Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 3/15 kr. 8-9
  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Zambia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Zambia
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsu Aworoeɛ Fɛfɛ a Wɔkɔhwehwɛ Hɔ
    Nyan!—2004
  • Yɛn Wiase Nyinaa Nuayɛ Kuw No Ahyɛ Me Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • AIDS Wɔ Afrika—Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Mfirihyia Apem Foforo Yi?
    Nyan!—2000
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 3/15 kr. 8-9

Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Zambia

ASASETAW a ɛtrɛw na ɛso yɛ mmonkyimmɔnka a ɛda asase kɛse a ne tenten bɛyɛ mita 1,200 so—eyi yɛ Zambia, ɔman a ɛda Afrika kesee fam mfinimfini pɛɛ no. Wɔ kusuu fam apuei no, Muchinga Mmepɔw no tenten kodu mita 2,100. Asubɔnten Zambezi a ɛsõ na ɛworo kɔfa Victoria Aworoeɛ so no na ɛyɛ ɔman a nsase atwa ho ahyia yi kesee fam hye no fã kɛse. Nnipa ahorow pii ne mmusuakuw bɛboro 70 na wɔwɔ ha. Kasa titiriw awotwe na wɔka wɔ ha, nanso foforo pii ka ho.

Wɔ 1911 mu no, kasa soronko bi fii ase nyaa ntini wɔ Zambia na ɛtrɛwee. Ahɔho de Studies in the Scriptures no bi bae, na efi saa bere no Yehowa Adansefo abɔ mmɔden ama Bible mu nokware “ano kronkron” no atrɛw wɔ Zambia. (Sefania 3:9) Nea ɛyɛ asɛnnennen titiriw ne awufo tebea ho gyidi ahorow a ennyina Kyerɛwnsɛm so no. Sɛ nkurɔfo sua nokware no na wohu sɛnea gyidi hunu ayɛ wɔn nkoa no a, wɔte nka sɛ wɔade wɔn ho!—Yohane 8:32.

Sɛ nhwɛso no, onuawa nokwafo bi bɔ amanneɛ sɛ: “Bere a me wɔfa wuu mpofirim no, me maame a na ɔyɛ Zambia United Church no muni a ɔyɛ nnam no yɛɛ basaa. Wɔ amusiei ho amanne a wɔde dapɛn biako yɛe akyi no, mesan kɔɔ akuraa no ase sɛ merekɔhwɛ sɛnea ne ho te. Bere a miduu hɔ no, mihuu barima bi a ne mfe akɔ anim wɔ fie hɔ, na bere a ofii hɔ no, mibisaa me nanabea onii ko a ɔyɛ. Ɔkae sɛ ɔyɛ ntafoayifo. Me maame kɔfaa no sɛ ɔmmɛtɔ ne nua barima no wu so werɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ne kra betumi agye n’ahome. Sɛnea ɔkaa no no, na ogye di sɛ seesei de ‘ɛnenam.’

“Me nana no kɔɔ so kyerɛɛ mu sɛ ba a maba no yɛ nhyira, efisɛ na abusua no rehwehwɛ sika a wɔde betua ntafoayifo no ka. Ɔsrɛɛ me sɛ mintua biribi, nanso menam anifere kwan so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ Kristoni no, merentumi mfa me ho nhyɛ mu. Me ne no susuw nsɛm ho fii Dwom 146:4 a ɛkyerɛ sɛ awufo nnim biribiara—enti ɔkra biara nni hɔ a ‘ɛnenam.’ Afei nso yesusuw Romafo 12:19 a ɛda no adi sɛ Yehowa na aweredi wɔ no, na ɛnyɛ yɛn no ho. Ɛno akyi no, mekaa owusɔre ho anidaso a Yesu kaa ho asɛm sɛnea wɔakyerɛw wɔ Yohane 5:28, 29 no ho asɛm kyerɛɛ me maame. Gyidi a emu yɛ den a mewɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu no kaa no. Ankyɛ na ofii ase ne Ɔdansefo bi suaa ade na onyaa nkɔso ntɛmntɛm. Ɔne ne som dedaw no twaa abusuabɔ biara mu, na ɔnam asubɔ so yɛɛ ne ho so a wahyira ama Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Seesei ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako.”

Onuawa foforo nso bɔ amanneɛ sɛ: “Mekɔɔ me wɔfa yere ayi. Bere a miduu hɔ no, mihuu me wɔfa no ne ne ba sɛ wɔredi abuada. Ná wonnii biribiara fi da a me wɔfa yere no wui no. Bere a mibisaa nea enti a ɛte saa no, wobuae sɛ sɛnea amammerɛ kyerɛ no wonni hokwan sɛ wɔsɔ gya noa aduan. Mekae sɛ mɛnoa aduan no, nanso abusuafo no binom suroe sɛ sɛ mibu abosonsom amammerɛ yi so a, obiara bɛbɔ dam!

“Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ́ Yehowa Adansefo no mu biako no, mibu nea Bible no ka wɔ Leviticus 18:30 no, na minni amammerɛ ahorow a enni Kyerɛwnsɛm mu akyi. Afei, mede Awufo Ahonhom nhomawa no kyerɛɛ wɔn. Ɛno maa osuro no so tewee, na menoaa aduan maa me wɔfa ne nnipa a wɔaka no. M’akokoduru no kaa owufo no abusuafo, na wɔpenee so sɛ wobesua Bible no akɔ akyiri. Wɔabɛyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu dedaw, na abusua no nyinaa wɔ anidaso sɛ ɛrenkyɛ wobegye asubɔ.”

Hwɛ anigye ara a yenya bere a nokware kasa kronn no bunkam nyamesom atosɛm a ɛde sakasakayɛ ba so no, titiriw nsusuwii horow a emu yɛ den a ɛma nnipa a wɔn ho nni asɛm yɛ nkoa no! Ɛdenam Yehowa nhyira so no, kasa kronn no retrɛw wɔ Zambia, sɛnea ɛte wɔ asase nyinaa so no.—2 Korintofo 10:4.

[Kratafa 9 adaka]

ƆMAN NO HO AKONTAABU

1994 Ɔsom Afe

DODOW A ƐSEN BIARA A WODII ADANSE:82,926

NKYEKYEM:Ɔdansefo 1 kasa kyerɛ 107

DODOW A WƆBAA NKAEDI ASE:363,372

AKWAMPAEFO DODOW NKYEKYEM:10,713

BIBLE ADESUA DODOW NKYEKYEM:108,948

DODOW A WƆBƆƆ WƆN ASU:3,552

ASAFO DODOW:2,027

BAA DWUMADIBEA:LUSAKA

[Kratafa 9 mfonini]

Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Lusaka kurotia no

[Kratafa 9 mfonini]

Asɛm no a wɔka wɔ Shimabala, Lusaka kesee fam

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena