Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 5/15 kr. 21-26
  • Ɔfã a ɛto so Abien—Hann a Epue—Akɛse ne Nketewa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã a ɛto so Abien—Hann a Epue—Akɛse ne Nketewa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔtee “Tumi a Ɛwɔ Anuonyam” no Ase
  • Hann a Epue Wɔ Ahyehyɛde mu Nneɛma So
  • Kristofo Abrabɔ ho Hann
  • Nsakrae Afoforo
  • Nsɛmfua ho Hann Nya Nkɔso
  • Hann a Epue wɔ Asomafo no Mmere So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nantew Ɔkwan A Ɛkɔ So Hyerɛn No So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Ɔfã a Edi Kan—Hann a Epue—Akɛse ne Nketewa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Di Wiase Hann No Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 5/15 kr. 21-26

Ɔfã a ɛto so Abien—Hann a Epue—Akɛse ne Nketewa

“Wo hann mu na yehu hann.”—DWOM 36:9.

1. Mmɔden bɛn na wodii kan bɔe sɛ wɔbɛte Adiyisɛm nhoma no mu nsɛnkyerɛnne no ase?

EFI tete na Kristofo akyerɛ Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm no ho anigye. Ɛma wonya sɛnea nokware hann no kɔ so hyerɛn bere nyinaa no ho nhwɛso a ɛyɛ fɛ. Wɔ 1917 mu no, Yehowa nkurɔfo tintim Adiyisɛm ho nkyerɛkyerɛmu bi wɔ The Finished Mystery nhoma no mu. Ɛde akokoduru paa Kristoman mu nyamesom ne amammui akannifo ho ntama, nanso wɔfaa emu nkyerɛkyerɛmu pii fii mmeae ahorow. Ne nyinaa mu no, The Finished Mystery sɔɔ nokware a Bible Asuafo no di ma ɔkwan a ani tua a na Yehowa de redi dwuma no hwɛe.

2. Hann bɛn na asɛm “Ɔman no Awo” ma epuee Adiyisɛm nhoma no so?

2 Hann bi a ɛyɛ nwonwa puei wɔ Adiyisɛm nhoma no so bere a wotintim asɛm “Ɔman no Awo” wɔ March 1, 1925, The Watch Tower mu no. Ná wosusuw sɛ Adiyisɛm ti 12 fa Roma abosonsomfo ne Roma asɔrefo ntam ɔko bi ho, na ɔbabanin no gyina hɔ ma pope tumidi no. Nanso saa asɛm no daa no adi sɛ Adiyisɛm 11:15-18 fa ti 12 no mu ntease ho, na ɛkyerɛe sɛ ɛfa Onyankopɔn Ahenni no awo ho.

3. Nhoma ahorow bɛn na ɛmaa hann kɔɔ so hyerɛn Adiyisɛm so?

3 Eyinom nyinaa ma wonyaa Adiyisɛm mu ntease a emu da hɔ kɛse wɔ Light nhoma a wotintim no apo abien wɔ 1930 mu no mu. Eyi akyi no, nsakrae pii a wɔyɛe puei wɔ “Babylon the Great Has Fallen!” God’s Kingdom Rules! (1963) ne “Then Is Finished the Mystery of God” (1969) mu. Nanso, na nneɛma pii da so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wosua wɔ nkɔmhyɛ nhoma a ɛne Adiyisɛm no mu. Yiw, hann a ɛhyerɛn puee so wɔ 1988 mu, bere a wotintim Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! no. Yebetumi aka sɛ ade a ɛmaa hann yi daa adi nkakrankakra ne sɛ Adiyisɛm mu nkɔmhyɛ no fa “Awurade da” a efii ase 1914 no ho. (Adiyisɛm 1:10) Enti na wɔbɛte Adiyisɛm nhoma no ase yiye bere a saa da no kɔ anim no.

Wɔtee “Tumi a Ɛwɔ Anuonyam” no Ase

4, 5. (a) Bible Asuafo no buu Romafo 13:1 dɛn? (b) Dɛn na akyiri yi wobehui sɛ ɛne Kyerɛwnsɛm no gyinabea wɔ “tumi a ɛwɔ anuonyam” no ho?

4 Wɔ 1962 mu no, wohuu hann bi a ɛhyerɛn a ɛfa Romafo 13:1 a ɛka sɛɛ no ho: “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ tumi a ɛwɔ anuonyam [“atumfoɔ a wɔkorɔn,” New World Translation] no ase.” Bible Asuafo a wodi kan no tee “tumi a ɛwɔ anuonyam” a wɔkaa ho asɛm wɔ hɔ no ase sɛ ɛfa wiase atumfoɔ ho. Wɔfaa no sɛ saa kyerɛwsɛm yi kyerɛ sɛ sɛ wɔhyɛ Kristoni bi de no kɔ sraadi wɔ ɔko bere mu a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ osetie hyɛ akotade, kura tuo, kɔ akono kɔdeda asraafo ahobammɔ amoa mu. Wosusuwii sɛ esiane sɛ Kristoni ntumi nkum ne yɔnko nipa nti, sɛ edu nea ɛyɛ den a ɔde ne tuo bɛhwɛ wim atow.a

5 November 15 ne December 1, 1962, The Watchtower no kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu pefee bere a ɛreka Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 22:21 ho asɛm no: “Momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn!” Ná asomafo no nsɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 5:29 no ho hia: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” Kristofo brɛ wɔn ho ase ma Kaesare—“tumi a ɛwɔ anuonyam” no—bere a saa a wɔbɛyɛ no nhwehwɛ sɛ Kristoni no bɛyɛ ade atia Onyankopɔn mmara nkutoo. Wobuu wɔn ho ase a wɔbɛbrɛ ama Kaesare no sɛ nea anohyeto wom, ɛnyɛ nea ekosi ase. Kristofo de Kaesare de ma no bere a dekode no ne Onyankopɔn ahwehwɛde mmɔ abira nkutoo. Hwɛ abotɔyam a na ɛyɛ sɛ wɔtee saa asɛm no ase pefee!

Hann a Epue Wɔ Ahyehyɛde mu Nneɛma So

6. (a) Nnyinasosɛm bɛn na wodii akyi na ama wɔakwati asɔfo mpanyinni nhyehyɛe a ɛkɔɔ so Kristoman mu no? (b) Awiei koraa no dɛn na wobehui sɛ ɛne ɔkwan a ɛteɛ a ɛsɛ sɛ wɔfa so paw wɔn a wɔhwɛ asafo no so no?

6 Ná wɔn a ɛsɛ sɛ wɔsom sɛ mpanyimfo ne asomfo nkumaa wɔ asafo ahorow no mu ho asɛm asɔre. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakwati asɔfo mpanyinni nhyehyɛe a ɛkɔ so wɔ Kristoman mu nti, wosii gyinae sɛ ɛsɛ sɛ asafo biara mufo to aba wɔ demokrase kwan so de yi saafo no. Nanso hann a ɛhyerɛn a na ɛwɔ September 1 ne October 15, 1932, The Watchtower mu daa no adi sɛ nnyinasosɛm bi nni Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ wɔnto aba nyi mpanyimfo. Enti ɔsom boayikuw bi besii eyinom ananmu, na Asafo ti no paw ɔsom adwuma kwankyerɛfo.

7. Nkɔso bɛn na hann a epuei de baa asafo no mu wɔ sɛnea na wɔpaw asomfo no ho?

7 Hann bi puee June 1 ne June 15, 1938, The Watchtower mu a ɛkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔfa teokrase kwan so paw asomfo wɔ asafo no mu, na ɛnsɛ sɛ wɔto aba yi wɔn. Hann foforo puee 1971 mu a ɛkyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ asafo somfo biako pɛ di asafo biara anim. Mmom no, ɛsɛ sɛ emu biara nya mpanyimfo kuw, anaa ahwɛfo, a Yehowa Adansefo Sodikuw no apaw wɔn. Enti ɛdenam hann a ɛkɔɔ so hyerɛn bɛyɛ mfe 40 so no, ɛbɛdaa adi sɛ ɛsɛ sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no na ɔfa ne Sodikuw no so paw mpanyimfo ne asomfo nkumaa a wɔfrɛ wɔn asafo mu asomfo nnɛ no. (Mateo 24:45-47) Ná eyi ne nea ɛkɔɔ so wɔ asomafo no mmere so no hyia. Afeha a edi kan no mu sodikuw no na ɛpaw mmarima bi te sɛ Timoteo ne Tito sɛ ahwɛfo. (1 Timoteo 3:1-7; 5:22; Tito 1:5-9) Eyinom nyinaa yɛ Yesaia 60:17 mmamu a ɛyɛ nwonwa: “Kɔbere ananmu na mede sika mesi maba, na dade ananmu na mede dwetɛ mesi maba, na kɔbere asi nnua ananmu, na dade asi abo ananmu. Na mɛma asomdwoe adi wo so panyin ahwɛ wo, na mede trenee mayɛ wo kãfo.”

8. (a) Nkɔso bɛn na nokware a enyaa nkɔanim de baa ɔkwan a Asafo ti no fa so di dwuma no mu? (b) Sodikuw no boayikuw ahorow no ne nea ɛwɔ he, na dɛn ne emu biara dwumadi anaa nea ɛhwɛ so?

8 Ná Ɔwɛn Aban Asafo no dwumadi ho nsɛm nso wɔ hɔ. Mfe pii mu no, na Yehowa Adansefo Sodikuw no ara ne Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania mpanyimfo, na na ne titrani no wɔ nneɛma so tumi kɛse. Sɛnea wɔdaa no adi wɔ 1977 Yearbook of Jehovah’s Witnesses (nkratafa 258-9) mu no, Sodikuw no fii ase de boayikuw asia a emu biara hwɛ wiase nyinaa adwuma no fã bi so dii dwuma 1976. Adwumayɛfo Yiyedi Boayikuw no di adwumayɛfo no nsɛm ho dwuma, a wɔn a wɔsom sɛ Betel abusua mufo wɔ wiase nyinaa de ka ho. Nhoma Tintim Boayikuw di honam fam ne mmara kwan so nsɛm te sɛ nea ɛfa agyapade ne nhoma tintim ho nyinaa ho dwuma. Ɔsom Boayikuw no hwɛ adansedi adwuma no ne ahwɛfo akwantufo, akwampaefo, ne asafo mu adawurubɔfo dwumadi so. Ɔkyerɛkyerɛ Boayikuw na ɛhwɛ asafo nhyiam ahorow, da koro nhyiam atitiriw, amansin nhyiam, ne ɔmantam ne amanaman ntam nhyiam horow ne sukuu ahorow a wɔnam so de honhom fam ntetee ma Onyankopɔn nkurɔfo no so. Akyerɛw Boayikuw no hwɛ nhoma ahorow nyinaa kyerɛw ne ne nkyerɛase so, na ɛhwɛ hu sɛ biribiara ne Kyerɛwnsɛm no hyia. Guamtrani Boayikuw no di nneɛma a egye ntɛmpɛ ne afoforo a ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ no anim anim ho dwuma.b Afei nso wɔ 1970 mfe no mu no, boayikuw fii ase dii Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow anim sen sɛ ɔhwɛfo biako bɛyɛ saa.

Kristofo Abrabɔ ho Hann

9. Tumi bɛn na nokware hann no nyae wɔ Kristofo ne wiase nniso ntam abusuabɔ so?

9 Kristofo abrabɔ ho hann pii apue. Sɛ nhwɛso no, susuw afã biara a wonni no ho hwɛ. Hann a ɛhyerɛn bi puee saa asɛm yi so wɔ November 1, 1939 The Watchtower mu asɛm “Afã Biara a Wonni” mu. Hwɛ sɛnea ɛbaa ne bere mu, Wiase Ko II no mfiase pɛɛ! Asɛm no kyerɛkyerɛɛ afã biara a wonni mu, na ɛkyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo de wɔn ho hyehyɛ amammuisɛm anaa amanaman ntam akodi mu. (Mika 4:3, 5; Yohane 17:14, 16) Eyi nti na amanaman nyinaa tan wɔn. (Mateo 24:9) Ako a tete Israel dii no nyɛ nhwɛsode mma Kristofo, sɛnea Yesu da no adi pefee wɔ Mateo 26:52 no. Afei nso, amammui man biara nni hɔ nnɛ a ɛyɛ teokrase, a Onyankopɔn di so, sɛnea na tete Israel te no.

10. Dɛn na hann a epuei daa no adi wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo bu mogya ho?

10 Hann puee kronkron a mogya yɛ no nso so. Bible Asuafo no bi susuwii sɛ na mogyadi a wɔabara wɔ Asomafo no Nnwuma 15:28, 29 no fa Yudafo Kristofo nkutoo ho. Nanso, Asomafo no Nnwuma 21:25 da no adi sɛ na saa ahyɛde yi fa amanaman mufo a wɔbɛyɛɛ gyidifo wɔ asomafo no mmere so no nso ho. Enti mogya yɛ kronkron ma Kristofo nyinaa, sɛnea wɔada no adi wɔ July 1, 1945, The Watchtower mu no. Ɛno nkyerɛ sɛ aboa mogya te sɛ nea wɔde afra nam a wɔayam mu nko na yebegyae di, na mmom nnipa mogya nso, te sɛ mogya a wɔde fa ntini mu ma no.

11. Dɛn na wohui wɔ dwuma a Kristoni de tawa bedi no ho?

11 Esiane hann a ahyerɛn kɛse nti, wodii nneyɛe a mmere bi na anka wobu no sɛ ɛmfata kɛkɛ no ho dwuma anibere so akyiri yi. Eyi ho nhwɛso ne dwuma a wɔde tawa di. Wɔ August 1, 1895, Zion’s Watch Tower mu no, Onua Russell twee adwene sii 1 Korintofo 10:31 ne 2 Korintofo 7:1 so kae sɛ: “Mintumi nhu sɛnea tawa a Kristoni bi de bedi dwuma ɔkwan biara so no betumi ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, anaasɛ ɛso bɛba n’ankasa mfaso.” Efi 1973 no, wɔate ase pefee sɛ obiara ntumi mfa tawa nni dwuma na ɔnyɛ Yehowa Adansefo mu biako. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ 1976 mu sɛ Ɔdansefo biara ntumi nyɛ adwuma wɔ kyakyatow adwuma bi mu na ɔntra asafo no mu.

Nsakrae Afoforo

12. (a) Dɛn na hann a epuei daa no adi wɔ Ahenni nsafe dodow a wɔde maa Petro no ho? (b) Tebea horow bɛn mu na Petro de nsafe no mu biara dii dwuma?

12 Hann ahyerɛn kɛse wɔ sɛnkyerɛnne kwan so nsafe dodow a Yesu de maa Petro no nso ho. Ná Bible Asuafo no susuw sɛ nsafe abien na Petro nya de buee kwan maa nnipa bɛyɛɛ Ahenni adedifo—Petro de biako bue maa Yudafo wɔ Pentekoste 33 Y.B., na ɔde nea ɛka ho no bue maa Amanaman Mufo wɔ afe 36 Y.B. mu, bere a ɔkaa asɛm kyerɛɛ Kornelio no. (Asomafo no Nnwuma 2:14-41; 10:34-48) Bere kɔɔ so no, wohui sɛ na kuw a ɛto so abiɛsa bi ka ho—Samariafo no. Safe a ɛto so abien no na Petro de dii dwuma bere a na ɔrebue Ahenni no hokwan ama wɔn no. (Asomafo no Nnwuma 8:14-17) Enti, Petro de safe a ɛto so abiɛsa no dii dwuma bere a ɔkaa asɛm kyerɛɛ Kornelio no.—Ɔwɛn-Aban, August 1, 1980, nkratafa 4-10, 13.

13. Dɛn na hann a epuei daa no adi wɔ nguannan a wɔkaa ho asɛm wɔ Yohane ti 10 no ho?

13 Hann foforo ma wohui sɛ Yesu anka nguannan abien pɛ ho asɛm na mmom abiɛsa. (Yohane, ti 10) Eyinom ne (1) Yudafo nguannan no a na Yohane Suboni yɛ ɔpon ano hwɛfo no, (2) Ahenni adedifo no nguannan, ne (3) “nguan foforo” a wɔwɔ asase so paradise ho anidaso no nguannan no.—Yohane 10:2, 3, 15, 16; Ɔwɛn-Aban, August 1, 1984, nkratafa 19-28.

14. Ɔkwan bɛn so na hann a ɛhyerɛn kɛse no maa wohuu bere a Ahosɛpɛw afahyɛ no nsusuwso fii ase?

14 Wonyaa Ahosɛpɛw afahyɛ nsusuwso no nso ho ntease foforo bi. Wɔ Mmara no ase no, na afe a ɛto so 50 biara yɛ Ahosɛpɛw afahyɛ kɛse, a na wɔsan de nneɛma ma wɔn wuranom ankasa. (Leviticus 25:10) Ná wɔwɔ ntease sɛ eyi yɛ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no nsusuwso fi bere tenten. Nanso, wohui nnansa yi ara sɛ, bere a Ahosɛpɛw afahyɛ no nsusuwso no fii ase ankasa ne Pentekoste afe 33 Y.B., bere a wɔn a wonyaa honhom kronkron a wohwie gui no dee wɔn ho fii Mose Mmara apam no ase no.—Ɔwɛn-Aban, May 1, 1987, nkratafa 21-31.

Nsɛmfua ho Hann Nya Nkɔso

15. Sɛnea wɔde asɛm ‘fa adwene’ di dwuma no ho hann bɛn na epuei?

15 “Ɔsɛnkafo no hwehwɛe sɛ obehu nsɛm a ɛyɛ dɛ, na nea wɔakyerɛw no ne trenee né nokware nsɛm.” (Ɔsɛnkafo 12:10) Nsɛm yi betumi afa asɛm a yɛresusuw ho seesei no ho, efisɛ ɛnyɛ nneɛma a ɛho hia te sɛ nkyerɛkyerɛ ne abrabɔ ho nko na hann apue so, na mmom nsɛmfua a Kristofo de di dwuma ne ne ntease a ɛyɛ nokware ho nso. Sɛ nhwɛso no, wɔ Bible Asuafo no mu no, na nhoma ahorow a wɔn ani gye ho kɛse no mu biako ne Studies in the Scriptures no po a edi kan a wɔato din The Divine Plan of the Ages (Adwene a Onyankopɔn Fa wɔ Mmere no Ho) no. Nanso, bere kɔɔ so no, wobehui sɛ nnipa nkutoo na Onyankopɔn Asɛm ka wɔn ho asɛm sɛ wɔfa adwene. (Mmebusɛm 19:21) Kyerɛwnsɛm no nka Yehowa ho asɛm da sɛ ɔrefa adwene. Onhia sɛ ɔfa adwene. Biribiara a ɔbɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biara bɛyɛ hɔ esiane ne nyansa ne ne tumi a enni ano no nti, sɛnea yɛkenkan wɔ Efesofo 1:9, 10 no: “Sɛnea n’anisɔ a ɔbɔɔ ne tirim no te a ɔde hwɛɛ bere a awie du no afisiesie a wɔbɛpãtã nneɛma nyinaa abom bio.” Enti nkakrankakra, wohui sɛ asɛm “atirimpɔw” yɛ nea ɛfata kɛse bere a obi reka Yehowa ho asɛm no.

16. Dɛn na ɛdaa adi nkakrankakra sɛ ɛne Luka 2:14 ho ntease a ɛteɛ?

16 Ná te a wɔbɛte Luka 2:14 ase yiye nso wɔ hɔ. Sɛnea King James Version kyerɛ no, ɛkenkan sɛ: “Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, anisɔ wɔ nnipa mu.” Wohui sɛ eyi nna ntease a ɛteɛ adi, efisɛ Onyankopɔn ani nsɔ abɔnefo. Enti Adansefo no buu eyi sɛ na ɛfa asomdwoe a nnipa a wɔwɔ anisɔ ma Onyankopɔn wɔ ho. Enti wɔkɔɔ so frɛɛ wɔn a na wɔwɔ Bible ho anigye no nnipa a wɔwɔ anisɔ. Nanso afei wɔtee ase sɛ na asɛm no fa anisɔ a Onyankopɔn wɔ ho, na ɛnyɛ anisɔ a nnipa wɔ. Enti, New World Translation ase hɔ asɛm a ɛfa Luka 2:14 ho no ka “nnipa a [Onyankopɔn] ani sɔ wɔn” ho asɛm. Onyankopɔn wɔ anisɔ ma Kristofo a wɔtra ase ma ɛne wɔn ahosohyira ho bɔhyɛ hyia nyinaa.

17, 18. Dɛn na Yehowa bɛsan ho, na dɛn ho na ɔbɛtew?

17 Saa ara na na Adansefo no fi bere tenten aka Yehowa din ho a wɔbɛsan ho asɛm. Nanso, na Satan ama Yehowa din ho aba asɛm anaa? Ɛdefa eyi ho no, so na Satan adwumayɛfo no bi ama ayɛ te sɛ nea Yehowa nni ho kwan sɛ ɔfa saa din no? Dabi, ɛnte saa koraa. Ɛnyɛ Yehowa din na wotwaa no mpoa ma enti na ɛho hia sɛ wɔsan ho. Saa nti na Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow a wɔatintim nnansa yi no nka sɛ wɔsan Yehowa din ho no. Ɛka sɛ wɔsan Yehowa tumidi ho na wɔtew ne din ho. Eyi ne nea Yesu kae sɛ yɛmmɔ ho mpae no hyia: “Wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Mpɛn pii na Yehowa kae sɛ ɔrebɛtew ne din a na Israelfo no ntwaa no mpoa na mmom na wɔagu ho fĩ no ho.—Hesekiel 20:9, 14, 22; 36:23.

18 Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, wɔ 1971 mu no, nhoma “The Nations Shall Know That I Am Jehovah”—How? no maa nsonsonoe yi daa adi: “Yesu Kristo kõ . . . ma Yehowa amansan Tumidi no ho a wɔbɛsan ne Yehowa din a wɔbɛhyɛ no anuonyam.” (Nkratafa 364-5) Wɔ 1973 no, God’s Kingdom of a Thousand Years Has Approached kae sɛ: “‘Ahohiahia kɛse’ a ɛreba no ne bere a Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn Yehowa bɛsan n’amansan tumidi ho, na watew ne din pa no ho.” (Kratafa 409) Afei 1975 no, Man’s Salvation Out Of World Distress at Hand! kae sɛ: “Wobedi amansan mu abakɔsɛm a ɛsen biara ho dwuma saa bere no, Yehowa amansan tumidi ho a wɔbɛsan ne ne din kronkron no ho a wɔbɛtew.”—Kratafa 281.

19, 20. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada anisɔ a yɛwɔ ma honhom mu hann no adi?

19 Hwɛ nhyira a Yehowa nkurɔfo anya sɛ honhom mu hann yi nyinaa apue wɔn so! Nea ɛne eyi bɔ abira koraa no, honhom mu sum a Kristoman akannifo wom da adi wɔ ɔsɔfo bi asɛm a ɔkae yi mu: “Dɛn nti na bɔne wɔ hɔ? Dɛn nti na yehu amane? Dɛn nti na ɔbonsam wɔ hɔ? Eyinom ne nsɛm a sɛ mekɔ soro a mɛpɛ sɛ mibisa Awurade.” Nanso Yehowa Adansefo betumi aka nea enti a ɛte saa akyerɛ no: Esiane ɔsɛmpɔw a ɛfa fata a Yehowa tumidi fata, ne sɛ ebia nnipa betumi akura wɔn mudi mu ama Onyankopɔn, a Ɔbonsam sɔretia mfa ho ntia.

20 Hann akɛse ne nketewa apue Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so kwan so mfe a atwam no nyinaa mu. Eyi ayɛ kyerɛw nsɛm te sɛ Dwom 97:11 ne Mmebusɛm 4:18 mmamu. Nanso mommma yɛn werɛ mmfi da sɛ nea hann no mu a yɛbɛnantew kyerɛ ne sɛ yebenya anisɔ ama hann a ɛkɔ so hyerɛn no na yɛde abɔ yɛn bra. Sɛnea yɛahu no, yɛn abrabɔ ne ahyɛde a yɛwɔ sɛ yɛbɛka asɛm no nyinaa ka hann a akɔ so ahyerɛn no ho.

[Ase hɔ nsɛm]

a Bere a June 1 ne June 15, 1929, The Watch Tower reka saa nsusuwii yi ho asɛm no, ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ “tumi a ɛwɔ anuonyam” no yɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo. Saa gyinabea yi titiriw na wɔteɛ no 1962 mu.

b April 15, 1992, Ɔwɛn-Aban no bɔɔ amanneɛ sɛ wɔama anuanom mmarima a wɔpaw dodow no ara fi “nguan foforo” no mu a wɔte sɛ Netinim a na wɔwɔ Esra nna no mu no asɛyɛde sɛ wɔmmoa Sodikuw no boayikuw ahorow no.—Yohane 10:16; Esra 2:58.

Wokae?

◻ Yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ama “tumi a ɛwɔ anuonyam” no ho hann bɛn na apue?

◻ Ahyehyɛde mu nkɔso ahorow bɛn na hann a epuei de aba?

◻ Ɔkwan bɛn so na hann a ahyerɛn kɛse no anya Kristofo abrabɔ so nkɛntɛnso?

◻ Nsakrae ahorow bɛn na honhom mu hann de aba ntease a yɛwɔ wɔ Kyerɛwnsɛm mu nsɛmpɔw bi ho?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]

Nsafe a ɛwɔ kratafa 24: Mfonini a wɔhwɛɛ mfonini a wotwaa no wɔ Cooper-Hewitt, National Design Museum, Smithsonian Institution so yɛe

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena