Wiase a Dwowtwa Nnim Ho Bɔhyɛ
DWOWTWA awura nnipa ahorow nyinaa asetram wɔ wiase yi mu. Sɛ ɛyɛ nniso, nyansahu, agumadi, nyamesom, anaasɛ adwumayɛ mu no, ɛte sɛ nea wontumi nyɛ dwowtwa ho hwee.
Wɔ wiase nyinaa no, dwowtwa ho nsɛm a etu abasam ba nsɛm ho amanneɛbɔ mu. Wɔapa nnipa pii a wɔahyɛ bɔ sɛ wobedi nnipa yiyedi ho dwuma no ho ntama sɛ wɔadan wɔn a wɔredi wɔn ankasa yiyedi ho dwuma denam adanmude a wogye fi nkurɔfo hɔ no so. Nea wɔfrɛ no adwuma mu sikadi abu so. Nnipa atitiriw anaa adefo pii bu adwuma a wɔyɛ daa no mu abrabɔ ne nsɛmmɔnedi ho nnyinasosɛm so.
Nea Europa nsɛmma nhoma bi frɛ no “‘nnipa akɛsefo dwowtwa’—adeyɛ a ɛne sɛ aban mpanyimfo, aban asoafo ne, mpɛn pii no, aman mpanyin hwehwɛ sɛ wotua sika ma wɔn ansa na wɔapene nneɛma atitiriw a wɔbɛtɔ ne nkɔsodwuma a wɔbɛyɛ so no ho haw renya nkɔanim.” Britania nsɛmma nhoma The Economist ka sɛ, “nhwehwɛmu a polisifo de mfe abien yɛe, ne nnipa a ɛkame ayɛ sɛ wɔkyeree wɔn da biara” wɔ ɔman bi mu no “ammu dwowtwafo a wɔasen wɔn kɔn no abam.”
Esiane dwowtwa a ɛte saa a atrɛw no nti, nnipa pii te nka nnɛ sɛ wontumi mfa wɔn ho nto obiara so. Wɔte nka te sɛ Bible kyerɛwfo Dawid bere a ɔkae sɛ: “Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ” no.—Dwom 14:3.
Woyɛ dɛn tumi gyina nokwasɛm a ɛyɛ sɛ dwowtwa atrɛw no ano? Nnɛyi, nnipa fã kɛse no ara bu wɔn ani gu so kɛkɛ. Nanso sɛ wubu w’ani gu dwowtwa so mpo a, ɛbɛkɔ so ahaw wo. Ɔkwan bɛn so?
Dwowtwa Kã Wo
Dwowtwa nketewa ne akɛse nyinaa ma asetra yɛ den, ɛma bo a aguade som no ba fam, na ɛno ma nnwuma ne akatua so tew. Sɛ nhwɛso no, akontaabu kyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, ka a nsɛmmɔnedi te sɛ sikadi ne dwowtwa ma wɔbɔ no dɔɔso sen korɔnbɔ ho ka mpɛn du. The New Encyclopædia Britannica (1992) ka sɛ “akontaabu kyerɛ sɛ nnwuma akɛse mu nsɛmmɔne a wodi wɔ United States no ho ka si $200,000,000,000 afe biara—ɛdɔɔso sen nsɛmmɔnedi a wɔhyɛ da yɛ ho akwan ho ka mpɛn abiɛsa.” Nhoma yi kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛwom sɛ ebia wonhu nea efi mu ba no ntɛm de, nanso “nsɛmmɔnedi a ɛte saa no kã adwumayɛfo, wɔn a wɔde aguade no di dwuma, ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ahobammɔ kɛse.”
Ɛyaw a efi dwowtwa mu ba no kae yɛn Ɔhene Salomo nsɛm yi: “Na mesan mehwɛɛ nhyɛso a ɛwɔ owia ase no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, na wonni ɔwerɛkyekyefo bi, na nhyɛsofo nsam den no mu no, wonni ɔwerɛkyekyefo bi!”—Ɔsɛnkafo 4:1.
Enti, ɛsɛ sɛ yegyae yɛn ho mu ma dwowtwa? Ɛyɛ ade a wontumi nkwati? Yɛrentumi nnya wiase bi a dwowtwa nnim? Anigyesɛm ne sɛ, mmuae no yɛ dabi! Bible no kyerɛ yɛn sɛ ɛnkyɛ, wobeyi atɛnkyea ne dwowtwa afi hɔ.
Nea Bible no Ka Kyerɛ Yɛn
Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ dwowtwa fii ase bere a ɔbɔfo bi a ɔwɔ tumi tew atua tiaa Onyankopɔn na ɔdaadaa nnipa baanu a wodi kan no ma wɔbɛkaa ne ho no. (Genesis 3:1-6) Adepa biara amfi kwammɔne a wɔfaa so no mu amma. Mmom, efi da a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne tiaa Yehowa Nyankopɔn no, wofii ase huu adebɔne a efi dwowtwa mu bae no ho amane. Wɔn nipadua fii ase gurowee kakrankakra, na ɛde wɔn kowiee owu a wontumi nkwati mu. (Genesis 3:16-19) Efi saa bere no, adanmude, nnaadaa, ne dwowtwa na ahyɛ abakɔsɛm mu ma. Nanso ɛte sɛ nea nnipa a wɔyɛ saa nneɛma yi mu dodow no ara fa wɔn ho di.
Esiane sɛ nnwuma mu mpanyimfo ne amammuifo nte sɛ nsɛmmɔnedifo a wɔba fam no nti, wɔntaa mfa wɔn nto afiase anaasɛ wɔmma wontua ahonyade a wɔnam akwammɔne so nya no ho ka. Esiane sɛ wogye ayɛyɛde ne adanmude no wɔ kokoam nti, ɛyɛ den mpɛn pii sɛ wɔbɛpa nnipa atitiriw ho ntama. Nanso eyi nkyerɛ sɛ yɛrentumi nya wiase bi a dwowtwa nnim.
Onipa Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, na obegye yɛn afi dwowtwa mu. Onyankopɔn ho a ɔde begye mu nkutoo ne ano aduru. Dɛn ntia? Efisɛ adesamma tamfo a wonhu no, Satan Ɔbonsam, kɔ so daadaa adesamma. Sɛnea yɛkenkan wɔ 1 Yohane 5:19 no, “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” Dɛn bio na ebetumi akyerɛkyerɛ dwowtwa a anya nkɔanim—a wɔyɛ emu dodow no ara fa wɔn ho di no mu?
Onipa mmɔdenbɔ biara rentumi nni Satan ne n’adaemone no so. Onyankopɔn ho a ɔde begye mu nkutoo na ebetumi ama adesamma asoɔmmerɛfo anya “Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi.” (Romafo 8:21) Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɛnkyɛ, wɔbɛka Satan ahyɛ baabi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrentumi nnaadaa nnipa bio. (Adiyisɛm 20:3) Ansa na saa bere no bɛba no, sɛ yɛpɛ sɛ yɛtra Onyankopɔn wiase foforo a dwowtwa nnim no mu a, ɛsɛ sɛ yɛpow saa wiase yi akwammɔne no.
Nnipa Betumi Asakra
Yesu Kristo bere so no, na nnipa bi wɔ hɔ a wɔde wɔn tumi dii dwuma ɔkwammɔne so na wɔhyɛɛ wɔn mfɛfo nnipa so. Sɛ nhwɛso no, na towgyefo agye dimmɔne wɔ wɔn dwowtwa no ho. Ná wɔyɛ eyi ɛmfa ho Onyankopɔn mmara a emu da hɔ no: “Nso nnye ayɛyɛde, na ayɛyɛde fura aniwa a ehu ade, na ɛkyea treneefo nsɛm.” (Exodus 23:8) Sakeo, towgyefo panyin no gye toom sɛ na ɔnam nkontompo so atwa nkurɔfo dwow. Nanso sɛ anka Yesu bɛhyɛ ɔmansesɛw kɛse ho nkuran no, otuu nkurɔfo fo sɛ wɔnsakra na wonnyaw wɔn akwammɔne no. Nea efii mu bae ne sɛ, towgyefo a wɔagye dwowtwa mu din te sɛ Mateo ne Sakeo gyaw wɔn kan abrabɔ no.—Mateo 4:17; 9:9-13; Luka 19:1-10.
Wɔn a wɔyɛ nneɛma a ɛnkyerɛ nokwaredi nnɛ no nso betumi apow dwowtwa a ɛte saa ara denam “onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu” a wɔbɛhyɛ no so. (Efesofo 4:24) Ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wɔde nokwaredi betua tow anaa wobegyae wɔn nneɛma a ɛmfata no. Nanso, mfaso a wobenya afi mmɔden biara a wɔbɛbɔ wɔ eyi ho mu no fata.
Esiane sɛ ɛnyɛ dwowtwa wiase yi na ɛkyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ bio nti, wɔwɔ koma mu asomdwoe. Wonsuro sɛ wɔbɛkyere wɔn sɛ wɔyɛ nneɛma bɔne. Mmom, wɔwɔ ahonim pa. Wodi odiyifo Daniel nhwɛso a ɛwɔ Bible mu no akyi. Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛ na abirɛmpɔn no hwehwɛ sɛ wobenya Daniel ho asɛm bi. “Nanso wɔannya asɛm anaa bɔne biara, efisɛ odi nokware, na wonhu ne ho mfomso anaa bɔne biara.”—Daniel 6:4.
Yehowa Bɔhyɛ
Yehowa hyɛ bɔ sɛ “sɛ ɔdebɔneyɛfo di asɛmmɔne mpɛn ha na ɔtra hɔ kyɛ a, ɛnyɛ dɛn ara a, minim sɛ ebesi wɔn a wosuro Onyankopɔn na wɔfrɛ no no yiye; na ɛrenwie ɔbɔnefo yiye, na ɔremma ne nna nkyɛ, ɔte sɛ sunsuma, sɛ ɔmfɛre Onyankopɔn ntia.”—Ɔsɛnkafo 8:12, 13.
Hwɛ abotɔyam ara a ɛbɛyɛ bere a dwowtwa remma obiara nni awerɛhow bio no! Hwɛ nhyira ara a ɛbɛyɛ sɛ wobɛtra ase daa wɔ wiase a dwowtwa nnim mu! Eyi yɛ ade a ɛbɛbam. Bible no ka “daa nkwa anidaso no, nkwa a Onyankopɔn a onni atoro no de fi teteete hyɛɛ bɔ” ho asɛm. (Tito 1:2) Sɛ wukyi dwowtwa na wodɔ trenee a, wubetumi ahu Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa wiase a dwowtwa nnim ho no mmamu yiye.
[Kratafa 4 mfonini]
Dwowtwa abu so wɔ tumidi ne nnwuma mu
[Kratafa 5 mfonini]
Dwotwa taa ka sɛnea afoforo ne aban mpanyimfo di