Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 5/15 kr. 3-4
  • Ɔhene Bi Susuw Ne Daakye Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhene Bi Susuw Ne Daakye Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛhefa Na Yɛn Nananom Wɔ?
    Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
  • So Awufo Betumi Ahu Yɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Henanom na Wɔwɔ Ahonhom Atrae?
    Nyan!—1996
  • Mesom Me Tete Nananom
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 5/15 kr. 3-4

Ɔhene Bi Susuw Ne Daakye Ho

NÁ AFRIKA Atɔe Fam hene no yɛ ɔkannifo a wɔdɔ no na wobu no kɛse wɔ ne man mu. Bere a ɔredi n’awoda a ɛto so 78 no, ne nnamfo, abusuafo, ne n’adɔfo afoforo hyiaa mu maa no tiri nkwa. Ɔhene no paw asɛmti soronko bi maa adeyɛ a ɛte saa no wɔ ɔkasa bi a ɔmae no mu. Ɔkasa faa adwene a okura wɔ owu akyi asetra ho.

Ɔkae sɛ “wiase foforo bi a nnaadaa, ahoɔyaw ne adifudepɛ nnim” wɔ wiase yi akyi. Ɔkaa ho asɛm sɛ ɛyɛ wiase bi a “emu nneɛma yɛ ahintasɛm,” na atreneefo a wɔne Onyankopɔn bɛbɔ nkutoo na wɔbɛtra mu.

Gyidi a ɛte saa no abu so wɔ nnipa a wɔwɔ Afrika nyinaa mu. Sɛnea Afrikafo tetefo som kyerɛ no, owu nyɛ asetra awiei, na mmom nsakrae ara kwa, asetra a obi konya wɔ ahonhom atrae. Wɔka sɛ sɛ onipa wu a, ofi wiase a aniwa hu yi mu kɔ wiase a aniwa nhu mu. Afei, sɛ honhom no, onipa no kɔ wiase bi a ne nananom a wɔawuwu te mu mu.

Afrika Atɔe Famfo pii gye di sɛ wɔn nananom a wɔawuwu, anaasɛ wɔn ahonhom, boa ma wɔn mmusua di yiye wɔ asase so. West African Traditional Religion nhoma no ka sɛ: “Nsonsonoe titiriw biara nni tumi a ɔman no mufo a wɔda so ara wɔ asase so ha wɔ ne nea wɔn a wɔawuwu wɔ no ntam. Bere a na yɛn [nananom a wɔawuwu] wɔ asase so no, na wɔyɛ wɔn mmusua mu mpanyimfo. Seesei a yenhu wɔn yi, wɔda so ara yɛ mpanyimfo wɔ ahonhom wiase no mu. Wɔkɔ so ara dwen wɔn mmusua yiyedi ho.”

Enti, ɔhene a ne mfe akɔ anim a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no hwɛɛ kwan sɛ ɔbɛkɔ akɔka ne nananom a wɔawuwu no ho na ɔne wɔn ayɛ adwuma wɔ ahonhom atrae. Ɔkae sɛ: “Mewɔ tumi a metumi akɔ so asom sɛ ɔpanyin no mu gyidi a emu yɛ den—wɔ owu akyi mpo.”

Nanso, esiane nea ɔhene no ka toaa so nti, Sunday Times atesɛm krataa no kae sɛ, “ɛte sɛ nea onnye nni korakora” sɛ owu akyi asetra bi wɔ hɔ. Ɔka kyerɛɛ nnipadɔm a wɔahyiam no sɛ wate sɛ nhoma bi wɔ hɔ a ɛka owu akyi asetra ho asɛm. Ná ɔhene no de mfe anum ahwehwɛ nhoma no bi. Ná ne ho pere no sɛ ɔbɛkenkan nhoma no araa ma enti, ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma obiara a obenya nhoma no bi ama no no sika bɛyɛ (U.S.) dɔla 1,500.

Anka ɔhene no betumi akwati haw a ɔbɛhaw ne ho ahwehwɛ bi no denam nhoma a ɛho nyɛ den a ɔbɛkenkan no so. Ɛyɛ nhoma a obiara betumi anya bi ntɛm, a ɛnyɛ nnipa na wɔkyerɛwee, na mmom, nnipa nyinaa Bɔfo no. (1 Tesalonikafo 2:13) Saa nhoma no ne Bible no. Dɛn na ɛka wɔ owu akyi asetra ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena