Ehia sɛ Yɛhwehwɛ Bible mu Mpaebɔ Ahorow Mu
ƆBEA bi a ɔwɔ dadwen mu, ɔhene bi, ne Onyankopɔn ankasa Ba no bɔɔ mpae a yɛbɛhwehwɛ mu seesei no. Ɛsono tebea a ɛma wɔbɔɔ mpae no mu biara. Nanso, tebea horow a ɛte saa no betumi aka yɛn nnɛ. Dɛn na yebetumi asua afi saa nhwɛso ahorow yi mu?
‘Hwɛ W’afenaa Amanehunu’
Wowɔ ɔhaw bi a ennyae da? Anaasɛ dadwen ahyɛ wo so? Ɛnde, wo tebea no te sɛ Hana de no ansa na ɔrewo n’abakan, Samuel. Ná onni ba, na na ɔbea foforo redi ne ho fɛw. Nokwarem no, Hana tebea no haw no ara ma na onnidi. (1 Samuel 1:2-8, 15, 16) Ɔde adesrɛ too Yehowa anim bɔɔ mpae a edi so yi:
“Asafo [Yehowa], sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnde mede no mɛma [Yehowa] ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan bi renka ne ti.”—1 Samuel 1:11.
Hyɛ no nsow sɛ Hana anka asɛm a ensi biribi pɔtee biara so. Ɔde adesrɛ pɔtee bi na ɛtoo Yehowa anim (sɛ ɔmma no ɔba barima) a nea na ɛka eyi ho ne ne bo a osii wɔ biribi pɔtee bi ho (sɛ ɔde abofra no bɛma Onyankopɔn). Dɛn na eyi kyerɛ yɛn?
Sɛ wowɔ amanehunu mu a, ka nsɛm pɔtee bi wɔ wo mpaebɔ mu. Sɛnea wo haw te biara—sɛ́ ɛyɛ wo fie asɛm, ankonamyɛ anaa ɔyare no—bɔ Yehowa mpae wɔ ho. Ka sɛnea wo haw no te ankasa ne sɛnea wote nka kyerɛ no. Okunafo bi a wɔfrɛ no Louise ka sɛ: “Mede me haw to Yehowa anim anwummere biara. Ɛtɔ da bi a ɛyɛ a na ɛdɔɔso kakra, nanso meka emu biara ho asɛm ma mu da hɔ.”
Nsɛm pɔtee a wobɛka akyerɛ Yehowa no de mfaso horow ba. Saa a yɛbɛyɛ no bɛboa yɛn ma yɛahu yɛn haw no, na ɛbɛma ayɛ ketewa. Mpaebɔ pɔtee a yɛbɛbɔ no ma yeyi dadwen fi hɔ. Ansa na Hana renya ne mpaebɔ ho mmuae mpo no, na ne werɛ akyekye, na “na n’anim nte sɛ kan no bio.” (1 Samuel 1:18) Afei nso, nsɛm pɔtee a yɛbɛka no ma yehu nea mpaebɔ no ho mmuae yɛ. Bernhard, Kristoni bi a ɔwɔ Germany, ka sɛ: “Dodow a mema me mpaebɔ yɛ pɔtee no, dodow no ara na ɛho mmuae no mu da hɔ.”
“Meyɛ Abofra Ketewa”
Nanso, ebia obi benya nkate foforo bere a wɔde adwuma bi a ɔte nka sɛ ɔmfata sɛ ɔyɛ ahyɛ ne nsa no. Ɛtɔ da bi a asɛyɛde bi a Yehowa de ahyɛ wo nsa no bunkam wo so? Anaa nnipa bi bu wo sɛ womfata mma wo dwumadi no? Ná abofra Salomo wɔ tebea a ɛte saa ara mu bere a wɔsraa no sɛ Israel hene no. Nnipa atitiriw bi pɛe sɛ obi foforo tra ahengua no so. (1 Ahene 1:5-7, 41-46; 2:13-22) Wɔ Salomo ahenni no mfiase no, ɔsrɛɛ biribi wɔ mpaebɔ mu:
“[Yehowa] me Nyankopɔn, wo na woasi w’akoa ɔhene . . . Meyɛ abofra ketewa, minnim adifi ne emuba. . . . Ma w’akoa koma a etie, na memfa mimmu wo man atɛn, na minhu papa ne bɔne mu.”— 1 Ahene 3:7-9.
Salomo de ne mpaebɔ no gyinaa ɔne Yehowa ntam abusuabɔ, hokwan a na wɔde ama no, ne asɛyɛde a obetumi adi ho dwuma no so. Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, bere biara a wɔde asɛyɛde bi a yɛte nka sɛ ɛboro yɛn tumi so bɛhyɛ yɛn nsa no, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma yɛn nea yebetumi de ayɛ adwuma no. Susuw osuahu ahorow a edidi so yi ho:
Eugene kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a wɔmaa me asɛyɛde kɛse bi wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea sɛ minni ho dwuma no, metee nka sɛ memfata koraa. Ná afoforo a wɔfata na wɔwɔ osuahu pii sen me wɔ hɔ. Mantumi anna anadwo abien a edi hɔ no, na mede bere no pii bɔɔ mpae, na ɛno maa me ahoɔden ne awerɛhyem a ehia.”
Wɔkae sɛ Roy nkɔma ayi ase kasa bere a n’adamfo kumaa bi a na nkurɔfo nim no yiye wuu mpofirim yayaaya no. Ná ɛda adi sɛ nnipa ɔhaha pii bɛba. Dɛn na Roy yɛe? “Memmɔɔ mpae nsrɛɛ ahoɔden ne tumi a ɛbɛma mahu nsɛmfua a ɛfata a mede bɛka nsɛm a ɛhyɛ nkuran de akyekye afoforo werɛ saa da.”
Bere a Ɔbɔadeɛ no ‘yɛ nneɛma ntɛm’ na n’ahyehyɛde no trɛw no, nea efi mu ba ne sɛ wɔde asɛyɛde rehyɛ n’asomfo no pii nsa. (Yesaia 60:22) Sɛ wɔma wo dwumadi pii a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa betumi ama wo osuahu, ntetee, anaa tumi biara a wunni no. Bɔ Onyankopɔn mpae sɛnea Salomo yɛe no, na Ɔbɛma wo nea wode bedi asɛyɛde no ho dwuma.
“Sɛ Wɔn Nyinaa Nyɛ Biako”
Tebea a ɛto so abiɛsa a ɛsɔre nnɛ ne sɛ wɔbɛfrɛ wo sɛ di kuw bi anim wɔ mpaebɔ mu. Sɛ wɔfrɛ yɛn sɛ yenni afoforo anim mmɔ mpae a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae? Susuw Yesu mpaebɔ a wɔakyerɛw wɔ Yohane ti 17 no ho. Ɔbɔɔ saa mpae yi bere a na n’asuafo no wɔ hɔ anadwo a etwa to a ɔtraa ase sɛ onipa no. Adesrɛ ahorow bɛn na ɔde too ne soro Agya no anim?
Yesu sii botae ahorow ne anidaso a ɔne wɔn a na wɔwɔ hɔ no nyinaa wɔ no so dua. Ɔkaa Yehowa Nyankopɔn din a wɔbɛhyɛ no anuonyam ne Ahenni no a wɔbɛma wɔahu no ho asɛm. Yesu sii hia a ehia sɛ obi ne Agya ne Ɔba no nya abusuabɔ a egyina Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ so no so dua. Ɔkasa faa wiase no a n’asuafo no bɛtwe wɔn ho afi ho na asiesie wɔn ama ɔsɔretia no ho. Kristo srɛɛ n’Agya bio sɛ ɔmmɔ asuafo no ho ban na ɔmma wɔnyɛ biako wɔ nokware som mu.
Yiw, Yesu sii biakoyɛ so dua. (Yohane 17:20, 21) Saa anwummere no, na asuafo no adi kan anya akasakasa bi a ɛnkyerɛ ahokokwaw. (Luka 22:24-27) Nanso, wɔ mpaebɔ mu no, Kristo anhwehwɛ sɛ ɔbɛka wɔn anim, na mmom, sɛ wɔbɛyɛ biako. Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, ɛsɛ sɛ abusua ne asafo mpaebɔ hyɛ ɔdɔ ho nkuran na etumi di akasakasa a ɛwɔ ankorankoro ntam so. Ɛsɛ sɛ ɛma wɔn a wɔredi wɔn anim no bom ma wɔyɛ biako.—Dwom 133:1-3.
Saa biakoyɛ yi da adi bere a wɔn a wɔretie no ka “Amen” anaa “Ɛnyɛ hɔ” de wie no. Sɛ eyi bɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wɔte biribiara a wɔkaa ho asɛm no ase na wɔpene so. Enti, ɛbɛyɛ nea ɛmfata sɛ wobɛka asɛm bi wɔ mpaebɔ no mu a wɔn a wɔwɔ hɔ no bi nnim. Sɛ nhwɛso no, ebia ɔpanyin bi a ɔredi asafo bi anim wɔ mpaebɔ mu bɛsrɛ Yehowa nhyira ama honhom mu onua anaa onuawa bi a ɔyare denneennen. Nanso, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔbɛyɛ saa bere a wɔn a ɔredi wɔn anim no fã kɛse no ara nim onipa no na wɔate sɛ ɔyare.
Afei nso, hyɛ no nsow sɛ, Yesu ammobɔ kuw no muni biara ahiade din. Anka saa a ɔbɛyɛ no bɛma waka kokoam nsɛm a ankorankoro kakraa bi na wonim ho asɛm. Obi ankasa ahiade ahorow fata ma kokoam mpaebɔ, na obetumi aka kokoam nsɛm dodow biara a ɔpɛ wom.
Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ obi siesie ne ho na wadi asomfo pii a wɔahyiam anim wɔ mpaebɔ mu? Kristoni bi a ne ho akokwaw kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Midi kan susuw ade a ɛsɛ sɛ meda ho ase, abisade ahorow a ebia anuanom wɔ, ne wɔn adesrɛ ahorow a metumi aka ho asɛm ama wɔn ho. Mehyehyɛ nea mɛka, a ayeyi nsɛm ka ho no ɔkwan a ɛfata so wɔ m’adwene mu. Ansa na megyina nnipa dodow ananmu abɔ mpae no, mebɔ mpae wɔ me tirim srɛ mmoa a ɛbɛma madi anuanom anim wɔ ɔkwan a nidi wom so.”
Sɛnea wo tebea te biara no, akyinnye biara nni ho sɛ wubehu mpaebɔ a obi a na ɔwɔ tebea a ɛte sɛ wo de no ara mu bɔe wɔ Bible mu. Mpaebɔ ahorow pii a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no di Onyankopɔn adɔe ho adanse. Sɛ wokenkan saa mpaebɔ ahorow yi na wususuw ho a, ɛbɛboa wo ma wo mpaebɔ atu mpɔn.
[Kratafa 5 adaka]
Bible Mu Mpaebɔ Atitiriw
Yehowa asomfo bɔɔ mpae wɔ tebea horow pii mu. Tebea horow a edidi so yi biako anaa nea ɛboro saa betumi afa wo ho?
Wuhia Onyankopɔn hɔ akwankyerɛ te sɛ Elieser?—Genesis 24:12-14.
Asiane bi reyɛ ato wo te sɛ Yakob?—Genesis 32:9-12.
Wopɛ sɛ wuhu Nyankopɔn yiye sɛnea Mose huu no no?—Exodus 33:12-17.
Atamfo rehaw wo te sɛ Elia?—1 Ahene 18:36,Decide Now for Divine Rulership
Asɛnka yɛ den ma wo, sɛnea na ɛyɛ den ma Yeremia no?—Yeremia 20:7-12.
Ehia sɛ woka wo bɔne na wohwehwɛ fafiri sɛnea Daniel yɛe no?—Daniel 9:3-19.
Wuhyia ɔtaa, te sɛ nea Yesu asuafo no hyiae no?—Asomafo no Nnwuma 4:24-31.
Hwɛ Mateo 6:9-13; Yohane 17:1-26; Filipifo 4:6, 7; Yakobo 5:16 nso.
[Kratafa 6 adaka]
Nea Ɛsɛ Sɛ Wobɔ Ho Mpae Bere A Woreko Tia Su Bi A Aka Wo Hɔ
Woreko tia mmerɛwyɛ bi a ɛtaa ba? Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ ahorow a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no betumi ayɛ mmoa? Suasua Dawid a ɔbɔɔ mpae mmere ahorow mu wɔ n’ankasa mmerɛwyɛ ahorow ho no.
Dawid too dwom sɛ: “Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hu me koma, sɔ me hwɛ, na hu m’adwene.” (Dwom 139:23) Ná ɛyɛ Dawid pɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn hwehwɛ akɔnnɔ, nkate anaa adwene ahorow a ɛnteɛ mu. Wɔ ɔkwan foforo so no, Dawid srɛe sɛ Yehowa mmoa no ma ɔnkwati bɔne.
Nanso Dawid mmerɛwyɛ ahorow dii ne so, na ɔyɛɛ bɔne kɛse. Mpaebɔ boaa no wɔ eyi nso mu—saa bere yi de, ɛmaa ɔne Onyankopɔn san nyaa abusuabɔ pa. Sɛnea Dwom 51:2 kyerɛ no, Dawid srɛe sɛ: “Hohoro me ho fi m’amumɔyɛ mu koraa, na prapra me ho fi me bɔne mu.”
Yɛn nso yebetumi de ahobrɛase abɔ mpae asrɛ Yehowa mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi yɛn nkate horow a ɛmfata so. Eyi bɛhyɛ yɛn den ma yɛadi mmerɛwyɛ bi a aka yɛn hɔ so, na ebetumi aboa yɛn ma yɛakwati bɔne. Sɛ yɛsan yɛ dekode no bio a ɛsɛ sɛ yɛkɔ Yehowa anim bio kɔsrɛ sɛ ɔmmoa yɛn ma yentumi ntoa ɔko no so.
[Kratafa 7 mfonini ahorow]
Ɛsɛ sɛ wosi Kyerɛwnsɛm mu anidaso ne honhom mu botae ahorow a obiara wɔ so dua wɔ mpae a wodi kuw bi anim bɔ no mu