɔre no mu no.” Ade foforo a wobetumi ayɛ ne sɛ “wɔbɛtwe wɔn ho afi asɔre yi ho, esiane sɛ enni n’asɛyɛde ho dwuma nti, efisɛ wɔdɔ gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn, na ebia wɔpɛ sɛ wɔyɛ Kristofo pa.”—Die Hoffnung bewahren.
Nanso, obi betumi atra ɛhyɛn a ɛne n’ankasa asɔre mu, a ɔwɔ gyidi sɛ, wɔ Onyankopɔn mmɔborohunu mu no, ɔbɛma bere tenten bi a anohyeto nnim ma ɔsom ahorow nyinaa de ayɛ nsiesie? Ɛno yɛ asemmisa a anibere wom. Sɛnea mfatoho no kyerɛe no, ntɛm a wobɛpɛ afi hyɛn a ɛda asiane mu mu akɔ ahyɛmma ahorow a wɔde gye nkurɔfo nkwa a ahobammɔ nnim mu no bɛyɛ nea asiane wom te sɛ hyɛn a ɛregu asu a wobɛtra mu ara pɛ. So nyansa wom sɛ sɛnea ɛte biara wobɛtra asɔre bi mu a ne tebea mfa ho? Dɛn anidaso na ɛwɔ hɔ sɛ wobetumi asiesie ɔsom ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no? Bere tenten bɛn na Onyankopɔn bɛma kwan ma wɔde adi dwuma atia n’apɛde?
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Chesnot/Sipa Press