“Apam Dedaw” Anaa “Hebri Kyerɛwnsɛm”—Emu Nea Ɛwɔ He?
ƐNNƐ nea wɔtaa yɛ wɔ Kristoman mu ne sɛ wɔde nsɛm “Apam Dedaw” ne “Apam Foforo” na ɛka Bible no afã ahorow a wɔde Hebri/Aram ne Hela kasa kyerɛwee no ho asɛm. Nanso, so Bible mu nnyinasosɛm bi wɔ hɔ ma nsɛm yi a wɔde di dwuma no? Na ntease bɛn nti na Yehowa Adansefo ntaa mfa nni dwuma wɔ wɔn nhoma ahorow mu?
Ampa, ebia sɛnea King James Version ne nkyerɛase afoforo a akyɛ, te sɛ German Septembertestament, Martin Luther nkyerɛase a edi kan (1522), no kyerɛ 2 Korintofo 3:14 ase no ma ɛyɛ te sɛ nea ɛboa saa adeyɛ yi. Wɔ King James Version mu no, saa nkyekyem yi kenkan sɛ: “Nanso wɔn adwene aniwa furae: efisɛ ɛde besi nnɛ no, nkataanim no ara da so kata apam dedaw no akenkan so a wonnya nnyii; Kristo mu na woyi saa nkataanim no.”
Nanso, nhoma 39 a wɔtaa frɛ no “Apam Dedaw” no na ɔsomafo no reka ho asɛm wɔ ha? Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase wɔ ha sɛ “apam” no ne di·a·theʹke. Bere a Germany nyamekyerɛ nhoma a agye din, Theologishche Realenzklopädie reka 2 Korintofo 3:14 ho asɛm no, ɛka sɛ, ‘di·a·theʹke dedaw no akenkan’ a ɛwɔ saa nkyekyem no mu no te sɛ ‘Mose akenkan’ a ɛwɔ nkyekyem a edi hɔ mu no. Enti, ɛka sɛ, ‘di·a·theʹke dedaw no’ gyina hɔ ma Mose Mmara no, anaa ayere so koraa no, Pentateuch [Mose Nhoma Anum] no. Akyinnye biara nni ho sɛ ennyina hɔ mma Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu a ɛbae ansa na Kristosom reba no nyinaa.
Hebri Kyerɛwnsɛm no fã bi kɛkɛ na ɔsomafo no reka ho asɛm, Mmara apam dedaw a Mose kyerɛw too hɔ wɔ Pentateuch no mu no; ɛnyɛ Hebri ne Aram Kyerɛwnsɛm no nyinaa ho asɛm na ɔreka. Afei nso, ɔnkyerɛ sɛ Kristofo nkyerɛwee a wɔnam honhom so kyerɛw no Y.B. mu afeha a edi kan mu no yɛ “apam foforo,” efisɛ saa asɛm yi mpue wɔ Bible no fã biara.
Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow nso sɛ nea Hela asɛmfua di·a·theʹke a Paulo de di dwuma wɔ ha no kyerɛ ankasa ne “nhyehyɛe.” (Sɛ wopɛ nsɛm foforo a, hwɛ New World Translation of the Holy Scriptures—With References, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintim no 1984, Nkekaho 7E, kratafa 1585.) Enti wɔ nnɛyi nkyerɛase pii mu no, ɛkenkan yiye sɛ “nhyehyɛe dedaw,” na ɛnyɛ “apam dedaw.”
“National Catholic Reporter” kae wɔ eyi ho sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ asɛm ‘Apam Dedaw’ no twe adwene kɔ biribi a ɛba fam anaa atwam so.” Nanso, Bible no yɛ nhoma biako ankasa, na ne fã biara nni hɔ a atwam anaa ayɛ “dedaw.” Emu nsɛm ne ne ho hyia fi Hebri nkyerɛwee no mu nhoma a edi kan so kosi Hela nkyerɛwee no mu nhoma a etwa to so. (Romafo 15:4; 2 Timoteo 3:16, 17) Enti yɛwɔ ntease pa nti a ɛsɛ sɛ yɛpow saa nsɛm a egyina adwenkyerɛ ahorow a ɛmfata so yi, na yɛpɛ sɛ yɛde nsɛm a ɛfata kɛse a ɛne “Hebri Kyerɛwnsɛm” ne “Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm” di dwuma.